< Mateo 13 >
1 Ɛda no ara Yesu firii adi kɔtenaa mpoano.
那天晚些时候,耶稣走到屋外,坐在海边进行教导。
2 Nnipakuo kɔɔ ne nkyɛn wɔ hɔ. Ɔkɔtenaa kodoɔ bi mu a na nnipakuo no nso gyinagyina mpoano hɔ.
很多人聚集到他那里,于是他登上船坐下来,但众人都站在岸上。
3 Ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba.
他以比喻的方式对众人讲了许多故事。 耶稣开始讲述:“一位农民出去播种,
4 Ɔgu so reguo no, aba no bi guu ɛkwan mu maa nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa.
有些种子落在路旁,被过来的小鸟吃掉。
5 Ebi nso kɔguu abotan so. Ankyɛre na aba no fifiriiɛ.
有些种子落在泥土稀薄的石地上,很快就发芽生长。
6 Esiane sɛ na dɔteɛ a ɛwɔ abotan no so sua no enti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyeeɛ.
但太阳一出来就把它晒干了,又因为根很浅,很快就枯萎了。
7 Aba no bi nso guu nkasɛɛ mu, na nkasɛɛ no nyiniiɛ no ɛmiaa no.
有的种子落在荆棘中,荆棘长大后把它挤到一边。
8 Aba no bi guu asase pa mu. Ɛnyiniiɛ, soo aba mmɔho aduasa; ebi aduosia ɛnna afoforɔ nso ɔha.
有的落在肥沃土壤种,结出的果实比种子多了 30 倍、 60 倍、甚至 100 倍。
9 Deɛ ɔwɔ aso no, ma ɔntie!”
如果你有耳朵,就要去听。”
10 Ɔwiee ne nkyerɛkyerɛ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn na daa wonam abɛbuo so kasa kyerɛ nnipa no?”
门徒上前问耶稣:“你对他们讲解时,为什么用比喻的方式呢?”
11 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔde Ɔsoro Ahennie ho ahintasɛm ama mo na wɔn deɛ, wɔmmfa mmaa wɔn.
耶稣回答:“你们有幸获得天国奥秘的显化,但他们没有获得这样的领悟。
12 Deɛ ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho na wanya ma abu ne so. Na deɛ ɔnni ahe bi no, kakra a ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.
已拥有的,就会为其提供更多,充足有余,凡是没有的,现有的也会被夺走。
13 Deɛ enti a ɛma mekasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu no ne sɛ: “Wɔhunu deɛ, nanso wɔnhunu; wɔte deɛ, na wɔnte aseɛ.
因此,我会用比喻的方式和他们说话,因为他们看不见,听不到,也不明白。
14 Yei maa Yesaia nkɔm a ɔhyɛɛ sɛ: “‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ; ɔhunu deɛ mobɛhunu, nanso morenhunu no, aba mu.
以赛亚的预言正在他们身上应验:‘即使你们听见了,却不明白,看到了,却不领悟。
15 Ɛfiri sɛ, ɔman yi akoma apirim. Wɔyɛ asoɔden; wɔakatakata wɔn ani. Sɛ ɛnte saa a anka wɔn ani bɛhunu adeɛ, na wɔn aso ate asɛm, na wɔn akoma ate asɛm ase, na wɔanu wɔn ho asane aba me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ.’
因为他们心思迟钝,不想倾听,闭上了双眼。如果不是这样,他们理当用双眼看见,用双耳倾听,用思想理解。然后他们才会回来找我,让我来医好他们。’
16 Na mo deɛ, wɔahyira mo ani sɛ ɛnhunu adeɛ; wɔahyira mo aso sɛ ɛnte asɛm.
你们的双眼看到了,所以被祝福,你们的耳朵听见了,所以被祝福。
17 Na me deɛ mereka akyerɛ mo sɛ, adiyifoɔ ne ateneneefoɔ pii pɛɛ sɛ wɔhunu deɛ mohunu no, nanso wɔanhunu. Wɔpɛɛ sɛ wɔte deɛ mote no, nanso wɔante.
我告诉你们,曾经有许多先知和善人渴望看到你们所见,但却没有,想听你们所听见的,但却没有。
18 “Afei, montie ɛbɛ a ɛfa okuafoɔ a ɔkɔguu aba wɔ nʼafuom no ho no asekyerɛ.
所以你们要听这农夫撒种的比喻。
19 Wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm no, na wɔnte aseɛ no te sɛ aba a ɛguu ɛkwan mu no. Ɔbɔnefoɔ no ba, bɛhwim deɛ wɔadua wɔ wɔn akoma mu no.
如果有人听了天国之道却不明白,恶魔就会过来,将撒在其心中的种子夺去,就像撒在路旁的种子。
20 Aba a ɛguu abotan soɔ no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no, na wɔde anigyeɛ sɔ mu.
撒在石板路上的种子比喻的是:有的人在听道后立刻欢喜接受。
21 Nanso, asɛm no ntim wɔ wɔn mu. Yei enti, ɛnkyɛre na asɛm no awu. Esiane sɛ asɛm no awuo enti, sɛ ɔhaw anaa ɔtaa bi ba a, wɔpa aba.
