< Marko 12 >

1 Yesu nam mmɛbuo so kyerɛɛ nnipa no sɛ: “Ɛda bi, okuafoɔ bi yɛɛ bobefuo, gyee ban faa ho, na ɔtuu amena bi a wɔkyi bobe mu nsuo wɔ mu, na ɔsii ɔwɛn aban wɔ mu. Afei, ɔde afuo no gyaa akuafoɔ bi, na ɔtuu ɛkwan.
And he began to speak to them by parables. A [certain] man planted a vineyard, and set a hedge about [it], and digged [a place for] the wine-vat, and built a tower, and let it out to husbandmen, and went into a far country.
2 Ɛduruu ɛberɛ a bobe no bereeɛ a ɛsɛ sɛ wɔte no, ɔsomaa ne ho onipa bi sɛ ɔnkɔgye ne kyɛfa mmrɛ no.
And at the season he sent to the husbandmen a servant, that he might receive from the husbandmen of the fruit of the vineyard.
3 Nanso, akuafoɔ no boroo no, ma ɔde ne nsapan sane kɔeɛ.
And they caught [him], and beat him and sent [him] away empty.
4 Okuafoɔ no sane somaa onipa foforɔ kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso, wɔboroo no, pirapiraa no sene deɛ ɔdi ɛkan no.
And again, he sent to them another servant: and at him they cast stones, and wounded [him] in the head, and sent [him] away shamefully handled.
5 Onipa a ɔsomaa no bio no deɛ, wɔkumm no. Afoforɔ a akyire no wɔkɔeɛ no nso, wɔhwee ebinom, na wɔkumm ebinom nso.
And again he sent another; and him they killed, and many others; beating some, and killing some.
6 “Nanso, na aka ɔbaako a ɔyɛ ne ba a ɔdɔ no. Ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn, susuu sɛ wɔbɛfɛre no de anidie ama no.
Having yet therefore one son, his well-beloved, he sent him also last to them, saying, They will reverence my son.
7 “Nanso, ɛberɛ a akuafoɔ no hunuu no sɛ ɔreba no, wɔkaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no na ɔreba no. Momma yɛnkum no, na agyapadeɛ no ayɛ yɛn dea!’
But those husbandmen said among themselves, This is the heir; come, let us kill him, and the inheritance will be ours.
8 Wɔkyeree no, kumm no, twee no firii bobe turom hɔ kɔtoo no twenee baabi.
And they took him, and killed [him], and cast [him] out of the vineyard.
9 “Mogye di sɛ, sɛ afu wura no ba a ɛdeɛn na ɔbɛyɛ akuafoɔ no? Ɔbɛba abɛkum wɔn, na ɔde afuo no ama nnipa foforɔ.
What therefore will the Lord of the vineyard do? he will come and destroy the husbandmen, and will give the vineyard to others.
10 Monnkanee yei wɔ Atwerɛsɛm no mu pɛn sɛ: “‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no, ɛno ara na abɛyɛ ɛdan no ntweaso tiboɔ;
And have ye not read this scripture; The stone which the builders rejected is become the head of the corner:
11 Awurade na wayɛ yei, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so?’”
This was the Lord's doing, and it is marvelous in our eyes?
12 Na ɛsiane saa bɛ a ɔbuiɛ no enti, Yudafoɔ mpanin no pɛɛ sɛ wɔkyere no, ɛfiri sɛ, wohunuu sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka no a ɛkyerɛ sɛ, wɔne saa akuafoɔ atirimuɔdenfoɔ no. Nanso na wɔsuro dɔm no. Yei ma wɔgyaee no, na wɔfirii hɔ kɔeɛ.
And they sought to lay hold on him, but feared the people; for they knew that he had spoken the parable against them: and they left him, and departed.
13 Wɔsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ bi baa Yesu nkyɛn sɛ wɔne no mmɛkasa, na wɔnam nʼanom asɛm so anya no akyere no.
And they sent to him certain of the Pharisees, and of the Herodians, to catch him in [his] words.
14 Wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ a, wotaa ka nokorɛ. Deɛ onipa ka no ntumi nnane wʼadwene. Afei, wokyerɛkyerɛ nnipa Onyankopɔn akwan. Yɛpɛ sɛ yɛbisa wo sɛ, ɛyɛ sɛ wɔyi toɔ ma Roma Hempɔn Kaesare anaa ɛnyɛ?”
And when they had come, they say to him, Master, we know that thou art true, and carest for no man: for thou regardest not the person of men, but teachest the way of God in truth: Is it lawful to give tribute to Cesar, or not?
