< Mateo 14 >
1 Ɛberɛ no mu ara na Herode a na ɔdi ɔhene wɔ Galilea no tee Yesu nka.
At that time Herod the tetrarch heard of the fame of Jesus,
2 Ɔtee Yesu nka no, deɛ ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ ne sɛ, “Ɛnyɛ obiara sɛ Yohane Osubɔni na wasɔre afiri awufoɔ mu. Yei enti na wanya tumi foforɔ de reyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ yi.”
and said to his servants, This is John the baptist: he is risen from the dead, and because of this these works of power display their force in him.
3 Saa ɛberɛ no na Herode ama wɔakyere Yohane Osubɔni ato afiase, ɛfiri sɛ, na wakasa atia Herodia ne Herode awadeɛ no
For Herod had seized John, and had bound him and put him in prison on account of Herodias the wife of Philip his brother.
4 sɛ, Herode aware ne nua Filipo yere.
For John said to him, It is not lawful for thee to have her.
5 Herode pɛɛ sɛ ɔkum Yohane. Nanso na ɔsuro sɛ, sɛ ɔkum no a, basabasa bɛba ɔman no mu. Ɛfiri sɛ, na nnipa no nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ.
And [while] desiring to kill him, he feared the crowd, because they held him for a prophet.
6 Ɛbaa sɛ na Herode redi nʼawoda. Awoda no ase Herodia babaa bɛsa ma ɛyɛɛ Herode fɛ.
But when Herod's birthday was celebrated, the daughter of Herodias danced before them, and pleased Herod;
7 Yei maa Herode kaa ntam, hyɛɛ no bɔ sɛ, ɔmmisa deɛ ɔpɛ biara na ɔde bɛma no.
whereupon he promised with oath to give her whatsoever she should ask.
8 Ababaawa yi maame Herodia tuu no fo sɛ, “Mmisa biribiara, gye sɛ Yohane ti a wɔatwa ato prɛte mu.”
But she, being set on by her mother, says, Give me here upon a dish the head of John the baptist.
9 Herode tee asɛm yi no, ɛyɛɛ no ya, ma ɛhaa no. Nanso, ɛsiane ntam a waka wɔ nnipa a wɔahyia hɔ no anim no enti, ɔhyɛ ma wɔyɛɛ deɛ ababaawa no hwehwɛ no maa no.
And the king was grieved; but on account of the oaths, and those lying at table with [him], he commanded [it] to be given.
10 Herode soma ma wɔkɔtwaa Yohane ti wɔ afiase hɔ.
And he sent and beheaded John in the prison;
11 Wɔde ti a wɔatwa no too prɛte mu de brɛɛ ababaawa no maa ɔde kɔmaa ne maame.
and his head was brought upon a dish, and was given to the damsel, and she carried [it] to her mother.
12 Yohane asuafoɔ no bɛfaa nʼamu no kɔsiee no. Yei akyi, wɔkɔbɔɔ Yohane wuo no ho amaneɛ kyerɛɛ Yesu.
And his disciples came and took the body and buried it, and came and brought word to Jesus.
13 Yesu tee Yohane Osubɔni wuo no, ɔtee ne ho kɔtenaa baabi a obiara nni hɔ. Nnipa tee ne nka maa wɔnam fam firi wɔn nkuro ne wɔn nkuraaseɛ tii no kɔɔ deɛ ɔwɔ hɔ.
And Jesus, having heard it, went away thence by ship to a desert place apart. And the crowds having heard [of it] followed him on foot from the cities.
14 Yesu firii kodoɔ no mu baa deɛ nnipa no wɔ hɔ no. Ɔhunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Yei ma ɔsaa ayarefoɔ a wɔwɔ wɔn mu no yadeɛ.
And going out he saw a great crowd, and was moved with compassion about them, and healed their infirm.
15 Anim rebiribiri no, Yesu asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ asa awie. Aduane biara nso nni ha. Ɛha nso mmɛn kuro biara. Enti gya nnipa no kwan, na wɔnkɔhwehwɛ aduane ntɔ nni wɔ nkuro no bi so.”
But when even was come, his disciples came to him saying, The place is desert, and [much of] the [day] time already gone by; dismiss the crowds, that they may go into the villages and buy food for themselves.
16 Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛho nhia sɛ wɔkɔ; momma wɔn aduane nni!”
But Jesus said to them, They have no need to go: give ye them to eat.
17 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ yɛwɔ nyinaa yɛ burodo enum ne mpataa mmienu pɛ.”
But they say to him, We have not here save five loaves and two fishes.
18 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa mmrɛ me.”
And he said, Bring them here to me.