但这只会持续一段时间,因为没有根,一旦出现问题或困难,就会迅速堕落。
22 Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔtie asɛm no, nanso ewiase yi mu abrabɔ mu haw ne agyapadeɛ ho dwene enti, ɛmma asɛm no ntumi nnyɛ wɔn mu adwuma. (aiōn )
那撒进荆棘中的种子比喻的是:有的人虽然听到了讯息,但生活中的忧虑和财富的迷惑却把正道挤走,结不出果实。 (aiōn )
23 Na aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔtie asɛm no, na wɔte aseɛ. Wɔso aba mmɔho aduasa; ebi aduosia; ɛnna afoforɔ nso, ɔha.”
那撒在肥沃土壤里的种子比喻的是:有的人听了道便理解了,结出果实是撒下去的 30 倍、 60 倍、甚至 100 倍。”
24 Yesu de ɛbɛ foforɔ kaa asɛm sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ okuafoɔ bi a ɔdua aba wɔ nʼafuom.
耶稣又讲了另外一个比喻故事:“天国就像农场主把好种子撒在田里。
25 Ɛda koro anadwo a wada no, ne ɔtamfoɔ nso bɛduaa wira fraa aburoo a wadua no.
但农夫们睡着时,他的仇敌过来,把野草种子撒在麦子中间就走了。
26 Aburoo no renyini no, na wira no nso renyini.
到了发苗吐穗的时候,野草也长出来。
27 “Okuafoɔ no apaafoɔ bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Owura, aba a woduaeɛ no, wira bi afifiri wɔ aseɛ!’
农夫们都前来问家主:‘主人,你不是把好种子撒在田里吗?那些野草是从哪里来的?’
28 “Okuafoɔ no buaa sɛ, ‘Ɔtamfoɔ bi na ɔduaeɛ!’ “Apaafoɔ no bisaa no sɛ, ‘Wopɛ sɛ yɛkɔtutu saa wira no anaa?’
农场主回答:‘这是仇敌所为。’仆人问:‘我们要去拔掉它吗?’
29 “Ɔbuaa wɔn sɛ, ‘Dabi! Anhwɛ a na moatutu aburoo no bi afra wira no.
他说:‘不用,因为拔野草的时候,恐怕连麦子也会连根拔出来。
30 Momma ne nyinaa nyini nkɔsi otwa berɛ na mama atwafoɔ ayiyi wira no afiri aburoo no mu ahye no, na wɔde aburoo no nso agu asan so.’”
收割前,先让它们一同生长。到了收割时,我会吩咐工人先拔掉野草,捆起来后焚烧,然后将麦子收进谷仓。’”
31 Yesu buu wɔn ɛbɛ foforɔ sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ onyina aba ketewa bi a obi duaa wɔ nʼafuom.
耶稣又讲了另外一个比喻,说:“天国好像一粒芥菜种,农夫将它种在田里。
32 Ɛyɛ aba ketewaa bi, nanso sɛ ɛnyini a, ɛyɛ dutan kɛseɛ ma nnomaa kɔsisi ne mman so.”
尽管它是最小的种子,但最终却比其他的植物都大,最后长成一棵树,甚至天空的飞鸟都在它的枝头做窝。”
33 Ɔbuu wɔn ɛbɛ foforɔ sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ mmɔreka bi a burodotofoɔ de fotɔ mmɔre ma ɛtu.”
随后耶稣又讲了一个比喻:“天国好像酵母,女人把它放在很多面粉中,最终发酵成一个大面团。”
34 Yesu nam abɛbuo so na ɔkasa kyerɛɛ nnipadɔm no.
耶稣用比喻故事向民众解释了这一切,始终采用讲故事的方式。
35 Esiane sɛ na adiyifoɔ ahyɛ nkɔm sɛ ɔnam abɛbuo so bɛkasa enti, wanka asɛm a wamfa abɛbuo amfra mu. Nkɔm a adiyifoɔ no hyɛeɛ ne sɛ, “Mɛkasa abɛbuo mu, na maka anwanwadeɛ mu ahintasɛm a ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ.”
这恰巧应验了先知所说:“我要用故事来讲述,解读创世以来的隐秘。”
36 Afei, Yesu firii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ efie. Nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔnkyerɛ wɔn abɛbuo a ɛfa ewira ne aba ho no ase.
耶稣离开民众进到屋内,门徒前来问他:“请你解释一下田里杂草的比喻。”
37 Yesu buaa wɔn sɛ, “Me Onipa Ba no, mene okuafoɔ a ɔduaa aba no.
他回答:“那撒好种子的便是人子,
38 Afuo no ne ewiase, na aba no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ Ahennie no mma; ewira no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ ɔbonsam mma.
