< Luka 4 >

1 Afei, Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no firii Asubɔnten Yordan ho maa Honhom no de no kɔɔ Yudea ɛserɛ so.
Jezus pa, svetega Duha poln, vrne se od Jordana; in odpelje ga Duh v puščavo.
2 Ɛhɔ na ɔbonsam kɔsɔɔ no hwɛɛ adaduanan. Saa nna no mu no, wanni hwee. Na ɛkɔm dee no.
In štirideset dnî ga je izkušal hudič. In ničesar ni jedel v teh dnéh; in ko minejo, potem postane lačen.
3 Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa aboɔ yi nnane aduane.”
In reče mu hudič: Če si sin Božji, reci temu kamenu, naj postane kruh.
4 Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu.’”
In odgovorí mu Jezus, govoreč: Pisano je: "Ne bo živel človek o samem kruhu, nego o vsakej besedi Božjej."
5 Ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔ bi so kyerɛɛ no ewiase ahennie nyinaa ɛberɛ tiawa bi mu.
In popeljavši ga hudič na visoko goro, pokaže mu vsa kraljestva sveta v pičici časa.
6 Na ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ,
In reče mu hudič: Tebi bom dal vso to oblast in njih slavo; kajti meni je izročena, in dám jo, komurkoli jo hočem.
7 “Sɛ wobɛkoto, asom me a, mede ahennie ahodoɔ yi ne emu tumi ne animuonyam nyinaa a wɔde ahyɛ me nsa yi bɛma wo.”
Ti torej če se pokloniš pred menoj, tvoje bo vse.
8 Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Som Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’”
In odgovarjajoč, reče mu Jezus: Poberi se od mene, satan! Kajti pisano je: "Poklanjaj se Gospodu Bogu svojemu, in njemu edinemu služi."
9 Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kɔgyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, gyaa wo ho firi deɛ wogyina hɔ to fam!
In pelje ga v Jeruzalem, in postavi ga na vrh tempeljna, in reče mu: Če si sin Božji, vrzi se odtod dol:
10 Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfoɔ abɛbɔ wo ho ban;
Kajti pisano je: "Angeljem svojim bo zapovedal za te, naj te varujejo:
11 na wɔabɛsɔ wo na woammɛhwe abotan no so.’”
In vzeli te bodo na roko, da se kje z nogo svoje ne udariš o kamen."
12 Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Nsɔ Awurade, wo Onyankopɔn, nhwɛ.’”
In odgovarjajoč, reče mu Jezus: Povedano je: "Ne izkušaj Gospoda Boga svojega."
13 Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ɔgyaa no hɔ kɔeɛ ansa.
In končavši hudič vso izkušnjavo, odide od njega do časa.
14 Yesu sane baa Galilea a na Honhom Kronkron ahyɛ no ma. Ankyɛre koraa ne din trɛɛ ɔman no mu nyinaa.
In vrne se Jezus z močjó duhovno v Galilejo; in glas o njem izide po vsem okolnem kraji.
15 Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyiadan mu maa obiara kamfoo no.
In on je učil po njih shajališčih, in vsi so ga slavili.
16 Yesu baa Nasaret, kuro a ne mmɔfraase wɔtetee no wɔ mu no mu. Na sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim sɛ ɔrekɔkenkan Atwerɛsɛm.
In pride v Nazaret, kjer je odrastel; in vnide po navadi svojej, v sobotni dan, v shajališče, in vstane, da bere.
17 Wɔde Odiyifoɔ Yesaia nwoma hyɛɛ ne nsa na ɔbuee baabi a wɔatwerɛ sɛ,
In dadó mu bukve Izaija preroka; in ko razgane bukve, najde mesto, kjer je bilo pisano:
18 “Awurade Honhom wɔ me so, na wɔayi me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ. Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnommum mu sɛ, wɔbɛnya ahofadie, na anifirafoɔ ahunu adeɛ ama wɔn a wɔbu wɔn animtiaa nso anya animuonyam.
