< Marko 7 >
1 Ɛda bi, Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ binom a wɔfiri Yerusalem baa Yesu nkyɛn.
Skupe se oko njega farizeji i neki od pismoznanaca koji dođoše iz Jeruzalema.
2 Wɔduruu hɔ no, wɔhunuu sɛ nʼasuafoɔ no bi redidi a wɔanhohoro wɔn nsa ho.
I opaze da neki njegovi učenici jedu kruh nečistih, to jest neopranih ruku.
3 Na Yudafoɔ no, ne titire no Farisifoɔ no, nnidi da, gye sɛ wɔahohoro wɔn nsa ho nyinaa, sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ, ansa na wɔadidi.
A farizeji i svi Židovi ne jedu ako prije temeljito ne operu ruke; drže se predaje starih.
4 Na sɛ wɔfiri dwa so ba a, wɔhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Yei yɛ mmara bebree a wɔfiri tete adi so no mu baako. Na mmara no bi ne sɛ, wɔhohoro nkuruwa, asɛn ne nwowa mu.
Niti s trga što jedu ako prije ne operu. Mnogo toga još ima što zbog predaje drže: pranje čaša, vrčeva i lonaca.
5 Enti, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni yɛn amanneɛ a ɛfiri tete no so? Ɛfiri sɛ, wɔdidi a, wɔnni ɛkan nhohoro wɔn nsa sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ no.”
Zato farizeji i pismoznanci upitaju Isusa: “Zašto tvoji učenici ne postupaju po predaji starih, nego nečistih ruku blaguju?”
6 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo nyaatwomfoɔ! Asɛm a Yesaia ka faa mo ho sɛ, “‘Saa nnipa yi de wɔn ano na ɛdi me ni, nanso wɔn akoma mmɛn me ho baabiara no yɛ nokorɛ turodoo!
A on im reče: “Dobro prorokova Izaija o vama, licemjeri, kad napisa: Ovaj me narod usnama časti, a srce mu je daleko od mene.
7 Wɔsom me kwa; na wɔn nkyerɛkyerɛ yɛ nnipa nsa ano mmara’
Uzalud me štuju naučavajući nauke - uredbe ljudske.
8 Mogya Onyankopɔn mmara a wahyehyɛ no de mo ankasa mo amanneɛ si ananmu.
Napustili ste zapovijed Božju, a držite se predaje ljudske.”
9 “Moahyɛ da sɛ mobɛpo Onyankopɔn mmara no, na moatiatia so, ama mo amanneɛ no atim.
Još im govoraše: “Lijepo! Dokidate Božju zapovijed da biste sačuvali svoju predaju.
10 Ɛho nhwɛsoɔ bi ne sɛ, Mose de Onyankopɔn mmara a ɛka sɛ, ‘Di wʼagya ne wo maame ni’ no maa. Ɔkaa sɛ, ‘obiara a ɔbɛkasa atia nʼagya anaa ne maame no, ɛsɛ sɛ wɔkum no.’
Mojsije doista reče: Poštuj oca svoga i majku svoju. I: Tko prokune oca ili majku, smrću neka se kazni.
11 Nanso, moka sɛ, ɛyɛ sɛ obi bɛka akyerɛ nʼagya anaa ne maame a adeɛ bi hia no no sɛ, ‘Merentumi mmoa mo! Ɛfiri sɛ, mede deɛ anka ɛsɛ sɛ mede ma mo no ama Onyankopɔn.’
A vi velite: 'Rekne li tko ocu ili majci: Pomoć koja te od mene ide neka bude 'korban', to jest sveti dar',
12 Enti, mobu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛeɛ no so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛtumi abɔ mo amanneɛ ho ban.
takvome više ne dopuštate ništa učiniti za oca ili majku.
13 Yei yɛ nhwɛsoɔ baako pɛ. Nanso, bebree ka ho.”
Tako dokidate riječ Božju svojom predajom, koju sami sebi predadoste. I još štošta tomu slično činite.”
14 Afei, Yesu frɛɛ nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa montie asɛm a mereka yi yie, na monte aseɛ.
Tada ponovno dozove mnoštvo i stane govoriti: “Poslušajte me svi i razumijte!
15 Adeɛ biara a ɛkɔ onipa mu no, ngu ne ho fi. Na mmom, deɛ ɛbɛfiri onipa mu aba no, na ɛgu ne ho fi.
Ništa što izvana ulazi u čovjeka ne može ga onečistiti, nego što iz čovjeka izlazi - to ga onečišćuje.
16 Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no ntie.”
Tko ima uši da čuje, neka čuje!”
17 Afei, Yesu firii nnipakuo no mu kɔɔ efie no, nʼasuafoɔ no bisaa no asɛm a ɔkaeɛ no ase.
I kad od mnoštva uđe u kuću, upitaše ga učenici za prispodobu.
18 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mo nso monte asɛm a mekaeɛ no ase? Monhunu sɛ, deɛ modie no ngu mo ho fi anaa?
I reče im: “Tako? Ni vi ne razumijete? Ne shvaćate li da čovjeka ne može onečistiti što u nj ulazi
19 Ɛfiri sɛ, deɛ modie biara no ne mo akoma nni hwee yɛ, na mmom, ɛfa ɔyafunu no mu kɛkɛ.”
jer mu ne ulazi u srce, nego u utrobu te izlazi u zahod?” Tako on očisti sva jela.
