< Luka 24 >
1 Kwasiada anɔpahema, mmaa no de nnuhwam ne ngo no kɔɔ ɔboda no so.
Kwasida anɔpahema na mmea no de nnuhuam ne ngo no kɔɔ ɔboda no so.
2 Wɔduruu hɔ no, wɔhunuu sɛ wɔapire ɛboɔ a wɔde hinii ɔboda no ano no afiri hɔ.
Woduu hɔ no wohuu sɛ wɔapirew ɔbo a wɔde hinii ɔboda no ano no afi hɔ.
3 Na wɔkɔɔ ɔboda no mu no, na Yesu amu no nna hɔ.
Na wɔkɔɔ ɔboda no mu no na Yesu amu no nna hɔ.
4 Wɔde ahodwirie gyina hɔ no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a ani hyerɛn bɛgyinagyinaa wɔn nkyɛn.
Wogyinagyina hɔ a wonhu nea wɔnyɛ no, mpofirim na mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a ani hyerɛn begyinagyinaa wɔn nkyɛn.
5 Mmaa yi akoma tuiɛ na wɔkotokotoo wɔn na mmarima no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na morehwehwɛ ɔteasefoɔ wɔ awufoɔ mu?
Mmea yi koma tui, na wɔkotokotow wɔn, na mmarima no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na morehwehwɛ ɔteasefo wɔ awufo mu?
6 Ɔnni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo ɛberɛ a na ɔwɔ Galilea no sɛ,
Onni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo bere a na ɔwɔ Galilea no se,
7 ‘Ɛtwa sɛ wɔde Kristo no hyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa na wɔbɔ no asɛnnua mu na ne nnansa so wasɔre bio no?’”
‘Etwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfo nsa na wɔbɔ no asennua mu na ne nnansa so wasɔre bio’ no?”
8 Mmaa no kaee asɛm no no,
Mmea no kaee asɛm no.
9 wɔde ahoɔherɛ firii ɔboda no so bɛkaa deɛ wɔhunuiɛ no nyinaa kyerɛɛ asuafoɔ dubaako no ne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa.
Na wɔde ahoɔhare fii ɔboda no so bɛkaa nea wohui no nyinaa kyerɛɛ asuafo dubaako no ne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa.
10 Mmaa a wɔkɔɔ ɔboda no so a wɔbɛkaa saa asɛm yi no ne Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo maame Maria ne afoforɔ bi.
Mmea a wɔkɔɔ ɔboda no so a wɔbɛkaa saa asɛm yi ne Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo na Maria ne afoforo bi.
11 Wɔn nsɛm a wɔbɛkaeɛ no yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm bi enti, wɔannye anni.
Wɔn nsɛm a wɔbɛkae no yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm bi nti wɔannye anni.
12 Ɛwom sɛ nnipa no annye asɛm no anni deɛ, nanso Petro deɛ, ɔtuu mmirika kɔɔ ɔboda no so, koto hwɛɛ mu, hunuu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu ho no gu hɔ. Ɔsane baa efie a na ɔnte deɛ ɔhunuiɛ no ase.
Ɛwɔ mu sɛ nnipa no annye asɛm no anni de, nanso Petro de, otuu mmirika kɔɔ ɔboda no so kɔkotow hwɛɛ mu, huu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu ho no gu hɔ. Ɔsan baa fie a na ɔnte nea ohuu no ase.
13 Ɛda no ara asuafoɔ no mu baanu siim sɛ wɔrekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a ɛfiri Yerusalem rekɔ hɔ no bɛyɛ sɛ akwansini nson.
Da no ara asuafo no mu baanu sii mu sɛ wɔrekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a efi Yerusalem rekɔ hɔ no bɛyɛ sɛ akwansin ason.
14 Wɔrekɔ no nyinaa na asɛm a asi no ho nkɔmmɔ ara na wɔredi.
Wɔrekɔ no nyinaa na asɛm a asi no ho nkɔmmɔ ara na wɔredi.
