< Mateo 12 >
1 Homeda bi, Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔfaa aburoofuo bi mu. Wɔnam aburoofuo no mu no, ɛkɔm dee asuafoɔ no ma wɔpempanee aburoo no bi weeɛ.
時,耶穌在安息日由麥田中經過:衪的門徒餓了,開始掐麥穗吃。
2 Farisifoɔ bi hunuu deɛ asuafoɔ no reyɛ no, anyɛ wɔn abodwo. Wɔbisaa Yesu sɛ, “Woahunu sɛ wʼasuafoɔ no abu Homeda mmara no so?”
法利賽人一見,便衪說:「看,你的門徒作安息日不許作的事。」
3 Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Monkenkanee deɛ Ɔhene Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no?
耶穌說:「你們沒有念過:達味與那些同衪一起的人,飢餓時,作了什麼?
4 Wɔkɔɔ Onyankopɔn fie kɔdii burodo a wɔde abɔ afɔdeɛ a anka wɔnni ho kwan sɛ wɔdi, agye ɔsɔfoɔ nko ara no. Ɛno nso yɛ mmara so buo?
他怎麼進了天主的殿,吃了供餅!這供餅原是不准他吃,在不准同他在一起的人吃,而是只許司祭吃的。
5 Na monnsane nkane mfirii Mose mmara no mu, sɛ asɔfoɔ a wɔyɛ asɔrefie adwuma no tumi yɛ adwuma Homeda nso?
或者你們在法律沒有念過:安息日,司祭在聖殿內犯了安息日,也不算為罪過嗎?
6 Mereka ama moate aseɛ sɛ, deɛ ɔkyɛn asɔrefie no wɔ ha!
我告訴你們:這裏有比聖殿更的。
7 Sɛ moate asɛm a ɛse, ‘Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ’ no ase yie a, anka moremmu wɔn a wɔnni fɔ no fɔ.
假如你們瞭解『我喜歡仁愛勝過祭獻』是什麼,你們就決不會判斷無罪的人了,
8 Na me, Onipa Ba no, meyɛ Homeda no wura”.
因為人子是安息日的主。
9 Yesu firii deɛ ɔwɔ hɔ kɔɔ hyiadan mu.
耶穌就離開那裏,進了他們的會堂。
10 Ɔhunuu ɔbarima bi wɔ dan mu hɔ a na ne nsa baako awu. Farisifoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Enti mmara ma ho kwan sɛ obi sa yadeɛ Homeda anaa?” Wɔbisaa yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya ɛkwan atoto nʼano na wɔakye no!
看,那裏有一個人,他的一隻手乾枯了,他們問耶穌說:「安息日許不許治病? 」為的要控告衪。
11 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔwɔ odwan baako na sɛ ɔkɔtɔ amena mu Homeda a, ɔrenyi no? Ɛkwan biara so wobɛkɔ akɔyi no.
耶穌對他們說:「你們中誰有一隻羊,假如安息日掉在坑裏,而不把牠抓住,拉上來呢?
12 Onipa som bo sene odwan! Yei enti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa Homeda.”
人比羊貴重得多了!所以,安息日是許可行善的。」
13 Afei, Yesu ka kyerɛɛ deɛ ne nsa awu no sɛ, “Tene wo nsa!” Ɔyarefoɔ no tenee ne nsa. Ɔtenee ne nsa no, ahoɔden baa mu ma ɛyɛɛ sɛ baako no.
於是給那人說:「伸出你的手來!」那人一伸出來,手就完好如初,同另一隻手一樣。
14 Farisifoɔ no firii adi kɔtuu sɛdeɛ wɔbɛkyere Yesu akum no no ho agyina.
法利賽人出去,商討怎麼陷害耶穌,怎樣除滅衪。
15 Esiane sɛ na ɔnim ɛpɔ a wɔrebɔ wɔ ne ho no enti, ɔfirii hyiadan no mu maa nnipadɔm dii nʼakyi. Ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ no nyinaa yadeɛ.
耶穌知道了,就離開那裏;有許多人跟隨衪,衪都治好了他們;
16 Nanso, ɔbɔɔ wɔn ano sɛ wɔmmmɔ nʼanwanwadeɛ a ɔyɛeɛ no ho dawuro.
且警告他們不要將衪摶出去;
17 Na nkɔm a Odiyifoɔ Yesaia hyɛɛ no aba mu sɛ:
這是為應驗那藉依撒意亞先知所說的話:
18 “Monhwɛ mʼakoa a mayi no, deɛ medɔ no a me kra ani sɔ no, mede me honhom mɛgu no so, na wabu amanaman atɛn.
