< Luka 11 >

1 Ɛda bi, na Yesu rebɔ mpaeɛ wɔ baabi. Ɔwieeɛ no, nʼasuafoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛn mpaeɛbɔ, sɛdeɛ Yohane kyerɛɛ nʼasuafoɔ mpaeɛbɔ no.”
Da bi, na Yesu rebɔ mpae wɔ baabi. Owiei no, nʼasuafo no mu baako ka kyerɛɛ no se, “Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ sɛnea Yohane kyerɛɛ nʼasuafo mpaebɔ no.”
2 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ morebɔ mpaeɛ a, monka sɛ, “‘Agya, wo din ho nte, wʼahennie mmra.
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ morebɔ mpae a, monka se, “‘Agya, wo din ho ntew, wʼahenni mmra.
3 Ma yɛn yɛn daa aduane ɛnnɛ.
Ma yɛn yɛn ano aduan daa.
4 Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn sɛdeɛ yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no. Na mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu.’”
Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn sɛnea yɛn nso, yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no. Na nnyaa yɛn mma yɛnnkɔ sɔhwɛ mu.’”
5 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔbɛkɔ ne yɔnko hɔ dasuo mu akɔka akyerɛ no sɛ, ‘Me nua, fɛm me aduane kakra,
Yesu bisaa wɔn se, “Mo mu hena na ɔbɛkɔ ne yɔnko hɔ ɔdasu mu akɔka akyerɛ no se, ‘Me nua, fɛm me aduan kakra,
6 ɛfiri sɛ, ɔhɔhoɔ bi abɛfu me mu, na menni aduane biara a mede bɛma no,’
efisɛ ɔhɔho bi abefu me mu, na minni aduan biara a mede bɛma no,’
7 na ɔbɛma no mmuaeɛ afiri ne dan mu sɛ, ‘Nha me! Mato me ɛpono mu ne me mma ada. Merentumi nsɔre mma wo biribiara.’
na ɔbɛma no mmuae afi ne dan mu se, ‘Nhaw me! Mato me pon mu ne me mma ada. Merentumi nsɔre mma wo biribiara.’
8 Mereka akyerɛ mo sɛ, na ade asa no enti, ɔyɛ ne yɔnko koraa mpo a, ɔrensɔre. Nanso, ɛsiane sɛ ɔkɔɔ so srɛɛ no no enti, ɛbɛma wasɔre ama no deɛ ɛhia no no nyinaa.
Mereka akyerɛ mo se, na ade asa no nti, ɔyɛ ne yɔnko koraa mpo a ɔrensɔre. Nanso esiane sɛ ɔkɔɔ so srɛɛ no no nti ɛbɛma wasɔre ama no nea ehia no no nyinaa.
9 “Ɛno enti mereka akyerɛ mo sɛ; Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ na mobɛhunu; mompem na wɔbɛbue mo.
“Ɛno nti mereka akyerɛ mo se; Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ na mubehu; mompem na wobebue mo.
10 Na obiara a ɔbisa no, wɔma no; na obiara a ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔpem no, wɔbue no.
Na obiara a obisa no, wɔma no; na obiara a ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wobue no.
11 “Agya bɛn na ɔwɔ mo mu na ne ba bisa no burodo a ɔbɛma no ɛboɔ,
“Agya bɛn na ɔwɔ mo mu na ne ba bisa no brodo a ɔbɛma no ɔbo,
12 anaasɛ ɔbisa no apataa a, ɔbɛma no ɔwɔ, anaasɛ ɔbisa nkosua a ɔbɛma no nyanyankyerɛ?
anaasɛ obisa no apataa a ɔbɛma no ɔwɔ, anaasɛ obisa nkesua a ɔbɛma no akekantwɛre?
13 Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron no mma wɔn a wɔbisa no no!”
Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron no mma wɔn a wobisa no no?”
14 Ɛberɛ bi Yesu tuu honhommɔne bi a ɛyɛ mumu firii onipa bi mu. Honhommɔne no tu firii ne mu no, ɔkasaeɛ ma ɛyɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no nyinaa ahodwirie.
Bere bi Yesu tuu honhommɔne bi a ɛyɛ mum fii onipa bi mu. Honhommɔne no tu fii ne mu no, ɔkasa ma ɛyɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no nyinaa ahodwiriw.
15 Nanso, ebinom kaa sɛ, “Ɔnam ahonhommɔne panin Beelsebul tumi so na ɛtu ahonhommɔne.”
Nanso ebinom kae se, “Ɔnam ahonhommɔne panyin Beelsebul tumi so na etu ahonhommɔne.”
