< Marko 13 >
1 Yesu refiri asɔredan no mu hɔ no, nʼasuafoɔ no mu baako kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adan yi yɛ fɛ papa. Hwɛ sɛdeɛ wɔde aboɔ asiesie afasuo no.”
१जब वह मन्दिर से निकल रहा था, तो उसके चेलों में से एक ने उससे कहा, “हे गुरु, देख, कैसे-कैसे पत्थर और कैसे-कैसे भवन हैं!”
2 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ deɛ, nanso wɔbɛdwiri saa ɛdan yi agu pasaa.”
२यीशु ने उससे कहा, “क्या तुम ये बड़े-बड़े भवन देखते हो: यहाँ पत्थर पर पत्थर भी बचा न रहेगा जो ढाया न जाएगा।”
3 Ɛberɛ a ɔte Ngo Bepɔ no so a nʼani tua Yerusalem no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ,
३जब वह जैतून के पहाड़ पर मन्दिर के सामने बैठा था, तो पतरस और याकूब और यूहन्ना और अन्द्रियास ने अलग जाकर उससे पूछा,
4 “Ɛberɛ bɛn na deɛ woreka fa asɔredan yi ho no bɛba mu. Na nsɛnkyerɛnneɛ bi bɛdi ɛkan aba ansa anaa?”
४“हमें बता कि ये बातें कब होंगी? और जब ये सब बातें पूरी होने पर होंगी उस समय का क्या चिन्ह होगा?”
5 Yesu buaa wɔn sɛ, “Monhwɛ yie na obi annaadaa mo.
५यीशु उनसे कहने लगा, “सावधान रहोकि कोई तुम्हें न भरमाए।
6 Nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii.
६बहुत सारे मेरे नाम से आकर कहेंगे, ‘मैं वही हूँ’ और बहुतों को भरमाएँगे।
7 Akokoakoko bɛsisi afanan nyinaa, nanso ɛnyɛ ɛnonom ne awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ.
७और जब तुम लड़ाइयाँ, और लड़ाइयों की चर्चा सुनो, तो न घबराना; क्योंकि इनका होना अवश्य है, परन्तु उस समय अन्त न होगा।
8 Aman bɛsɔre aman so, na ahennie asɔre ahennie so na asasewosoɔ ne ɛkɔm bɛba mmeammea. Yeinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiaseɛ.
८क्योंकि जाति पर जाति, और राज्य पर राज्य चढ़ाई करेगा। और हर कहीं भूकम्प होंगे, और अकाल पड़ेंगे। यह तो पीड़ाओं का आरम्भ ही होगा।
9 “Nanso, sɛ yeinom fiti aseɛ sɛ ɛreba a, monhwɛ yie! Mobɛkɔ ɔhaw akɛseɛ mu. Esiane sɛ modi mʼakyi enti, wɔbɛtwe mo akɔ asɛnniiɛ; wɔbɛhwe mo wɔ asɔredan mu, na wɔaka nsɛm agu mo so wɔ ahemfo ne mpanimfoɔ anim. Saa ɛberɛ no ne berɛ pa a ɛsɛ sɛ moka Asɛmpa no kyerɛ wɔn.
९“परन्तु तुम अपने विषय में सावधान रहो, क्योंकि लोग तुम्हें सभाओं में सौंपेंगे और तुम आराधनालयों में पीटे जाओगे, और मेरे कारण राज्यपालों और राजाओं के आगे खड़े किए जाओगे, ताकि उनके लिये गवाही हो।
10 Na ɛsɛ sɛ Asɛmpa no di ɛkan duru ɔman biara so ansa na awieeɛ no aba.
१०पर अवश्य है कि पहले सुसमाचार सब जातियों में प्रचार किया जाए।
11 Na sɛ wɔkyere mo de mo bɛgyina asɛnniiɛ a, monnnwene deɛ mobɛka de ayi mo ho ano ho. Monka deɛ Onyankopɔn bɛkyerɛ mo sɛ monka no. Na ɛnyɛ mo na mobɛkasa, na Honhom Kronkron no na ɔbɛkyerɛ mo deɛ monka.
