< Luka 19 >

1 Ɛda bi a na Yesu retwam wɔ Yeriko no,
Da bi a na Yesu retwa mu wɔ Yeriko no,
2 ɔhunuu ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo yɛ ɔtogyeni panin sane yɛ osikani nso.
ohuu ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo yɛ ɔtowgyeni panyin san yɛ osikani nso.
3 Ɛberɛ a Yesu retwam no, Sakeo pɛɛ sɛ anka ɔhunu no, nanso ɛsiane sɛ na ɔyɛ onipa tiawa na wɔn a wɔdi Yesu akyi no dɔɔso enti, wanhunu no.
Bere a Yesu retwa mu no, Sakeo pɛɛ sɛ anka ohu no, nanso esiane sɛ na ɔyɛ onipa tiaa na wɔn a wodi Yesu akyi no dɔɔso nti, wanhu no.
4 Esiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na ɛsisi hɔ no ase enti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako.
Esiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na esisi hɔ no ase nti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako.
5 Ɛberɛ a Yesu duruu nnyedua no ase no, ɔmaa nʼani so hunuu no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakeo, yɛ ntɛm na si fam, na wo fie na ɛnnɛ mɛtena.”
Bere a Yesu duu nnyedua no ase no, ɔmaa nʼani so huu no ka kyerɛɛ no se, “Sakeo, yɛ ntɛm na si fam na wo fi na nnɛ mɛtena.”
6 Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigyeɛ gyee no fɛ so.
Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigye gyee no fɛw so.
7 Nnipa a wɔdi Yesu akyi no hunuu yei no, wɔnwiinwii kaa sɛ, “Ɔdebɔneyɛfoɔ yi na wakɔ akɔsoɛ no.”
Nnipa a wodi Yesu akyi no huu eyi no, wonwiinwii kae se, “Ɔdebɔneyɛni yi na wakɔ akɔsoɛ no.”
8 Ɛberɛ a nnipa no renwiinwii no, Sakeo bɛgyinaa Yesu nkyɛn kaa sɛ, “Awurade, ɛnnɛ, mede mʼahodeɛ mu fa kyɛ ahiafoɔ, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, mɛtua mmɔho nan ama no.”
Bere a nnipa no renwiinwii no, Sakeo begyinaa Yesu nkyɛn kae se, “Awurade, nnɛ, mede mʼahode mu fa kyɛ ahiafo, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, metua mmɔho anan ama no.”
9 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ na nkwagyeɛ aba efie yi mu, ɛfiri sɛ, yei nso yɛ Abraham ba.
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ oyi nso yɛ Abraham ba.
10 Na Onipa Ba no baeɛ sɛ ɔrebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na wagye wɔn nkwa.”
Na mebae sɛ merebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na magye wɔn nkwa.”
11 Ɛberɛ a Yesu ne nnipa no rebɛn Yerusalem no, ɔsane buu wɔn bɛ foforɔ de kyerɛɛ wɔn sɛ, Onyankopɔn Ahennie no abɛn.
Bere a Yesu ne nnipa no rebɛn Yerusalem no, ɔsan buu wɔn bɛ foforo de kyerɛɛ wɔn se, Onyankopɔn ahenni no abɛn.
12 Ɔkaa sɛ, “Ɔdehyeɛ bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so sane kɔɔ ne kurom kɔhunuu nʼabusua mu mpanimfoɔ sɛ wɔnsi no ɔhene.
Ɔkae se, “Ɔdehye bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so san kɔɔ ne kurom se ɔrekɔ na wɔakosi no ɔhene.
13 Ansa na ɔrebɛfiri nʼakwantuo no ase no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ mu edu maa wɔn mu biara minaedu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfa sika yi nyɛ adwuma kɔsi sɛ mɛba.’
Ansa na ɔrebefi nʼakwantu no ase no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfo mu du maa wɔn mu biara minadu ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Momfa sika yi nyɛ adwuma nkosi sɛ mɛba.’
14 “Kurom hɔfoɔ no tee nʼahennie no ho asɛm no, wɔtuu nnipa kɔhunuu mpanimfoɔ no sɛ wɔmpɛ no.
“Kurom hɔfo no tee nʼahenni no ho asɛm no, wotuu nnipa kohuu mpanyimfo no se wɔmpɛ no.
15 “Nanso, wɔsii no ɔhene ma ɔsane kɔɔ baabi a na ɔyɛ adwuma no. Ɔduruiɛ no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ edu no sɛ, wɔmmɛbu sika a ɔde maa wɔn no ho nkonta nkyerɛ no.
“Nanso wosii no hene ma ɔsan kɔɔ faako a na ɔyɛ adwuma no. Odui no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfo du no se, wommebu sika a ɔde maa wɔn no ho akontaa nkyerɛ no.
16 “Odwumayɛfoɔ a ɔdii ɛkan baeɛ no bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me wura, wo sika mina edu no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho edu.’
“Odwumayɛni a odii kan ba bɛka kyerɛɛ no se, ‘Me wura, wo sika mina du no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho du.’
