< Mateo 11 >
1 Yesu wiee nʼasuafoɔ dumienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ kɔɔ nkuro a ɛbemmɛn no mu kɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no.
Et factum est, cum consummasset Iesus, præcipiens duodecim discipulis suis, transiit inde ut doceret, et prædicaret in civitatibus eorum.
2 Yohane Osubɔni a saa ɛberɛ no na ɔda afiase no tee anwanwadeɛ a Kristo reyɛ no, ɔsomaa nʼasuafoɔ bɛbisaa no sɛ,
Ioannes autem cum audisset in vinculis opera Christi, mittens duos de discipulis suis,
3 “Wo ne deɛ ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforɔ anim?”
ait illi: Tu es, qui venturus es, an alium expectamus?
4 Yesu buaa wɔn sɛ, “Monsane nkɔ, nkɔka anwanwadeɛ a moahunu ne deɛ moate nkyerɛ Yohane sɛ,
Et respondens Iesus ait illis: Euntes renunciate Ioanni quæ audistis, et vidistis.
5 anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho ate, asotifoɔ te asɛm, na awufoɔ nso nyane. Afei, monka nkyerɛ no sɛ, meka asɛmpa no kyerɛ ahiafoɔ.
Cæci vident, claudi ambulant, leprosi mundantur, surdi audiunt, mortui resurgunt, pauperes evangelizantur:
6 Monsane nka nkyerɛ no bio sɛ, Nhyira ne deɛ merenyɛ no suntidua.”
et beatus est, qui non fuerit scandalizatus in me.
7 Yohane asuafoɔ no kɔeɛ no, Yesu hyɛɛ aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mokɔɔ ɛserɛ so no, ɛdeɛn na mokɔɔ sɛ morekɔhwɛ? Ɛserɛ a mframa rebɔ no?
Illis autem abeuntibus, cœpit Iesus dicere ad turbas de Ioanne: Quid existis in desertum videre? arundinem vento agitatem?
8 Anaa na mosusu sɛ mobɛhunu ɔbarima bi a wahyehyɛ sɛ ɔhene ba te ahemfie?
Sed quid existis videre? hominem mollibus vestitum? Ecce qui mollibus vestiuntur, in domibus regum sunt.
9 Anaa Onyankopɔn odiyifoɔ? Ɛnneɛ, mereka makyerɛ mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ.
Sed quid existis videre? prophetam? Etiam dico vobis, et plus quam prophetam.
10 Na saa Yohane yi na Atwerɛsɛm no ka fa ne ho sɛ, “‘Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan. Ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.’
Hic est enim, de quo scriptum est: Ecce ego mitto Angelum meum ante faciem tuam, qui præparabit viam tuam ante te.
11 Nokorɛ nie, nnipa a mmaa awo wɔn nyinaa mu, obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛse sene Yohane Osubɔni. Nanso, deɛ ɔyɛ aketewa koraa wɔ Ɔsoro Ahennie mu no yɛ ɔkɛseɛ sene no!
Amen dico vobis, non surrexit inter natos mulierum maior Ioanne Baptista: qui autem minor est in regno cælorum, maior est illo.
12 Na ɛfiri ɛberɛ a Yohane Osubɔni firii aseɛ kaa asɛmpa no, bɔɔ nkurɔfoɔ asu de bɛsi ɛnnɛ no, Ɔsoro Ahennie no de tumi retrɛ na nnipadɔm a wɔn ani abereɛ refa no aniɛden so.
A diebus autem Ioannis Baptistæ usque nunc, regnum cælorum vim patitur, et violenti rapiunt illud.
13 Ansa na Yohane rebɛba no, na adiyifoɔ ne Mose mmara no aka ɔsoro ahennie no ho asɛm dada.
Omnes enim prophetæ, et lex usque ad Ioannem prophetaverunt:
14 Sɛ mopɛ sɛ mote deɛ mereka no ase deɛ a, Yohane no, ɔno ne Elia a adiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm sɛ ɔbɛba no.
et si vultis recipere, ipse est Elias, qui venturus est.
15 Deɛ ɔwɔ aso no, ɔntie!
Qui habet aures audiendi, audiat.