20 Ɔtoaa so sɛ, “Deɛ ɛfiri onipa mu ba no na ɛgu ne ho fi.
Još dometnu: “Što iz čovjeka izlazi, te onečišćuje čovjeka.
21 Afei, deɛ ɛfiri nnipa akoma mu ba no, ɛde adwamammɔ, korɔno, awudie,
Ta iznutra, iz srca čovječjega, izlaze zle namisli, bludništva, krađe, ubojstva,
22 adifudepɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibereɛ, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba.
preljubi, lakomstva, opakosti, prijevara, razuzdanost, zlo oko, psovka, uznositost, bezumlje.
23 Saa nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛnonom na ɛgu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim.”
Sva ta zla iznutra izlaze i onečišćuju čovjeka.”
24 Yesu firi hɔ no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ sɛ ɔrekɔhyɛ hɔ komm a, obiara nte ne nka, nanso anyɛ yie. Ɛda a ɔduruu hɔ ara pɛ, na nkurɔfoɔ tee ne nka sɛ waba hɔ.
Odande otiđe u kraj tirski. I uđe u neku kuću. Htio je da nitko ne sazna, ali se nije mogao sakriti,
25 Ɛhɔ ara na ɔbaa bi a honhommɔne hyɛ ne babaa ketewa bi mu baa ne nkyɛn. Na wate Yesu nka enti, ɔbɛbuu no nkotodwe.
nego odmah doču žena koje kćerkica imaše duha nečistoga. Ona dođe i pade mu pred noge.
26 Ɔbaa no srɛɛ no sɛ ɔntu saa honhommɔne no mfiri ne ba no mu mma no. Na saa ɔbaa yi yɛ Helani a wɔwoo no wɔ Siro-Foinike.
A žena bijaše Grkinja, Sirofeničanka rodom. I moljaše ga da joj iz kćeri istjera zloduha.
27 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ mma no mee ansa. Na ɛnyɛ sɛ wɔde mma aduane ma nkraman.”
A on joj govoraše: “Pusti da se prije nasite djeca! Ne priliči uzeti kruh djeci i baciti ga psićima.”
28 Ɔbaa no nso buaa no sɛ, “Owura, ɛyɛ nokorɛ deɛ, nanso ɛyɛ a, wɔde aduane a aka wɔ mmɔfra no prɛte mu no bi ma nkraman a wɔhyehyɛ ɛpono no ase no.”
A ona će mu: “Da, Gospodine! Ali i psići ispod stola jedu od mrvica dječjih.”
29 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo mmuaeɛ pa no enti, masa wo babaa no yadeɛ. Kɔ efie. Honhommɔne no afiri ne mu afi.”
Reče joj: “Zbog te riječi idi, izišao je iz tvoje kćeri zloduh.”
30 Ɔduruu efie no, ɔhunuu sɛ ne babaa no da mpa so dinn a honhommɔne no afiri ne mu ampa ara.
I ode kući te nađe dijete gdje leži na postelji, a zloduh je bio izišao.
31 Yesu firi Tiro no, ɔfaa Sidon mansini a emu nkuro yɛ edu no so, bɛduruu Galilea Po so.
Zatim se ponovno vrati iz krajeva tirskih pa preko Sidona dođe Galilejskom moru, u krajeve dekapolske.
32 Wɔde ɔsotifoɔ bi a ɔsane yɛ mumu brɛɛ no. Wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Yesu sɛ, ɔmfa ne nsa nka ɔyarefoɔ no, na ɔnsa no yadeɛ.
Donesu mu nekoga gluhog mucavca pa ga zamole da stavi na nj ruku.
33 Yesu sɔɔ ne mu de no firii nnipakuo no mu. Afei, ɔde ne nsateaa hyɛɛ ɔbarima no asom, tee ntasuo de kaa ne tɛkrɛma.
On ga uzme nasamo od mnoštva, utisne svoje prste u njegove uši, zatim pljune i dotakne se njegova jezika.
34 Ɔhwɛɛ soro, guu ahome teaam sɛ, “Hefata!” Aseɛ ne, “bue!”
Upravi pogled u nebo, uzdahne i kaže mu: “Effata!” - to će reći: “Otvori se!”
35 Amonom hɔ ara, ɔbarima no tumi tee asɛm, na ɔhyɛɛ aseɛ kasaeɛ!
I odmah mu se otvoriše uši i razdriješi spona jezika te stade govoriti razgovijetno.
36 Yesu bɔɔ nnipakuo no ano sɛ, wɔmmmɔ asɛm no dawuro nkyerɛ obiara. Nanso, mpɛn dodoɔ a ɔbraa wɔn no, na trɛ ara na wɔn nso wɔretrɛ asɛm no mu.
A Isus im zabrani da nikome ne kazuju. No što im je on više branio, oni su to više razglašavali
37 Saa asɛm yi maa wɔn ho dwirii wɔn yie. Enti, wɔkaa sɛ, “Yesu ayɛ adeɛ nyinaa yie, ɔma asotifoɔ mpo te asɛm, na mumu nso kasa!”
i preko svake mjere zadivljeni govorili: “Dobro je sve učinio! Gluhima daje čuti, nijemima govoriti!”