15 Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no kaa sɛ, “Adɛn enti na mosɔ me hwɛ, momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me, na mɛma mo mmuaeɛ.”
Shall we give, or shall we not give? But he, knowing their hypocrisy, said to them, Why tempt ye me? bring me a penny, that I may see [it].
16 Wɔde maa no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Hwan mfoni ne atwerɛ na ɛwɔ so?” Wɔbuaa sɛ, “Kaesare deɛ.”
And they brought [it]: and he saith to them, Whose [is] this image and superscription? And they said to him, Cesar's.
17 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma no, na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn!” Ne mmuaeɛ no maa wɔn ho dwirii wɔn.
And Jesus answering, said to them, Render to Cesar the things that are Cesar's, and to God the things that are God's. And they wondered at him.
18 Afei, Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ no, baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ,
Then come to him the Sadducees, who say there is no resurrection; and they asked him, saying,
19 “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose yɛɛ mmara maa yɛn sɛ, sɛ ɔbarima bi anwo na ɔwu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabaa na ɔne no nwo mma mma owufoɔ no.
Master, Moses wrote to us, If a man's brother shall die, and leave [his] wife, and leave no children, that his brother should take his wife, and raise seed to his brother.
20 Anuanom baason bi tenaa ase. Deɛ ɔdi ɛkan no waree yere, na ɔne no anwo na ɔwuiɛ.
Now there were seven brothers: and the first took a wife, and dying left no seed.
21 Na deɛ ɔtɔ so mmienu no nso waree okunafoɔ no, na ɔno nso, ankyɛre na ɔwuiɛ a ɔne no anwo. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no nso waree no a, ɔne no anwo na ɔwuiɛ.
And the second took her, and died, neither left he any seed: and the third likewise.
22 Yei kɔɔ so kɔsii sɛ, anuanom yi nyinaa waree ɔbaa no, na ɔbaa no nso wuiɛ.
And the seven had her, and left no seed: last of all the woman died also.
23 Deɛ yɛpɛ sɛ yɛhunu ne sɛ, owusɔreɛ no mu, sɛ wɔnya sɔre a, wɔn mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere?”
In the resurrection therefore, when they shall rise, whose wife shall she be of them? for the seven had her for a wife.
24 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mfomsoɔ a moyɛ no firi nim a monnim Atwerɛsɛm no, ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ.
And Jesus answering, said to them, Do ye not therefore err, because ye know not the scriptures, neither the power of God?
25 Sɛ anuanom baason yi ne ɔbaa no sɔre firi awufoɔ mu a, wɔrenware; wɔbɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ ɔsoro no.
For when they shall rise from the dead, they neither marry, nor are given in marriage; but are as the angels who are in heaven.
26 Afei, ɛfa awufoɔ owusɔreɛ no ho no nso, monnkanee Mose nwoma no mu asɛm a ɛfa Mose ne wira a na ɛrehyeɛ no ho da? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Mene Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn.’
And concerning the dead that they rise; have ye not read in the book of Moses, how in the bush God spoke to him, saying, I [am] the God of Abraham, and the God of Isaac, and the God of Jacob?
27 Na Onyankopɔn reka akyerɛ Mose sɛ, ɛwom sɛ, saa nnipa yi awuwu mfeɛ pii a atwam no deɛ, nanso wɔte ase. Anyɛ saa a anka ɔrenka sɛ ɔyɛ ateasefoɔ Onyankopɔn, na ɔnyɛ awufoɔ Onyankopɔn. Moayɛ mfomsoɔ kɛseɛ.”
He is not the God of the dead, but the God of the living: ye therefore do greatly err.
28 Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu baako a ɔgyina hɔ retie no no hunuu sɛ, wabua wɔn sɛdeɛ ɛfata no, ɔbisaa no sɛ, “Mose mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he na ɛkyɛn ne nyinaa?”
And one of the scribes came, and having heard them reasoning together, and perceiving that he had answered them well, asked him, Which is the first commandment of all?
29 Yesu buaa no sɛ, “Deɛ ɛkyɛn ne nyinaa ne deɛ ɛka sɛ, ‘Israel, tie! Awurade, yɛn Onyankopɔn, yɛ Awurade korɔ;
And Jesus answered him, The first of all the commandments [is], Hear, O Israel; The Lord our God is one Lord.
30 na dɔ Awurade wo Onyankopɔn firi wʼakoma ne wo kra ne wʼadwene ne wʼahoɔden nyinaa mu,’ no.