『看,我的僕人,他是我所揀選,我所鍾的;他是我心靈所喜悅的;我要使我的神主在衪身上,他必向外邦人傳佈真道。
19 Ɔrenko, na ɔrenteateam. Na obi rente ne nne abɔntene so!
他不爭辯,也不喧嚷,在街市上沒有人聽到他的聲音;
20 Ɔrensɛe demmire ɛyɛ mmerɛ no. Kanea ntoma a ɛnnɛre yie no, ɔrennum; kɔsi sɛ ɔnam atɛntenenee so de nkonimdie aba.
已壓破的蘆葦,他不折斷;將熄滅的燈心,他不吹滅,直到他使真道勝利。
21 Ne din bɛyɛ amanaman nyinaa anidasoɔ.”
外邦人將要期待他的名字。
22 Afei, wɔde obi a ɔyɛ mumu yɛ onifirani na honhommɔne nso wɔ ne so brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa no yadeɛ. Yesu saa no yadeɛ ma ɔkasaeɛ sane hunuu adeɛ.
那時,有人給衪領來一個又瞎又啞的附魔人,耶穌治好了他他,以致這啞吧能說話,也能看見。
23 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no ho dwirii wɔn. Wɔkaa sɛ, “Ɛbɛtumi aba sɛ Yesu yi yɛ Dawid Ba no, Agyenkwa no anaa?”
群眾都驚奇說:「莫非這人是達味之子嗎﹖」
24 Nanso, Farisifoɔ no tee anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa sɛ, “Ɔnam ahonhommɔne nyinaa panin Ɔbonsam, Beelsebul no so na ɔtu ahonhommɔne.”
法利賽人聽了說:「這人驅魔,無非是仗賴魔王貝爾則布。」
25 Yesu hunuu wɔn adwene, maa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Ahemman biara a ɛdi mpaapaemu no ntumi nnyina. Saa ara nso na kuro anaa efie biara a ɛdi mpaapaemu no ntumi nnyina.
耶穌知道了他們的意念,就對他們說:「凡一國自相紛爭,必成廢墟;凡一城或一家自相紛爭,必不得存立。
26 Na sɛ ɔbonsam nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na nʼahennie agyina?
如果撒殫驅逐撒殫,是自相紛爭,那麼他的國如何能存立呢﹖
27 Na sɛ menam Beelsebul tumi so na metu ahonhommɔne a, hwan so na mo nkurɔfoɔ nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛteɛ de a, mo nkurɔfoɔ no ara na wɔbɛbu mo atɛn.
如果我仗賴貝耳則布驅魔,你們的子弟是仗賴誰驅魔﹖為此,他們將是你們的裁判者。
28 Na sɛ mede Onyankopɔn honhom na ɛtu ahonhommɔne deɛ a, na Onyankopɔn Ahennie aba mo so.
如果我仗賴天主的神驅魔,那麼,天主的國己經來到你們中間了。
29 “Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ fie mu nkɔwia no, agye sɛ, onipa ko no di ɛkan de ahoma kyekyere no.
或者,一個人如何能進入一個壯士的家,搶他的家具﹖除非先把壯士捆住,然後才搶他的家。
30 “Obiara a ɔnni mʼafa no, tia me. Na deɛ ɔne me mmoaboa ano no hwete mu.
不隨同我的,就是反對我;不與我收集的,就是分散。
31 Mereka akyerɛ mo sɛ, wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, nanso abususɛm a ɛtia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ.
為此告訴你們:一切罪過和褻瀆,人都可得赦免;但是褻瀆聖神的罪,必不得赦免;
32 Deɛ ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso, deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da biara da. (aiōn )
凡出言干犯人子的,在今世及來世,都不得恕免。」 (aiōn )
33 “Dua biara aba na wɔde hunu ne su. Dua pa so aba pa na dua bɔne nso so aba bɔne.
你們或者說樹好,它的果子也好;或者說樹壞,它的果子也壞,因為由果子可認出樹來。
34 Awɔ mma! Ɛbɛyɛ dɛn na abɔnefoɔ sɛ mo atumi aka deɛ ɛyɛ ho asɛm? Deɛ ayɛ akoma ma abu so no na ano ka.
毒蛇的種類啊! 你們既是惡的,怎能說出善來﹖因為心裏充滿什麼,口裏就說什麼。
35 Onipa pa anom asɛm da nnepa a ɛwɔ ne mu no adi. Saa ara na onipa bɔne nso anom asɛm da nnebɔne a ɛwɔ ne mu no adi.
善人從善庫裏,取出善來;惡人從惡庫裏,取出惡來。
36 Mereka makyerɛ mo sɛ, Atemmuo da no, asɛnhunu biara a obi aka no, ɔbɛbu ho akonta.
但我告訴你們:人所說的每句廢話,在審判之日,都要交賬,
37 Wʼanomu asɛm so na wɔnam bɛbu wo bem anaa ɛfɔ”.
因為憑你的話,要定你為義人;也憑你的話,要定你為罪人。」
38 Ɛda bi, Yudafoɔ mpanimfoɔ bi a Farisifoɔ bi ka wɔn ho baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi nkyerɛ wɔn.