17 “Owura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa, ɛsiane sɛ woadi kakraa a mede hyɛɛ wo nsa no ho nokorɛ enti, mede nkuro edu bɛhyɛ wʼase na woadi so.’
“Owura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa, esiane sɛ woadi kakraa a mede hyɛɛ wo nsa no ho nokware nti, mede nkurow du bɛhyɛ wʼase na woadi so.’
18 “Odwumayɛfoɔ a ɔtɔ so mmienu no baeɛ bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me wura, wo sika mina edu no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho enum.’
“Odwumayɛni a ɔto so abien no ba bɛka kyerɛɛ no se, ‘Me wura, wo sika mina du no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho anum.’
19 “Owura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mede nkuro enum bɛhyɛ wʼase na woadi so.’
“Owura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mede nkurow anum bɛhyɛ wʼase na woadi so.’
20 “Ɔfoforɔ nso bɛkaa sɛ, ‘Me wura wo sika mina edu a wode maa me no, mede sieeɛ, ɛno nie.
“Ɔfoforo nso bɛkae se, ‘Me wura wo sika mina du a wode maa me no, mede siei, ɛno ni.
21 Na mesuro wo, ɛfiri sɛ, wo ho yɛ nwanwa. Deɛ ɛnyɛ wo dea no, wogye; deɛ wunnuaeɛ nso, wotwa.’
Na misuro wo, efisɛ wo ho yɛ nwonwa. Nea ɛnyɛ wo dea no, wugye na nea wunnuae nso no, wutwa.’
22 “Ne wura no buaa no sɛ, ‘Akoa bɔne, wo anom asɛm so na megyina abu wo atɛn. Wonim sɛ me ho yɛ nwanwa. Deɛ ɛnyɛ me dea no megye; deɛ mennuaeɛ no, metwa.
“Ne wura no buaa no se, ‘Akoa bɔne, wo anom asɛm so na migyina abu wo atɛn. Wunim sɛ me ho yɛ nwonwa. Nea ɛnyɛ me dea no migye; nea minnuae no, mitwa.
23 Adɛn enti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea? Anka mebaeɛ yi mɛnya ho nsiho.’
Adɛn nti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea? Anka mebae yi menya ho nsiho.’
24 “Ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a na wɔgyina hɔ no sɛ ‘Monnye sika no mfiri ne nsam mfa mma deɛ ɔde ne deɛ yɛɛ adwuma nyaa mmɔho edu no.’
“Ɔka kyerɛɛ nʼasomfo a na wogyina hɔ no se, ‘Munnye sika no mfi ne nsam mfa mma nea ɔde ne de yɛɛ adwuma nyaa mmɔho du no.’
25 “Asomfoɔ no kaa sɛ, ‘Yɛn wura, sɛ yei deɛ ɔwɔ sika bebree!’
“Asomfo no kae se, ‘Yɛn wura, sɛ oyi de ɔwɔ sika bebree!’
26 “Owura no kaa sɛ, ‘Merema mo ate aseɛ sɛ, deɛ ɔwɔ bebree no, wɔbɛma no bi aka ho, na deɛ ɔwɔ kakra bi no, deɛ ɔwɔ mpo no, wɔbɛgye afiri ne nsam.
“Owura no kae se, ‘Merema mo ate ase sɛ, nea ɔwɔ bebree no, wɔbɛma no bi aka ho, na nea ɔwɔ kakraa bi no, nea ɔwɔ mpo no, wobegye afi ne nsam.
27 Na afei, momfa mʼatamfoɔ a anka wɔmpɛ sɛ medi adeɛ no mmra mʼanim ha na monkum wɔn!’”
Na afei, momfa mʼatamfo a anka wɔmpɛ sɛ midi ade no mmra mʼanim ha na munkum wɔn!’”
28 Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ no, ɔdii nʼasuafoɔ no ɛkan kɔɔ Yerusalem.
Yesu kaa nsɛm yi wiee no, odii nʼasuafo no kan kɔɔ Yerusalem.
29 Ɔrebɛn Betfage ne Betania a ɛbɛn Ngo Bepɔ so no, ɔsomaa nʼasuafoɔ no mu baanu ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
Ɔrebɛn Betfage ne Betania a ɛbɛn Ngo Bepɔw so no, ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu ka kyerɛɛ wɔn se,
30 “Monkɔ akuraa a ɛbɛn ha no ase na moduru hɔ a, mobɛhunu afunumu ba bi a obiara ntenaa ne so da sɛ wɔasa no. Monsane no mfa no mmrɛ me.
“Monkɔ akuraa a ɛbɛn ha no ase na mudu hɔ a, mubehu afurum ba bi a obiara ntenaa ne so da sɛ wɔasa no. Monsan no mfa no mmrɛ me.
31 Sɛ obi bisa sɛ, ‘Adɛn enti na moresane no’ a, monka nkyerɛ no sɛ, ‘Ne ho hia Awurade.’”
Sɛ obi bisa se ‘Adɛn nti na moresan no’ a, monka nkyerɛ no se, ‘Ne ho hia Awurade.’”