16 Afoforɔ nso pɛɛ sɛ wɔsɔ no hwɛ enti, wɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi a ɛfiri ɔsoro nkyerɛ wɔn.
Afoforo nso pɛe sɛ wɔsɔ no hwɛ nti, wɔka kyerɛɛ no se, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne bi a efi ɔsoro nkyerɛ wɔn.
17 Nanso, ɔhunuu wɔn adwene maa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Kuro biara a emu akyekyɛ no dane amamfo. Saa ara nso na efie biara a emu kyekyɛ no guo.
Nanso ohuu wɔn adwene maa wɔn mmuae se, “Kurow biara a emu akyekyɛ no dan amamfo. Saa ara nso na ofi biara a emu kyekyɛ no gu.
18 Na sɛ ɔbonsam nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na nʼahennie agyina? Deɛ enti a mereka saa asɛm yi ne sɛ, mose menam Beelsebul tumi so na metu ahonhommɔne.
Na sɛ ɔbonsam nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na nʼahenni begyina? Nea enti a mereka saa asɛm yi ne sɛ, muse menam Beelsebul tumi so na mitu ahonhommɔne.
19 Na sɛ menam Beelsebul tumi so na metu ahonhommɔne a, hwan so na mo nkurɔfoɔ nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛteɛ de a, mo nkurɔfoɔ no ara na wɔbɛbu mo atɛn.
Na sɛ menam Beelsebul tumi so na mitu ahonhommɔne a, hena so na mo nkurɔfo nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛte de a, mo nkurɔfo no ara na wobebu mo atɛn.
20 Nanso, sɛ menam Onyankopɔn tumi so na ɛtu honhommɔne de a, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahennie no aba mo so.
Nanso sɛ menam Onyankopɔn tumi so na mitu honhommɔne de a, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ahenni no aba mo so.
21 “Sɛ ɔhoɔdenfoɔ de akodeɛ wɛn ne fie a, obiara rentumi nkɔwia nʼagyapadeɛ;
“Sɛ ɔhoɔdenfo de akode wɛn ne fi a, obiara rentumi nkowia nʼagyapade;
22 nanso, sɛ deɛ ne ho yɛ den na ɔwɔ akodeɛ pa sene no kɔ ne so a, ɔdi ne so nkonim, gye nʼakodeɛ a ɔde ne ho too so no, sesa nʼagyapadeɛ no nyinaa kɔ.
nanso sɛ nea ne ho yɛ den na ɔwɔ akode pa sen no kɔ ne so a, odi ne so nkonim, gye nʼakode a ɔde ne ho too so no, sesaw nʼagyapade no nyinaa kɔ.
23 “Obiara a ɔnni mʼafa no tia me, na deɛ ɔne me mmoaboa ano no, hwete mu.
“Obiara a onni mʼafa no tia me, na nea ɔne me mmoaboa ano no, hwete mu.
24 “Sɛ wɔtu honhommɔne firi onipa bi mu a, ɛkyinkyini hwehwɛ homebea, nanso, ɛnnya bi. Na sɛ wannya homebea a, ɔka sɛ, ‘Mɛsane akɔ onipa a mifirii ne mu baeɛ no mu bio.’
“Sɛ wotu honhommɔne fi onipa bi mu a, ekyinkyin hwehwɛ homebea, nanso ennya bi. Na sɛ wannya homebea a ɔka se, ‘Mɛsan akɔ onipa a mifii ne mu bae no mu bio.’
25 Na sɛ ɔsane kɔ onipa no mu a, ɔbɛhunu sɛ ɛhɔ te a ɛfi biara nni mu na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ.
Na sɛ ɔsan kɔ onipa no mu a, obehu sɛ ɛhɔ tew a efi biara nni mu na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ.
26 Afei, ɔsane nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforɔ nson a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena hɔ. Yei ma onipa no sɛe koraa sene sɛdeɛ anka na ɔte kane no.”
Afei, ɔsan nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforo ason a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena hɔ. Eyi ma onipa no sɛe koraa sen sɛnea anka na ɔte kan no.”
27 Yesu gu so rekasa no, ɔbaa bi firi nnipakuo no mu kaa sɛ, “Nhyira nka yafunu a ɛwoo wo ne nufoɔ a wonumuu ano!”
Yesu gu so rekasa no, ɔbea bi fi nnipadɔm no mu kae se, “Nhyira nka ɔyafunu a ɛwoo wo ne nufu a wunum ano no!”
28 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛwom deɛ, nanso nhyira ne wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm na wɔdi so.”
