< Luka 12 >
1 Nnipa mpempem kyeree so a wɔnnya baabi ntu wɔn nan nsi mpo no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no kane sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Farisifoɔ nyaatwom a ɛte sɛ mmɔreka no ho.
Meanwhile, when a crowd of thousands had converged, so that they were stepping on each other, He began to speak first to His disciples: “Guard yourselves from the ‘yeast’ of the Pharisees, which is hypocrisy.
2 Biribiara a wɔyɛ no kɔkoam no bɛda adi na deɛ ahinta no nso bɛpue.
There is nothing concealed that will not be revealed, or hidden that will not be known.
3 Enti, deɛ moaka wɔ sum mu no, wɔbɛte wɔ hann mu. Na deɛ moaka no asomusɛm wɔ adan mu no, wɔbɛbɔ no dawuro.
Therefore whatever you have spoken in the dark will be heard in the light, and what you have whispered in the ear behind closed doors will be proclaimed from the housetops.
4 “Me nnamfonom, mereka akyerɛ mo sɛ, monnsuro wɔn a wɔkum onipadua na ɛno akyi wɔntumi nyɛ hwee bio no.
“Further, I say to you, my friends: do not be afraid of those who kill the body and after that have nothing more that they can do.
5 Na mɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ mosuro no. Monsuro deɛ wakum onipadua no awie no, ɔwɔ tumi sɛ ɔto twene amanehunu kurom. Mereti mu akyerɛ mo sɛ, yei na monsuro no. (Geenna )
Rather, I will advise you whom you should fear—fear Him who after He kills has authority to cast into Gehenna; yes indeed, fear Him! (Geenna )
6 Wɔntɔn akasanoma enum nnye sika bi pɛ? Nanso, Onyankopɔn werɛ remfi wɔn mu baako po da.
Are not five sparrows sold for two copper coins? Yet not one of them is forgotten before God.
7 Mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti, monnsuro, ɛfiri sɛ, mosom bo sene akasanoma dodo biara.
Even the hairs of your head are all numbered! So do not be afraid; you are far more valuable than sparrows!
8 “Na mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛbɔ me din wɔ nnipa anim no, Kristo no nso bɛbɔ ne din wɔ Onyankopɔn abɔfoɔ anim.
“Also I say to you, whoever claims me before men, the Son of the Man will also claim him before the angels of God.
9 Na deɛ ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no, Onyankopɔn abɔfoɔ anim.
But whoever disclaims me before men will be disclaimed before the angels of God.
10 Obiara a ɔbɛkasa atia Kristo no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da.
Anyone who speaks a word against the Son of the Man, it can be forgiven him; but to him who blasphemes against the Holy Spirit it will not be forgiven.
11 “Sɛ wɔde mo ba mpanin anim wɔ hyia adan mu a, monnnwennwene nsɛm a mobɛka anaasɛ deɛ mode bɛyi mo ho ano no ho,
Now whenever they bring you before synagogues, rulers and authorities, do not worry about how or what you will answer, or what you should say.
12 Ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no ara mu Honhom Kronkron no bɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ moka.”
Because the Holy Spirit will teach you in that very hour what you need to say.”
13 Obi firi nnipa no mu ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ agyapadeɛ a yɛn agya de agya yɛn no mu.”
Then someone from the crowd said to Him, “Teacher, tell my brother to divide the inheritance with me.”
14 Yesu buaa no sɛ, “Damfo, hwan na ɔyɛɛ me mo so ɔtemmufoɔ ne ɔsɛnnifoɔ?”
But He said to him, “Man, who appointed me a judge or an arbiter over you?”
15 Ɔtoaa so sɛ, “Monhwɛ mo ho yie wɔ adifudepɛ ho, ɛfiri sɛ, onipa nkwa nnyina nʼahonya dodoɔ a ɔwɔ so.”
Then He said to them, “Keep alert and guard against covetousness, because one's life does not consist in the abundance of his possessions.”
16 Afei, ɔbuu wɔn bɛ yi sɛ, “Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a na ɔwɔ asase pa a ɛmaa no nnɔbaeɛ pii.
