< Marko 10 >
1 Afei, Yesu firii Galilea twa baa Yudea fam no hɔ wɔ Asubɔnten Yordan agya. Nnipakuo baa ne nkyɛn, na sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.
Afei Yesu fii Galilea twa baa Yudea fam nohɔ wɔ Asubɔnten Yordan agya. Nnipakuw baa ne nkyɛn, na sɛnea ɔtaa yɛ no ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.
2 Farisifoɔ bi baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Wopene awaregyaeɛ so anaa?” Wɔbisaa no yei de sɔɔ no hwɛɛ.
Farisifo bi baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Wopene awaregyae so ana?” Wobisaa no eyi de sɔɔ no hwɛe.
3 Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na Mose ka faa awaregyaeɛ ho?”
Yesu nso bisaa wɔn se, “Dɛn na Mose ka faa awaregyae ho?”
4 Wɔbuaa sɛ, “Mose kaa sɛ ɛyɛ sɛ wɔgyae awadeɛ. Nʼasɛm a ɔkaeɛ ne sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔgyaa ne yere awadeɛ a, ɔntwerɛ awaregyaeɛ krataa mfa mma ne yere no.”
Wobuae se, “Mose kaa se eye sɛ wogyae aware. Nʼasɛm a ɔkae ne sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ogyaa ne yere aware a ɔnkyerɛw awaregyae krataa mfa mma ne yere no.”
5 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na ɔkaa saa? Merebɛkyerɛ mo deɛ enti a ɔkaa saa. Esiane mo akoma a apirim no enti na ɔkaa saa kyerɛɛ mo.
Yesu bisaa wɔn se, “Adɛn nti na ɔkaa saa? Merebɛkyerɛ mo nea enti a ɔkaa saa. Esiane mo koma a apirim no nti na ɔkaa saa kyerɛɛ mo.
6 Ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ na Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa.
Nanso eyi mfi Onyankopɔn. Efi adebɔ mfiase na Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea kaa wɔn bɔɔ mu.
7 Yei enti na ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame,
Eyi nti na ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na,
8 na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ honam korɔ.
na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro.
9 Na deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ sɛ onipa tete mu.”
Na nea Onyankopɔn aka abɔ mu no, ɛnsɛ sɛ onipa tetew mu.”
10 Akyire no a ɔne nʼasuafoɔ no wɔ efie no, asuafoɔ no bisaa no saa asɛm korɔ no ara bio.
Akyiri a na ɔne nʼasuafo no wɔ fie no, asuafo no bisaa no saa asɛm koro no ara bio.
11 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Sɛ obi gyaa ne yere awadeɛ na ɔsane ware obi foforɔ a, na wabɔ adwaman.
Obuaa wɔn se, “Sɛ obi gyaa ne yere aware na ɔsan ware obi foforo a na wabɔ aguaman.
12 Na sɛ ɔyere gyaa ne kunu awadeɛ, na ɔsane ware a, ɔno nso abɔ adwaman saa ara.”
Na sɛ ɔyere gyaa ne kunu aware na ɔsan ware a, na ɔno nso abɔ aguaman saa ara.”
13 Ɛda bi, awofoɔ bi de mmɔfra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔnhyira wɔn, nanso nʼasuafoɔ no pampam wɔn a wɔde mmɔfra no baeɛ no, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnha no.
Na awofo bi de mmofra nkumaa brɛɛ Yesu se onhyira wɔn, nanso nʼasuafo no pampam wɔn a wɔde mmofra no bae no, ka kyerɛɛ wɔn se, wɔnnhaw no.
14 Yesu hunuu deɛ nʼasuafoɔ no ayɛ no, anyɛ no dɛ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma mmɔfra no ɛkwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Onyankopɔn Ahennie no yɛ wɔn dea.
Yesu huu nea nʼasuafo no ayɛ no, anyɛ no dɛ na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni no yɛ wɔn dea.
15 Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahennie no sɛ abɔfra no, ɔrentumi nhyɛne mu.”
