< 3 Mose 20 >
1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no sɛ,
Locutusque est Dominus ad Moysen, dicens:
2 “Obiara a ɔfiri mo mu a ɔde ne ba bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Molek no, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔhoɔ no, wɔbɛsi no aboɔ.
Hæc loqueris filiis Israel: Homo de filiis Israel, et de advenis, qui habitant in Israel, si quis dederit de semine suo idolo Moloch, morte moriatur: populus terræ lapidabit eum.
3 Na mʼankasa mɛtia saa onipa no na matwa no asuo afiri ne nkurɔfoɔ mu, ɛfiri sɛ, ɔde ne ba ama Molek ama mʼAhyiaeɛ Ntomadan adane baabi a metena a ɛnyɛ yie, na wagu me din kronkron no nso ho fi.
Et ego ponam faciem meam contra illum: succidamque eum de medio populi sui, eo quod dederit de semine suo Moloch, et contaminaverit Sanctuarium meum, ac polluerit nomen sanctum meum.
4 Na sɛ nnipa a wɔte mpɔtam hɔ no nso boapa yɛ wɔn ho sɛ wɔnnim sɛ ɔbarima no de ne ba abɔ afɔdeɛ ama Molek na wɔankum no a, mʼankasa mɛtia
Quod si negligens populus terræ, et quasi parvipendens imperium meum, dimiserit hominem qui dedit de semine suo Moloch, nec voluerit eum occidere:
5 ɔbarima no ne ne fiefoɔ na matwa ɔno ne nnipa a wɔde wɔn ho to anyame foforɔ so no nyinaa asuo.
ponam faciem meam super hominem illum, et super cognationem eius, succidamque et ipsum, et omnes qui consensuerunt ei ut fornicarentur cum Moloch, de medio populi sui.
6 “‘Mɛtia obiara a ɔkɔ adebisafoɔ ne abayifoɔ hɔ abisa na ɔkɔdi wɔn akyi adwaman kwan so, na matwa saa onipa no asuo afiri ne nkurɔfoɔ mu.
Anima, quæ declinaverit ad magos et ariolos, et fornicata fuerit cum eis, ponam faciem meam contra eam, et interficiam illam de medio populi sui.
7 “‘Enti monte mo ho na monyɛ kronkron na mene Awurade mo Onyankopɔn.
Sanctificamini et estote sancti, quia ego sum Dominus Deus vester.
8 Ɛsɛ sɛ modi me mmara nyinaa so, ɛfiri sɛ, mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.
Custodite præcepta mea, et facite ea: Ego Dominus qui sanctifico vos.
9 “‘Obiara a ɔbɛdome nʼagya anaa ne maame no, ɛkwan biara so wɔbɛkum no, ɛfiri sɛ, wadome nʼankasa ne honam ne ne mogya.
Qui maledixerit patri suo, aut matri, morte moriatur: patri, matrique maledixit, sanguis eius sit super eum.
10 “‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa obi yere a, ɛsɛ sɛ wɔkum ɔbarima no ne ɔbaa no nyinaa.
Si mœchatus quis fuerit cum uxore alterius, et adulterium perpetraverit cum coniuge proximi sui, morte moriantur et mœchus et adultera.
11 “‘Sɛ ɔbarima bi ne nʼagya yere da a, ɛsɛ sɛ wɔkum ɔbarima no ne ɔbaa no, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa ayɛ bɔne kɛseɛ.
Qui dormierit cum noverca sua, et revelaverit ignominiam patris sui, morte moriantur ambo: sanguis eorum sit super eos.
12 “‘Na sɛ ɔbarima bi kɔfa nʼase a ɔyɛ ne babarima yere a, ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn baanu no nyinaa; wɔn ankasa na wɔagu wɔn ho wɔn ho fi.
Si quis dormierit cum nuru sua, uterque moriatur, quia scelus operati sunt: sanguis eorum sit super eos.
13 “‘Sɛ ɔbarima bi fa ne yɔnko barima a, wɔnkum wɔn baanu no nyinaa. Wɔn ara na wɔpɛ wɔn wuo.
Qui dormierit cum masculo coitu femineo, uterque operatus est nefas, morte moriantur: sit sanguis eorum super eos.
14 “‘Sɛ ɔbarima bi fa ɔbaa bi na ɔsane kɔfa ɔbaa no maame ka ho a, ɛyɛ bɔne kɛseɛ. Wɔbɛhye saa nnipa baasa yi nyinaa anikann de apepa amumuyɛsɛm afiri mo mu.
Qui supra uxorem filiam, duxerit matrem eius, scelus operatus est: vivus ardebit cum eis, nec permanebit tantum nefas in medio vestri.
15 “‘Sɛ ɔbarima bi fa aboa a, wɔbɛkum ɔbarima no na wɔakum aboa no nso.
Qui cum iumento et pecore coierit, morte moriatur: pecus quoque occidite.
16 “‘Sɛ ɔbaa nso ma aboa fa no a, monkum ɔbaa no ne aboa no nyinaa, ɛfiri sɛ, saa asotwe no fata wɔn.
