< Marko 14 >

1 Aka nnanu na Twam Afahyɛ ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafoɔ ahomegyeɛ nna no aduru no, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hwehwɛɛ nyansakwan a wɔbɛfa so akye Yesu, akum no.
And it was the passover and feast of unleavened bread after two days. And the high priests and scribes were seeking how they might kill Him, having taken Him by stratagem.
2 Nanso, wɔkaa sɛ, “Yɛrenkyere no afahyɛ no mu, anyɛ saa a ɛde basabasa bɛba ɔman no mu.”
For they said, Not at the feast, lest there shall be an uproar of the people.
3 Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbaa bi a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne bo yɛ den baa hɔ. Ɔtuu ano, hwie guu Yesu tirim.
And He being in Bethany, in the house of Simon the leper, He sitting at the table, a woman came having an alabaster box of myrrh of spikenard estimated very valuable; and breaking the alabastar box, she poured it on His head.
4 Deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no anyɛ nnipa a wɔte adidiiɛ no mu bi dɛ. Na wɔkaa sɛ, “Wasɛe ngo no kwa.
And there were certain ones indulging in indignation among themselves (and saying), For what was this loss of the myrrh?
5 Anka ɔbɛtumi atɔn ngo hwamhwam yi anya sika pii na ɔde ama ahiafoɔ.”
For this myrrh was able to be sold for more than three hundred denaria, and given to the poor. And they murmured against her.
6 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnyaa no! Adɛn enti na moreha no wɔ ade pa a ɔyɛeɛ no ho?
And Jesus said, Let her alone; why do you give her trouble? she hath wrought a beautiful work in me.
7 Mo ne ahiafoɔ a mobɛtumi aboa wɔn ɛberɛ biara mu na ɛte. Na me deɛ, merenkyɛ wɔ mo nkyɛn.
For you have the poor always with you, and when you wish, you are able to do them good: but you have not me always.
8 Wayɛ deɛ ɔbɛtumi. Wadi ɛkan asra me onipadua ama ɛda a wobɛsie me.
She did what she could: she came aforehand to anoint my body for the burial.
9 Mereka makyerɛ mo sɛ, baabiara a wɔbɛka Asɛmpa no wɔ ewiase no, wɔde deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no bɛkae no, akamfo no.”
Truly I say unto you, Wheresoever this gospel may be preached in all the world, that which she did shall indeed be spoken of for a memorial of her.
10 Afei, Yuda Iskariot, asuafoɔ dumienu no mu baako, kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn ne wɔn kɔhyehyɛɛ sɛdeɛ ɔbɛyi Yesu ama wɔn no ho.
And Judas Iscariot, one of the twelve, went away to the chief priests, that he might betray Him to them.
11 Asɔfoɔ mpanin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Ɛfiri saa ɛberɛ no, ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya Yesu ho ɛkwan, ayi no ama ɛberɛ a ɛsɛ mu.
And they, hearing, rejoiced, and promised to give him money. And he was seeking how he might betray Him opportunely.
12 Apiti Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan a wɔkum Twam Afahyɛ odwan no, nʼasuafoɔ bisaa no faako a wɔbɛkɔ akɔdi Twam Afahyɛ no.
And on the first day of the unleavened bread, when they were accustomed to slay the passover, His disciples say to Him; Where do you wish, that we, having gone away may prepare that you may eat the passover?
13 Ɔsomaa nʼasuafoɔ no mu baanu kɔɔ Yerusalem sɛ wɔnkɔsiesie baabi mma no. Deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ, “Morekɔ kuro no mu a, mobɛhyia onipa bi a ɔso ahina. Monni nʼakyi.
And He sends away two of His disciples, and says to them; Go into the city and a man will meet you carrying a pitcher of water; follow him,
14 Baabiara a ɔbɛwura no, monka nkyerɛ efiewura no sɛ, ‘Yɛn wura asoma yɛn sɛ, yɛmmɛhwɛ ɛdan a wɔasiesie ama yɛn a yɛbɛdi Twam Afahyɛ no wɔ mu no.’
whithersoever he may go in, say to the landlord that the Teacher says, Where is my guest chamber where I may eat the passover with my disciples?
15 Ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛseɛ bi a wɔasiesie mu. Ɛhɔ na monyɛ ahoboa mma yɛn.”
And he will show you a large upper room furnished, ready; there prepare for us.
16 Asuafoɔ baanu no siim kɔɔ kuro no mu, na wɔhunuu biribiara sɛdeɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wɔsiesiee Twam Afahyɛ no wɔ hɔ.