Then He told them a parable, saying: “The ground of a certain rich man produced well.
17 Esiane sɛ na ne nnɔbaeɛ no nkɔ pata a wabɔ no so enti, ɛyɛɛ no dadwene ma ɔbisaa ne ho sɛ, ‘Mennya baabi a mede me nnɔbaeɛ bebrebe yi bɛgu yi, menyɛ no dɛn?’
And he reasoned within himself saying, ‘What shall I do, because I have no place to store my crops?’
18 “Afei, ɔkaa sɛ, ‘Monim deɛ mɛyɛ. Mɛbubu mʼapata yi nyinaa na mabɔ no akɛseɛ de deɛ mewɔ nyinaa asie hɔ.
Then he said: ‘This is what I will do. I will tear down my barns and build bigger ones, and there I will store all my produce and my goods.
19 Na maka akyerɛ me kra sɛ, “Ɔkra, ma wʼani nnye na didi, na nom ɛfiri sɛ, wowɔ nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfeɛ bebree!”’
And I will say to my soul: Soul, you have many goods laid up for many years. Take life easy; eat, drink and enjoy yourself!’
20 “Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɔkwasea! Anadwo yi, wɔbɛgye wo kra afiri wo nsam, na hwan na nneɛma bebree a woapɛ agu hɔ yi, wode bɛgya no?’
But God said to him: ‘Stupid! This very night your life is being taken back from you; then who will get the things you have prepared?’
21 “Ɛno enti, saa ara na obiara a ɔbɛboaboa agyapadeɛ ano de ne ho ato so no nyɛ ɔdefoɔ Onyankopɔn anim ne no.”
Just like that is he who accumulates treasure for himself and is not rich toward God.”
22 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛfira ho.
Then He said to His disciples: “Therefore I say to you, do not worry about your life, what you will eat; nor about the body, what you will wear.
23 Ɔkra som bo sene aduane na onipadua nso som bo sene ntoma.
Life is more than food, and the body more than clothes.
24 Monhwɛ kwaakwaadabi, wɔnnua aba ɛnna wɔntwa. Saa ara nso na wɔnni pata a wɔde wɔn nnɔbaeɛ sie so, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduane di. Monsom bo nsene wɔn anaa?
Consider the ravens: they neither sow nor reap, they have neither storeroom nor barn, and God feeds them. You are far more valuable than the birds!
25 Mo mu hwan na adwene a ɔdwen no bɛtumi ato ne nkwa nna so simasin?
And who among you can add one cubit to his height by worrying?
26 Na sɛ montumi nyɛ ade ketewaa a ɛte sei mpo a, adɛn na modwennwene nneɛma akɛseɛ ho?
So if you cannot do even such a little thing, why worry about the rest?
27 “Monhwɛ sɛdeɛ sukooko nyini. Wɔnyɛ adwuma, ɛnna wɔnnwono ntoma mfira. Nanso, Salomo ahonya nyinaa mu, na ɔnni ntoma a ɛyɛ fɛ sɛ saa nhwiren no mu baako mpo.
“Consider the lilies, how they grow: they neither toil nor spin; I say to you, not even Solomon in all his splendor was clothed like one of these.
28 Mo a mo gyidie hinhim, sɛ Onyankopɔn siesie wiram nhwiren a ɛfifiri ɛnnɛ na ɔkyena awu no ho ma ɛyɛ fɛ a, adɛn enti na ɔrensiesie mo nso mo ho mma ɛnyɛ fɛ.
So if God so clothes the grass that today is in the field and tomorrow is thrown into an oven, how much more you, O little-faiths!
29 Saa ara nso na monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom ho.
Do not concentrate on what you may eat or what you may drink; do not be anxious.
30 Saa nneɛma yi na ewiase amanaman pere hwehwɛ, nanso mo deɛ, mo agya nim sɛ yeinom nyinaa ho hia mo.
All these things really occupy the nations of the world, and your Father knows that you need them.