११जब वे तुम्हें ले जाकर सौंपेंगे, तो पहले से चिन्ता न करना, कि हम क्या कहेंगे। पर जो कुछ तुम्हें उसी समय बताया जाए, वही कहना; क्योंकि बोलनेवाले तुम नहीं हो, परन्तु पवित्र आत्मा है।
12 “Onua bɛyi onua ama sɛ wɔakum no. Saa ara na agyanom nso bɛyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofoɔ ama wɔakum wɔn.
१२और भाई को भाई, और पिता को पुत्र मरने के लिये सौंपेंगे, और बच्चे माता-पिता के विरोध में उठकर उन्हें मरवा डालेंगे।
13 Me enti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso, deɛ ɔbɛtumi agyina pintinn akɔsi awieeɛ no, wɔbɛgye no nkwa.
१३और मेरे नाम के कारण सब लोग तुम से बैर करेंगे; पर जो अन्त तक धीरज धरे रहेगा, उसी का उद्धार होगा।
14 “Enti, sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman wɔ asɔredan mu hɔ a, ɔkenkanfoɔ, hwɛ yie! Wɔn a wɔwɔ Yudea no nnwane nkɔ mmepɔ no so.
१४“अतः जब तुम उसउजाड़नेवाली घृणित वस्तुको जहाँ उचित नहीं वहाँ खड़ी देखो, (पढ़नेवाला समझ ले) तब जो यहूदिया में हों, वे पहाड़ों पर भाग जाएँ।
15 Wɔn a wɔwɔ wɔn afie mu no nnwane a wɔnnsane nkɔ efie hɔ bio nkɔfa biribiara mmfiri hɔ.
१५जो छत पर हो, वह अपने घर से कुछ लेने को नीचे न उतरे और न भीतर जाए।
16 Wɔn a wɔwɔ mfuom no nso nnsane wɔn akyi mmɛfa sika anaa ntoma wɔ efie.
१६और जो खेत में हो, वह अपना कपड़ा लेने के लिये पीछे न लौटे।
17 Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔturu mma saa ɛberɛ no mu no nnue.
१७उन दिनों में जो गर्भवती और दूध पिलाती होंगी, उनके लिये हाय! हाय!
18 Na mommɔ mpaeɛ na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ modwane no anyɛ awɔberɛ.
१८और प्रार्थना किया करो कि यह जाड़े में न हो।
19 Na ahohia a ɛbɛba saa mmerɛ no mu no, ɛfiri ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ adeɛ no, ebi nsii da, na ebi nso rensi da.
१९क्योंकि वे दिन ऐसे क्लेश के होंगे, कि सृष्टि के आरम्भ से जो परमेश्वर ने रची है अब तक न तो हुए, और न कभी फिर होंगे।
20 “Gye sɛ Awurade twa saa amanehunu no so, anyɛ saa a, ɔkra baako koraa rentena ase. Nanso, ɛsiane wɔn a wɔayi wɔn no enti, ɔbɛtwa nna no so.
२०और यदि प्रभु उन दिनों को न घटाता, तो कोई प्राणी भी न बचता; परन्तु उन चुने हुओं के कारण जिनको उसने चुना है, उन दिनों को घटाया।
21 Na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no ni’ a, mommua.
२१उस समय यदि कोई तुम से कहे, ‘देखो, मसीह यहाँ है!’ या ‘देखो, वहाँ है!’ तो विश्वास न करना।
22 Atorɔ Kristo ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre wɔ mo mu, na wɔayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ, na sɛ ɛbɛtumi a, wɔadaadaa Onyankopɔn no ara ankasa mma.
२२क्योंकि झूठे मसीह और झूठे भविष्यद्वक्ता उठ खड़े होंगे, और चिन्ह और अद्भुत काम दिखाएँगे कि यदि हो सके तो चुने हुओं को भी भरमा दें।
23 Monhwɛ yie, ɛfiri sɛ, maka biribiara akyerɛ mo!
२३पर तुम सावधान रहो देखो, मैंने तुम्हें सब बातें पहले ही से कह दी हैं।
24 “Ahohia no akyi no, “‘owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn,
२४“उन दिनों में, उस क्लेश के बाद सूरज अंधेरा हो जाएगा, और चाँद प्रकाश न देगा;
25 na nsoromma bɛtete ahwe, na wɔbɛwoso tumi a ɛwɔ ewiem no.’
