< Luka 10 >
1 Yei akyi, Yesu yii nʼakyidifoɔ no mu aduɔson somaa wɔn baanu baanu kɔɔ nkuro ne nkuraa a akyire no ɔbɛkɔ hɔ no so.
After these things, the Lord appointed other seventy also, and sent them two and two before his face into every city, and place, whither he himself would come.
2 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Otwa adwuma no dɔɔso, nanso adwumayɛfoɔ no sua. Enti, monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfoɔ bebree mmra ne twa adwuma no mu.
Therefore said he to them, The harvest truly [is] great, but the laborers [are] few: pray ye therefore the Lord of the harvest, that he would send forth laborers into his harvest.
3 Monkɔ, na meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mu.
Go: behold, I send you forth as lambs among wolves.
4 Mommfa sika, akwantubɔtɔ anaa mpaboa; na monnkyea obiara nso a mobɛhyia no wɔ ɛkwan so.
Carry neither purse, nor sack, nor shoes: and salute no man by the way.
5 “Sɛ mokɔ efie biara mu a, monni ɛkan nkyea efie hɔfoɔ no sɛ, ‘Asomdwoeɛ nka mo!’
And into whatever house ye enter, first say, Peace [be] to this house.
6 Na sɛ asomdwoeɛ ba bi wɔ hɔ a, mo asomdwoeɛ bɛba ne so; na sɛ obi a ɔte saa nni hɔ a, mo asomdwoeɛ bɛsane aba mo nkyɛn.
And if the son of peace be there, your peace shall rest upon it: if not, it shall turn to you again.
7 Efie biara a mokɔ mu no, momma ɛhɔ nyɛ mo atenaeɛ; aduane biara a wɔde bɛma mo no, monni, ɛfiri sɛ ɛsɛ sɛ odwumayɛfoɔ biara nya nʼadwumayɛ so akatua; monnni atutena wɔ afie mu.
And in the same house remain, eating and drinking such things as they give: for the laborer is worthy of his hire. Go not from house to house.
8 “Na sɛ mokɔ kuro biara mu na wɔgye mo fɛw so a, aduane biara a wɔde bɛma mo no, monni.
And into whatever city ye enter, and they receive you, eat such things as are set before you.
9 Monsa kuro no mu ayarefoɔ yadeɛ, na monka nkyerɛ ɛhɔfoɔ nyinaa sɛ, ‘Onyankopɔn Ahennie no abɛn mo.’
And heal the sick that are therein, and say to them, The kingdom of God is come nigh to you.
10 Nanso, sɛ mokɔ kuro biara mu na wɔannye mo fɛw so a, monkɔ ne mmɔntene so nkɔpae mu nka sɛ,
But into whatever city ye enter, and they receive you not, go out into the streets of the same, and say,
11 ‘Mo kurom ha mfuturo a ɛwɔ yɛn nan ase mpo, yɛreporoporo agu, de atia mo; na mmom monhunu pefee sɛ, Onyankopɔn Ahennie no abɛn.’
Even the very dust of your city which cleaveth on us, we do wipe off against you: notwithstanding, be ye sure of this, that the kingdom of God is come nigh to you.
12 Mereka akyerɛ mo sɛ, saa kuro no, asɛm a ɛbɛto wɔn Atemmuo da no bɛsene deɛ ɛtoo Sodom no.
But I say to you, that it shall be more tolerable in that day for Sodom than for that city.
13 “Korasin, due! Betsaida, due! Anwanwadeɛ a meyɛɛ wɔ mo mu no, sɛ meyɛɛ wɔ Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfoɔ no de awerɛhoɔ ne ahonuo asakyera wɔn adwene dada.
Woe to thee, Chorazin! woe to thee Bethsaida! for if the mighty works had been done in Tyre and Sidon, which have been done in you, they had a great while ago repented sitting in sackcloth and ashes.
14 Atemmuo da no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsene deɛ ɛbɛto Tiro ne Sidon.
But it shall be more tolerable for Tyre and Sidon at the judgment, than for you.
