< 3 Mose 19 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, me Awurade a meyɛ mo Onyankopɔn no, meyɛ kronkron.
“Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Monyɛ kronkron, efisɛ me Awurade a meyɛ mo Nyankopɔn no, meyɛ kronkron.
3 “‘Ɛsɛ sɛ mode anidie ma mo maamenom ne mo agyanom na modi me homeda mmara no so, ɛfiri sɛ, meyɛ Awurade mo Onyankopɔn.
“‘Ɛsɛ sɛ mode nidi ma mo nanom ne mo agyanom na mudi me homeda mmara no so, efisɛ meyɛ Awurade mo Nyankopɔn.
4 “‘Monnsom ahoni, ɛfiri sɛ, meyɛ Awurade mo Onyankopɔn.
“‘Monnsom ohoni, anaa monnyɛ nnade anyame bi mma mo ho. Mene Awurade mo Nyankopɔn.
5 “‘Ɛsɛ sɛ mobɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Awurade a momfa ɛkwan pa so mmɔ na asɔ Awurade ani.
“‘Sɛ mobɔ asomdwoe afɔre ma Awurade a momfa ɔkwan pa so mmɔ na asɔ Awurade ani.
6 Ɛda a mobɛbɔ saa afɔdeɛ no, monni no ɛda no ara, na aboro so koraa na ɛsɛ sɛ modi no adekyeeɛ. Monhye deɛ ɛbɛdi nnansa no.
Da a mobɛbɔ saa afɔre no, munni no da no ara, na aboro so koraa na ɛsɛ sɛ mudi no adekyee. Monhyew nea ebedi nnansa no.
7 Na deɛ mobɛdi no nnansa so no yɛ akyiwadeɛ ma me, enti mɛpo.
Na nea mubedi no nnansa so no yɛ akyiwade ma me, enti mɛpo.
8 Sɛ modi no nnansa so a, modi ho fɔ na moagu Awurade kronkronyɛ nso ho fi, na wɔbɛtwa mo asuo afiri Awurade nkurɔfoɔ mu.
Sɛ mudi no nnansa so a, mudi ho fɔ na moagu Awurade kronkronyɛ nso ho fi, na wobetwa mo asu afi Awurade nkurɔfo mu.
9 “‘Sɛ motwa mo nnɔbaeɛ a, monntwa nnɔbaeɛ a ɛwɔ mo mfuo nhanoa no. Sɛ moretwa a, aba a ɛbɛgu fam no nso, monntase.
“‘Sɛ mutwa mo nnɔbae a, munntwa nnɔbae a ɛwɔ mo mfuw nhanoa no. Sɛ moretwa a, aba a ebegu fam no nso, monntase.
10 Saa ara na mo bobe so aba no nso, ɛnsɛ sɛ mote so nyinaa. Na deɛ ɛbɛte agu aseɛ no nso, monntase. Monnya mma ahiafoɔ ne akwantufoɔ a wɔbɛfa hɔ no na mene Awurade mo Onyankopɔn.
Saa ara na mo bobe so aba no nso, ɛnsɛ sɛ motew ne nyinaa. Na nea ɛbɛtew agu ase no nso, monntase. Munnyaw mma ahiafo ne akwantufo a wɔbɛfa hɔ no na mene Awurade mo Nyankopɔn.
11 “‘Mommmɔ korɔno. “‘Monntwa atorɔ. “‘Na monnsisi obiara.
“‘Mommmɔ korɔn. “‘Munntwa atoro. “‘Na munnsisi obiara.
12 “‘Monnka ntanhunu mfa ngu mo Onyankopɔn din ho fi, ɛfiri sɛ, mene Awurade.
“‘Monnka ntamhunu mfa ngu mo Nyankopɔn din ho fi, efisɛ mene Awurade.
13 “‘Nwia wo yɔnko na monnsisi obi. “‘Na mo apaafoɔ nso, montua wɔn ka ntɛm na mommma adeɛ nkye so.
“‘Nwia wo yɔnko na munnsisi obi. “‘Na mo apaafo nso, muntua wɔn ka ntɛm. Na sɛ ɛka bi bɛtɔ mo ne wɔn ntam a, mommma ade nkye so.