16 “Ɛdeɛn ho na mɛtumi de nnɛmmafoɔ yi atoto? Wɔte sɛ mmɔfra a wɔte baabi redi agorɔ. Ɛfa ka kyerɛ ɛfa sɛ,
Cui autem similem æstimabo generationem istam? Similis est pueris sedentibus in foro: qui clamantes coæqualibus
17 “‘Yɛtoo anigyeɛ nnwom maa mo, nanso moansa. Yɛtoo awerɛhoɔ nnwom nso maa mo, nanso moansu.’
dicunt: Cecinimus vobis, et non saltastis: lamentavimus, et non planxistis.
18 Yohane baeɛ a ɔnnidi na ɔnnom no, wɔse, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’
Venit enim Ioannes neque manducans, neque bibens, et dicunt: Dæmonium habet.
19 Onipa Ba no baeɛ a ɔdidi na ɔnom no nso, wɔse, ‘Monhwɛ odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ a ɔyɛ ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo!’ Nanso, wɔn a wɔdi Onyankopɔn akyi nokorɛ mu no deɛ, wɔn bra di adanseɛ sɛ, nʼakwan nyinaa yɛ.”
Venit Filius hominis manducans, et bibens, et dicunt: Ecce homo vorax, et potator vini, publicanorum, et peccatorum amicus. Et iustificata est sapientia a filiis suis.
20 Afei, ɔhyɛɛ aseɛ kaa nkuro a ɔyɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ wɔ hɔ nanso wɔannu wɔn ho no anim sɛ,
Tunc cœpit exprobrare civitatibus, in quibus factæ sunt plurimæ virtutes eius, quia non egissent pœnitentiam.
21 “Korasin, due! Betsaida, due! Anwanwadeɛ a meyɛɛ no mo mu no, sɛ meyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfoɔ no de awerɛhoɔ ne ahonuo asakyera wɔn adwene dada.
Væ tibi Corozain, væ tibi Bethsaida: quia, si in Tyro, et Sidone factæ essent virtutes quæ factæ sunt in vobis, olim in cilicio, et cinere pœnitentiam egissent.
22 Atemmuo da no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsene deɛ ɛbɛto Tiro ne Sidon!
Verumtamen dico vobis: Tyro, et Sidoni remissius erit in die iudicii, quam vobis.
23 Na wo Kapernaum, wopɛ sɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ asaman. Anwanwadeɛ a meyɛɛ no wo hɔ no, sɛ wɔyɛɛ no wɔ Sodom a, anka ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. (Hadēs )
Et tu Capharnaum, numquid usque in cælum exaltaberis? usque in infernum descendes. Quia, si in Sodomis factæ fuissent virtutes, quæ factæ sunt in te, forte mansissent usque in hanc diem. (Hadēs )
24 Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, Atemmuo da no, Tiro ne Sodom bɛnya gyinabea pa asene mo!”
Verumtamen dico vobis, quia terræ Sodomorum remissius erit in die iudicii, quam tibi.
25 Asɛnka no akyi, Yesu bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɔsoro ne asasewura, meda wo ase sɛ woanna nokorɛ no adi ankyerɛ wɔn a wɔsusu sɛ wɔyɛ anyansafoɔ, na mmom, wodaa nokorɛ no adi kyerɛɛ mmɔfra nkumaa.
In illo tempore respondens Iesus dixit: Confiteor tibi, Pater, Domine cæli et terræ, quia abscondisti hæc a sapientibus, et prudentibus, et revelasti ea parvulis.
26 Aane, Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa.
Ita Pater: quoniam sic fuit placitum ante te.
27 “Mʼagya no de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nnim Ɔba no gye Agya no nko ara. Na obiara nnim Agya no gye Ɔba no, ne wɔn a Ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ wɔn.
Omnia mihi tradita sunt a Patre meo. Et nemo novit Filium, nisi Pater: neque Patrem quis novit, nisi Filius, et cui voluerit Filius revelare.
28 “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na moasoa nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.
Venite ad me omnes, qui laboratis, et onerati estis, et ego reficiam vos.
29 Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ, medwo, na mebrɛ me ho ase akoma mu, na mobɛnya ahome ama mo kra.
Tollite iugum meum super vos, et discite a me, quia mitis sum, et humilis corde: et invenietis requiem animabus vestris.
30 Ɛfiri sɛ, me kɔnnua yɛ mmerɛ, na mʼadesoa yɛ hare.”
Iugum enim meum suave est, et onus meum leve.