15 Na wo Kapernaum, wopɛ sɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ asaman. (Hadēs )
And thou, Capernaum, which art exalted to heaven, shall be thrust down to hell. (Hadēs )
16 “Obiara a ɔtie mo no tie me, na deɛ ɔpo mo no po me, na deɛ ɔpo me no nso po deɛ ɔsomaa me no.”
He that heareth you, heareth me; and he that despiseth you, despiseth me; and he that despiseth me, despiseth him that sent me.
17 Aduɔson no sane de anigyeɛ baeɛ bɛbɔɔ amaneɛ sɛ, “Awurade, wo din enti, ahonhommɔne mpo abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.”
And the seventy returned with joy, saying, Lord, even the demons are subject to us through thy name.
18 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mehunuu sɛ ɔbonsam rete afiri ɔsoro sɛ anyinam abɛhwe fam.
And he said to them, I beheld Satan as lightning fall from heaven.
19 Mama mo tumi ne ahoɔden a mode bɛtiatia awɔ ne anyanyankyerɛ ne ɔtamfoɔ no tumi biara a ɔwɔ so, na biribiara nso rentumi mo.
Behold, I give to you power to tread on serpents and scorpions, and over all the power of the enemy: and nothing shall by any means hurt you.
20 Nanso mommma mo ani nnye sɛ ahonhommɔne brɛ wɔn ho ase ma mo, na mmom, momma mo ani nnye sɛ wɔatwerɛ mo din wɔ ɔsoro.”
Notwithstanding in this rejoice not, that the spirits are subject to you; but rather rejoice, because your names are written in heaven.
21 Saa ɛberɛ no ara mu, Yesu de Honhom Kronkron mu anigyeɛ bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɔsoro ne asasewura, meda wo ase sɛ wode saa nneɛma yi ahinta wɔn a wɔsusu sɛ wɔyɛ anyansafoɔ, na mmom woada nokorɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔde ahobrɛaseɛ gye wo di sɛ mmɔfra no. Nanso, Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa.
In that hour Jesus rejoiced in spirit, and said, I thank thee, O Father, Lord of heaven and earth, that thou hast hid these things from the wise and prudent, and hast revealed them to babes: even so, Father; for so it seemed good in thy sight.
22 “Mʼagya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no. Saa ara nso na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne wɔn a Ɔba no bɛda Agya no adi akyerɛ wɔn no.”
All things are delivered to me by my Father: and no man knoweth who the Son is, but the Father; and who the Father is, but the Son, and [he] to whom the Son will reveal [him].
23 Ɛkaa ɔne nʼasuafoɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nhyira ne aniwa a ɛhunu deɛ mohunu!
And he turned himself to [his] disciples, and said privately, Blessed [are] the eyes which see the things that ye see.
24 Ɛfiri sɛ, adiyifoɔ ne ahene pii pɛɛ sɛ anka wɔhunu deɛ mohunu yi na wɔte deɛ mote yi, nanso wɔanhunu na wɔante.”
For I tell you, that many prophets and kings have desired to see the things which ye see, and have not seen [them]; and to hear the things which ye hear, and have not heard [them].
25 Mmaranimfoɔ bi pɛɛ sɛ ɔsɔ Yesu hwɛ enti ɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, menyɛ dɛn na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?” (aiōnios )
And behold, a certain lawyer stood up, and tempted him, saying, Master, what shall I do to inherit eternal life? (aiōnios )
26 Yesu nso bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wɔatwerɛ wɔ Mose mmara no mu? Na wote aseɛ sɛn?”
He said to him, What is written in the law? how readest thou?
27 Ɔbuaa no sɛ, “Mmara no ka sɛ, ‘Fa wʼakoma, ne wo kra, ne wʼahoɔden, ne wʼadwene nyinaa dɔ Awurade, wo Onyankopɔn, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!’”
And he answering said, Thou shalt love the Lord thy God with all thy heart, and with all thy soul, and with all thy strength, and with all thy mind; and thy neighbor as thyself.
28 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woabua no yie. Yɛ yeinom na wobɛnya nkwa.”
And he said to him, Thou hast answered right: this do, and thou shalt live.
29 Nanso, ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔdi mmara no nyinaa so enti, ɔbisaa Yesu sɛ, “Hwan ne me yɔnko?”