२५और आकाश से तारागण गिरने लगेंगे, और आकाश की शक्तियाँ हिलाई जाएँगी।
26 “Na nnipa nyinaa bɛhunu me, Agyenkwa no, sɛ mede tumi ne animuonyam nam omununkum mu reba.
२६“तब लोग मनुष्य के पुत्र को बड़ी सामर्थ्य और महिमा के साथ बादलों में आते देखेंगे।
27 Na mɛsoma mʼabɔfoɔ akɔ ewiase afanan nyinaa, firi ɔsoro ano akɔka asase ano, na wɔabɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano.
२७उस समय वह अपनेस्वर्गदूतों को भेजकर, पृथ्वी के इस छोर से आकाश के उस छोर तक चारों दिशाओं से अपने चुने हुए लोगों को इकट्ठा करेगा।
28 “Afei, monsua biribi mfiri borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ ɛyi mman foforɔ, sane yi ahahan foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ asusɔ abɛn.
२८“अंजीर के पेड़ से यह दृष्टान्त सीखो जब उसकी डाली कोमल हो जाती; और पत्ते निकलने लगते हैं; तो तुम जान लेते हो, कि ग्रीष्मकाल निकट है।
29 Sɛ mohunu sɛ saa nneɛma yi a maka ho asɛm akyerɛ mo yi nyinaa afiti aseɛ resisi a, mobɛhunu sɛ me ba a mɛsane aba no abɛn.
२९इसी रीति से जब तुम इन बातों को होते देखो, तो जान लो, कि वह निकट है वरन् द्वार ही पर है।
30 Nokorɛ me se mo sɛ, awontoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa.
३०मैं तुम से सच कहता हूँ, कि जब तक ये सब बातें न हो लेंगी, तब तक यह लोग जाते न रहेंगे।
31 Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.
३१आकाश और पृथ्वी टल जाएँगे, परन्तु मेरी बातें कभी न टलेंगी।
32 “Nanso ɛda anaa dɔn ko a awieeɛ no bɛba deɛ, obiara nnim. Ɔsoro abɔfoɔ ne mʼankasa mpo nnim. Agya no nko ara na ɔnim.
३२“उस दिन या उस समय के विषय में कोई नहीं जानता, न स्वर्ग के दूत और न पुत्र; परन्तु केवल पिता।
33 Esiane sɛ monnim berɛ ko a asɛm yi bɛsi enti, monsiesie mo ho. Monwɛn, ntwɛn me ba no.
३३देखो, जागते और प्रार्थना करते रहो; क्योंकि तुम नहीं जानते कि वह समय कब आएगा।
34 Me ba no te sɛ ɔbarima bi a ɔtuu ɛkwan kɔɔ ɔman foforɔ bi so. Ɔrebɛkɔ no, ɔkyerɛɛ adwuma a nʼapaafoɔ nyɛ. Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne wɛmfoɔ nso sɛ, ɔnwɛn hɔ yie nkɔsi sɛ ɔbɛba.
३४यह उस मनुष्य के समान दशा है, जो परदेश जाते समय अपना घर छोड़ जाए, और अपने दासों को अधिकार दे: और हर एक को उसका काम जता दे, और द्वारपाल को जागते रहने की आज्ञा दे।
35 “Enti, mo nso monwɛn, ɛfiri sɛ, monnim berɛ ko a efiewura no bɛba. Ɛbɛtumi aba sɛ ɔbɛba anwummerɛ, ɔdasuom, ahemadakye anaa awia.
३५इसलिए जागते रहो; क्योंकि तुम नहीं जानते कि घर का स्वामी कब आएगा, साँझ को या आधी रात को, या मुर्गे के बाँग देने के समय या भोर को।
36 Sɛ ofu mu ba a, ɛnsɛ sɛ ɔbɛto mo sɛ moadeda.
३६ऐसा न हो कि वह अचानक आकर तुम्हें सोते पाए।
37 Asɛm a mede agya mo ne nnipa nyinaa ni. ‘Monwɛn.’”
३७और जो मैं तुम से कहता हूँ, वही सबसे कहता हूँ: जागते रहो।”