< Mateo 10 >
1 Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ dumienu no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔntu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.
et convocatis duodecim discipulis suis dedit illis potestatem spirituum inmundorum ut eicerent eos et curarent omnem languorem et omnem infirmitatem
2 Yesu asuafoɔ dumienu no din nie: Simon a ne din baako ne Petro ne ne nua Andrea; Yakobo ne ne nua Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no,
duodecim autem apostolorum nomina sunt haec primus Simon qui dicitur Petrus et Andreas frater eius
3 Filipo ne Bartolomeo, Toma ne ɔtogyefoɔ Mateo, Yakobo, Alfeo ba ɛne Tadeo,
Iacobus Zebedaei et Iohannes frater eius Philippus et Bartholomeus Thomas et Mattheus publicanus et Iacobus Alphei et Thaddeus
4 Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a akyire yi, ɔyii Yesu maeɛ no.
Simon Cananeus et Iudas Scariotes qui et tradidit eum
5 Yesu somaa asuafoɔ dumienu no hyɛɛ wɔn sɛ, “Monnkɔ deɛ amanamanmufoɔ wɔ anaa Samariafoɔ kuro biara mu,
hos duodecim misit Iesus praecipiens eis et dicens in viam gentium ne abieritis et in civitates Samaritanorum ne intraveritis
6 na mmom, monkɔ Onyankopɔn nnwan a wɔwɔ Israel a wɔayera no nkyɛn.
sed potius ite ad oves quae perierunt domus Israhel
7 Monkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn Ahennie no abɛn!’
euntes autem praedicate dicentes quia adpropinquavit regnum caelorum
8 Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho nte, na montu ahonhommɔne. Sɛdeɛ monyaa no kwa no, saa ara na mo nso momfa mma kwa.
infirmos curate mortuos suscitate leprosos mundate daemones eicite gratis accepistis gratis date
9 “Mommfa sikakɔkɔɔ, dwetɛ anaa kɔbere biara mmɔ mo ho.
nolite possidere aurum neque argentum neque pecuniam in zonis vestris
10 Mommfa akwantubɔtɔ anaa ntadeɛ anaa mpaboa anaa poma mmienu. Ɛsɛ sɛ odwumayɛfoɔ didi.
non peram in via neque duas tunicas neque calciamenta neque virgam dignus enim est operarius cibo suo
11 Kuro biara a mobɛkɔ mu anaa akuraa biara a mobɛkɔ aseɛ no, monhwehwɛ onipa a onyamesuro wɔ ne mu akyiri kwan na montena ne nkyɛn kɔsi da a mobɛfiri hɔ akɔ baabi foforɔ.
in quamcumque civitatem aut castellum intraveritis interrogate quis in ea dignus sit et ibi manete donec exeatis
12 Sɛ mokɔ efie bi mu a, monkyea wɔn sɛ, ‘Asomdwoeɛ nka mo!’
intrantes autem in domum salutate eam
13 Sɛ saa efie no mufoɔ gye mo fɛ so a, monhyira wɔn, na sɛ wɔannye mo deɛ a, monnhyira wɔn.
et siquidem fuerit domus digna veniat pax vestra super eam si autem non fuerit digna pax vestra ad vos revertatur
14 Sɛ morefiri efie anaa kuro biara a wɔannye mo wɔ mu no mu akɔ a, momporoporo efie no anaa kuro no mu mfuturo a ɛwɔ mo nan ase no ngu hɔ.
et quicumque non receperit vos neque audierit sermones vestros exeuntes foras de domo vel de civitate excutite pulverem de pedibus vestris
15 Nokorɛ nie, Atemmuo da no, Sodom ne Gomora mpo bɛnya baabi agyina wɔ Onyankopɔn anim sene saa kuro no.
amen dico vobis tolerabilius erit terrae Sodomorum et Gomorraeorum in die iudicii quam illi civitati
16 “Monkae sɛ meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifire sɛ awɔ na monnwo sɛ mmorɔnoma.
ecce ego mitto vos sicut oves in medio luporum estote ergo prudentes sicut serpentes et simplices sicut columbae
17 Nanso, monhwɛ yie wɔ nnipa ho! Wɔbɛkyere mo, adi mo asɛm, abɔ mo mmaa wɔ wɔn asɔredan mu.
cavete autem ab hominibus tradent enim vos in conciliis et in synagogis suis flagellabunt vos
18 Me enti, wɔde mo bɛkɔ atumfoɔ ne ahene anim. Yei bɛma mo anya ɛkwan aka asɛmpa no akyerɛ wɔn ne amanamanmufoɔ no.
et ad praesides et ad reges ducemini propter me in testimonium illis et gentibus
19 Sɛ wɔkyere mo a, monnnwene asɛm a mobɛka de ayi mo ho ano. Wɔde asɛm a mobɛka no bɛma mo ɛberɛ a ɛsɛ mu.
cum autem tradent vos nolite cogitare quomodo aut quid loquamini dabitur enim vobis in illa hora quid loquamini
20 Asɛm a mobɛka no remfiri mo, na mmom, mo ɔsoro Agya no honhom na ɔnam mo so bɛkasa.
non enim vos estis qui loquimini sed Spiritus Patris vestri qui loquitur in vobis
21 “Onua bɛyi onua ama sɛ wɔakum no. Saa ara na agyanom nso bɛyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofoɔ ama wɔakum wɔn.
