< Malaki 3 >

1 Hwɛ! Mɛsoma me ɔbɔfoɔ a ɔbɛsiesie ɛkwan ama me. Na afei, mpofirim, Awurade a morehwehwɛ no no bɛba nʼasɔredan mu. Na apam no ho ɔbɔfoɔ a mopɛ no no bɛba, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
“Behold, I will send My messenger, who will prepare the way before Me. Then the Lord whom you seek will suddenly come to His temple—the Messenger of the covenant, in whom you delight—see, He is coming,” says the LORD of Hosts.
2 Na hwan na ɔbɛtumi agyina ne da a ɔbɛba no ano? Sɛ opue a, hwan na ɔbɛtumi agyina? Ɔbɛyɛ sɛ ogya dɛreɛ a wɔde nane dadeɛ anaa ntoma sifoɔ samina.
But who can endure the day of His coming? And who can stand when He appears? For He will be like a refiner’s fire, like a launderer’s soap.
3 Ɔbɛtena ase sɛ obi a ɔhoa dwetɛ ho. Ɔbɛte Lewifoɔ no ho na wɔayɛ sɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ. Afei Awurade bɛnya mmarimma a wɔde ayɛyɛdeɛ bɛba wɔ kronkronyɛ mu,
And He will sit as a refiner and purifier of silver; He will purify the sons of Levi and refine them like gold and silver. Then they will present offerings to the LORD in righteousness.
4 na afɔrebɔdeɛ a ɛfiri Yuda ne Yerusalem bɛyɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ mfeɛ a atwam no.
Then the offerings of Judah and Jerusalem will please the LORD, as in days of old and years gone by.
5 “Enti mɛtwe abɛn mo, abɛbu atɛn. Mɛyɛ ntɛm adi adanseɛ atia ntafowayifoɔ, awaresɛefoɔ ne atorofoɔ, wɔn a wɔsisi adwumayɛfoɔ wɔ wɔn akatua ho, wɔn a wɔhyɛ akunafoɔ ne nwisiaa so na wɔbu ntɛnkyea tia ahɔhoɔ na wɔnnsuro me,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
“Then I will draw near to you for judgment. And I will be a swift witness against sorcerers and adulterers and perjurers, against oppressors of the widowed and fatherless, and against those who defraud laborers of their wages and deny justice to the foreigner but do not fear Me,” says the LORD of Hosts.
6 “Meyɛ Awurade a mennsakyera. Ɛno enti na mo Yakob asefoɔ, wɔnsɛee mo no.
“Because I, the LORD, do not change, you descendants of Jacob have not been destroyed.
7 Ɛfiri mo nananom ɛberɛ so, moatwe mo ho afiri me mmara ho. Moanni so. Monsane mmra me nkyɛn, na me nso mɛba mo nkyɛn,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Nanso mobisa sɛ, ‘Ɛkwan bɛn so na yɛmfa nsane mmra?’
Yet from the days of your fathers, you have turned away from My statutes and have not kept them. Return to Me, and I will return to you,” says the LORD of Hosts. “But you ask, ‘How can we return?’
8 “Onipa bɛtumi abɔ Onyankopɔn korɔno anaa? Nanso, mobɔ me korɔno! Na mobɛbisa sɛ, ‘ɛkwan bɛn so na yɛfa bɔɔ wo korɔno?’ “Wɔ ntotosoɔ dudu ne afɔrebɔdeɛ mu.
Will a man rob God? Yet you are robbing Me! But you ask, ‘How do we rob You?’ In tithes and offerings.
9 Nnome aba mo so, ɔman mu no nyinaa, ɛfiri sɛ, morebɔ me korɔno.
You are cursed with a curse, yet you—the whole nation—are still robbing Me.
10 Momfa ntotosoɔ dudu no nyinaa mmra adekoradan no mu, na aduane mmra me fie. Monsɔ me nhwɛ saa ɛkwan yi so, na monhwɛ sɛ meremmue ɔsoro mpomma na merenhwie nhyira bebree ngu mo so a morennya baabi nkora ne nyinaa mpo.” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
Bring the full tithe into the storehouse, so that there may be food in My house. Test Me in this,” says the LORD of Hosts. “See if I will not open the windows of heaven and pour out for you blessing without measure.
11 “Meremma mmoa mmɛsɛe mo mfudeɛ na borɔdɔma aba rente ngu wɔ ɛberɛ a ɛmmereɛ,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
I will rebuke the devourer for you, so that it will not destroy the fruits of your land, and the vine in your field will not fail to produce fruit,” says the LORD of Hosts.
12 “Na aman no nyinaa bɛka sɛ wɔahyira mo, ɛfiri sɛ, mo asase so bɛyɛ anika,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
“Then all the nations will call you blessed, for you will be a land of delight,” says the LORD of Hosts.
13 “Moaka nsɛm a ɛmfata atia me, nanso mobisa sɛ, ‘Asɛm bɛn na yɛaka atia wo?’ Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
“Your words against Me have been harsh,” says the LORD. “Yet you ask, ‘What have we spoken against You?’
14 “Moaka sɛ, ‘Onyankopɔn som yɛ ɔbrɛguo, na yɛdii nʼahyɛdeɛ so na yɛkɔɔ Asafo Awurade anim te sɛ wɔn a wɔredi awerɛhoɔ no, mfasoɔ bɛn na yɛnyaeɛ?
You have said, ‘It is futile to serve God. What have we gained by keeping His requirements and walking mournfully before the LORD of Hosts?
15 Afei, wɔfrɛ ɔhantanni no deɛ wɔahyira no. Nokorɛm, nnebɔneyɛfoɔ di yie, na mpo wɔn a wɔne Onyankopɔn di asie no, wɔfa wɔn ho di.’”
So now we call the arrogant blessed. Not only do evildoers prosper, they even test God and escape.’”
16 Ɛnna wɔn a wɔsuro Awurade no ne wɔn ho wɔn ho kasaeɛ, na Awurade tieeɛ na ɔgyee wɔn so. Wɔn a wɔsuro Awurade na wɔdi ne din ni no, wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ nwoma mmobɔeɛ so wɔ nʼanim de yɛɛ nkaeɛ adeɛ.
At that time those who feared the LORD spoke with one another, and the LORD listened and heard them. So a scroll of remembrance was written before Him regarding those who feared the LORD and honored His name.
17 “Wɔbɛyɛ me dea,” sɛdeɛ, Asafo Awurade seɛ nie. Ɛda a mɛkeka me ho no, wɔbɛyɛ mʼahodeɛ a ɛsom bo. Mede wɔn ho bɛkyɛ wɔn, sɛdeɛ agya nya ayamhyehyeɛ de ɔba a ɔyɛ ɔsetie ho kyɛ no no.
“They will be Mine,” says the LORD of Hosts, “on the day when I prepare My treasured possession. And I will spare them as a man spares his own son who serves him.
18 Na mobɛhunu nsonsonoeɛ a ɛda ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ ntam, ne wɔn a wɔsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔnnsom Onyankopɔn no ntam.
So you will again distinguish between the righteous and the wicked, between those who serve God and those who do not.”

< Malaki 3 >