31 Enti, monhwehwɛ Onyankopɔn Ahennie kane na ɔde yeinom nyinaa bɛma mo.
Rather, concentrate on the Kingdom of God, and all these things will be provided for you.
32 “Ekuo ketewa, monnsuro, ɛfiri sɛ, ɛyɛ mo agya no pɛ sɛ ɔde ahennie no bɛma mo.
“Do not fear, little flock, because it pleased the Father to give you the Kingdom.
33 Montontɔn mo ahodeɛ na monkyɛ ahiafoɔ adeɛ. Yei bɛma mo agyapadeɛ a ɛwɔ ɔsoro no ayɛ pii. Monhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ ɔsoro, deɛ owifoɔ ntumi nkɔwia na ntɛferɛ ntumi nkɔwe.
Sell your possessions and give to charity. Make for yourselves ‘purses’ that will not wear out, an unfailing treasure in the heavens, where a thief cannot approach, nor a moth destroy.
34 Na deɛ wʼagyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na wʼakoma nso wɔ.”
Because where your treasure is, there your heart will be also.
35 “Monnyina pintinn na momma mo nkanea nhyerɛn,
“Let your waists be belted and your lamps burning,
36 na monyɛ sɛ wɔn a wɔretwɛn wɔn wura a ɔkɔ ayeforɔhyia ase a, sɛ ɔba na ɔbɔ ɛpono mu pɛ a, wɔbɛbue no ntɛm no.
and you yourselves like men waiting for their master when he returns from the wedding celebration, so that when he comes and knocks they may open to him immediately.
37 Wɔn a wɔn wura no ba a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔretwɛn no no ani bɛgye. Ɔbɛto wɔn ɛpono na ɔno ankasa asom wɔn.
Blessed are those slaves whom the master will find watching when he comes. Assuredly I say to you that he will gird himself and have them recline, and will come and serve them.
38 Sɛ ɔba dasuo mu anaa ahemadakye mpo a, asomfoɔ a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔrewɛn no no ani bɛgye.
And if he should come in the second watch, or come in the third watch, and find them so, blessed are those slaves.
39 Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ, sɛ efiewura nim ɛberɛ a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn na owifoɔ no annya ne ho ɛkwan ammɛbɔ no korɔno.
But know this, that if the master of the house had known in what hour the thief was coming, he would have kept watch and not allowed his house to be broken into.
40 Enti, monsiesie mo ho ntwɛn Onipa Ba no ba a ɔbɛba no, ɛfiri sɛ, monnim ɛberɛ ko a ɔbɛba.”
Therefore you also be ready, because the Son of the Man is coming at an hour you do not expect.”
41 Petro bisaa Yesu sɛ, “Awurade, worebu bɛ yi akyerɛ yɛn nko ara anaasɛ obiara?”
Then Peter said to Him, “Lord, are you directing this parable to us, or to everyone?”
42 Yesu buaa no sɛ, “Merekasa akyerɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ nyansafoɔ biara a ne wura de ne efie sohwɛ bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ ama obiara aduane wɔ ne berɛ mu.
So the Lord said: “Who then is the faithful and prudent steward whom his master will place over his household to give them the food allowance at the right time?
43 Nhyira ne ɔsomfoɔ a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ.
Blessed is that slave whom his master will find so doing when he comes.
44 Nokorɛm, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa bɛhyɛ ne nsa.
I tell you truly that he will put him in charge of all his possessions.
45 Na sɛ ɛba sɛ saa ɔsomfoɔ yi nso ka sɛ, ‘Me wura nnya mmaeɛ’ na ɛno enti, ɔhwe asomfoɔ a aka no, na ɔdidi, nom nsã bo a,
But if that servant should say in his heart, ‘My master won't come for a while,’ and should begin to hit the male and female servants, and to eat and drink and get drunk,
46 ne wura no bɛba da a nʼani nna so sɛ ɔbɛba. Na sɛ ne wura no ba a, ɔbɛtwe nʼaso denden na wabu no sɛ obi a ɔnnye Onyankopɔn nni.
the master of that slave will come on a day when he does not expect him, and at an hour that he does not know, and will cut him in two and appoint his portion with the unbelievers.