And His disciples went out, and came into the city, and found as He said to them, and prepared the passover.
17 Ɛduruu anwummerɛ no, Yesu ne dumienu no baeɛ.
And it being evening, He comes with the twelve.
18 Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kaa sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, mo a me ne mo reto nsa adidi yi mu baako bɛyi me ama.”
And they sitting and eating, Jesus said, Truly, I say unto you, that, One of you who eateth with me shall betray me.
19 Wɔn nyinaa werɛ hoeɛ, na wɔhyɛɛ aseɛ bisaa mmaako mmaako sɛ, “Ɛyɛ me anaa?”
And they began to be grieved, and to say to Him one by one, Whether am I the one? And another, Whether am I the one?
20 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ mo dumienu a mo ne me reto nsa adidi yi mu baako.
And He said to them, One of the twelve who is dipping with me in the dish.
21 Onipa Ba no wu sɛdeɛ odiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no; nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ.”
Truly the Son of man goes, as has been written concerning Him: but woe unto that man by whom the Son of man is betrayed! It was good for him if that man had never been born.
22 Ɛberɛ a wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ɔhyiraa so bubuiɛ, na ɔde maa wɔn kaa sɛ, “Monnye nni; yei ne me onipadua.”
And they eating, Jesus having taken the bread, blessing it, broke, and gave it to them, and said, Take it: this is my body.
23 Afei, ɔfaa kuruwa a nsã wɔ mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi.
And taking the cup, blessing it, He gave it to them, and all drank of it.
24 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a ɛhyɛ Apam Foforɔ no mu den a bebree enti wɔrehwie agu.
And He said to them, This is my blood, which belongs to the new covenant, which is poured out for many.
25 Mereka akyerɛ mo sɛ, merennom saa nsã yi bio da akɔsi ɛda a me ne mo bɛnom bi bio wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.”
Truly I say unto you, That I shall no more drink of the fruit of the vine, until that day when I may drink it new in the kingdom of God.
26 Wɔtoo dwom bi wieeɛ no, wofirii hɔ kɔɔ Ngo Bepɔ no so.
And they having sung a hymn, went out into the Mount of Olives.
27 Wɔduruu deɛ wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa bɛdwane agya me. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam adiyifoɔ no so kaa sɛ, “‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no abɔ apete.’
And Jesus says to them, You will all be offended, because it has been written, I will smite the Shepherd, and the sheep shall be scattered.
28 Na sɛ mewusɔre a, mɛdi mo anim akɔ Galilea akɔhyia mo wɔ hɔ.”
But after I am risen, I will go before you into Galilee.
29 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da!”
And Peter said to Him, If indeed, all shall be offended, yet not I.
30 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Petro, ansa na anadwo yi akokɔ bɛbɔn mprenu no, na woapa me mprɛnsa.”
And Jesus says to him, Truly I say unto thee, That thou to-day, even this night, before the cock shall crow twice, shalt deny me thrice.
31 Petro de anibereɛ kaa sɛ, “Merempa wo da! Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo da!” Saa ara na wɔn a aka no nyinaa nso kaeɛ.
And he continued to say the more positively, If it may behoove me to die with thee, I can never deny thee. And all continued to say likewise.
32 Yesu ne nʼasuafoɔ no duruu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Montena ha, na merekɔbɔ mpaeɛ aba.”
And they come into the place whose name is Gethsemane. And He says to His disciples, Sit here, until I may pray.
33 Ɔfaa Petro, Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho hyɛɛ aseɛ yeraa no, na ɔyɛɛ basaa.
And He takes Peter, and John, and James with Him, and began to grieve and to be dejected.
34 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra ma. Montena ha, na mo ne me nwɛn.”
And He says to them, My soul is exceedingly sorrowful unto death: abide here, and watch.
35 Ɔkɔɔ nʼanim kakra, kɔbutuu fam, bɔɔ mpaeɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, saa ahoyera no ntwa ne ho nkɔ.
And having gone forward a little, He fell on the ground; and continued to pray, that if possible, the hour may pass from Him.
36 Ɔkaa sɛ, “Abba, Agya! Wotumi yɛ biribiara. Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, deɛ wopɛ na ɛnyɛ hɔ, na ɛnyɛ deɛ mepɛ.”
And He said, Father, Father, all things are possible to thee; take this cup from me; but not what I will, but what thou wilt.
37 Ɔsane baeɛ no, ɔbɛhunuu asuafoɔ baasa no sɛ wɔadeda. Ɔbisaa Petro sɛ, “Simon, woada? Woantumi ne me anwɛn dɔnhwereɛ baako pɛ mpo?