那時,有幾個經師和法利賽人對耶穌說:「師父,我們願意你顯示一個徵兆給我們看。」
39 Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɔman a wɔyɛ abɔnefoɔ a wɔnni gyidie na wɔpɛ sɛ wɔhunu nsɛnkyerɛnneɛ. Nanso, wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ biara ka Odiyifoɔ Yona deɛ no ho.
衪回答他們說:「邪惡淫亂的世代要求徵兆,但除了約納先知的徵兆外,必不給它其它的徵兆。
40 Na sɛdeɛ Yona kɔdii bonsu yam nnansa no, saa ara na ɛsɛ sɛ Onipa Ba no kɔdi asase mu nnansa.
有如約納曾在大魚腹中三天三夜,同樣,人子也要在地裏三天三夜。
41 Atemmuo da no, Ninewe mmarima bɛsɔre atia nnɛmma yi na wɔabu mo fɔ ɛfiri sɛ, ɛberɛ a Yona kaa asɛmpa no, wɔnuu wɔn ho. Nanso, deɛ ɔsene Yona wɔ ha.
尼尼微人在審判時,將同這一代人起來,定他們的罪,因為尼尼微人因了約納的宣講而悔改了;看,這裏有一位大於約納的!
42 Atemmuo da no, Seba Ɔhemmaa bɛsɔre atia ɔman yi ɛfiri sɛ, ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso, deɛ ɔsene Salomo no wɔ ha.
南方的女王,在審判時,將同這一代人起來,而定他們的罪,因為她從地極而來,聽撒羅滿的智慧,看,這有裏有一位大於撒羅滿的!
43 “Saa ɔman debɔneyɛfoɔ yi te sɛ obi a honhommɔne wɔ ne soɔ. Sɛ honhommɔne no tu firi ne mu a, ɛkyinkyini, hwehwɛ homebea nanso, ɛnnya bi.
邪魔由人身上出來以後,走遍乾旱之地,尋找一個安息之所,卻沒有找著,
44 Sɛ ɛba saa a, deɛ honhommɔne no ka ne sɛ, ‘Mɛsane akɔ onipa a mefirii ne mu baeɛ no mu bio.’ Ɔsane kɔ onipa no mu na ɔhunu sɛ ne mu da mpan, na wɔasiesie hɔ fɛfɛɛfɛ a,
他於是說:我要回到我出來的那間屋裏去。他來到後,見裏面空著,打掃乾淨,裝飾整齊,
45 ɔsane nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforɔ nson a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena ne mu. Yei ma onipa no asetena no sɛe kyɛn ne kane asetena no.”
就去,帶了七個惢他更惡的魔鬼來,進去,住在那裏;那人末後的處境就比以前的更壞了。對這邪惡的世代也必是這樣。」
46 Ɛberɛ a Yesu reka asɛmpa akyerɛ nnipadɔm wɔ efie bi mu no, ne maame ne ne nuanom bɛgyinaa afikyire pɛɛ sɛ wɔne no kasa.
耶穌還同群眾說話的時候,看,衪的母親和衪的兄弟,站在外邊,想要同衪說話。
47 Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu baako kɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Wo maame ne wo nuanom gyina afikyire hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa”.
有人告訴衪說:「看,你的母親同你的兄弟,站在外邊,想要同你說話。」
48 Yesu kaa sɛ, “Hwan ne me maame? Ɛhefoɔ ne me nuanom?”
衪卻回答那告訴他的人說:「誰是我母親﹖誰是我的兄弟﹖」
49 Ɔkaa saa wieeɛ no, ɔde ne nsa kyerɛɛ nnipadɔm no, ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Yeinom ne me maame ne me nuanom”.
遂伸出衪的手,指自己的門徒說:「看!我的母親,我的兄弟!
50 Ɔsane kaa bio sɛ, “Obiara a ɔbɛyɛ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no apɛdeɛ no, ɔno ne me nuabarima, ne me nuabaa ne me maame”.
不拘誰遵行我在天之父的意旨,他就是我的兄弟,姊妹和母親。」