32 Asuafoɔ baanu a wɔkɔeɛ no kɔhunuu aboa no sɛ ɔsa hɔ sɛdeɛ Yesu kaeɛ no.
Asuafo baanu a wɔkɔe no kohuu aboa no sɛ ɔsa hɔ sɛnea Yesu kae no.
33 Ɛberɛ a wɔresane afunumu ba no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moresane aboa no?”
Bere a wɔresan afurum ba no, ne wuranom bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moresan aboa no?”
34 Wɔbuaa wɔn sɛ, “Ne ho hia Awurade.”
Wobuaa wɔn se, “Ne ho hia Awurade.”
35 Asuafoɔ no de afunumu ba no brɛɛ Yesu de wɔn ntoma sesɛɛ ne so ma ɔtenaa ne so.
Asuafo no de afurum ba no brɛɛ Yesu de wɔn ntama sesɛw ne so ma ɔtenaa ne so.
36 Yesu te afunumu ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan no so ma ɔfaa so.
Yesu te afurum ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntama sesɛw ɔkwan no so ma ɔfaa so.
37 Ɔduruu Ngo Bepɔ no so baabi a wɔrebɛsiane akɔ Yerusalem no, nʼakyidifoɔ no nyinaa de osebɔ kamfoo Onyankopɔn, yii no ayɛ wɔ Yesu anwanwadeɛ ahodoɔ a wayɛ no ho sɛ,
Oduu Ngo Bepɔw no so baabi a wɔrebesian akɔ Yerusalem no, nʼakyidifo no nyinaa de osebɔ kamfoo Onyankopɔn, yii no ayɛ wɔ Yesu anwonwade ahorow a wayɛ no ho se,
38 “Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no!” “Asomdwoeɛ ne animuonyam nka Onyankopɔn wɔ ɔsorosoro nohoa!”
“Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no!” “Asomdwoe ne anuonyam nka Onyankopɔn wɔ ɔsorosoro nohɔ!”
39 Farisifoɔ no bi a na wɔfra nnipakuo no mu no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, kasa kyerɛ wʼakyidifoɔ no na wɔmmua wɔn ano!”
Farisifo no bi a na wɔfra nnipakuw no mu no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, kasa kyerɛ wʼakyidifo no na wommua wɔn ano!”
40 Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ wɔmua wɔn ano koraa a, aboɔ mpo bɛkamfo me, ayi me ayɛ.”
Yesu buaa wɔn se, “Sɛ womua wɔn ano koraa a, abo mpo bɛkamfo me, ayi me ayɛ.”
41 Yesu rebɛn Yerusalem a ɔhunuu kuro no no, ɔsu maa emu nnipa no sɛ,
Yesu rebɛn Yerusalem a ohuu kurow no, osu maa mu nnipa no se,
42 “Mo a anka asomdwoeɛ yɛ mo dea nanso moampɛ no, mobɛhwehwɛ asomdwoeɛ akyiri kwan, nanso mo nsa renka da!
“Mo a anka asomdwoe yɛ mo dea nanso moampɛ no, mobɛhwehwɛ asomdwoe akyi kwan, nanso mo nsa renka da!
43 Nna bi bɛba a mo atamfoɔ bɛba abɛtoa mo, aka mo ahyɛ,
Nna bi bɛba a mo atamfo bɛba abɛtoa mo aka mo ahyɛ,
44 atɔre mo ne mo mma ase, asɛe mo kuro yi pasaa, ɛfiri sɛ, moapo adom a Onyankopɔn de adom mo no.”
atɔre mo ne mo mma ase, asɛe mo kurow yi pasaa, efisɛ moapo adom a Onyankopɔn de adom mo no.”
45 Yesu duruu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔpamoo nnipa a na wɔredi edwa wɔ hɔ no kaa sɛ,
Yesu duu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔpam nnipa a na wɔredi gua wɔ hɔ no kae se,
46 “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Mʼasɔredan yɛ mpaeɛbɔbea; nanso mode ayɛ akorɔmfoɔ ahyiaeɛ!’”
“Wɔakyerɛw se, ‘Me fi bɛyɛ mpaebɔbea; nanso mode ayɛ adwowtwafo atenae!’”
47 Saa ɛberɛ no nyinaa na asɔfoɔ mpanimfoɔ, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ rehwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so anya no, akyere no, akum no.
Saa bere no nyinaa na asɔfo mpanyimfo, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne ɔman no mu mpanyimfo rehwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anya no akyere no akum no.
48 Nanso, na wɔnhunu ɛkwan biara a wɔbɛfa so akyere no, ɛfiri sɛ, ɛberɛ nyinaa na nnipa akyere ne so retie no.
Nanso na wonhu ɔkwan biara a wɔbɛfa so akyere no, efisɛ bere nyinaa na nnipa akyere no so retie no.

< Luka 19 >