47 “Ɔsomfoɔ a ɔnim deɛ ne wura pɛ, na wanyɛ ne wura no apɛdeɛ no wɔbɛbɔ no mmaa pii.
“That servant who knew his master's will, but neither got ready nor did according to that will, will be beaten with many blows.
48 Na ɔsomfoɔ a ɔnnim deɛ ne wura pɛ na enti ɔyɛɛ deɛ ne wura mpɛ no, wɔbɛbɔ no mmaa kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, wɔbɛbisa pii afiri ne nkyɛn; na deɛ wɔde bebree ahyɛ ne nsa no, ɔbɛbu bebree ho nkonta.”
But he who did not know, yet did things worthy of blows, will be beaten with few. Everyone to whom much has been given, from him much will be required; and to whom much was entrusted, of him much more will be asked.
49 “Maba sɛ merebɛsɔ ogya wɔ asase so na sɛ asɔ dada a, na deɛ merehwehwɛ ara ne no.
“I came to bring fire to the earth, and how I wish it were already kindled!
50 Asubɔ bi wɔ hɔ a wɔde bɛbɔ me a, ɛde me bɛkɔ amanehunu mu, na merennya ahotɔ gye sɛ wɔabɔ me saa asu no ansa.
But I have a baptism to undergo, and how distressed I am until it is completed!
51 Mosusu sɛ mebaeɛ sɛ mede asomdwoeɛ reba asase yi so? Dabi! Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mede baeɛ na mmom mpaapaemu.
Do you imagine that I came to provide peace on the earth? Not at all, I tell you, but rather division.
52 Ɛfiri ɛnnɛ, mpaapaemu bɛba afie mu, baasa bɛba mʼafa na baanu atia me anaasɛ baanu bɛba mʼafa na baasa atia me.
Because from now on there will be five in one house divided: three against two and two against three.
53 Agya ne ne babarima renyɛ adwene, ɔbabaa ne ne maame renyɛ adwene, ase ne ase adwene renhyia.”
Father will be divided against son and son against father, mother against daughter and daughter against mother, mother-in-law against her daughter-in-law and daughter-in-law against her mother-in-law.”
54 Na ɔka kyerɛɛ nnipakuo no nso sɛ, “Sɛ mohunu sɛ osuo amuna wɔ atɔeɛ a, ntɛm ara, moka sɛ, ‘Osuo bɛtɔ!’ Na osuo tɔ ampa.
Then He also said to the crowds: “Whenever you see a cloud rising from the west, immediately you say, ‘A rainstorm is coming,’ and so it does.
55 Saa ara nso na sɛ mohunu sɛ mframa bɔ firi anafoɔ reba a, moka sɛ, ‘Ahuhuro bɛba!’ Na ɛba mu ampa.
And whenever a south wind blows, you say, ‘It will be hot,’ and it happens.
56 Mo nyaatwomfoɔ! Motumi kyerɛ ewiem nsakraeɛ ase, nanso nneɛma a ɛnnɛ yi atwa mo ho ahyia, ne deɛ ɛbɔ mo kɔkɔ no deɛ, monhunu.
Hypocrites! You know how to interpret the appearance of the sky and of the earth, so how can you not discern this time?
57 “Adɛn enti na monim deɛ ɛyɛ na monyɛ?
Also why, even of yourselves, do you not judge what is right?
58 Sɛ wode obi ka a, bɔ mmɔden kɔhunu no na wone no nka ho asɛm na wamfa wo ankɔ asɛnniiɛ amma ɔtemmufoɔ amfa wo anto afiase.
“When you are going with your adversary to the magistrate, make every effort along the way to settle with him, lest he drag you to the judge, the judge deliver you to the bailiff, and the bailiff throw you into prison.
59 Sɛ woanyɛ no saa a, ɔbɛma woatua ka a wode no no nyinaa ansa na wagyaa wo.”
I tell you, you will by no means get out of there until you have paid the last penny.”