Mereka akyerɛ mo se, obiara a ɔrennye Onyankopɔn ahenni no sɛ abofra no, ɔrentumi nhyɛn mu.”
16 Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn.
Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.
17 Na ɔsiim sɛ ɔrekɔ baabi foforɔ no, ɔbarima bi tutuu mmirika baa ne nkyɛn bɛbuu no nkotodwe, bisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa, Ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?” (aiōnios )
Na osii mu sɛ ɔrekɔ baabi foforo no, ɔbarima bi tutuu mmirika baa ne nkyɛn bebuu no nkotodwe bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?” (aiōnios )
18 Yesu bisaa no sɛ, “Adɛn na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ onipa papa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn.
Yesu bisaa no se “Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn.
19 Ɛfa wʼasɛmmisa no ho nso, wonim mmaransɛm no: Nni awu, mmɔ adwaman, mmɔ korɔno, nni atorɔ, nsisi, di wʼagya ne wo maame ni.”
Ɛfa wʼasɛmmisa no ho nso, wunim mmaransɛm no: ‘Mmɔ aguaman! Nni awu! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di wʼagya ne wo na ni!’”
20 Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yeinom nyinaa mefiri me mmɔfraase na medii so.”
Aberante no ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, eyinom nyinaa mifi me mmofraase na midii so.”
21 Yesu hwɛɛ aberanteɛ yi dinn, nyaa ɔdɔ bi maa no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Aka wo adeɛ baako. Kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika no ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ ɔsoro, na bra bɛdi mʼakyi.”
Yesu hwɛɛ aberante yi dinn, nyaa ɔdɔ bi maa no. Ɔka kyerɛɛ no se, “Aka wo ade baako. Kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika no ma ahiafo, na wubenya agyapade wɔ ɔsoro, na bra bedi mʼakyi.”
22 Aberanteɛ no tee saa asɛm yi no, nʼanim sesaeɛ, na ɔde awerɛhoɔ kɔeɛ, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree.
Aberante no tee saa asɛm no nʼanim sesae, na ɔde awerɛhow kɔe, efisɛ na ɔwɔ ahonyade bebree.
23 Ɔrekɔ no, Yesu hwɛɛ no na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu!”
Ɔrekɔ no, Yesu hwɛɛ no na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɛyɛ den ma ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu!”
24 Asɛm a Yesu kaeɛ no maa asuafoɔ no ho dwirii wɔn. Yesu sane kaa bio sɛ, “Me mma, sɛ moahunu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyadeɛ sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu?
Asɛm a Yesu kaa no maa asuafo no ho dwiriw wɔn. Yesu san kaa bio se, “Me mma, sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyade sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu?
25 Na ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu.”
Na ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bɛfa pane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.”
26 Asuafoɔ no ho dwiri wɔn mmorosoɔ na wɔbisaa no sɛ, “Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛgye no nkwa?”
Asuafo no ho dwiriw wɔn mmoroso na wobisaa no se, “Ɛno de, na hena na wobegye no nkwa?”
27 Yesu hwɛɛ wɔn dinn kaa sɛ, “Onipa fam deɛ, yei rentumi mma mu, na Onyankopɔn fam deɛ, biribiara bɛtumi aba mu.”
Yesu hwɛɛ wɔn dinn kae se, “Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.”
28 Afei, Petro hyɛɛ aseɛ kenkanee nneɛma a ɔne asuafoɔ no agya abɛdi Yesu akyi. Ɔkaa sɛ, “Yɛagya biribiara abɛdi wʼakyi.”
Afei Petro fii ase kenkan nneɛma a ɔne asuafo no agyaw abedi Yesu akyi. Ɔkae se, “Yagyaw biribiara abedi wʼakyi.”
