< 3 Mose 18 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ,
The LORD said to Moses,
2 ‘Mene Awurade mo Onyankopɔn,
“Speak to the children of Israel, and say to them, ‘I am the LORD your God.
3 enti mommmɔ mo bra sɛ abosonsomfoɔ. Monnyɛ sɛ nnipa a na mo ne wɔn te wɔ Misraim anaa Kanaan wɔ baabi a mede mo rekɔ no. Monnsuasua wɔn.
You shall not do as they do in the land of Egypt, where you lived. You shall not do as they do in the land of Canaan, where I am bringing you. You shall not follow their statutes.
4 Me mmara ne mʼahyɛdeɛ ara so na ɛsɛ sɛ modi; na ɛsɛ sɛ modi so pɛpɛɛpɛ, ɛfiri sɛ, mene Awurade mo Onyankopɔn.
You shall do my ordinances. You shall keep my statutes and walk in them. I am the LORD your God.
5 Sɛ modi so a, mobɛnya nkwa. Mene Awurade.
You shall therefore keep my statutes and my ordinances, which if a man does, he shall live in them. I am the LORD.
6 “‘Mo mu biara nni ho ɛkwan sɛ ɔware obusuani a ɔbɛn no. Mene Awurade.
“‘None of you shall approach any close relatives, to uncover their nakedness: I am the LORD.
7 “‘Ɛnsɛ sɛ abaayewa ware nʼagya anaasɛ ɔbabarima ware ne maame.
“‘You shall not uncover the nakedness of your father, nor the nakedness of your mother: she is your mother. You shall not uncover her nakedness.
8 “‘Anaa nʼagya yerenom mu bi.
“‘You shall not uncover the nakedness of your father’s wife. It is your father’s nakedness.
9 “‘Anaa ne nuabaa anaa nʼagya babaa anaa ne maame babaa, sɛ wɔwoo no efie no mu anaa efie foforɔ mu.
“‘You shall not uncover the nakedness of your sister, the daughter of your father, or the daughter of your mother, whether born at home or born abroad.
10 “‘Ɛnsɛ sɛ moware mo nanabaa, sɛ ɔyɛ mo babarima babaa anaa mo babaa babaa, ɛfiri sɛ, ɔyɛ obusuani.
“‘You shall not uncover the nakedness of your son’s daughter, or of your daughter’s daughter, even their nakedness; for theirs is your own nakedness.
11 “‘Ɛnsɛ sɛ woware wo nuabaa a ɔyɛ wʼagya yerenom bi babaa.
“‘You shall not uncover the nakedness of your father’s wife’s daughter, conceived by your father, since she is your sister.
12 “‘Anaa wo sewaa—wo agya nuabaa, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wʼagya abusuani pɛɛ.
“‘You shall not uncover the nakedness of your father’s sister. She is your father’s near kinswoman.
13 “‘Saa ara na ɛnsɛ sɛ woware wo maame a ɔyɛ wo maame nuabaa, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wo maame abusuani pɛɛ.
“‘You shall not uncover the nakedness of your mother’s sister, for she is your mother’s near kinswoman.
14 “‘Wʼagya nuabarima yere nso, wonni ho ɛkwan sɛ woware no.
“‘You shall not uncover the nakedness of your father’s brother. You shall not approach his wife. She is your aunt.
15 “‘Wonni ho ɛkwan sɛ woware wo babarima yere, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wʼase.
“‘You shall not uncover the nakedness of your daughter-in-law. She is your son’s wife. You shall not uncover her nakedness.
16 “‘Saa ara nso na wontumi nnware wo nuabarima yere, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wo nuabarima dea.
“‘You shall not uncover the nakedness of your brother’s wife. It is your brother’s nakedness.
17 “‘Worentumi nware ɔbaa bi nsane nware ne babaa anaa ne nanabaa nka ho, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛ abusuafoɔ pɛɛ na ɛyɛ awudisɛm nso.
“‘You shall not uncover the nakedness of a woman and her daughter. You shall not take her son’s daughter, or her daughter’s daughter, to uncover her nakedness. They are near kinswomen. It is wickedness.
