< Marko 4 >

1 Ɛberɛ a ɔgu so rekyerɛkyerɛ no, nnipadɔm sane bɛtwaa ne ho hyiaeɛ wɔ mpoano hɔ. Yei enti, ɔkɔtenaa kodoɔ mu, toaa ne nkyerɛkyerɛ no so.
et iterum coepit docere ad mare et congregata est ad eum turba multa ita ut in navem ascendens sederet in mari et omnis turba circa mare super terram erat
2 Na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔnam mmɛbuo so kasa kyerɛɛ wɔn. Baako a ɔkaeɛ ne sɛ,
et docebat eos in parabolis multa et dicebat illis in doctrina sua
3 “Ɛda bi, ogufoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba.
audite ecce exiit seminans ad seminandum
4 Ɔgu so regu aba no, aba no bi guu kwankyɛn, maa nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa diiɛ.
et dum seminat aliud cecidit circa viam et venerunt volucres et comederunt illud
5 Ebi nso kɔguu ɔbotan bi so. Nanso, dɔteɛ a ɛwɔ so no nnɔɔso.
aliud vero cecidit super petrosa ubi non habuit terram multam et statim exortum est quoniam non habebat altitudinem terrae
6 Ankyɛre na ɛfifiriiɛ, nanso ɛsiane sɛ dɔteɛ a ɛwɔ ɔbotan no so no nnɔɔso no enti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyeeɛ.
et quando exortus est sol exaestuavit et eo quod non haberet radicem exaruit
7 Aba no bi nso guu nkasɛɛ mu, maa nkasɛɛ no kyekyeree no enti antumi anso aba.
et aliud cecidit in spinas et ascenderunt spinae et offocaverunt illud et fructum non dedit
8 Aba no bi nso guu asase pa mu, maa ebi nyini soo mmɔho aduasa, ebi aduosia, ɛnna afoforɔ nso mmɔho ɔha!”
et aliud cecidit in terram bonam et dabat fructum ascendentem et crescentem et adferebat unum triginta et unum sexaginta et unum centum
9 Na Yesu kaa sɛ, “Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie!”
et dicebat qui habet aures audiendi audiat
10 Akyire no a ɛkaa ɔne dumienu no ne asuafoɔ afoforɔ bi no, wɔbisaa no sɛ, “Asɛm a wokaeɛ no, aseɛ ne sɛn?”
et cum esset singularis interrogaverunt eum hii qui cum eo erant cum duodecim parabolas
11 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔada Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm adi akyerɛ mo. Nanso, afoforɔ deɛ, wɔka no abɛbuo mu na ɛkyerɛ wɔn.
et dicebat eis vobis datum est mysterium regni Dei illis autem qui foris sunt in parabolis omnia fiunt
12 Esiane saa nti, “‘Wɔhunu na wɔte, nanso wɔrente deɛ wɔte no ase, na wɔrennane mma Onyankopɔn nkyɛn, na wɔremfa wɔn bɔne nso nkyɛ wɔn.’
ut videntes videant et non videant et audientes audiant et non intellegant nequando convertantur et dimittantur eis peccata
13 “Na sɛ moante saa bɛ yi ase a, ɛbɛyɛ dɛn na moate mmɛ ahodoɔ a merebɛbuo no ase?
et ait illis nescitis parabolam hanc et quomodo omnes parabolas cognoscetis
14 Ogufoɔ no gu aba a ɛyɛ asɛm no.
qui seminat verbum seminat
15 Aba a ɛguu kwankyɛn no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, nanso sɛ wɔte asɛm no a, ntɛm so, ɔbonsam ba wɔn nkyɛn, ma wɔn werɛ firi deɛ wɔate no nyinaa.
hii autem sunt qui circa viam ubi seminatur verbum et cum audierint confestim venit Satanas et aufert verbum quod seminatum est in corda eorum
16 Aba a ɛguu ɔbotan so no gyina hɔ ma nnipa a wɔde anigyeɛ tie asɛm no.
et hii sunt similiter qui super petrosa seminantur qui cum audierint verbum statim cum gaudio accipiunt illud
17 Nanso, wɔte sɛ aba a afifiri foforɔ a ne nhini nkɔ fam. Ahyɛaseɛ no, wɔkɔ so fɛfɛɛfɛ, nanso sɛ ɛba sɛ asɛm no enti, ɔtaa anaa amanehunu bi to wɔn pɛ, na wɔapa aba.
et non habent radicem in se sed temporales sunt deinde orta tribulatione et persecutione propter verbum confestim scandalizantur
18 Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no nso gyina hɔ ma nnipa a wɔte asɛmpa no,
et alii sunt qui in spinis seminantur hii sunt qui verbum audiunt
19 nanso ɛnkyɛre koraa na ewiase yi mu afɛfɛdeɛ ne ahonyadeɛ ne ɔbra yi mu dadwene, nnaadaa ne nneɛma bi ho akɔnnɔ abɛhyɛ wɔn akoma mu. Yei enti, asɛm no ntumi nso aba biara. (aiōn g165)
et aerumnae saeculi et deceptio divitiarum et circa reliqua concupiscentiae introeuntes suffocant verbum et sine fructu efficitur (aiōn g165)
20 Aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm no, na wɔso aba bebree. Nnipa no bi so mmɔho aduasa. Ebi nso so aduosia, na afoforɔ nso so ɔha.”
