< Luka 3 >

1 Kaesare Tiberio dii adeɛ ne mfeɛ dunum so na Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane so wɔ ɛserɛ so.
In the fifteenth year of the reign of Tiberius Cæsar, when Pontius Pilate was governor of Judea, and Herod was tetrarch of Galilee, and his brother Philip was tetrarch of Iturea and of the region of Trachonitis, and Lysanias was tetrarch of Abilene,
2 Saa ɛberɛ no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinihene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansini so; na Lisania di Abilene mansinihene, ɛnna Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafoɔ asɔfoɔ mpanin.
Annas and Caiaphas being chief priests, the word of God came to John the son of Zachariah, in the wilderness.
3 Yohane kyinkyinii Asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnipa sɛ, wɔmma wɔmmɔ wɔn asu nsakra mfiri wɔn bɔne ho, na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn.
And he came into all the country about the Jordan, preaching the immersion of repentance in order to the remission of sins;
4 Sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa sɛ, “Nne bi reteam wɔ ɛserɛ so sɛ, ‘Monsiesie ɛkwan mma Awurade; momma nʼatempɔn ntene.
as it is written in the book of the words of Isaiah the prophet, saying: The voice of one crying in the wilderness, Make ready the way of the Lord, make his paths straight;
5 Bɔnhwa biara bɛyɛ ma. Bepɔ ne nkokoɔ nyinaa bɛkɔ fam; asase a ɛyɛ monkyi mmɔnka no bɛyɛ tamaa, na mmeaɛ a ɛyɛ kɔntɔnkye no ayɛ tata.
every ravine shall be filled, and every mountain and hill shall be made level; and the crooked ways shall be made straight; and the rough ways shall be made smooth;
6 Na nnipa nyinaa bɛhunu Onyankopɔn nkwagyeɛ.’”
and all flesh shall see the salvation of God.
7 Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ a wɔbaa hɔ sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ, “Awɔ mma! Hwan na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ monnwane mfiri abufuhyeɛ a ɛreba no ho?
Therefore he said to the multitudes that came out to be immersed by him: Generation of vipers, who has warned you to flee from the coming wrath?
8 Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakyera ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefoɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama saa aboɔ yi adane nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefoɔ.
Bring forth, therefore, fruits worthy of repentance. And begin not to say within yourselves, We have Abraham for our father; for I say to you, that God is able from these stones to raise up children for Abraham.
9 Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnso aba pa nhini ho sɛ ɔde bɛtwa na ɔde agu ogya mu, ahye no.”
And now also the ax is lying at the root of the trees; therefore, every tree that does not produce good fruit, is cut down and cast into the fire.
10 Nnipakuo no bisaa no sɛ, “Na ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛnyɛ?”
And the multitudes asked him, saying: What, then, shall we do?
11 Yohane buaa wɔn sɛ, “Sɛ wowɔ ntoma mmienu a, ma deɛ ɔnni bi no baako. Saa ara nso na sɛ wowɔ aduane a, ma deɛ ɔnni bi no bi.”
He answered and said to them: He that has two coats, let him give to him that has none; and he that has food, let him do likewise.
12 Togyefoɔ a wɔbaa hɔ sɛ wɔmmɔ wɔn asu no nso bisaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnyɛ ɛdeɛn?”
And the publicans also came to be immersed, and they said to him: Teacher, what shall we do?
13 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Monnnye mmoro deɛ wɔatwa ato hɔ sɛ monnye no.”
And he said to them: Exact no more than that which is appointed you.
14 Asraafoɔ bi nso bisaa sɛ, “Yɛn nso yɛnyɛ ɛdeɛn?” Yohane buaa wɔn sɛ, “Mommmɔ apoo, monntoto obiara ano, momma mo akatua nsɔ mo ani!”
And soldiers also asked him, saying: And what shall we do? And he said to them: Take nothing from any one by extortion, nor by false accusation, and be content with your pay.
15 Esiane sɛ saa ɛberɛ no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan enti, na wɔsusu sɛ Yohane ne Agyenkwa no.
While the people were in suspense, and all were reasoning in their hearts about John, whether he was the Christ or not,
16 Yei maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me deɛ mede nsuo na ɛrebɔ mo asu. Nanso, obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sene me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu.
John answered them all, saying: I indeed immerse you in water; but there comes One mightier than I, the strap of whose sandals I am not worthy to loose; he will immerse you in the Holy Spirit and in fire.
17 Ɔno na sɛ ɔba a, ɔbɛhuhu mo so sɛ ɛmo, ayiyi mu aba pa no afiri ntɛtɛ no mu na ɔde aba pa no akɔsie na ɔde ogya a ɛnnum da ahye ntɛtɛ no.”
His winnowing shovel is in his hand, and he will thoroughly cleanse his thrashing-floor, and gather the grain into his granary, but the chaff he will burn with unquenchable fire.
18 Ɔnam afotuo ahodoɔ so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.
With many other exhortations he proclaimed the good news to the people.
