< Malaki 1 >

1 Nkɔmhyɛ nsɛm a Awurade nam Odiyifoɔ Malaki so de maa Israel.
The prophecy of the word of Jehovah, concerning Israel, by Malachi.
2 “Madɔ mo,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Nanso, mobisa sɛ, ‘Wodɔɔ yɛn ɛkwan bɛn so?’” Na Awurade bua sɛ, “Esau nyɛ Yakob nua anaa? Nanso madɔ Yakob,
I have loved you, saith Jehovah. But ye say, “Wherein hast thou loved us?” Was not Esau Jacob's brother, saith Jehovah? Yet I loved Jacob,
3 na matane Esau, mayɛ nʼasase mmepɔ mmepɔ no bonini, na nʼagyapadeɛ nso madane no anweatam a nnompo te soɔ.”
And Esau I hated; And I made his mountains a desolation, And his inheritance to be habitations of the desert.
4 Ebia Edom bɛka sɛ, “Ɛwom sɛ wɔadwera yɛn deɛ, nanso yɛbɛsane asi mmubuiɛ no bio.” Nanso, yei ne deɛ Asafo Awurade nso seɛ: “Wɔbɛsi nanso mɛbubu no. Wɔbɛfrɛ wɔn, Amumuyɛ Asase, nnipa a Awurade abufuo bɛtena wɔn so daa.
Although Edom say, “We are ruined, Yet will we build again the desolate places.” Thus saith Jehovah of hosts: They may build, but I will throw down; And men shall call them “The impious land, The people against whom Jehovah hath indignation forever.”
5 Mode mo ankasa ani bɛhunu na moaka sɛ, ‘Awurade kɛseyɛ tra Israel ahyeɛ nyinaa so!’
And your eyes shall see it, and ye shall say, “Great is Jehovah beyond the borders of Israel!”
6 “Ɔbabarima de obuo ma nʼagya, na ɔsomfoɔ de anidie ma ne wura. Sɛ meyɛ Agya a, anidie a ɛsɛ sɛ wɔde ma me no wɔ he? Sɛ meyɛ Owura a, obuo a ɛfata me no wɔ he?” Yei na Asafo Awurade bisa. Mo asɔfoɔ, mo na mosɛe me din. “Na mobisa sɛ, ‘Ɛkwan bɛn na yɛ nam so sɛee wo din?’
A son honoreth his father, And a servant his master; If I, then, be a father, where is mine honor? And if I be a master, where is my fear? Saith Jehovah of hosts to you, ye priests that despise my name. Ye say, “Wherein do we despise thy name?”
7 “Mode aduane a ɛho agu fi bɛgu mʼafɔrebukyia so. “Afei mobisa sɛ ‘Ɛkwan bɛn so na yɛfa guu wo ho fi?’ “Sɛ mokaa sɛ, Awurade ɛpono ho yɛ aniwu enti.
Ye bring polluted food to mine altar. And ye say, “Wherein do we pollute thee?” In that ye say, “The table of Jehovah is contemptible.”
8 Sɛ mode mmoa a wɔn ani abɔ bɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ mmusuo? Sɛ mode mmoa a wɔyare anaa wɔyɛ mpakye bɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ mmusuo? Ɛyɛ a, momfa akyɛdeɛ a ɛte saa no nkɔma mo amrado, na monhwɛ sɛ, nʼani bɛsɔ na wagye wo ato mu anaa?” Deɛ Asafo Awurade seɛ nie.
For when ye bring the blind for sacrifice, [[ye say, ]] “It is not evil.” And when ye offer the lame and the sick, [[Ye say, ]] “It is not evil.” Offer it, then, to thy governor; Will he be pleased with thee, Or have regard to thee? Saith Jehovah of hosts.
9 “Afei mo nsrɛ Onyankopɔn, na ɔnhunu yɛn mmɔbɔ. Sɛ afɔrebɔdeɛ sei firi mo nkyɛn a, ɔbɛgye mo ato mu anaa?” Asafo Awurade na ɔrebisa.
And now, I pray you, beseech God to be gracious unto us! Since such things are done by you, Will he have regard to you, Saith Jehovah of hosts?
10 “Anka mepɛ sɛ mo mu baako kɔtoto asɔredan no apono mu, na obi ankɔsɔ ogya a ɛmfata wɔ mʼafɔrebukyia so! Mʼani nsɔ mo, na merennye afɔrebɔdeɛ biara a ɛfiri mo nkyɛn,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
O that some one of you would close the doors, That ye might not kindle the fire upon mine altar in vain! I have no pleasure in you, saith Jehovah of hosts, Neither will I accept an offering at your hand.
11 “Ɛfiri deɛ owia pue kɔsi deɛ owia kɔtɔ, me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu. Baabiara, wɔde afɔrebɔdeɛ a ɛho teɛ ne nnuhwam bɛbrɛ me, ɛfiri sɛ, me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
For from the rising of the sun even to the going down of the same My name shall be great among the nations. And in every place shall incense be offered to my name, And a pure offering; For my name shall be great among the nations, Saith Jehovah of hosts.
12 “Nanso mode kasa fi ka sɛ Awurade ɛpono ho nte. Na mobu ɛso aduane nso animtia.
But ye profane it, In that ye say, “The table of Jehovah is polluted, And what is offered thereon, even its food, is contemptible.”
13 Na moka sɛ adesoa bɛn nie, na moyi mo ani firi mʼasɛm so,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Sɛ mode mmoa a wɔapirapira, a wɔyɛ mpakye anaa wɔyareyare bɛbɔ afɔdeɛ ma me a, me nsɔ mu anaa?” Yei na Awurade bisa.
Ye say also, “Behold, what weariness!” And ye snuff at it, Saith Jehovah of hosts; And ye bring that which is plundered, and lame, and sick, And present it for an offering; Shall I accept it at your hand? Saith Jehovah.
14 “Nnome nka osisifoɔ a ɔwɔ odwennini a ɔfata wɔ ne nnwankuo mu, na ɔhyɛ bɔ sɛ ɔde no bɛma nanso ɔde deɛ wadi dɛm na ɛbɔ afɔdeɛ ma Awurade. Meyɛ ɔhempɔn, na ɛsɛ sɛ wɔsuro me din wɔ amanaman mu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
Cursed be the deceiver, Who hath in his flock a male, And yet voweth and sacrificeth to Jehovah that which is marred; For I am a great king, saith Jehovah of hosts; And my name is terrible among the nations.

< Malaki 1 >