29 Yesu nso buaa no sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, obi nni hɔ a, me enti wagya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maame, agya ne mma anaasɛ agyapadeɛ a ɔbɛkɔ akɔka Asɛmpa no,
Yesu nso buaa no se, “Merema mo ate ase sɛ, obi nni hɔ a me nti wagyaw ofi, nuabarimanom, nuabeanom, ɛna, agya ne mma anaasɛ agyapade a ɔbɛkɔ akɔka Asɛmpa no,
30 na ɔrennya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maamenom, mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa nso ka ho! Yeinom nyinaa bɛyɛ ne dea wɔ asase yi so, na ewiase a ɛreba no mu deɛ, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōn , aiōnios )
na ɔrennya ofi, nuabarimanom, nuabeanom, ɛnanom, mma ne nsase mmɔho ɔha, na ɔrennya ɔtaa nso nka ho! Eyinom nyinaa bɛyɛ ne dea wɔ asase yi so, na wiase a ɛreba no mu de, obenya nkwa a enni awiei. (aiōn , aiōnios )
31 Na adikanfoɔ pii bɛdi akyire, na akyikafoɔ abɛdi ɛkan.”
Na adikanfo pii bedi akyi, na akyikafo abedi kan.”
32 Afei, wɔsiim sɛ wɔrekɔ Yerusalem a na Yesu di wɔn ɛkan; na ɛberɛ a asuafoɔ no di nʼakyi no, ehu ne suro kaa wɔn. Yesu twee wɔn gyinaa nkyɛn, na ɔsane kaa nneɛma a, sɛ wɔduru Yerusalem a, ɛbɛba ne so no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
Afei wosii mu sɛ wɔrekɔ Yerusalem a na Yesu di wɔn kan; na bere a asuafo no di nʼakyi no, ehu ne osuro kaa wɔn. Yesu twee wɔn gyinaa nkyɛn, na ɔsan kaa nneɛma a sɛ wodu Yerusalem a ɛbɛba ne so no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
33 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ yɛduru hɔ a, wɔbɛyi me, Onipa Ba no ama asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ, na wɔabu me kumfɔ, na wɔde me ahyɛ Roma aban nsa, na wɔakum me.
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ yedu hɔ a wobeyi me, Onipa Ba no ama asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo, na wɔabu me kumfɔ, na wɔde me ahyɛ Roma aban nsa, na wɔakum me.
34 Wɔbɛdi me ho fɛw, na wɔatete ntasuo agu me so, na wɔde mpire atwa me mmaa, na wɔakum me, na nnansa so no, masɔre bio.”
Wobedi me ho fɛw, na wɔatete ntasu agu me so, na wɔde mpire atwa me mmaa, na wɔakum me, na nnansa so no, masɔre bio.”
35 Afei, Sebedeo mma Yakobo ne Yohane baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ woyɛ yɛn adɔeɛ bi.”
Afei Sebedeo mma Yakobo ne Yohane baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ woyɛ yɛn adɔe bi.”
36 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?”
Yesu bisaa wɔn se, “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?”
37 Wobuaa sɛ, “Ma yɛn mu baako ntena wo nifa so, na ɔbaako nso ntena wo benkum so wɔ wʼahennie mu hɔ!”
Wobuae se, “Ma yɛn mu baako ntena wo nifa so, na ɔbaako nso ntena wo benkum so wɔ wʼahenni mu hɔ!”
38 Nanso, Yesu maa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Monnim deɛ mobisa no! Mobɛtumi anom awerɛhoɔ kuruwa nwononwono a ɛsɛ sɛ menom ano no anaa? Anaasɛ, mobɛtumi ama wɔde amanehunu asubɔ no abɔ mo asu?”
Yesu maa wɔn mmuae se, “Munnim nea mubisa no! Mubetumi anom awerɛhow kuruwa nwenweenwen a ɛsɛ sɛ menom ano no ana? Anaasɛ mubetumi ama wɔde amanehunu asubɔ no abɔ mo asu?”