19 Yohane kaa Herode anim wɔ ne nua yere Herodia a ɔwaree no ne bɔne ahodoɔ a na ɔyɛ no ho.
But Herod the tetrarch having been reproved by him on account of Herodias, the wife of his brother Philip, and for all the wicked deeds which Herod did,
20 Yei maa Herode de Yohane too afiase.
added this also to them all, that he shut up John in prison.
21 Ɛberɛ a Yohane bɔɔ nkurɔfoɔ pii asu wieeɛ no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wieeɛ a ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueɛ.
And it came to pass, while all the people were being immersed, that Jesus also was immersed; and as he was praying, the heaven was opened,
22 Honhom Kronkron sianee honam mu te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Wone me Dɔ Ba a wosɔ mʼani.”
and the Holy Spirit descended upon him, in a bodily form, like a dove; and there came a voice from heaven, which said: Thou art my beloved Son; in thee I delight.
23 Yesu hyɛɛ nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfeɛ aduasa. Nkurɔfoɔ susuu sɛ, Yesu yɛ Yosef ba. Yosef agya ne Eli.
And Jesus was about thirty years old when he began his ministry, being, as was supposed, the son of Joseph, son of Heli,
24 Eli agya ne Mattat; Mattat agya ne Lewi; Lewi agya ne Melki; Melki agya ne Yanai; Yanai agya ne Yosef;
son of Matthat, son of Levi, son of Malchi, son of Janna, son of Joseph,
25 Yosef agya ne Matatia; Matatia agya ne Amos; Amos agya ne Nahum; Nahum agya ne Hesli; Hesli agya ne Nagai;
son of Mattathiah, son of Amos, son of Nahum, son of Esli, son of Naggæ,
26 Nagai agya ne Mahat; Mahat agya ne Matatia; Matatia agya ne Semein; Semein agya ne Yosek; Yosek agya ne Yoda;
son of Maath, son of Mattathiah, son of Shimoi, son of Joseph, son of Judah,
27 Yoda agya ne Yohanan; Yohanan agya ne Resa; Resa agya ne Serubabel; Serubabel agya ne Sealtiel; Sealtiel agya ne Neri;
son of Joannah, son of Rhesa, son of Zerubbabel, son of Shealtiel, son of Neri,
28 Neri agya ne Melki; Melki agya ne Adi; Adi agya ne Kosam; Kosam agya ne Elmadam; Elmadam agya ne Er;
son of Malchi, son of Addi, son of Kosam, son of Elmodam, son of Er,
29 Er agya ne Yosua; Yosua agya ne Elieser; Elieser agya ne Yorim; Yorim agya ne Matat; Matat agya ne Lewi;
son of Jose, son of Eliezer, son of Jorim, son of Matthat, son of Levi,
30 Lewi agya ne Simeon; Simeon agya ne Yuda; Yuda agya ne Yosef; Yosef agya ne Yonam; Yonam agya ne Eliakim;
son of Simeon, son of Judah, son of Joseph, son of Jonan, son of Eliakim,
31 Eliakim agya ne Melea; Melea agya ne Mena; Mena agya ne Matata; Matata agya ne Natan; Natan agya ne Dawid;
son of Meleah, son of Mainan, son of Mattatha, son of Nathan, son of David,
32 Dawid agya ne Yisai; Yisai agya ne Obed; Obed agya ne Boas; Boas agya ne Sala; Sala agya ne Nahson;
Son of Jesse, son of Obed, son of Boaz, son of Salmon, son of Nahshon,
33 Nahson agya ne Aminadab; Aminadab agya ne Admin; Admin agya ne Arni; Arni agya ne Hesron; Hesron agya ne Peres; Peres agya ne Yuda;
son of Aminidab, son of Aram, son of Esrom, son of Phares, son of Judah,
34 Yuda agya ne Yakob; Yakob agya ne Isak; Isak agya ne Abraham; Abraham agya ne Tera; Tera agya ne Nahor;
son of Jacob, son of Isaac, son of Abraham, son of Terah, son of Nahor,
35 Nahor agya ne Serug; Serug agya ne Reu; Reu agya ne Peleg; Peleg agya ne Eber; Eber agya ne Sala;
son of Serug, son of Reu, son of Peleg, son of Eber, son of Salah,
36 Sala agya ne Kainan; Kainan agya ne Arfaksad; Arfaksad agya ne Sem; Sem agya ne Noa; Noa agya ne Lamek;
son of Kenan, son of Arphaxad, son of Shem, son of Noah, son of Lamech,
37 Lamek agya ne Metusela; Metusela agya ne Henok; Henok agya ne Yared; Yared agya ne Mahalalel; Mahalalel agya ne Kenan;
son of Methusalah, son of Enoch, son of Jared, son of Mahalaleel, son of Kenan,
38 Kenan agya ne Enos; Enos agya ne Set; Set agya ne Adam; Adam agya ne Onyankopɔn.
son of Enos, son of Seth, son of Adam, son of God.

< Luka 3 >