< Marko 15 >
1 Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, asɔfoɔ mpanin, Yudafoɔ mpanin, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne agyinatufoɔ hyia dwenee ɛkwan a wɔde Yesu bɛfa so ho. Wɔkyekyeree no de no kɔhyɛɛ Pilato nsa.
And as soon as ever it was light the chief priests holding a consultation with the elders and scribes, they and the whole sanhedrim, bound Jesus, and carried Him away, and delivered Him to Pilate.
2 Wɔde no duruu hɔ no, Pilato bisaa no sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?” Yesu buaa sɛ, “Mo na moseɛ.”
And Pilate asked Him, Art thou the king of the Jews? and He answered It is as thou sayst.
3 Ɛhɔ ara, asɔfoɔ mpanin no kaa nsɛm akɛseakɛseɛ guu ne so, nanso wanka hwee.
And the chief priests accused Him of many things: but he answered nothing.
4 Pilato bisaa no bio sɛ, “Enti, nsɛm akɛseakɛseɛ a wɔreka gu wo so yi, wonka ho hwee?”
So Pilate asked Him again, saying, Dost thou answer nothing? See how many things they witness against thee:
5 Nanso, Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ Pilato nwanwa.
but Jesus still answered nothing, so that Pilate was amazed.
6 Na ɛyɛ Pilato amanneɛ sɛ, afe biara Twam Afahyɛ no mu, ɔgyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wɔgyaa no ma wɔn.
Now at the feast he used to release to them one prisoner, whomsoever they desired:
7 Saa afe no mu, na onipa bi a wɔfrɛ no Baraba no ka nnipa bi a wɔsɔre tiaa aban, nam so dii awu no ho wɔ afiase hɔ.
and there was one Barabbas under confinement with some of his accomplices in sedition, who had committed murder in the insurrection.
8 Ɛdɔm no kɔɔ Pilato so kɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyi odeduani baako mma wɔn sɛdeɛ daa ɔyɛ no.
And the people clamoured and desired him to do as he always used to do for them.
9 Pilato bisaa sɛ, “Menyi ‘Yudafoɔ Ɔhene’ no mma mo anaa?”
But Pilate answered them, saying, Would ye have me release to you the king of the Jews?
10 Ɛfiri sɛ, na wahunu sɛ asɔfoɔ mpanin no de ɔtan na atwa asɛm ato Yesu so ɛsiane din a na wagye no enti.
(for he knew that the chief priests had delivered Him up to him out of envy: )
11 Nanso, asɔfoɔ mpanin no tuu dɔm no aso sɛ, sɛ wɔde bɛyi Yesu deɛ, wɔmpere ma wɔnyi Baraba.
but the chief priests incited the people to desire that he would rather release Barabbas to them.
12 Enti, Pilato bisaa wɔn sɛ, “Na sɛ meyi Baraba ma mo a, ɛdeɛn na menyɛ saa ɔbarima yi a mofrɛ no mo ɔhene no?”
And Pilate answered, and said to them again, What then would you have me do with Him, whom ye call king of the Jews?
13 Wɔteateaam sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu!”
And they cried out again, Crucify Him.
14 Pilato bisaa wɔn bio sɛ, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?” Wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu!”
But Pilate said unto them, Why, what ill has He done? And they cried out the more vehemently, Crucify Him.
15 Afei, Pilato hunuu sɛ ɔyɛ asɛm no hwee a, ɛrenyɛ yie. Afei, na ɔsuro nso sɛ, sɛ anhwɛ a basabasayɛ bɛba enti, ɔgyaa Baraba maa wɔn. Ɔmaa wɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɛno akyi no, ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.
So Pilate being willing to ingratiate with the multitude, released Barabbas to them, and having scourged Jesus, delivered Him up to be crucified.