19 Afei, ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase wɔ ɛserɛ no so. Ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpaeɛ, hyiraa aduane no so. Afei, ɔbubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no.
And having commanded the crowds to recline upon the grass, having taken the five loaves and the two fishes, he looked up to heaven, and blessed: and having broken the loaves, he gave [them] to the disciples, and the disciples [gave them] to the crowds.
20 Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! Afei, asuafoɔ no boaboaa deɛ wɔdi ma ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.
And all ate and were filled, and they took up what was over and above of fragments twelve hand-baskets full.
21 Mmarima a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnum a mmaa ne mmɔfra nka ho.
But those that had eaten were about five thousand men, besides women and children.
22 Nnipadɔm no didi wieeɛ pɛ, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔntena kodoɔ no mu nni ɛkan ntwa nkɔ asuogya nohoa na ɔno deɛ, ɔretena hɔ agya nnipa no kwan.
And immediately he compelled the disciples to go on board ship, and to go on before him to the other side, until he should have dismissed the crowds.
23 Ɔgyaa wɔn ɛkwan wieeɛ no, ɔkɔɔ bepɔ bi so kɔbɔɔ mpaeɛ. Onwunu dwoeɛ no, na aka Yesu nko ara wɔ deɛ ɔwɔ hɔ.
And having dismissed the crowds, he went up into the mountain apart to pray. And when even was come, he was alone there,
24 Saa ɛberɛ no, na kodoɔ a na asuafoɔ no te mu no aduru akyiri. Mframa hyɛɛ aseɛ bɔɔ denden maa ɛpo no bɔɔ asorɔkye dweradweraa kodoɔ no a na asuafoɔ no te mu no.
but the ship was already in the middle of the sea tossed by the waves, for the wind was contrary.
25 Anɔpahema bɛyɛ nnɔnnan berɛ mu no, Yesu nam ɛpo no ani baa asuafoɔ no nkyɛn.
But in the fourth watch of the night he went off to them, walking on the sea.
26 Ɛberɛ a asuafoɔ no hunuu obi sɛ ɔnam nsuo no ani reba wɔn nkyɛn no wɔsuroeɛ, ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ wɔahunu ɔsaman. Ɛmaa wɔde ehu teateaam.
And the disciples, seeing him walking on the sea, were troubled, saying, It is an apparition. And they cried out through fear.
27 Ntɛm ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me a. Monnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!”
But Jesus immediately spoke to them, saying, Take courage; it is I: be not afraid.
28 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, sɛ ɛyɛ wo deɛ a, ka kyerɛ me, na me nso memfa nsuo no ani mmra wo nkyɛn.”
And Peter answering him said, Lord, if it be thou, command me to come to thee upon the waters.
29 Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Bra!” Petro firii kodoɔ no mu sii nsuo no ani, nantee sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn.
And he said, Come. And Peter, having descended from the ship, walked upon the waters to go to Jesus.
30 Nanso, ɔhunuu mframa a ɛrebɔ no, ne ho popoeɛ. Ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔremem. Ɔteateaam, frɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, gye me na meremem!”
But seeing the wind strong he was afraid; and beginning to sink he cried out, saying, Lord, save me.
31 Ɛhɔ ara, Yesu tenee ne nsa twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro sɛ, “Wo a wo gyidie sua, adɛn na wonnye me nnie?”
And immediately Jesus stretched out his hand and caught hold of him, and says to him, O thou of little faith, why didst thou doubt?
32 Yesu ne Petro kɔtenaa kodoɔ no mu no, mframa no gyaee bɔ.
And when they had gone up into the ship, the wind fell.
33 Asuafoɔ a wɔwɔ kodoɔ no mu no de ahodwirie bɛkotoo Yesu kaa sɛ, “Onyankopɔn Ba ne wo ampa!”
But those in the ship came and did homage to him, saying, Truly thou art God's Son.
34 Wɔtwaa asuo no baa Genesaret.
And having crossed over they came to the land of Gennesaret.
35 Yesu duruu hɔ no, ankyɛre na nkuro a atwa Genesaret ho ahyia no nyinaa tee ne nka. Wɔde wɔn ayarefoɔ nyinaa brɛɛ no.
And when the men of that place recognised him, they sent to that whole country around, and they brought to him all that were ill,
36 Ayarefoɔ no srɛɛ Yesu sɛ, ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatadeɛ ano kɛkɛ. Ayarefoɔ dodoɔ a wɔtumi de wɔn nsa kaa nʼatadeɛ ano no ho yɛɛ wɔn den.
and besought him that they might only touch the hem of his garment; and as many as touched were made thoroughly well.