< 3 Mose 3 >

1 “‘Sɛ obiara pɛ sɛ ɔbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Awurade a, ɔtumi de nantwinini anaa nantwibereɛ bɔ, nanso ɛsɛ sɛ aboa no yɛ deɛ ne ho nni dɛm biara.
ואם זבח שלמים קרבנו--אם מן הבקר הוא מקריב אם זכר אם נקבה תמים יקריבנו לפני יהוה
2 Onipa a ɔde aboa no aba no de ne nsa bɛgu aboa no apampam na wakum no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. Na Aaron mmammarima no apete aboa no mogya agu afɔrebukyia no ho,
וסמך ידו על ראש קרבנו ושחטו פתח אהל מועד וזרקו בני אהרן הכהנים את הדם על המזבח--סביב
3 na wɔahye aboa no ayamdeɛ ne ɛho sradeɛ nyinaa
והקריב מזבח השלמים אשה ליהוה--את החלב המכסה את הקרב ואת כל החלב אשר על הקרב
4 ne ne sawa mmienu no ne ne sisia ne ne sawa kotokuo wɔ Awurade anim.
ואת שתי הכלית ואת החלב אשר עלהן אשר על הכסלים ואת היתרת על הכבד על הכליות יסירנה
5 Na ɛbɛsɔ Awurade ani yie.
והקטירו אתו בני אהרן המזבחה על העלה אשר על העצים אשר על האש--אשה ריח ניחח ליהוה
6 “‘Sɛ abirekyie anaa odwan na mode bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade a, ɛnsɛ sɛ ɛdɛm biara ba ne ho na ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini anaa ɔbereɛ.
ואם מן הצאן קרבנו לזבח שלמים ליהוה--זכר או נקבה תמים יקריבנו
7 Sɛ mode odwan ba sɛ mo akyɛdeɛ a,
אם כשב הוא מקריב את קרבנו--והקריב אתו לפני יהוה
8 momfa mo nsa ngu nʼapampam na monkum no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Afei, Aaron mmammarima no bɛpete mogya no agu afɔrebukyia no ho nyinaa.
וסמך את ידו על ראש קרבנו ושחט אתו לפני אהל מועד וזרקו בני אהרן את דמו על המזבח--סביב
9 Saa asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ yi, fa bi na wɔmfa mma Awurade sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ a ne dua ne mu nneɛma ne ɛho sradeɛ, sradeɛ a ɛwɔ ne yam adeɛ nyinaa ho,
והקריב מזבח השלמים אשה ליהוה--חלבו האליה תמימה לעמת העצה יסירנה ואת החלב המכסה את הקרב ואת כל החלב אשר על הקרב
10 ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn ne sisia ne ne berɛboɔ a wɔbɛyi ɛno ne ne sawa no ka ho.
ואת שתי הכלית ואת החלב אשר עלהן אשר על הכסלים ואת היתרת על הכבד על הכלית יסירנה
11 Ɔsɔfoɔ no bɛhye no wɔ afɔrebukyia no so sɛ aduane a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade.
והקטירו הכהן המזבחה--לחם אשה ליהוה
12 “‘Sɛ obi de abirekyie brɛ Awurade sɛ nʼafɔrebɔdeɛ a,
ואם עז קרבנו--והקריבו לפני יהוה
13 fa wo nsa gu aboa no apampam naku no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Aaron mmammarima de aboa no mogya bɛpete afɔrebukyia no ho nyinaa.
וסמך את ידו על ראשו ושחט אתו לפני אהל מועד וזרקו בני אהרן את דמו על המזבח--סביב
14 Ɛsɛ sɛ wɔhye saa afɔrebɔdeɛ yi fa bi ma Awurade. Saa afɔrebɔdeɛ fa no yɛ aboa no yam sradeɛ,
והקריב ממנו קרבנו אשה ליהוה--את החלב המכסה את הקרב ואת כל החלב אשר על הקרב
15 ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn nʼasene mu ne ne berɛboɔ a wɔbɛyi aka ne sawa no ho.
ואת שתי הכלית ואת החלב אשר עלהן אשר על הכסלים ואת היתרת על הכבד על הכלית יסירנה
16 Ɔsɔfoɔ no bɛhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Awurade ani bɛsɔ saa ɔhyeɛ afɔdeɛ no. Kae sɛ sradeɛ no nyinaa yɛ Awurade dea.
והקטירם הכהן המזבחה--לחם אשה לריח ניחח כל חלב ליהוה
17 “‘Yei ne mmara a monni so daa nyinaa wɔ asase yi so baabiara. Monnni sradeɛ anaa mogya.’”
חקת עולם לדרתיכם בכל מושבתיכם--כל חלב וכל דם לא תאכלו

< 3 Mose 3 >