15 Wɔgu so redi nkɔmmɔ na wɔregye wɔn ho akyinnyeɛ no, Yesu bɛkaa wɔn ho ne wɔn bɔɔ anan kɔeɛ.
Wogu so redi nkɔmmɔ na wɔregye wɔn ho akyinnye no, Yesu bɛkaa wɔn ho ne wɔn bɔɔ anan kɔe.
16 Wɔhunuu sɛ obi ka wɔn ho deɛ, nanso wɔantumi anhunu sɛ ɛyɛ Yesu.
Wohuu sɛ obi ka wɔn ho de, nanso wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ Yesu.
17 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Nkɔmmɔ bɛn na moredi a mo werɛ aho mo ho yi?”
Obisaa wɔn se, “Nkɔmmɔ bɛn na moredi a mo werɛ ahow mo ho yi?”
18 Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa bisaa no sɛ, “Wo nko ara ne ɔhɔhoɔ a wowɔ Yerusalem a wontee nsɛm a asisi hɔ nnansa yi no?”
Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa bisaa no se, “Wo nko ara ne ɔhɔho a wowɔ Yerusalem a wontee nsɛm a asisi wɔ hɔ nnansa yi?”
19 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Nsɛm bɛn?” Wɔbuaa no sɛ, “Nsɛm a ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifoɔ a ɔwɔ tumi wɔ nneyɛeɛ ne ɔkasa mu wɔ Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim no ho,
Obisaa wɔn se, “Nsɛm bɛn?” Wobuaa no se, “Nsɛm a ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifo a ɔwɔ tumi wɔ nneyɛe ne ɔkasa mu wɔ Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim no ho,
20 ne sɛdeɛ asɔfoɔ mpanin ne yɛn mpanimfoɔ kyeree no de no kɔɔ aban mu sɛ wɔmmu no kumfɔ a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no ho.
ne sɛnea asɔfo mpanyin ne yɛn mpanyimfo kyeree no de no kɔɔ aban mu se wommu no kumfɔ a wɔbɔɔ no asennua mu no ho.
21 Yɛn deɛ, na yɛn ani da so sɛ ɔno na ɔrebɛgye Israel, na bio nnansa ni a saa asɛm yi siiɛ.
Yɛn de, na yɛn ani da so sɛ ɔno na ɔrebegye Israel, na nea ɛka ho ne sɛ nnansa ni a saa asɛm yi sii.
22 Na mmaa bi nso a wɔyɛ Yesu akyidifoɔ sɛ yɛn ara ama yɛn ho adwiri yɛn. Wɔkɔɔ ɔboda no so anɔpa yi ara,
Na mmea bi nso a wɔyɛ Yesu akyidifo sɛ yɛn ara ama yɛn ho adwiriw yɛn. Wɔkɔɔ ɔboda no so anɔpa yi ara,
23 nanso wɔanhunu nʼamu no. Wɔsane bɛka kyerɛɛ yɛn sɛ, wɔahunu ɔsoro abɔfoɔ ma wɔaka akyerɛ wɔn sɛ, Yesu te ase.
nanso wɔanhu nʼamu no. Wɔsan bɛka kyerɛɛ yɛn se, wɔahu ɔsoro abɔfo ma wɔaka akyerɛ wɔn se, Yesu te ase.
24 Yɛn mu binom tuu mmirika kɔhwɛeɛ na ampa ara, na Yesu amu no nni hɔ sɛdeɛ mmaa no kaeɛ no ara pɛ.”
Yɛn mu ebinom tuu mmirika kɔhwɛe, na ampa ara, na Yesu amu no nni hɔ sɛnea mmea no kae no ara pɛ.”
25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adwenemherɛfoɔ a monni gyidie; ɛyɛ mo den sɛ mobɛgye deɛ adiyifoɔ no aka no nyinaa adi.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Adwenharefo a munni gyidi; ɛyɛ mo den sɛ mubegye nea adiyifo no aka no nyinaa adi.
