< Malaki 2 >

1 Afei mo asɔfoɔ, saa animka yi wɔ mo.
And now to you, O ye priests, is this commandment:
2 Sɛ moantie, sɛ moannyɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me animuonyam a, mede nnome bɛba mo so, na mɛdane mo nhyira ama ayɛ nnome. Aane, madome mo dada, ɛfiri sɛ monyɛɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me animuonyam, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
If ye will not hearken, If ye will not lay it to heart, To give glory to my name, saith Jehovah of hosts, I will send a curse upon you, And I will curse your blessings; Yea, I have cursed them already, Because ye do not lay it to heart.
3 Mo enti mɛka mo asefoɔ anim, na mede mo afahyɛ afɔrebɔ mmoa no agyanan bɛpete mo anim, na wɔasoa mo aka ho akɔ.
Behold, I will rebuke your seed, And I will scatter dung in your faces, The dung of your solemn feasts, And ye shall be carried to it.
4 Na mobɛhunu sɛ, masoma ma wɔde saa animka yi abrɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me ne Lewi apam no bɛkɔ so atena hɔ. Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
And ye shall know that I have sent to you this commandment, That my covenant may remain with Levi, Saith Jehovah of hosts.
5 Me ne no yɛɛ apam, nkwa ne asomdwoeɛ apam. Na apam no botaeɛ ne sɛ ɛbɛma Lewi nkwa ne asomdwoeɛ, enti memaa no nkwa ne asomdwoeɛ.
My covenant was with him for life and peace, Which I gave to him for the fear wherewith he feared me, And was afraid before my name.
6 Nokorɛ nkyerɛkyerɛ firii nʼanom, na wanka nkontomposɛm biara. Ɔne me nantee asomdwoeɛ ne nokorɛdie mu, na ɔmaa bebree danee wɔn ho firii bɔne ho.
The law of truth was in his mouth, And unrighteousness was not found in his lips; He walked with me in truth and equity, And turned many away from iniquity.
7 “Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ. Nnipa hwehwɛ nkyerɛkyerɛ firi ne nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔyɛ Asafo Awurade no somafoɔ.
For the lips of the priest should keep knowledge, And men should seek the law from his mouth; For he is the messenger of Jehovah of hosts.
8 Nanso moamane afiri ɛkwan no so, na mo nkyerɛkyerɛ ama bebree asuntisunti; moabu me ne Lewi apam no so.” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
But ye have departed from the way, Ye have caused many to stumble at the law, And ye have made void the covenant with Levi, Saith Jehovah of hosts.
9 “Enti, mama mo anim agu ase na mabrɛ mo ase wɔ nnipa anim, ɛfiri sɛ moannante mʼakwan so na mmom mode animhwɛ abu mmara so.”
Therefore will I also make you Despicable and base before all the people; According as ye have not kept my ways. But have had respect to persons in the law.
10 Yɛn nyinaa mfiri Agya baako anaa? Ɛnyɛ Onyankopɔn baako na ɔbɔɔ yɛn? Na, afei, adɛn enti na yɛnni yɛn ho yɛn ho nokorɛ, na yɛde bu yɛn agyanom apam no so?
Have we not all one Father? Hath not one God created us? Why should we deal treacherously one against another, And profane the covenant made with our fathers?
11 Yuda anni nokorɛ. Akyiwadeɛ bi asi wɔ Israel ne Yerusalem mu: Yuda agu hyiadan a Awurade dɔ no ho fi, ɛfiri sɛ waware ɔbaa a ɔsom ananafoɔ nyame.
Judah hath dealt treacherously, And an abomination is committed in Israel and in Jerusalem. For Judah hath profaned the holy people of Jehovah, which he loveth, And hath married the daughter of a strange god.
12 Ɔbarima a ɔyɛ yei deɛ, sɛdeɛ ɔteɛ biara, Awurade mpam no mfiri Yakob ntomadan mu, mpo sɛ ɔde afɔrebɔdeɛ rebrɛ Asafo Awurade no koraa a.
Jehovah will cut off the man that doeth this, Him that waketh and him that answereth, from the tents of Jacob, And him that bringeth an offering to Jehovah of hosts.
13 Adeɛ a moyɛ bio ne sɛ: mode nisuo fɔ Awurade afɔrebukyia no. Mote nisuo na motwa adwo ɛfiri sɛ ɔnhwɛ mo afɔrebɔdeɛ no bio, na ɔmmfa anigyeɛ nnye mfiri mo nkyɛn.
And this also ye do: Ye cover the altar of Jehovah with tears, With weeping and with groans, So that he no more hath regard to the offering, Nor receiveth it with good-will from your hand.
14 Mobisa sɛ, “Adɛn nti?” Ɛfiri sɛ Awurade te sɛ ɔdanseni a ɔda wo ne wo mmeranteberɛ mu yere ntam, a woanni no nokorɛ.
Yet ye say, “Wherefore?” It is because Jehovah has been a witness between thee and the wife of thy youth, Against whom thou hast dealt unfaithfully, Although she was thy companion and thy covenanted wife.
15 Ɛnyɛ Awurade korɔ no ara na ɔbɔɔ mo? Ɔhonam fam ne honhom fam no, moyɛ ne dea. Deɛn na Onyankopɔn hwehwɛ? Ɔrehwehwɛ mma a onyamesuro wɔ wɔn mu. Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di wo mmeranteberɛ mu yere nokorɛ.
But did not He make one only? And yet had he a residue of the spirit; And wherefore one? He sought a godly race. Therefore take heed to your spirit, And be not unfaithful to the wife of thy youth!
16 “Mekyiri awaregyaeɛ!” Sɛdeɛ Awurade Israel Onyankopɔn seɛ nie. “Na metane ɔbarima a ɔde abufuhyeɛ hyɛ ne yere so na ɔsane de ne ntoma kata ne so,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di nokorɛ.
For I hate him that putteth away, Saith Jehovah, the God of Israel, And him that covereth his garment with violence, Saith Jehovah of hosts. Therefore take heed to your spirit, and be not unfaithful.
17 Mode mo nsɛm tuatua Awurade aso. Mobisa sɛ, “Ɛkwan bɛn so na moatuatua nʼaso?” Moka sɛ, “Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa tene wɔ Awurade anim, na wɔsɔ nʼani,” anaa “Onyankopɔn ɔtemmufoɔ nokwafoɔ no wɔ he?”
Ye have wearied Jehovah with your words; Yet ye say, “Wherein have we wearied him?” In that ye say, “Every one of them that do evil Is good in the sight of Jehovah, And in them he hath delight”; Or, “Where is the God of judgment?”

< Malaki 2 >