14 “‘Monnnome ɔsotifoɔ na monntwintwane onifirani akwan mu. Monsuro mo Onyankopɔn; Mene Awurade.
“‘Monnnome ɔsotifo na munntwintwan onifuraefo akwan mu. Munsuro mo Nyankopɔn; Mene Awurade.
15 “‘Ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara atemmufoɔ bu atɛntenenee a wɔnhwɛ sɛ deɛ wɔrebu no atɛn no yɛ ohiani anaa osikani. Ɛsɛ sɛ daa wɔn atemmuo yɛ pɛpɛɛpɛ.
“‘Ɛsɛ sɛ bere biara atemmufo bu atɛntrenee a wɔnhwɛ sɛ nea worebu no atɛn no yɛ ohiani anaa ɔdefo. Ɛsɛ sɛ daa wɔn atemmu yɛ pɛpɛɛpɛ.
16 “‘Monnni nsekuro. “‘Mfa bɔne bi ho asɛm nto wo yɔnko so, na mene Awurade.
“‘Munnni nseku. “‘Mfa bɔne bi ho asɛm nto wo yɔnko so, na mene Awurade.
17 “‘Ntane wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefoɔ mfa ne ho nni. Sɛ woyɛ saa a, wo nso wodi ho fɔ saa ara.
“‘Ntan wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefo mfa ne ho nni. Sɛ woyɛ saa a, wo nso wudi ho fɔ saa ara.
18 “‘Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔ; na mmom, dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, na mene Awurade.
“‘Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔw; na mmom, dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, na mene Awurade.
19 “‘Monni me mmara so: “‘Mma wo nantwie mforo aboa foforɔ bi. “‘Nnua afifideɛ a ɛgu ahodoɔ mmienu wɔ wʼafuo mu. “‘Nhyɛ atadeɛ a ɛfa yɛ kuntu na ɛfa nso yɛ serekye.
“‘Munni me mmara so. “‘Mma wo nantwi mforo aboa foforo bi. “‘Nnua afifide a egu ahorow abien wɔ wʼafuw mu. “‘Nhyɛ atade a wɔde atam ahorow abien na anwen.
20 “‘Sɛ obi bɔ afenaa bi a obi asi no asiwaa asɔn a, ɛsɛ sɛ wɔdi wɔn asɛm wɔ asɛnniiɛ nanso ɛnsɛ sɛ wɔkum wɔn, ɛfiri sɛ, afenaa no nne ne ho.
“‘Sɛ obi ne afenaa bi a obi asi no asiwa da a, ɛsɛ sɛ wodi wɔn asɛm wɔ asennii nanso ɛnsɛ sɛ wokum wɔn, efisɛ afenaa no nne ho.
21 Ɔbarima no na ɔde ne fɔdie afɔrebɔdeɛ bɛbrɛ Awurade wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ odwennini.
Ɔbarima no na ɔde nʼafɔdi afɔrebɔde bɛbrɛ Awurade wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ odwennini.
22 Ɔsɔfoɔ no de odwennini no bɛyɛ mpatadeɛ ama ɔbarima no bɔne a ɔyɛeɛ no na ama wɔde ne bɔne no akyɛ no.
Ɔsɔfo no de odwennini no bɛyɛ mpata ama ɔbarima no bɔne a ɔyɛe no na ama wɔde ne bɔne no akyɛ no.
23 “‘Sɛ mokɔ asase bi so kɔdua nnuaba ahodoɔ pii wɔ so a, nnɔbaetwa mmiɛnsa a ɛdi ɛkan no, monnni, ɛfiri sɛ, wɔbu no sɛ ɛho agu fi.
“‘Sɛ mokɔ asase bi so kodua nnuaba ahorow pii a, nnɔbaetwa abiɛsa a edi kan no, munnni, efisɛ wobu no sɛ ɛho agu fi.
24 Na ne mfeɛ ɛnan so no, momfa aba no nyinaa mma Awurade mfa nkamfo no.
Na ne mfe anan so no, momfa aba no nyinaa mma Awurade mfa nkamfo no.