16 Asraafoɔ no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, ɛnna wɔfrɛɛ asraafoɔ no nyinaa baa hɔ.
And the soldiers led Him away into the hall, which is called the Pretorium; and gathered their whole company together:
17 Wɔhyɛɛ no batakari kɔkɔɔ bi, de nkasɛɛ atentene bi nwonoo ɛkyɛ hyɛɛ no.
and they clad Him in purple, and platted a crown of thorns and put it on his head,
18 Wɔhyɛɛ aseɛ bɔ gyee so, dii ne ho fɛ sɛ, “Yudafoɔ ɔhene, wo nkwa so!”
and saluted Him, saying, Hail king of the Jews;
19 Wɔde abaa paa nʼapampam, tetee ntasuo guu ne so, buu no nkotodwe, de dii ne ho fɛw.
and struck Him on the head with a reed, and spit upon Him, and bowed their knees, and did Him homage.
20 Wɔdii ne ho fɛ wieeɛ no, wɔworɔɔ batakari kɔkɔɔ no, ɛnna wɔde ɔno ara nʼatadeɛ hyɛɛ no, de no kɔeɛ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.
And when they had thus abused Him, they took off the purple from Him, and put his own clothes on Him, and brought Him out to crucify Him.
21 Wɔrekɔ no, wɔhyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya wɔ ɛkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no.
And they compel one Simon a Cyrenian, the father of Alexander and Rufus, as he was passing by, coming out of the country, to carry his cross:
22 Wɔde Yesu baa baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Golgota a (nʼasekyerɛ ne Nitire so) hɔ.
and they brought Him to a place called Golgotha, which is, being interpreted, the place of a scull.
23 Ɛhɔ na wɔmaa no nsã nwononwono bi sɛ ɔnnom, nanso wannom.
And they offered Him wine mingled with myrrh to drink, but He would not take it.
24 Afei, wɔbɔɔ no asɛnnua mu. Yei akyi, wɔbɔɔ nʼatadeɛ no so ntonto.
And when they had fastened Him to the cross, they parted his garments, casting lots upon them, what each of them should take.
25 Ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron na wɔbɔɔ no asɛnnua mu.
And it was the third hour, when they fixed Him on the cross:
26 Asɛm bi a wɔka too no so na wɔtwerɛɛ taree nʼasɛnnua no atifi ka sɛ, Yudafoɔ Ɔhene.
and the title of his charge was written over Him, THE KING OF THE JEWS.
27 Ɛda no ara anɔpa, wɔbɔɔ awudifoɔ baanu bi asɛnnua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so, ɛnna ɔbaako nso sɛn ne benkum so.
And they crucified two thieves with Him, one on his right hand and one on his left:
28 Yei maa deɛ Atwerɛsɛm no kaa sɛ, “Wɔkan no fraa nnebɔneyɛfoɔ mu” no baa mu.
so that the scripture was fulfilled, which saith, "And He was numbered with the transgressors."
29 Nnipa a wɔsen faa hɔ no nyinaa wosowosoo wɔn ti, dii ne ho fɛ sɛ, “Ei, wo ni? Ɛnyɛ wo na woseɛ sɛ, wobɛtumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no?
And they that passed by reviled Him, shaking their heads and saying, Ah, thou that destroyest, the temple,
30 Sɛ wose wo ho yɛ nwanwa a, ɛnneɛ siane firi asɛnnua no so si fam.”
and buildest it in three days, save thyself and come down from the cross.
31 Saa ɛberɛ no na asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no nso atwa ahyia hɔ redi Yesu ho fɛw. Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛ sɛ, “Ɔgye afoforɔ nanso ɔntumi nnye ne ho!”
And the chief priests likewise scoffing at Him among themselves, with the scribes, said, He saved others, Himself He cannot save: let Christ,
32 Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛ bio sɛ, “Agyenkwa! Yudafoɔ ɔhene! Siane firi asɛnnua no so si fam, na yɛnnye wo nni!” Awudifoɔ a wɔbɔɔ wɔne Yesu asɛnnua mu no mpo dii ne ho fɛ bi.
the king of Israel, come down now from the cross, that we may see and believe in Him. And even they that were crucified with Him, reviled Him.
33 Ɛfiri owigyinaeɛ kɔpem nnɔnmiɛnsa no, esum duruu asase no so nyinaa.