Mulier, quæ succubuerit cuilibet iumento, simul interficietur cum eo: sanguis eorum sit super eos.
17 “‘Sɛ ɔbarima ne ne nuabaa da a, sɛ ɛyɛ nʼagya babaa o, sɛ nso ɛyɛ ne maame babaa o, ɛyɛ animguasesɛm, enti wɔbɛgyina badwa mu atwa wɔn asuo afiri Israelfoɔ mu. Ɔbarima no ara bɛsoa nʼafɔdie.
Qui acceperit sororem suam filiam patris sui, vel filiam matris suæ, et viderit turpitudinem eius, illaque conspexerit fratris ignominiam: nefariam rem operati sunt: occidentur in conspectu populi sui, eo quod turpitudinem suam mutuo revelaverint, et portabunt iniquitatem suam.
18 “‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa ɔbaa a wabu ne nsa a, wɔbɛtwa wɔn baanu no nyinaa asuo, ɛfiri sɛ, ɔbarima no ada ɔbaa no ho a ɛnte no adi.
Qui coierit cum muliere in fluxu menstruo, et revelaverit turpitudinem eius, ipsaque aperuerit fontem sanguinis sui, interficientur ambo de medio populi sui.
19 “‘Sɛ obi ne nʼagya nuabaa da a, ɛyɛ akyiwadeɛ. Saa ara nso na ɔne ne maame nuabaa da a, ɛyɛ akyiwadeɛ ara ne no, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛ mogya baako. Ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn aso.
Turpitudinem materteræ, et amitæ tuæ non discooperies: qui hoc fecerit, ignominiam carnis suæ nudavit, portabunt ambo iniquitatem suam.
20 “‘Sɛ ɔbarima bi fa nʼagya nuabarima yere a, wafa adeɛ a ɛyɛ nʼagya nuabarima no dea; wɔn asotweɛ ne sɛ, wɔbɛsoa wɔn bɔne awu a wɔnwo ba.
Qui coierit cum uxore patrui, vel avunculi sui, et revelaverit ignominiam cognationis suæ, portabunt ambo peccatum suum: absque liberis morientur.
21 “‘Sɛ ɔbarima bi ware ne nua yere a, ɛyɛ afideɛ, ɛfiri sɛ, wafa ne nua adeɛ na wɔn nyinaa renwo ba.
Qui duxerit uxorem fratris sui, rem facit illicitam, turpitudinem fratris sui revelavit: absque liberis erunt.
22 “‘Ɛsɛ sɛ modi me mmara nyinaa so na mampam mo amfiri mo asase foforɔ yi so.
Custodite leges meas, atque iudicia, et facite ea: ne et vos evomat terra quam intraturi estis et habitaturi.
23 Monnni ɔman no amanneɛ a maka no wɔ mo anim sɛ ɛnyɛ no akyi, ɛfiri sɛ, nneɛma a wɔyɛ a ɛnyɛ no nyinaa, mabɔ mo ho kɔkɔ dada. Ɛno enti na mekyiri saa aman no.
Nolite ambulare in legitimis nationum, quas ego expulsurus sum ante vos. Omnia enim hæc fecerunt, et abominatus sum eas.
24 Mahyɛ mo wɔn asase no ho bɔ sɛ mede bɛma mo. Ɛyɛ asase a nufosuo ne ɛwoɔ sen wɔ so. Mene Awurade mo Onyankopɔn a mama mo ada nso wɔ aman a aka no nyinaa mu.
Vobis autem loquor: Possidete terram eorum, quam dabo vobis in hereditatem, terram fluentem lacte et melle. ego Dominus Deus vester, qui separavi vos a ceteris populis.
25 “‘Ɛsɛ sɛ mo nso mohunu nnomaa ne mmoa a mama mo ho ɛkwan sɛ monwe wɔn nam ne wɔn a ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam no ntam nsonsonoeɛ. Ɛwom sɛ mmoa ne nnomaa a mabra sɛ monnnwe no, wɔabu so wɔ asase no so deɛ, nanso monnnwe mfa ngu mo ho fi nhyɛ me abufuo.
Separate ergo et vos iumentum mundum ab immundo, et avem mundam ab immunda: ne polluatis animas vestras in pecore, et avibus, et cunctis quæ moventur in terra, et quæ vobis ostendi esse polluta.
26 Mobɛyɛ kronkron ama me ɛfiri sɛ, me Awurade, meyɛ kronkron na mayi mo afiri nnipa nyinaa mu asi nkyɛn sɛ moyɛ me dea.
Eritis mihi sancti, quia sanctus sum ego Dominus, et separavi vos a ceteris populis, ut essetis mei.
27 “‘Ɔbarima anaa ɔbaa a ɔyɛ samanfrɛfoɔ anaasɛ ɔsumanni wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ mokum wɔn. Ɛsɛ sɛ mosi wɔn aboɔ. Ɛyɛ bɔne kɛseɛ.’”
Vir, sive mulier, in quibus pythonicus, vel divinationis fuerit spiritus, morte moriantur. lapidibus obruent eos: sanguis eorum sit super illos.