< Marko 16 >
1 Adeɛ kyeeɛ a Homeda no twaam no, Maria Magdalene ne Salome ne Yakobo maame Maria kɔtɔɔ nnuhwam sɛ wɔde rekɔ akɔsra Yesu amu no.
When the Sabbath was over, Mary of Magdala, Mary the mother of James, and Salome bought some spices, so that they might go and anoint the body of Jesus.
2 Ɛda a ɛdi nnawɔtwe no ɛkan anɔpahema no, ansa na owia bɛpue no, wɔde nnuhwam no baa ɛda no so.
And very early on the first day of the week they went to the tomb, after sunrise.
3 Wɔnam ɛkwan so rekɔ no, na wɔredwene deɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛpire ɛboɔ no afiri ɛda no ano no ho.
They were saying to one another: “Who will roll away the stone for us from the entrance of the tomb?”
4 Nanso, wɔreyɛ aduru hɔ no, wɔmaa wɔn ani so hunuu sɛ, obi apire ɛboɔ kokuroko no afiri ɛda no ano.
But, on looking up, they saw that the stone had already been rolled back; it was a very large one.
5 Wɔkɔɔ ɛda no mu kɔhunuu aberanteɛ bi sɛ ɔhyɛ atadeɛ fitaa te nifa so hɔ. Wɔhunuu no no, wɔbɔɔ birim.
Going into the tomb, they saw a young man sitting on their right, in a white robe, and they were dismayed; but he said to them:
6 Nanso, aberanteɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro. Ɛnyɛ Nasareni Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no na morehwehwɛ no no? Ɔnni ha! Wasɔre! Monhwɛ faako a wɔde no toeɛ hɔ!
“Do not be dismayed; you are looking for Jesus, the Nazarene, who has been crucified; he has risen, he is not here! Look! Here is the place where they laid him.
7 Afei, monkɔ na monkɔka yei nkyerɛ nʼasuafoɔ no ne Petro sɛ, ‘Yesu redi mo anim akɔ Galilea. Ɛhɔ na mobɛhunu no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo ansa na ɔrewu no!’”
But go, and say to his disciples and to Peter ‘He is going before you into Galilee; there you will see him, as he told you.’”
8 Mmaa no de ehu ne ahopopoɔ dwane firii hɔ a, na obiara ntumi ne ne yɔnko nkasa.
They went out, and fled from the tomb, for they were trembling and bewildered; and they did not say a word to any one, for they were frightened;
9 (note: The most reliable and earliest manuscripts do not include Mark 16:9-20.) Kwasiada anɔpa na Yesu sɔre firii awufoɔ mu. Onipa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no kane ne Maria Magdalene, ɔbaa a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no.
(note: The most reliable and earliest manuscripts do not include Mark 16:9-20.) after his rising again, early on the first day of the week, Jesus appeared first of all to Mary of Magdala, from whom he had driven out seven demons.
10 Maria Magdalene kɔɔ asuafoɔ no nkyɛn kɔhunuu wɔn sɛ wɔn werɛ ahoɔ, na wɔresu.
She went and told the news to those who had been with him and who were now in sorrow and tears;
11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wahunu Yesu na ɔte ase. Nanso, wɔannye no anni.
yet even they, when they heard that he was alive and had been seen by her, did not believe it.
12 Akyire yi, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam firi Yerusalem rekɔ akuraa, nanso wɔhunuu no no, ahyɛaseɛ no, wɔantumi anhunu sɛ ɛyɛ ɔno, ɛfiri sɛ, na wasesa.
Afterwards, altered in appearance, he made himself known to two of them, as they were walking, on their way into the country.
13 Akyire no a wɔhunuu onipa ko a ɔyɛ no, wɔtuu mmirika sane baa Yerusalem, bɛka kyerɛɛ nkaeɛ no, nanso obiara annye wɔn anni.
They also went and told the rest, but they did not believe even them.
14 Akyire no a asuafoɔ dubaako no te adidiiɛ no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa wɔn anim wɔ gyidie a wɔnni ne gye a wɔannye wɔn a wɔbɛkaa sɛ wasɔre no anni no ho.
Later on, he made himself known to the Eleven themselves as they were at a meal, and reproached them with their want of faith and their stubbornness, because they did not believe those who had seen him after he had risen from the dead.
15 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ ewiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa.
Then he said to them: “Go into all the world, and proclaim the Good News to all creation.
16 Na obiara a ɔgye di na wɔbɔ no asu no, wɔbɛgye no nkwa. Na obiara a ɔnnye nni no, wɔbɛbu no fɔ.
He who believes and is baptized shall be saved; but he who refuses to believe will be condemned.
17 Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛdi wɔn a wɔgye me di no akyi. Wɔde me din bɛtu ahonhommɔne, na wɔaka kasa foforɔ.
Moreover these signs shall attend those who believe. In my Name they shall drive out demons; they shall speak with ‘tongues’;
18 Wɔbɛsɔ awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduro bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa bɛgu ayarefoɔ so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.”
they shall take up serpents in their hands; and, if they drink any poison, it shall not hurt them; they will place their hands on sick people and they shall recover.”
19 Awurade Yesu ne wɔn kasa wieeɛ akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so.
So the Lord Jesus, after he had spoken to them, was taken up into Heaven, and sat at the right hand of God.
20 Yei akyi no, asuafoɔ no kɔkaa asɛm no wɔ baabiara, na Awurade kaa wɔn ho ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ahodoɔ nso, de hyɛɛ wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no mu den.
But they set out, and made the proclamation everywhere, the Lord working with them, and confirming the Message by the signs which attended it.