田野为世界。好种子即天国之子,野草即邪恶之子。
39 Ɔtamfoɔ a ɔduaa ewira fraa aburoo no ne ɔbɔnefoɔ no. Otwa berɛ no yɛ ewiase awieeɛ; atwafoɔ no ne abɔfoɔ. (aiōn )
撒野草的仇敌是魔鬼,收割即代表这个世界的终结,收割的农夫为天使。 (aiōn )
40 “Sɛdeɛ asɛnka no mu, wɔtutuu wira no firi aburoo no mu kɔhyee no no, saa ara na ɛbɛyɛ ewiase awieeɛ. (aiōn )
野草会被收割用火焚烧,这个世界也将以这种方式终结。 (aiōn )
41 Onipa Ba no bɛsoma nʼabɔfoɔ, na wɔabɛboaboa wɔn a wɔpɛ bɔne, nsɛmmɔnedifoɔ nyinaa ano afiri Ahennie no mu,
届时,人子将差派其天使,所有会让人犯罪的事情和不法之徒,从其国中清除,
42 na wɔato wɔn agu ogyatannaa no mu, ahye wɔn. Ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ.
丢进火炉,他们将在那里哀哭切齿。
43 Na ateneneefoɔ no bɛhyerɛn sɛ owia wɔ wɔn Agya Ahennie no mu. Deɛ ɔwɔ aso no, ma ɔntie!”
然后,正道之人将如太阳,在天父之国闪耀。有耳者必要听之。
44 Yesu toaa abɛbuo no so sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ademudeɛ bi a obi kɔhunuu wɔ afuo bi mu. Ɔkataa so, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahodeɛ nyinaa, de kɔtɔɔ afuo no.
天国如藏在田里的宝贝,有人发现后会把它藏起来,然后兴高采烈地变卖了自己的一切,买了那块田地。
45 “Bio, Ɔsoro Ahennie te sɛ obi a ɔdi ahwene pa ho edwa a ɔrepɛ ahwene pa atɔ.
天国好像一个商人,搜罗宝贵的珍珠。
46 Ɔkɔnyaa bi a ɛyɛ fɛ mmoroso, enti ɔkɔtɔn nʼahodeɛ nyinaa de kɔtɔeɛ!”
他发现了一颗极贵重的珍珠,就跑去变卖了他的一切,买那颗珍珠。
47 Yesu toaa so bio sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ obi a ɔkɔguu asau wɔ asuo bi mu yii nsuomnam ahodoɔ bebree.
天国又好像一个网,撒在海里可网到各种各样的鱼。
48 Asau no yɛɛ ma no, ɔtwe baa konkɔn so. Afei, ɔtenaa ase yiyii nam pa no guu kɛntɛn mu ɛnna ɔtoo deɛ ɛnyɛ no guiɛ.
网里的鱼满了,人就把网拉上岸,坐下来拣出好鱼,收起来,不好的就丢在一边。
49 Saa ara na ewiase awieeɛ bɛyɛ. Abɔfoɔ no bɛba abɛpa abɔnefoɔ no afiri ateneneefoɔ no mu, (aiōn )
这世界终结之时也是如此,天使将出去,把恶人从义人中区分出来, (aiōn )
50 na wɔato abɔnefoɔ no agu ogyatannaa no mu; ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ.
然后丢进火炉,在那里必然会传来哀哭切齿。
51 “Mote aseɛ?” Nʼasuafoɔ no buaa no sɛ, “Aane.”
你们明白这一切了吗?” 他们回答:“明白了。”
52 Yesu toaa ne nkyerɛkyerɛ no so sɛ, “Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔabɛyɛ mʼasuafoɔ no te sɛ efiewura a wada nʼagyapadeɛ foforɔ ne dada nyinaa adi.”
耶稣说:“所以,每一个从天国学习的宗教老师,就像一家之主从宝库中拿出新东西和旧东西。”
53 Yesu wiee nʼabɛbuo no, ɔfiri baabi a ɔwɔ hɔ.
耶稣讲完了这些比喻,就离开了。
54 Ɔkɔɔ ne kurom Nasaret. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu maa wɔn a wɔtiee no no ho dwirii wɔn. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛhe na saa ɔbarima yi kɔnyaa nyansa a ɔde yɛ anwanwadeɛ sɛɛ yi?
他回到自己的家乡,在会堂里教导众人。众人都惊奇,说:“此人的智慧和奇迹来自何处?
55 Ɛnyɛ dua dwumfoɔ no ba no ni? Ɛnyɛ ne maame ne Maria? Ɛnyɛ ne nua mmarimanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda?
他不是木匠的儿子吗?母亲是玛利亚、弟弟不是雅各、约瑟、西门和犹大?
56 Ɛnyɛ yɛne ne nuammaanom na ɛte ha? Na afei ɛhe na ɔkɔnyaa yeinom nyinaa yi?”
他妹妹不是住在我们这里吗?他这一切从哪里来?”
57 Wɔn bo fuu no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Odiyifoɔ wɔ animuonyam baabiara, agye ne ɔman mu anaa ne nkurɔfoɔ mu.”
他们便拒绝相信耶稣。 耶稣告诉他们:“先知处处受到尊重,但他的家园和家人却不会如此。”
58 Esiane sɛ wɔannye no annie no enti, wanyɛ anwanwadeɛ bebree wɔ hɔ.
因为他们不信,他并未在那里显化多少上帝神迹。