26 Wɔanhyɛ ho nkɔm sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo no bɛhunu amane ansa na wakɔ nʼanimuonyam mu anaa?”
Wɔanhyɛ ho nkɔm se, ɛsɛ sɛ Kristo no behu amane ansa na wakɔ nʼanuonyam mu ana?”
27 Na ɔfirii Mose ne adiyifoɔ no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho wɔ Atwerɛsɛm no mu no nyinaa ase.
Na ofii Mose ne adiyifo no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho wɔ Kyerɛwsɛm no mu no nyinaa ase.
28 Wɔduruu Emaus kurotia no, Yesu pɛɛ sɛ anka ɔtoa nʼakwantuo no so.
Woduu Emaus kurotia no, Yesu pɛɛ sɛ anka ɔtoa nʼakwantu no so.
29 Nanso, wɔsrɛɛ no, sanee no sɛ ɔnna wɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, na adeɛ reyɛ asa enti, ɔsane ne wɔn kɔɔ efie.
Nanso wɔsrɛɛ no, san no sɛ ɔnna wɔn nkyɛn, na na ade reyɛ asa nti, ɔsan ne wɔn kɔɔ fie.
30 Ɛberɛ a wɔte adidiiɛ no, Yesu bɔɔ mpaeɛ, daa Onyankopɔn ase, faa burodo bubuu mu de maa wɔn.
Bere a wɔte adidii no, Yesu bɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase, faa brodo bubuu mu de maa wɔn.
31 Amonom, wɔn ani so tetee wɔn maa afei wɔhunuu sɛ ɛyɛ Yesu. Ɛhɔ ara, ɔtu yeraeɛ.
Afei na wɔn ani so tetew wɔn ma wohuu sɛ ɛyɛ Yesu. Ɛhɔ ara na otu yerae.
32 Na afei, wɔsesee wɔn ho wɔn ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn ɛberɛ a na wɔnam ɛkwan so no si fa kaa wɔn akoma no.
Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “So Kyerɛwsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ yɛn wɔ bere a na yɛnam ɔkwan so no anka yɛn koma mpo?”
33 Ntɛm ara, wɔsane wɔn akyi baa Yerusalem bɛtoo asuafoɔ dubaako no ne wɔn a na wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyia.
Ntɛm ara na wɔsan wɔn akyi baa Yerusalem bɛtoo asuafo dubaako no ne wɔn a na wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyia.
34 Wɔduruu hɔ no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ sɛ, “Ampa ara, Awurade asɔre afiri awufoɔ mu. Wayi ne ho adi akyerɛ Simon.”
Woduu hɔ no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ se, “Ampa ara, Awurade asɔre afi awufo mu. Wayi ne ho adi akyerɛ Simon.”
35 Baanu a wɔfiri Emaus baeɛ no nso bɔɔ wɔn amaneɛ, sɛdeɛ Yesu bɛtoo wɔn Emaus ɛkwan so na wɔantumi anhunu sɛ ɛyɛ ɔno kɔsii ɛberɛ a ɔbubuu burodo mu de maa wɔn no ansa.
Baanu a wofi Emaus bae no nso bɔɔ wɔn amanneɛ sɛnea Yesu bɛtoo wɔn Emaus kwan so na wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ ɔno kosii bere a obubuu brodo mu de maa wɔn no ansa.
36 Wɔgu so rebɔ amaneɛ no, prɛko pɛ, Yesu bɛpuee hɔ, kyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo!”
Wogu so rebɔ amanneɛ no, prɛko pɛ na Yesu beduu hɔ, kyiaa wɔn se, “Asomdwoe nka mo!”
37 Wɔn nyinaa bobɔɔ birim, suroeɛ ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ wɔahunu ɔsaman.
Wɔn nyinaa bobɔɔ piriw, wosuroe, efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman.
38 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn na mo akoma atutu na monnye nni nso sɛ ɛyɛ me a?