et hii sunt qui super terram bonam seminati sunt qui audiunt verbum et suscipiunt et fructificant unum triginta et unum sexaginta et unum centum
21 Afei, Yesu bisaa wɔn sɛ, “Moahunu obi a ɔsɔ kanea na ɔde hyɛ mpa ase, anaasɛ ɔde ahina butu so? Dabi! Wɔde kanea si petee mu na ahyerɛn ma ɛho aba mfasoɔ.
et dicebat illis numquid venit lucerna ut sub modio ponatur aut sub lecto nonne ut super candelabrum ponatur
22 Deɛ ahinta biara no, wɔbɛda no adi, na deɛ wɔakata so biara no, wɔde bɛto dwa.
non enim est aliquid absconditum quod non manifestetur nec factum est occultum sed ut in palam veniat
23 Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ma ɔntie!
si quis habet aures audiendi audiat
24 “Monhwɛ yie wɔ deɛ mote no ho. Deɛ mote no, ɛno ara na wɔde bɛma mo, na aboro so mpo.
et dicebat illis videte quid audiatis in qua mensura mensi fueritis remetietur vobis et adicietur vobis
25 Deɛ ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho; deɛ ɔnni ahe bi no, kakraa a ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.”
qui enim habet dabitur illi et qui non habet etiam quod habet auferetur ab illo
26 Ɔkaa bio sɛ, “Sɛdeɛ Onyankopɔn Ahennie no teɛ nie: okuafoɔ bi gu aba wɔ asase bi so.
et dicebat sic est regnum Dei quemadmodum si homo iaciat sementem in terram
27 Awia ne anadwo, sɛ ɔda o, sɛ ɔnyane o, aba no fefɛ a ɔnnim sɛdeɛ ɛyɛeɛ a ɛnyiniiɛ.
et dormiat et exsurgat nocte ac die et semen germinet et increscat dum nescit ille
28 Asase no ankasa bɔ nʼaduane, dua no na ɛdi kan, afei ɛpɛsɛ na abɔ, ama aba no anyini.
ultro enim terra fructificat primum herbam deinde spicam deinde plenum frumentum in spica
29 Sɛ aba no nyini wie a, okuafoɔ no fa ne dadeɛ kɔtwa, ɛfiri sɛ otwa berɛ aduru.”
et cum se produxerit fructus statim mittit falcem quoniam adest messis
30 Ɔsane kaa sɛ, “Ɛdeɛn ho na yɛde Ɔsoro Ahennie no bɛto, anaa abɛbusɛm bɛn na yɛde bɛkyerɛkyerɛ mu?
et dicebat cui adsimilabimus regnum Dei aut cui parabolae conparabimus illud
31 Ɛte sɛ onyina aba, a ɛyɛ ketewaa wɔ aba a wodua nyinaa mu.
sicut granum sinapis quod cum seminatum fuerit in terra minus est omnibus seminibus quae sunt in terra
32 Na sɛ wodua a ɛnyini yɛ kɛseɛ sene nnua a aka no nyinaa, ɛyiyi mman akɛseɛ ma ewiem nnomaa bɛsisi ne nwunu mu.”
et cum seminatum fuerit ascendit et fit maius omnibus holeribus et facit ramos magnos ita ut possint sub umbra eius aves caeli habitare
33 Mmɛbuo a ɛtete sɛ yeinom na Yesu de kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn, sɛdeɛ wɔbɛtumi ate aseɛ.
et talibus multis parabolis loquebatur eis verbum prout poterant audire
34 Ɔnam mmɛbuo so na ɔkasa kyerɛɛ wɔn a wɔbɛtiee no no nyinaa, na sɛ ɛka ɔne nʼasuafoɔ no nko a, ɔkyerɛ wɔn ne nyinaa ase.
sine parabola autem non loquebatur eis seorsum autem discipulis suis disserebat omnia
35 Ɛduruu anwummerɛ no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma yɛntwa nkɔ asuogya nohoa.”
et ait illis illa die cum sero esset factum transeamus contra
36 Ɔkaa saa no, wɔgyaa nnipadɔm no wɔ hɔ, na ɔne wɔn kɔeɛ a akodoɔ foforɔ di wɔn akyi.
et dimittentes turbam adsumunt eum ita ut erat in navi et aliae naves erant cum illo
37 Prɛko pɛ, ahum kɛseɛ bi tuiɛ, maa asorɔkye bu bɛkataa kodoɔ no so, ma ɛyɛɛ sɛ ɛremem.
et facta est procella magna venti et fluctus mittebat in navem ita ut impleretur navis
38 Saa ɛberɛ no, na Yesu wɔ kodoɔ no to de ne ti ato sumiiɛ so ada. Asuafoɔ no de ahopopoɔ ne nteateamu kɔnyanee no kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛreyɛ amem yi, ɛmfa wo ho?”
et erat ipse in puppi supra cervical dormiens et excitant eum et dicunt ei magister non ad te pertinet quia perimus
39 Ɔsɔre teateaa mframa no ka kyerɛɛ ɛpo no sɛ, “Yɛ dinn!” Mframa no gyaeeɛ, na ɛpo no yɛɛ dinn!
et exsurgens comminatus est vento et dixit mari tace obmutesce et cessavit ventus et facta est tranquillitas magna
40 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn na moyɛ ahufoɔ sei? Adɛn, monnye me nni anaa?”
et ait illis quid timidi estis necdum habetis fidem
41 Na wɔn ho dwirii wɔn yie, bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn ni a mframa ne ɛpo mpo tie no yi?”
et timuerunt magno timore et dicebant ad alterutrum quis putas est iste quia et ventus et mare oboediunt ei

< Marko 4 >