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛwɔ mu de, nanso nhyira ne wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm na wodi so.”
29 Nnipa no kyeree Yesu so no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnɛmma yi yɛ nnebɔneyɛfoɔ. Wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi ahunu nanso wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ biara sɛ Yona nsɛnkyerɛnneɛ no.
Nnipa no kyeree Yesu so no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nnɛ mma yi yɛ nnebɔneyɛfo. Wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnne bi ahu nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne biara sɛ Yona nsɛnkyerɛnne no.
30 Na sɛdeɛ Yona yɛeɛ no yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ maa Ninewefoɔ a, saa ara na Kristo nso bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama nnɛmma yi.
Na sɛnea Yona si yɛɛ nsɛnkyerɛnne maa Ninewefo no, saa ara na Kristo nso bɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama nnɛ mma yi.
31 Atemmuo da no, Seba Ɔhemmaa bɛsɔre atia ɔman yi, ɛfiri sɛ, ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso, deɛ ɔsene Salomo no wɔ ha.
Atemmuda no, Sebahemmea ne nnɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn efisɛ ofi asase ano nohɔ betiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso nea ɔsen Salomo no wɔ ha.
32 Atemmuo da no, Ninewe mmarima bɛsɔre atia nnɛmma yi na wɔabu mo fɔ ɛfiri sɛ, ɛberɛ a Yona kaa asɛmpa no, wɔnuu wɔn ho. Nanso, deɛ ɔsene Yona wɔ ha.
Atemmuda no Ninewe mmarima ne nnɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn, efisɛ bere a Yona kaa asɛmpa no, wɔsakraa wɔn adwene. Nanso nea ɔsen Yona wɔ ha.
33 “Obiara nsɔ kanea mfa nsie, na mmom, ɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no nyinaa.
“Obiara nsɔ kanea mfa nsie, na mmom ɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no nyinaa.
34 Wʼani yɛ wo onipadua kanea. Ɛno enti, sɛ wʼani yɛ a, na wo onipadua nso yɛ hann. Nanso, sɛ ɛnyɛ a, ɛma wo onipadua no dane sum tumm.
Wʼani yɛ wo nipadua kanea. Ɛno nti sɛ wʼani ye a na wo nipadua nso yɛ hann. Nanso sɛ enye a, ɛma wo nipadua no dan sum tumm.
35 Enti hwɛ yie na hann a ɛwɔ wo mu no annane sum.
Enti hwɛ yiye na hann a ɛwɔ wo mu no annan sum.
36 Sɛ wo onipadua yɛ hann a esum nni fa baabiara a, onipadua no bɛhyerɛn sɛdeɛ kanea hyerɛn gu wo so.”
Sɛ wo nipadua yɛ hann a sum nni fa baabiara a, onipadua no bɛhyerɛn sɛnea kanea hyerɛn gu wo so no.”
37 Yesu kasa wieeɛ no, Farisini bi hyiaa no adidie enti ɔkɔeɛ sɛ ɔne no rekɔdidi.
Yesu kasa wiee no, Farisini bi hyiaa no adidi enti ɔkɔe se ɔne no rekodidi.
38 Farisini no hunuu sɛ Yesu anhohoro ne nsa ansa sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ ansa na ɔredidi no, ɛyɛɛ no nwanwa.
Farisini no huu sɛ Yesu anhohoro ne nsa ansa sɛnea wɔn amanne kyerɛ ansa na ɔredidi no, ɛyɛɛ no nwonwa.
39 Yesu hunuu Farisini no adwene ka kyerɛɛ no sɛ, “Mo Farisifoɔ deɛ, mohohoro nkukuo ne nwowaa ho, nanso efi, anibereɛ ne nnebɔne ahyɛ mo ma tɔ!
Yesu huu Farisini no adwene ka kyerɛɛ no se, “Mo Farisifo de, mohohoro nkuku nsanka ne mprɛte ho, nanso fi, anibere ne nnebɔne ahyɛ mo ma tɔ!
40 Adwenemherɛfoɔ! Ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ akyire no ara na ɔyɛɛ emu nso?
Adwenharefo! Ɛnyɛ nea ɔyɛɛ akyi no ara na ɔyɛɛ mu nso?
41 Monyɛ ahiafoɔ adɔeɛ na biribiara ho bɛte ama mo.
Monyɛ ahiafo adɔe na biribiara ho bɛtew ama mo.