And He comes, and finds them sleeping, and He says to Peter, Simon, do you sleep? Were you not able to watch one hour?
38 Monwɛn na mommɔ mpaeɛ na ɔsɔhwɛfoɔ no anni mo so. Honhom no pɛ deɛ, na honam no na ɛyɛ mmerɛ.”
Watch and pray, that you may not enter into temptation: for the spirit indeed is willing, but the flesh is weak.
39 Ɔsane kɔɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ korɔ no ara.
And again having gone away, He prayed, speaking the same word.
40 Ɔsane baa wɔn nkyɛn bio bɛhunuu sɛ wɔadeda, ɛfiri sɛ, na wɔabrɛbrɛ. Na wonhunu deɛ wɔnka nkyerɛ no.
And turning, He found them again sleeping, for their eyes were heavy; and they did not know what they might respond to Him.
41 Ɔsane baa ne mprɛnsa so no, ɔbisaa wɔn sɛ. “Mogu so adeda a morehome? Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ mode da no atwam. Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.
And He comes the third time, and says to them; Sleep on, and take your rest: it is over; the hour is come; behold, the Son of man is betrayed into the hands of sinners:
42 Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ, deɛ ɔreyi me ama no wɔ ha!”
arise, let us go: behold, the one having betrayed me draws nigh.
43 Ɔgu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ nʼasuafoɔ no mu baako ne dɔm a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin asoma wɔn ka ne ho a, wɔkurakura akofena ne mmaa baa hɔ.
And immediately, He still speaking, Judas Iscariot comes, being one of the twelve, and with him a great multitude with swords and clubs, from the chief priests and the scribes and the elders.
44 Na Yuda aka akyerɛ wɔn dada sɛ, “Deɛ mɛbam no, ayɛ no atuu no, ɔno ne deɛ morehwehwɛ no no. Monkyere no, na monsɔ ne mu yie mfa no nkɔ.”
And the one having betrayed Him gave them a sign, saying, The one whom I shall kiss, is He: seize Him and lead Him away securely.
45 Ɛno enti, wɔduruu hɔ pɛ, ɔkɔɔ Yesu nkyɛn kɔbam no kaa sɛ, “Me Wura.” Afei, ɔyɛɛ no atuu.
And having come, immediately advancing forward, he said to Him, Master, and kissed Him copiously.
46 Ɛhɔ ara, na ɛdɔm a wɔne Yuda nam no sɔɔ Yesu mu kyeree no.
And they laid their hands on Him and arrested Him.
47 Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne akofena de twaa Ɔsɔfopanin no akoa bi aso ma ɛteeɛ.
And a certain one of those standing by drew his sword, and smote the servant of the high priest, and cut off his ear.
48 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Meyɛ owudifoɔ enti na mode akofena ne mmaa aba me so rebɛkye me anaa?
Jesus responding said to them, You have come out as against a robber, with swords and clubs to take me:
49 Adɛn na ɛberɛ a merekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu hɔ no, moankye me? Nanso, yeinom nyinaa aba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkɔm a wɔhyɛɛ wɔ me ho no bɛba mu.”
I was daily with you in the temple teaching, and you did not arrest me: but in order that the Scriptures may be fulfilled.
50 Asuafoɔ no nyinaa dwane gyaa no.
And all leaving Him, fled away.
51 Aberanteɛ bi a ɔde ntomasini bi asi nʼasene dii nʼakyi.
And one certain young man followed Him, invested with a linen cloth on his unclothed body: and they take hold of him.
52 Ɛdɔm a wɔbɛkyeree Yesu no pɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso ɔgyaa ne ntoma no maa wɔn, de ne ho saa ara dwanee.
And he leaving the linen cloth, fled from them in a state of nudity.
53 Wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfopanin no anim no, ankyɛre na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi bɛhyiaa hɔ.
And they led Jesus to the high priest: and all the chief priests and elders and scribes came together to Him.
54 Ɛberɛ a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tee ne ho dii wɔn akyi, na ɔwiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanin no efie hɔ de ne ho kɔfraa asomfoɔ bi a na wɔreto ogya no mu.
And Peter followed Him a long way off, even into the court of the high priest; and was sitting with the officers, and warming at the fire.
55 Asɔfoɔ mpanin ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya asɛm bi atia Yesu, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nanso, wɔannya bi.
And the chief priests and all the sanhedrim were seeking testimony against Him to put Him to death; and they found none.