18 “‘Ɛnsɛ sɛ woware anuanom mmaa baanu, ɛfiri sɛ, wɔbɛtwe kora. Na sɛ ɛba sɛ wo yere wu na woware ne nuabaa bi deɛ a, ɛyɛ.
“‘You shall not take a wife in addition to her sister, to be a rival, to uncover her nakedness, while her sister is still alive.
19 “‘Ɛnsɛ sɛ wofa ɔbaa a wakɔ afikyire.
“‘You shall not approach a woman to uncover her nakedness, as long as she is impure by her uncleanness.
20 “‘Ɛnsɛ sɛ wofa wo yɔnko yere de gu wo ho fi.
“‘You shall not lie carnally with your neighbor’s wife, and defile yourself with her.
21 “‘Mfa wo mma mu biara mma Molek na ɔmmfa no mmɔ afɔdeɛ wɔ n’afɔrebukyia so. Ngu wo Onyankopɔn din ho fi, ɛfiri sɛ, mene Awurade.
“‘You shall not give any of your children as a sacrifice to Molech. You shall not profane the name of your God. I am the LORD.
22 “‘Ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima da yɛ akyiwadeɛ kɛseɛ na ɛyɛ bɔne a ɛso nso.
“‘You shall not lie with a man as with a woman. That is detestable.
23 “‘Ɛnsɛ sɛ ɔbarima fa aboa de gu ne ho fi. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbaa de ne ho ma aboanini ma ɔfa no. Ɛyɛ akyiwadeɛ kɛseɛ.
“‘You shall not lie with any animal to defile yourself with it. No woman may give herself to an animal, to lie down with it: it is a perversion.
24 “‘Monngu mo ho fi wɔ saa akwan ahodoɔ yi biara so na yeinom ne deɛ abosonsomfoɔ yɛ. Esiane sɛ wɔyɛ saa enti, merebɛyi wɔn afiri asase a morekɔ so no so.
“‘Don’t defile yourselves in any of these things; for in all these the nations which I am casting out before you were defiled.
25 Saa ahohwibra no agu ɔman mu no nyinaa ho fi; ɛno enti na meretwe nnipa a wɔte hɔ no aso na mɛyi wɔn afiri asase no so.
The land was defiled. Therefore I punished its iniquity, and the land vomited out her inhabitants.
26 Ɛsɛ sɛ modi me mmara ne mʼahyɛdeɛ no nyinaa so pɛpɛɛpɛ na ɛnsɛ sɛ moyɛ saa akyiwadeɛ yi mu bi koraa. Saa mmara yi ka mo a wɔwoo mo Israelman mu ne ahɔhoɔ a wɔne mo te nyinaa.
You therefore shall keep my statutes and my ordinances, and shall not do any of these abominations; neither the native-born, nor the stranger who lives as a foreigner among you
27 Ampa ara, ɛfiri sɛ daa nnipa a wɔte saa asase a mede mo rekɔ so no so yɛ saa akyiwadeɛ yi enti, asase no ho agu fi.
(for the men of the land that were before you had done all these abominations, and the land became defiled),
28 Monnyɛ saa adeɛ no bi, anyɛ saa a, mɛpam mo afiri asase no so sɛdeɛ mɛyɛ wɔn a wɔte hɔ seesei no.
that the land not vomit you out also, when you defile it, as it vomited out the nation that was before you.
29 “‘Obiara a ɔbɛyɛ akyiwadeɛ yi mu bi no, wɔbɛtwa no asuo afiri ɔman yi mu.
“‘For whoever shall do any of these abominations, even the souls that do them shall be cut off from among their people.
30 Enti monhwɛ sɛ mobɛdi me mmara no so na monnyɛ saa abusudeɛ kɛseɛ yi bi. Monnkɔyɛ abususɛm a wɔn a wɔte asase a morekɔ so no yɛ no bi mmfa ngu mo ho fi. Mene Awurade mo Onyankopɔn.’”
Therefore you shall keep my requirements, that you do not practice any of these abominable customs which were practiced before you, and that you do not defile yourselves with them. I am the LORD your God.’”

< 3 Mose 18 >