39 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛbɛtumi!” Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mobɛtumi anom me kuruwa ano, na wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo;
Wɔka kyerɛɛ no se, “Yebetumi!” Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mubetumi anom me kuruwa ano, na wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo;
40 nanso menni tumi sɛ meyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so no. Onyankopɔn nko ara na ɔde saa afa no bɛma wɔn a wɔasiesie hɔ ama wɔn no.”
nanso minni tumi sɛ miyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so no. Onyankopɔn nko ara na ɔde saa afa no bɛma wɔn a wɔasiesie hɔ ama wɔn no.”
41 Asuafoɔ a aka no tee deɛ Yakobo ne Yohane kɔbisaeɛ no, anyɛ wɔn dɛ.
Asuafo a wɔaka no tee nea Yakobo ne Yohane kobisaa no, anyɛ wɔn dɛ.
42 Enti, Yesu frɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monim sɛ ahene ne atumfoɔ a wɔwɔ ewiase no di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so,
Enti Yesu frɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn se, “Munim sɛ ahene ne atumfo a wɔwɔ wiase no di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so,
43 nanso mo deɛ, ɛnte saa wɔ mo ho. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo ɔsomfoɔ.
nanso mo de, ɛnte saa wɔ mo ho. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo somfo.
44 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ne nuanom so panin no ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔn nyinaa akoa.
Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ne nuanom so panyin no ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔn nyinaa akoa.
45 Me a meyɛ Onipa Ba no, mamma sɛ wɔnsom me na mmom, mebaeɛ sɛ merebɛboa afoforɔ, na mede me kra ayɛ mpata ama nnipa pii.”
Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne kra too hɔ sɛ mpata maa nnipa nyinaa.”
46 Yesu ne nʼasuafoɔ no bɛduruu Yeriko. Wɔrefi kuro no mu no, nnipakuo tu dii wɔn akyi. Saa ɛberɛ a Yesu retwa mu no, na onifirani Bartimeo a ne din nkyerɛaseɛ ne “Timoteo ba” no te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ.
Yesu ne nʼasuafo no beduu Yeriko. Wɔrefi kurow no mu no, nnipakuw tu dii wɔn akyi. Saa bere a Yesu retwa mu no, na onifuraefo Bartimeo a ne din nkyerɛase ne “Timoteo ba” no te kwankyɛn resrɛsrɛ ade.
47 Ɛberɛ a Bartimeo tee sɛ Yesu Nasareni na ɔretwam no, ɔhyɛɛ aseɛ teateaam sɛ, “Dawid Ba Yesu, hunu me mmɔbɔ!”
Bere a Bartimeo tee sɛ Yesu Nasareni na ɔretwam no, ofii ase teɛteɛɛ mu se, “Dawid Ba Yesu, hu me mmɔbɔ!”
48 Nnipa no bi teateaa no sɛ, “Mua wʼano!” Nanso ɔkɔɔ so teateaam denden sɛ, “Dawid ba, hunu me mmɔbɔ!”
Nnipa no bi teɛteɛɛ no se, “Mua wʼano!” Nanso ɔkɔɔ so teɛteɛɛ mu dennen se, “Dawid ba, hu me mmɔbɔ!”
49 Ɛberɛ a Yesu tee ne nne no, ɔgyina kaa sɛ, “Momfrɛ no mma me.” Wɔfrɛɛ onifirani no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre na ɔrefrɛ wo!”
Bere a Yesu tee ne nne no, ogyina kae se, “Momfrɛ no mma me.” Wɔfrɛɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no se, “Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre na ɔrefrɛ wo!”
50 Bartimeo to ne ntoma guiɛ, sɔre baa Yesu nkyɛn.
Bartimeo tow ne ntama gui, sɔre baa Yesu nkyɛn.
51 Yesu bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo?” Onifirani no buaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mepɛ sɛ mehunu adeɛ!”
Yesu bisaa no se, “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” Onifuraefo no buae se, “Kyerɛkyerɛfo, mepɛ sɛ mihu ade!”
52 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ, na wo gyidie agye wo.” Na ntɛm ara onifirani no hunuu adeɛ, na ɔdii Yesu akyi.
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔ, na wo gyidi agye wo.” Na ntɛm ara onifuraefo no huu ade, na odii Yesu akyi.