But he, willing to justify himself, said to Jesus, And who is my neighbor?
30 Yesu nso maa no mfatoho bi sɛ, “Ɛda bi na ɔbarima bi retu ɛkwan firi Yerusalem akɔ Yeriko. Na ɔnam ɛkwan so no, ɔkɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu na wɔgyee ne ho nneɛma nyinaa, hwee no, pirapiraa no ma ɔtɔɔ baha, gyaa no too kwankyɛn kɔeɛ.
And Jesus answering said, A certain [man] went down from Jerusalem to Jericho, and fell among robbers, who stripped him of his raiment, and wounded [him], and departed, leaving [him] half dead.
31 Ankyɛre biara, Yudani ɔsɔfoɔ bi bɛpuee ne so, nanso ɔmane faa nkyɛn kɔeɛ.
And by chance there came down a certain priest that way; and when he saw him, he passed by on the other side.
32 Saa ara nso na Lewini bi nso bɛpuee ne so mane faa nkyɛn.
And likewise a Levite, when he was at the place, came and looked [on him], and passed by on the other side.
33 Ankyɛre biara na Samariani bi nso bɛpuee hɔ. Ɔhunuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.
But a certain Samaritan, as he journeyed, came were he was: and when he saw him, he had compassion [on him],
34 Ɔkɔkotoo ne nkyɛn, hohoroo nʼapirakuro no anim, de aduro guguu mu, kyekyereeɛ. Afei, ɔmaa no so de no tenaa nʼafunumu so dii aboa no nkyɛn de no kɔɔ ahɔhobea bi hwɛɛ no anadwo mu no nyinaa.
And went to [him], and bound up his wounds, pouring in oil and wine, and set him on his own beast, and brought him to an inn, and took care of him.
35 Adeɛ kyeeɛ no, ɔgyaa ahɔhobea sohwɛfoɔ no sika a ɛbɛso no hwɛ sɛ ɔmfa nhwɛ no. Ɔsane hyɛɛ no bɔ sɛ, ‘Ɛka foforɔ biara a wobɛbɔ wɔ ne ho no, mɛba abɛtua.’
And on the morrow, when he departed, he took out two pence, and gave [them] to the host, and said to him, Take care of him: and whatever thou spendest more, when I come again, I will repay thee.
36 “Afei, saa nnipa baasa yi mu hwan na ɔyɛɛ ne yɔnko?”
Which now of these three, thinkest thou, was neighbor to him that fell among the robbers?
37 Mmaranimfoɔ no buaa sɛ, “Deɛ ɔhunuu opirafoɔ no mmɔbɔ no.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nso, kɔ na kɔyɛ saa ara.”
And he said, He that showed mercy on him. Then said Jesus to him, Go, and do thou likewise.
38 Ɛbaa sɛ Yesu ne nʼasuafoɔ rekɔ Yerusalem no, wɔkɔduruu akuraa bi ase. Wɔduruu hɔ no, ɔbaa bi a wɔfrɛ no Marta de no kɔɔ ne fie.
Now it came to pass, as they were going, he entered into a certain village: and a certain woman, named Martha, received him into her house.
39 Marta nuabaa bi a wɔfrɛ no Maria tenaa fam wɔ Yesu nkyɛn tiee no.
And she had a sister called Mary, who also sat at Jesus' feet, and heard his word.
40 Saa ɛberɛ no, Marta a nʼani abere reyɛ aduane no baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, mayɛ adwuma abrɛ enti ka kyerɛ Maria na ɔmmɛsɔ me mu.”
But Martha was cumbered about much serving, and came to him, and said, Lord, dost thou not care that my sister hath left me to serve alone? bid her therefore that she help me.
41 Awurade buaa no sɛ, “Marta, Marta, wodwennwene ha wo ho wɔ nneɛma pii ho.
And Jesus answered, and said to her, Martha, Martha, thou art anxious, and troubled about many things:
42 Adeɛ baako pɛ na ɛhia; ɛno na Maria afa no; na wɔrennye mfiri ne nsam.”
But one thing is needful; and Mary hath chosen that good part, which shall not be taken away from her.