And thou shalt love the Lord thy God with all thy heart, and with all thy soul, and with all thy mind, and with all thy strength: this [is] the first commandment.
31 Na deɛ ɛtɔ so mmienu no ne: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Mmaransɛm bi nni hɔ a ɛkyɛn eyinom.”
And the second [is] like, [namely] this, Thou shalt love thy neighbor as thyself: there is no other commandment greater than these.
32 Atwerɛsɛm no ɔkyerɛkyerɛfoɔ no buaa no sɛ, “Owura, woaka nokorɛ sɛ, Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ, na obi foforɔ nka ne ho,
And the scribe said to him, Well, Master, thou hast said the truth: for there is one God; and there is no other but he.
33 na menim nso sɛ, sɛ mɛdɔ no afiri mʼakoma ne mʼadwene ne mʼahoɔden nyinaa mu, na mɛdɔ me yɔnko sɛ me ho no, sene afɔdeɛ biara a wɔbɔ.”
And to love him with all the heart, and with all the understanding, and with all the soul, and with all the strength, and to love [his] neighbor as himself, is more than all whole burnt-offerings and sacrifices.
34 Yesu hunuu sɛ wabua asɛm no nyansa mu no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne Onyankopɔn Ahennie ntam ɛkwan nware.” Na saa asɛm yi akyi, obi antumi ammisa no asɛm biara bio.
And when Jesus saw that he answered discreetly, he said to him, Thou art not far from the kingdom of God. And no man after that durst ask him any question.
35 Ɛberɛ bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔbisaa nnipa no sɛ, “Adɛn na Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no yɛ Ɔhene Dawid ba?
And Jesus answered and said, while he taught in the temple, How say the scribes that Christ is the son of David?
36 Ɛfiri sɛ Dawid ankasa nam Honhom Kronkron mu kaa sɛ, “‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ: “Tena me nifa so kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.”’
For David himself said by the Holy Spirit, The LORD said to my Lord, Sit thou on my right hand, till I make thy enemies thy footstool.
37 Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?” Ɛkwan a ɔfaa so kasaeɛ no maa nnipa no de anigyeɛ tiee no.
David therefore himself calleth him Lord, and whence is he [then] his son? and the common people heard him gladly.
38 Ɛberɛ bi a nnipakuo bi de anigyeɛ retie Yesu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho yie wɔ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ho! Wɔhyɛ ntadeɛ akɛseɛ sɛ asikafoɔ na sɛ wɔnam badwa mu a, wɔpɛ sɛ obiara a ɔhyia wɔn no de obuo kyea wɔn.
And he said to them in his doctrine, Beware of the scribes, who love to go in long clothing, and [love] salutations in the market-places,
39 Sɛ wɔkɔ hyiadan mu a, wɔtenatena mpanin adwa so, na sɛ wɔkɔ adidie ase a, wɔtena mpanin tenabea.
And the chief seats in the synagogues, and the uppermost rooms at feasts:
40 Wɔbɔ mpaeɛ hunu atentene kyerɛ nnipa sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wɔsisi akunafoɔ. Yei enti wɔbɛnya asotwe a emu yɛ duru.”
Who devour widows' houses, and for a pretense make long prayers: these shall receive greater damnation.
41 Ɛda bi a Yesu kɔɔ asɔredan mu no, ɔkɔtenaa afɔrebɔ adaka a ɛsi hɔ no anim hwɛɛ sɛdeɛ nkurɔfoɔ no de sika regu adaka no mu. Asikafoɔ no de sika a ɛdɔɔso guu mu.
And Jesus sat over against the treasury, and beheld how the people cast money into the treasury: and many that were rich cast in much.
42 Ɔbaa kunafoɔ hiani bi nso baeɛ na ɔde sika nketewa mmienu bɛguu mu.
And there came a certain poor widow, and she threw in two mites, which make a farthing.
43 Ɔfrɛɛ nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Saa ɔbaa kunafoɔ hiani yi afɔdeɛ a ɔbɔeɛ no som bo sene afɔdeɛ akɛseakɛseɛ a asikafoɔ no bɛbɔeɛ no nyinaa.
And he called his disciples, and saith to them, Verily I say to you, that this poor widow hath cast in more, than all they who have cast into the treasury.
44 Na wɔn nyinaa firi deɛ wɔanya ama abu wɔn so no mu na wɔyiyii bi de baeɛ, na ɔbaa yi deɛ, ɔfiri ne hia mu de deɛ ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu no.”
For all [they] cast in of their abundance: but she of her want cast in all that she had, [even] all her living.

< Marko 12 >