25 Na ne mfeɛ enum so no, aba no yɛ mo dea. Mene Awurade mo Onyankopɔn.
Na ne mfe anum so no, aba no yɛ mo dea. Eyi bɛma mo nnɔbae so ato. Mene Awurade mo Nyankopɔn.
26 “‘Monnwe aboa biara a wɔnsɔnee ne mu mogya ɛnam. “‘Na mommfa mo ho nto ntafowayie anaa bayie so.
“‘Monnwe aboa biara a wɔnsɔnee ne mu mogya no nam. “‘Mommfa mo ho nkɔ asumansɛm anaa abayisɛm mu.
27 “‘Ɛnsɛ sɛ motwitwa mo moma so nwi twitwa mo abɔgyesɛ so sɛdeɛ abosonsomfoɔ yɛ no.
“‘Ɛnsɛ sɛ mutwitwa mo moma so nwi twitwa mo abɔgyesɛ so.
28 “‘Mommotabota mo ho mma ayiyɛ, na monnyɛ nsohyɛdeɛ wɔ mo honam ani nso. Mene Awurade.
“‘Munntwitwa mo honam mma awufo anaa monnyɛ agyiraehyɛde ahorow wɔ mo ho. Mene Awurade.
29 “‘Mma wo babaa nkɔbɔ adwaman mfa ngu ne ho fi na asase no annane abɔnefoɔ asase.
“‘Mma wo babea nkɔbɔ aguaman mfa ngu ne ho fi na asase no annan abɔnefo ne nguamanfo asase.
30 “‘Monni me homeda mmara no so na monni mʼAhyiaeɛ Ntomadan no ni, ɛfiri sɛ, mene Awurade.
“‘Munni me homeda mmara no so na munni me kronkronbea no ni, efisɛ mene Awurade.
31 “‘Monnkɔ abisa wɔ adebisafoɔ ne abayifoɔ nkyɛn mmfa ngu mo ho fi, na mene Awurade mo Onyankopɔn.
“‘Monnkɔ asuman anaa ahonhom nkyɛn abisa mmfa ngu mo ho fi, na mene Awurade mo Nyankopɔn.
32 “‘Momfa obuo ne anidie mma mpanimfoɔ wɔ Onyamesuro mu. Mene Awurade.
“‘Momfa obu ne nidi mma mpanyimfo wɔ Onyamesuro mu. Mene Awurade.
33 “‘Mommfa no sɛ yɛwɔ ahɔhoɔ wɔ yɛn ɔman yi mu enti yɛbɛsisi wɔn.
“‘Sɛ ɔhɔho bɛtena mo mu a munnsisi no.
34 Mommu wɔn sɛdeɛ mobu onipa biara. Monnodɔ wɔn sɛ mo ho na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔhoɔ wɔ Misraim asase so. Mene Awurade mo Onyankopɔn.
Mummu wɔn sɛnea mubu onipa biara. Monnodɔ wɔn sɛ mo ho na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔho wɔ Misraim asase so. Mene Awurade mo Nyankopɔn.
35 “‘Ɛnsɛ sɛ mobu ntɛnkyea wɔ adesusuo, adekari anaa ade dodoɔ mu.
“‘Mommfa atoro nsusuwde nsusuw, nkari anaa nkan mo biribiara.
36 Ɛsɛ sɛ mo nsania ne mo nkariboɔ yɛ pɛpɛɛpɛ. Adeɛ a mode susu nsunsudeɛ ne nneɛma a ɛnyɛ nsunsu no nso, ɛsɛ sɛ ɛyɛ pɛpɛɛpɛ, ɛfiri sɛ, mene Awurade mo Onyankopɔn a mede mo firi Misraim baeɛ no.
Momfa nokware nsania, nkaribo ne asusuwde a eye. Mene Awurade mo Nyankopɔn a mede mo fi Misraim bae no.
37 “‘Ɛsɛ sɛ modi me mmaransɛm ne mʼahyɛdeɛ no nyinaa so, na mene Awurade.’”
“‘Munni me mmaransɛm ne mʼahyɛde no nyinaa so, na mene Awurade.’”

< 3 Mose 19 >