42 “Mo Farisifoɔ, monnue! Moma mo nnɔbaeɛ so ntotosoɔ dudu, nanso mototo adeteneneeyɛ ne ɔdɔ a mode dɔ Onyankopɔn no ase. Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanin tenaberɛ na mopɛ. Saa ara nso na sɛ mokɔ badwa mu a, mopɛ sɛ nnipa hunu mo kyea mo.
“Mo Farisifo, munnue! Moma mo nnɔbae so ntotoso du du, nanso mototo adetreneeyɛ ne ɔdɔ a mode dɔ Onyankopɔn no ase. Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanyin tenabea na mopɛ. Saa ara nso na sɛ mokɔ bagua mu a mopɛ sɛ nnipa hu mo kyia mo.
43 “Mo Farisifoɔ, monnue! Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanin tenaberɛ na mopɛ.
“Mo Farisifo, munnue! Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanyin tenabea na mopɛ.
44 “Monnue! Ɛfiri sɛ, mote sɛ adamena a ɛso asram na nnipa nante so a wɔnnim sɛ wɔnam adamena so.”
“Munnue! Efisɛ mote sɛ nna a ɛso asram na nnipa nantew so a wonnim sɛ wɔnam nna so.”
45 Mmaranimfoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, sɛ woka saa a na woakasa atia yɛn nso.”
Mmaranimfo no mu baako ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, sɛ woka saa a na woakasa atia yɛn nso.”
46 Yesu buaa no sɛ, “Mo mmaranimfoɔ nso, monnue! Mohyɛ mmara a ɛyɛ den ma nnipa, nanso mo deɛ, monni so sɛ sɛdeɛ ɛsɛ.
Yesu buaa no se, “Mo mmaranimfo nso munnue! Mohyɛ nnipa ma wodi mmara a ɛyɛ den so pɛpɛɛpɛ, nanso mo de, munni so sɛ sɛnea ɛsɛ.
47 “Monnue! Ɛfiri sɛ, moatoto adiyifoɔ a mo ankasa anaa mo agyanom kumm wɔn no nna so.
“Munnue! Efisɛ, moatoto adiyifo a mo ankasa anaa mo agyanom kum wɔn no nna so.
48 Mo nneyɛeɛ yi di adanseɛ sɛ mopene deɛ mo agyanom yɛeɛ no so. Nʼasekyerɛ ne sɛ, mo agyanom kunkumm adiyifoɔ no na mo nso mototoo wɔn nna so maa wɔn.
Mo nneyɛe yi di adanse sɛ mopene nea mo agyanom yɛe no so. Ne nkyerɛase ne sɛ mo agyanom kunkum adiyifo no na mo nso mototoo wɔn nna so maa wɔn.
49 Yei ne deɛ Onyankopɔn aka afa mo ho: ‘Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ aba mo nkyɛn na mobɛkunkum bi na moataa wɔn a aka no.’
Eyi ne nea Onyankopɔn aka afa mo ho: ‘Mɛsoma adiyifo ne asomafo aba mo nkyɛn na mubekunkum bi na moataa wɔn a aka no.’
50 Mereka akyerɛ mo sɛ, adiyifoɔ no mogya a wɔka gu firi ewiase ahyɛaseɛ no,
Mereka akyerɛ mo se, adiyifo no mogya a wɔka gu fii wiase mfiase no,
51 ɛfiri Habel kum so kɔsi Sakaria, a wɔkumm no wɔ afɔrebukyia ne kronkronbea ntam hɔ no so, wɔbɛbisa ɛho asɛm afiri mo nkyɛn.
efi Habel kum so kosi Sakaria, a wokum no wɔ afɔremuka ne kronkronbea ntam hɔ no so, wobebisa ɛho asɛm afi mo nkyɛn.
52 “Mo, mmaranimfoɔ, monnue! Mode nokorɛ hinta mo nkurɔfoɔ. Mo ankasa monni so, na mommma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdi so no kwan mma wɔnni so.”
“Mo, mmaranimfo, munnue! Mode nokware hintaw mo nkurɔfo. Mo ankasa munni so, na mommma wɔn a wɔpɛ sɛ wodi so no kwan mma wonni so.”
53 Ɔfiri Farisini no efie hɔ a ɔrekɔ no, mmaranimfoɔ ne Farisifoɔ no dii nʼakyi de nsɛmmisa dwanee ne ho,
Ofi Farisini no fi hɔ a ɔrekɔ no, mmaranimfo ne Farisifo no dii nʼakyi de nsɛmmisa guan ne ho,
54 pɛɛ sɛ ɔka biribi a wɔbɛgyina so anya no akyere no.
pɛɛ sɛ ɔka biribi a wobegyina so anya no akyere no.

< Luka 11 >