Obisaa wɔn se, “Adɛn na mo koma atutu na munnye nni nso sɛ ɛyɛ me?
39 Monhwɛ me nsam ne me nan. Ɛyɛ me a! Momfa mo nsa nka me nhwɛ; ɛfiri sɛ, ɔsaman nni honam ne nnompe sɛdeɛ mohunu sɛ mewɔ bi yi.”
Monhwɛ me nsam ne me nan. Ɛyɛ me! Momfa mo nsa nka me nhwɛ; efisɛ ɔsaman nni honam ne nnompe sɛnea muhu sɛ mewɔ bi yi.”
40 Ɔkasa wieeɛ no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn.
Ɔkasa wiee no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn.
41 Anigyetrasoɔ ne ahodwirie enti, amma wɔannye anni sɛ ɛyɛ ɔno. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mowɔ biribi wɔ ha a mobɛdi anaa?”
Anigyetraso ne ahodwiriw nti amma wɔannye anni sɛ ɛyɛ ɔno. Obisaa wɔn se, “Mowɔ biribi wɔ ha a mubedi ana?”
42 Wɔmaa no apataa sini bi a wɔatoto
Wɔmaa no apataa sin bi a wɔatoto
43 ma ɔgye wee wɔ wɔn anim hɔ ara.
ma ogye wee wɔ wɔn anim hɔ ara.
44 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo ɛberɛ a na me ne mo wɔ hɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ biribiara a wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mose Mmara ne Adiyifoɔ nwoma ne Nnwom mu no ba mu.”
Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo bere a na me ne mo wɔ hɔ no se, ɛsɛ sɛ biribiara a wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mose Mmara ne Adiyifo nhoma ne Nnwom mu no ba mu.”
45 Afei, ɔbuee wɔn adwene mu ma wɔtee Atwerɛsɛm a ɛfa ne ho no ase.
Afei obuee wɔn adwene mu ma wɔtee Kyerɛwsɛm a ɛfa ne ho no ase.
46 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo no hunu amane na ɔwu na ne nnansa so, wasɔre afiri awufoɔ mu.
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wɔakyerɛw se, ɛsɛ sɛ Kristo no hu amane na owu na ne nnansa so, wasɔre afi awufo mu.
47 Na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem de ne din akɔka adwensakyera ne bɔnefakyɛ ho nsɛm akyerɛ amansan.
Na wobefi ase wɔ Yerusalem de ne din akɔka adwensakra ne bɔnefakyɛ ho nsɛm akyerɛ amansan.
48 Mone yeinom nyinaa ho adansefoɔ.
Mone eyinom nyinaa ho nnansefo.
49 Mɛsoma Honhom Kronkron no na waba mo so sɛdeɛ mʼAgya hyɛɛ ho bɔ no. Na monnkɔ baabiara; montena ha nkɔsi sɛ Honhom Kronkron no de tumi a ɛfiri ɔsoro no bɛba abɛhyɛ mo ma.”
Mɛsoma Honhom Kronkron no na waba mo so sɛnea mʼagya hyɛɛ ho bɔ no. Na monnkɔ baabiara; montena ha nkosi sɛ Honhom Kronkron no de tumi a efi ɔsoro no bɛba abɛhyɛ mo ma.”
50 Yesu ne asuafoɔ no bɔɔ anan kɔduruu Betania kurotia na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn.
Yesu ne asuafo no bɔɔ anan koduu Betania kurotia na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn.
51 Ɔgu so rehyira wɔn no, wɔmaa no so kɔɔ ɔsoro.
Ogu so rehyira wɔn no, wɔmaa no so kɔɔ ɔsoro.
52 Na wɔsɔree no de anigyeɛ sane kɔɔ Yerusalem.
Na wɔsɔree no, de anigye san kɔɔ Yerusalem.
53 Na daa wɔwɔ asɔredan no mu hɔ yi Onyankopɔn ayɛ.
Na daa wɔwɔ asɔredan no mu hɔ yi Onyankopɔn ayɛ.