"Duh Gospodov je na meni: za to, ker me je pomazilil; da oznanim evangelj ubogim, poslal me je, da uzdravim potrte v srcu, da oznanim jetnikom, da se bodo izpustili, in slepcem, da bodo spregledali, da izpustim sužnje v svobodo,
19 Honhom no asoma me sɛ memmɛka sɛ, Awurade adom no aba.”
Da oznanim prijetno leto Gospodovo."
20 Ɔtoo nwoma no mu de maa ɔhwɛfoɔ no na ɔtenaa ase; na obiara a ɔwɔ hyiadan no mu hɔ no hwɛɛ no dinn.
In zgane bukve, in dá strežaju, in sede; in vsi v shajališči so gledali na-nj.
21 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnnɛ na Atwerɛsɛm no aba mu.”
In začne jim govoriti: Danes se je izpolnilo to pismo v ušesih vaših.
22 Na kasa pa ne adom nsɛm a ɔkaeɛ no yɛɛ wɔn a wɔteeɛ nyinaa nwanwa ma wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ Yosef ba no ni?”
In vsi so mu pričali, in čudili so se besedam milosti, ktere so izhajale iz ust njegovih, in govorili so: Ali ni ta Jožefov?
23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ mode bɛ yi bɛbu me sɛ, ‘Ɔyaresafoɔ, sa wo ho yadeɛ. Deɛ yɛate afa wo ho sɛ woyɛɛ wɔ Kapernaum no, yɛ bi wɔ wo kurom ha.’
In reče jim: Gotovo mi boste povedali to priliko: Zdravnik, uzdravi se sam! Karkoli smo slišali, da se je zgodilo v Kapernaumu, stóri tudi tu v domovini svojej.
24 “Nanso, mereka ama moate aseɛ sɛ, Odiyifoɔ biara nni animuonyam wɔ ne kurom.
Reče pa: Resnično vam pravim, da ni noben prerok prijeten v domovini svojej.
25 Nokorɛ mu, Elia ɛberɛ so no, na mmaa akunafoɔ bebree wɔ Israelman mu. Saa ɛberɛ no osuo antɔ mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia enti ɛmaa ɛkɔm kɛseɛ baa ɔman no nyinaa mu.
Ali v resnici vam pravim, da je bilo veliko vdov v dnéh Elija v Izraelu, ko se je nebo zaprlo tri leta in šest mesecev, tako, da je nastala velika lakota po vsej zemlji;
26 Nanso, Onyankopɔn ansoma Odiyifoɔ Elia ankɔ obiara nkyɛn sɛ ɔbaa kunafoɔ a na ɔwɔ Sarepta a ɛwɔ Sidon no nkyɛn.
In k nobenej od njih ni bil poslan Elija, razen v Sarepto Sidonsko k ženi vdovi.
27 Bio, saa ɛberɛ no na akwatafoɔ bebree wɔ Israelman mu, nanso Odiyifoɔ Elisa ansa obiara yadeɛ sɛ ɔsahene Naaman a ɔfiri Siriaman mu no nko ara.”
In veliko gobavcev je bilo za Eliseja preroka v Izraelu; in nobeden od njih se ni očistil, razen Naaman Sirijan.
28 Nnipa a wɔwɔ hyiadan no mu tee ne nsɛm a ɔkaeɛ no, wɔn bo fuu papaapa.
In vsi v shajališči se napolnijo jeze, ko to slišijo.
29 Wɔde abufuo piapiaa no firii kuro no mu de no kɔɔ bepɔ a wɔn kuro da so no ano sɛ wɔrekɔwɔ nʼatikɔ ama wakɔhwe bepɔ no ase.
In vstavši, izženó ga ven iz mesta, in odpeljejo ga na vrh gore, na kterej je bilo njih mesto sezidano, da bi ga dol pahnili.
30 Nanso, ɔfaa wɔn mu kɔɔ ne baabi.
Ali on prejde posredi njih, in odide.
31 Yesu kɔɔ Kapernaum a ɛwɔ Galilea. Ɔkyerɛkyerɛɛ nnipa no homeda biara.
In snide v Kapernaum mesto Galilejsko; in učil jih je ob sobotah.
32 Ɛha nso ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ nkurɔfoɔ no nwanwa ɛfiri sɛ, ɔkasaa wɔ tumi so.