Now at the sixth hour there was darkness over the whole land, until the ninth hour.
34 Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase ne sɛ, “Me Onyankopɔn, Me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me?”
And at the ninth hour Jesus cried out with a loud voice, saying, "Eloi, Eloi, lama sabachthani," which is being interpreted, My God, my God, why hast thou forsaken me?
35 Wɔn a wɔgyina hɔ no bi a wɔtee deɛ ɔkaeɛ no kaa sɛ, “Montie sɛ ɔrefrɛ Elia.”
And some of them that stood by hearing it, said, Behold He calleth upon Elias.
36 Wɔn mu baako tuu mmirika, kɔfaa sapɔ bi, de bɔɔ nsã nwononwono bi mu, de tuaa dua bi ano, de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. Ɔkaa sɛ, “Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa!”
And there ran one, and filled a spunge with vinegar, and putting it on a reed offered it Him to drink, saying, Let Him alone, let us see whether Elias will come to take Him down.
37 Afei, Yesu de nne kɛseɛ teaam bio, na ɔgyaa ne honhom mu wuiɛ.
But Jesus cried with a loud voice and expired.
38 Ɛhɔ ara, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu no mu suanee mmienu firi soro kɔsii fam.
And the veil of the temple was rent in two from the top to the bottom.
39 Asraafoɔ ɔha so panin a na ɔgyina hɔ no hunuu ɛkwan a Yesu faa so wuiɛ no, ɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba!”
And when the centurion, that stood over against Him, saw that He expired with such a cry, he said, Truly this man was the Son of God.
40 Saa ɛberɛ no, na mmaa bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so. Mmaa no bi ne Maria Magdalene, Maria a ɔyɛ Yakobo kumaa ne Yosef maame ne Salome.
There were also women at a distance looking on: among whom was Mary Magdalene, and Mary the mother of James the less and of Joses, and Salome;
41 Ɛberɛ a na Yesu wɔ Galilea no, saa mmaa yi dii nʼakyi somm no. Saa ara nso na na nnipa bi a wɔdii nʼakyi baa Yerusalem no bi nso wɔ hɔ.
who also when He was in Galilee, followed Him and waited on Him: and several others who came up to Jerusalem with Him.
42 Ɛduruu anwummerɛ no, ɛsiane sɛ na adeɛ kye a ɛyɛ Homeda no enti,
And the evening being now come, (because it was the preparation,
43 ɔbadwani animuonyamfoɔ bi a, wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a, na ɔretwɛn ɛberɛ a Onyankopɔn Ahennie no bɛba no de akokoɔduru kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no sɛ, ɔmfa Yesu amu no mma no.
or the day before the sabbath, ) Joseph of Arimathea, an honorable counsellor, who also was expecting the kingdom of God, came and went in boldly to Pilate, and begged the body of Jesus.
44 Ɛberɛ a Pilato tee sɛ Yesu awu no, wannye anni, enti ɔfrɛɛ Roma asraafoɔ panin a na ɔhwɛ hɔ no bisaa no.
But Pilate wondered that He was dead already, and therefore calling for the centurion he asked him if He had been dead any time:
45 Asraafoɔ panin no kaa sɛ wawu no, Pilato maa Yosef ho ɛkwan sɛ ɔnkɔfa amu no.
and when he heard it from the centurion, he granted the body to Joseph.
46 Yosef kɔtɔɔ nwera, yii Yesu amu no firii asɛnnua no so, de nwera no kyekyeree no, ɔde no kɔtoo ɔboda bi a wɔatwa mu, piree ɛboɔ kɛseɛ bi hinii ano.
And he bought fine linen, and took Him down, and wrapped Him in the linen, and laid Him in a sepulchre which was hewn out of a rock; and rolled a stone to the door of the sepulchre.
47 Na Maria Magdalene ne Yosef ne maame Maria wɔ hɔ bi, na wɔhunuu faako a wɔde Yesu amu no toeɛ.
And Mary Magdalene, and Mary the mother of Joses observed where He was laid.