56 Nnipa pii bɛdii adansekurumu tiaa Yesu, nanso wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no bɔɔ abira.
For many were testifying falsely against Him, and their testimonies were not equal.
57 Afei, nnipa no bi kekaa nsɛm a ɛnnim too ne so sɛ,
And certain ones rising up, were testifying falsely against Him, saying,
58 “Yɛtee sɛ ɔkaa sɛ, ‘Mɛbubu asɔredan a wɔde nsa na ɛsii no, na mede nnansa asi foforɔ a wɔamfa nsa ansi!’”
We heard Him saying, I will destroy this temple made with hands, and will build another in three days, made without hands.
59 Na yei mpo, wɔn adanseɛ no anhyia.
And thus their testimony was not equal.
60 Ɔsɔfopanin no sɔre gyinaa badwa no mfimfini bisaa Yesu sɛ, “Yei nso, wonni ho anoyie biara? Ɛdeɛn na wowɔ ka?”
And the high priest rising up in their midst, asked Jesus, saying, Do you respond nothing? what are they witnessing against you?
61 Yesu ammua no. Afei, Ɔsɔfopanin no bisaa no bio sɛ, “Wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no anaa?”
And He was silent, and answered nothing: again the high priest asked Him, and says to Him, Art thou the Christ, the Son of the Blessed?
62 Yesu buaa no sɛ, “Mene no, na mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyankopɔn nifa, na ɔnam omununkum mu resane aba asase so.”
And Jesus said, I am: and you shall see the Son of man sitting on the right hand of power, and coming in the clouds of heaven.
63 Yei maa Ɔsɔfopanin no sunsuanee nʼatadeɛ mu kaa sɛ, “Adansefoɔ bɛn na wɔn ho hia yɛn bio?
The high priest tearing his garments, says, Why have we yet need of witnesses?
64 Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkaeɛ no. Ɛdeɛn na mowɔ ka?” Wɔn nyinaa gye too mu sɛ, ɔsɛ owuo.
You heard the blasphemy: what seems to you? And all answered, He is worthy of death.
65 Na ebinom tee ntasuo guu ne so, na wɔkyekyeree nʼani, na wɔbobɔɔ no akuturuku bisaa no sɛ “Wose woyɛ odiyifoɔ, kyerɛ yɛn onipa ko a ɔbɔɔ wo!” Na asomfoɔ a wɔde no rekɔ no bobɔɔ no asotorɔ.
And certain ones began to spit on Him, and to cover His face, and to buffet Him, and say to Him, Prophesy: and the officers received Him with blows.
66 Ɛberɛ a na Petro te adihɔ hɔ no, Ɔsɔfopanin no mmaawa no mu baako baa hɔ;
And Peter being in the court, one of the maidservants of the high priest comes down;
67 na ɔhunuu Petro sɛ ɔreto ogya no, ɔhwɛɛ no haa, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam!”
and seeing Peter warming, looking upon him, says, Thou wast with Jesus the Nazarene.
68 Petro saneeɛ sɛ, “Mennim deɛ woreka yi ho hwee!” Na ɛhɔ ara na ɔfirii adi kɔtenaa nkyɛn baabi. Saa ɛberɛ no ara na akokɔ bɔnee.
And he denied, saying, I know not, neither do I understand what you say. And he went out into the portico; and the cock crew.
69 Abaawa no sane hunuu no, na ɔhyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn nam no sɛ, “Yei nso ka wɔn ho. Ɔyɛ Yesu asuafoɔ no mu baako!”
And the maidservant seeing him again, began to say to the bystanders, He is one of them.
70 Petro saneeɛ bio. Ɛkyɛɛ kakra no, nnipa a wɔgyina ogya no ho no hyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Woka wɔn ho, ɛfiri sɛ, woyɛ Galileani!”
And again he denied: and after a little again the bystanders were saying to Peter, Truly, thou art one of them; for indeed thou art a Galilean.
71 Petro hyɛɛ aseɛ kekaa ntam, dii nse sɛ, “Mennim saa onipa a moreka ne ho asɛm yi.”
But he began to anathematize, and to swear, I know not this man of whom you speak.
72 Na ɛhɔ ara, akokɔ bɔnee deɛ ɛtɔ so mmienu. Na Petro kaee Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Akokɔ remmɔn mprenu na woapa me mprɛnsa” no. Na ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ.
And the cock crew the second time. And Peter remembered the word which Jesus told him; That, before the cock shall crow twice, thou wilt deny me thrice. And having gone out, he continued to weep.

< Marko 14 >