In čudili so se nauku njegovemu, ker je bila beseda njegova silna.
33 Na ɔbarima bi wɔ hyiadan no mu hɔ a honhommɔne ahyɛ no ma. Ɔhunuu Yesu no, ɔteaam sɛ,
In v shajališči je bil človek, kteri je imel nečistega duha hudičevega, in zakričí z močnim glasom,
34 “Yesu Nasareni, mmɛha yɛn. Yɛne wo nni hwee yɛ. Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim onipa ko a woyɛ. Wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no.”
Govoreč: Pojenjaj, kaj imaš z nami, Jezus Nazarečan? Prišel si, da bi nas pogubil? Poznam te, kdo si – svetnik Božji.
35 Yesu hyɛɛ honhommɔne no sɛ, “Tu firi ne mu kɔ!” Honhommɔne no de ɔbarima no hwee fam na ɛtu firii ne mu kɔeɛ a hwee anyɛ no.
In zapretí mu Jezus, govoreč: Umolkni, in izidi iž njega! In trešči ga hudič na sredo, in izide iž njega, in nič ga ni oškodoval.
36 Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Asɛm bɛn ni. Onipa bɛn ni a ɔde tumi ne ahoɔden tea ahonhommɔne ma wɔtie yi?”
In obide jih groza vse, in pomenkovali so se med seboj, govoreč: Kakošna je ta beseda, da z oblastjo in močjó ukazuje nečistim duhovom, ter izhajajo?
37 Deɛ ɔyɛeɛ yi ho asɛm trɛɛ ɔman no mu nyinaa.
In razglasí se glas o njem po vsem okolnem kraji.
38 Yesu firii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon efie kɔtoo sɛ huraeɛnini abɔ Simon ase baa. Nnipa a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnsa no yadeɛ.
Vstavši pa iz shajališča, vnide v hišo Simonovo. Tašča pa Simonova imela je hudo mrzlico; in zaprosijo ga za njo.
39 Ɔkɔɔ deɛ ɔda hɔ kɔgyinaa ne nkyɛn, teaa yadeɛ no ma ɛgyaeɛ amonom hɔ ara ma ɔsɔre maa wɔn aduane diiɛ.
In stoječ nad njo, zapretí mrzlici, in pustí jo; in precej je vstala, ter jim je stregla.
40 Onwunu dwoeɛ no, wɔde ayarefoɔ pii baa sɛ, Yesu nsa wɔn yadeɛ. Ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yadeɛ.
Ko je pa solnce zahajalo, vsi, kteri so imeli bolnike z različnimi boleznimi, dovažali so jih k njemu; a on je na vsakega od njih pokladal roke, ter jih je uzdravljal.
41 Ahohommɔne firii nnipa no pii mu firiiɛ a na wɔreteateam sɛ, “Wone Onyankopɔn Ba no.” Nanso, Yesu kaa wɔn anim, hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano, ɛfiri sɛ, na ahonhommɔne no nim sɛ ɔno ne Kristo no.
Izhajali pa so tudi hudiči iz mnogih, kričeč in govoreč: Ti si Kristus sin Božji. In grozeč se, ni jim dal govoriti, ker so vedeli, da je on Kristus.
42 Adeɛ kyeeɛ no, Yesu tee ne ho kɔɔ ɛserɛ so baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Nkurɔfoɔ no kyini hwehwɛɛ no na wɔhunuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn wɔ Kapernaum hɔ.
Ko se pa zdaní, izide, in odide na samoten kraj; in ljudstvo ga je iskalo, in pridejo k njemu, in pridržavali so ga, da ne bi šel od njih.
43 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ meka Asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn Ahennie ho no mekyerɛ afoforɔ nso, ɛfiri sɛ, ɛno enti na wɔsomaa me.”
On jim pa reče: Tudi drugim mestom moram oznanjevati evangelj o kraljestvu Božjem! kajti za to sem poslan.
44 Yesu kyinkyinii Yudeaman no mu kɔɔ hyiadan ahodoɔ mu kɔkyerɛkyerɛeɛ.
In oznanjeval je po shajališčih Galilejskih.

< Luka 4 >