tradet autem frater fratrem in mortem et pater filium et insurgent filii in parentes et morte eos adficient
22 Me enti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso, deɛ ɔbɛtumi agyina pintinn akɔsi awieeɛ no, wɔbɛgye no nkwa.
et eritis odio omnibus propter nomen meum qui autem perseveraverit in finem hic salvus erit
23 Sɛ wɔtaa mo kuro baako mu a, monnwane nkɔ kuro foforɔ mu. Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu adwumayɛ ansa na Onipa Ba no aba.
cum autem persequentur vos in civitate ista fugite in aliam amen enim dico vobis non consummabitis civitates Israhel donec veniat Filius hominis
24 “Osuani nsene ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nso nsene ne wura.
non est discipulus super magistrum nec servus super dominum suum
25 Osuani sua ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nso sua ne wura. Enti, sɛ me a meyɛ efie no ti no wɔfrɛ me ‘Ɔbonsam’ a, ɛdeɛn din na wɔremfa mfrɛ mo!
sufficit discipulo ut sit sicut magister eius et servus sicut dominus eius si patrem familias Beelzebub vocaverunt quanto magis domesticos eius
26 “Monnsuro wɔn a wɔbɛhunahuna mo. Mmerɛ bi bɛba a nokorɛ no bɛda adi. Deɛ wɔyɛ no kɔkoam no nyinaa bɛda adi.
ne ergo timueritis eos nihil enim opertum quod non revelabitur et occultum quod non scietur
27 Deɛ mereka makyerɛ mo wɔ esum mu yi, monka wɔ hann mu. Deɛ mereka agu mo asom yi, mompae mu nka wɔ adan atifi.
quod dico vobis in tenebris dicite in lumine et quod in aure auditis praedicate super tecta
28 Monnsuro wɔn a wɔbɛtumi akum mo onipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a ɔbɛtumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na monsuro no. (Geenna )
et nolite timere eos qui occidunt corpus animam autem non possunt occidere sed potius eum timete qui potest et animam et corpus perdere in gehennam (Geenna )
29 Wɔtɔn akasanoma gye ahe? Mmienu boɔ nyɛ sika bi pɛ? Nanso akasanoma biara nni hɔ a ɔbɛwu a mo Agya no nnim ho biribi.
nonne duo passeres asse veneunt et unus ex illis non cadet super terram sine Patre vestro
30 Mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa.
vestri autem et capilli capitis omnes numerati sunt
31 Enti, monnsuro! Mosom bo ma Onyankopɔn sene nkasanoma.
nolite ergo timere multis passeribus meliores estis vos
32 “Obiara a ɔbɛka sɛ ɔnim me nnipa anim no, me nso mɛka sɛ menim no mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim.
omnis ergo qui confitebitur me coram hominibus confitebor et ego eum coram Patre meo qui est in caelis
33 Nanso, obiara a ɔbɛka sɛ ɔnnim me nnipa anim no, me nso mɛka sɛ mennim no wɔ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim.
qui autem negaverit me coram hominibus negabo et ego eum coram Patre meo qui est in caelis
34 “Monnsusu sɛ mede asomdwoeɛ na ɛbaa asase yi so! Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mmom akofena na mede baeɛ.
nolite arbitrari quia venerim mittere pacem in terram non veni pacem mittere sed gladium
35 Maba sɛ mɛma “‘ɔbabarima asɔre atia nʼagya, na ɔbabaa asɔre atia ne maame, na ɔbaa warefoɔ nso asɔre atia nʼasebaa.
veni enim separare hominem adversus patrem suum et filiam adversus matrem suam et nurum adversus socrum suam
36 Obiara ɔtamfoɔ a ne ho yɛ hu no bɛfiri nʼankasa ne fie.’
et inimici hominis domestici eius
37 “Deɛ ɔdɔ nʼagya anaa ne maame kyɛn me no rentumi nyɛ me deɛ. Saa ara na deɛ ɔdɔ ne babarima anaa ne babaa kyɛn me no rentumi nyɛ me deɛ ara no no.
qui amat patrem aut matrem plus quam me non est me dignus et qui amat filium aut filiam super me non est me dignus
38 Sɛ obi amfa nʼasɛnnua na wammɛdi mʼakyi a, ɔrentumi nyɛ me deɛ.
et qui non accipit crucem suam et sequitur me non est me dignus
39 Sɛ woma wo ɔkra som wo bo a, wobɛhwere wo ɔkra no, nanso sɛ me enti wohwere wo ɔkra a, wo nsa bɛka.
qui invenit animam suam perdet illam et qui perdiderit animam suam propter me inveniet eam
40 “Obiara a ɔgye mo no gye me, na deɛ ɔgye me no nso gye Onyankopɔn a ɔsomaa me no.
qui recipit vos me recipit et qui me recipit recipit eum qui me misit
41 Sɛ wogye odiyifoɔ bi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn onipa enti a, wɔbɛtua wo so ka sɛ odiyifoɔ no ara pɛ. Na sɛ wogye nnipa tenenee a, wobɛnya akatua sɛ onipa tenenee.
qui recipit prophetam in nomine prophetae mercedem prophetae accipiet et qui recipit iustum in nomine iusti mercedem iusti accipiet
42 Na obiara a ɔbɛma mʼakyidifoɔ yi mu akumaa bi nsuo anom no, onii no akatua remmɔ no da.”
et quicumque potum dederit uni ex minimis istis calicem aquae frigidae tantum in nomine discipuli amen dico vobis non perdet mercedem suam