< 3 Mose 17 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
여호와께서 모세에게 일러 가라사대
2 “Hyɛ saa mmara a ɛfiri Awurade nkyɛn yi ma Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ no nyinaa.
아론과 그 아들들과 이스라엘 모든 자손에게 고하여 그들에게 이르기를 여호와의 명령이 이러하시다 하라
3 Israelni biara a ɔde nantwie, odwammaa anaa abirekyie bɛbɔ afɔdeɛ wɔ sraban mu anaa akyire no
무릇 이스라엘 집의 누구든지 소나 어린 양이나 염소를 진 안에서 잡든지 진 밖에서 잡든지
4 a anka ɛsɛ sɛ ɔde no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no ano hɔ de no ma Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no, wɔbɛfa saa onipa no sɛ wahwie mogya agu enti ɛsɛ sɛ wɔtwa no asuo firi ne manfoɔ mu.
먼저 회막문으로 끌어다가 여호와의 장막 앞에서 여호와께 예물로 드리지 아니하는 자는 피흘린 자로 여길 것이라 그가 피를 흘렸은즉 자기 백성 중에서 끊쳐지리라!
5 Saa mmara yi bɛbra Israelfoɔ no a ɛremma wɔmfa mmoa mmɔ afɔdeɛ wɔ wiram baabiara kwa. Ɛbɛhyɛ wɔn ama wɔde afɔrebɔdeɛ no abrɛ ɔsɔfoɔ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano sɛdeɛ ɔsɔfoɔ no bɛtumi de ama Awurade sɛ asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ.
그런즉 이스라엘 자손이 들에서 잡던 희생을 회막 문 여호와께로 끌어다가 제사장에게 주어 화목제로 여호와께 드려야 할 것이요
6 Sɛ wɔfa saa ɛkwan no so a, ɔsɔfoɔ no bɛtumi apete mogya agu Awurade afɔrebukyia no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano na wɔahye sradeɛ no sɛ ohwam ama Awurade ani asɔ.
제사장은 그 피를 회막 문 여호와의 단에 뿌리고 그 기름을 불살라 여호와께 향기로운 냄새가 되게 할 것이라
7 Na ama ɔmanfoɔ agyae afɔdeɛ a wɔbɔ ma ahonhommɔne wɔ wiram no. Yei bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo firi awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.
그들은 전에 음란히 섬기던 수염소에게 다시 제사하지 말 것이니라 이는 그들이 대대로 지킬 영원한 규례니라!
8 “Meti mu bio sɛ, ‘Hyɛ saa mmara yi nso ma wɔn. Sɛ Israelfoɔ anaa ahɔhoɔ a wɔne mo te no de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no anaa afɔrebɔ no ba,
너는 또 그들에게 이르라 무릇 이스라엘 집 사람이나 혹시 그들중에 우거하는 타국인이 번제나 희생을 드리되
9 na sɛ wɔamfa amma Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano amfa amma Awurade a, wɔbɛtwa mo asuo afiri ɔmanfoɔ mu.
회막 문으로 가져다가 여호와께 드리지 아니하면 그는 백성 중에서 끊쳐지리라!
10 “‘Na mɛdane mʼani matia obiara a ɔbɛdi mogya ɛkwan biara so no; ɛmfa ho sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔhoɔ a ɔte mo mu.
무릇 이스라엘 집 사람이나 그들 중에 우거하는 타국인 중에 어떤 피든지 먹는 자가 있으면 내가 그 피 먹는 사람에게 진노하여 그를 백성중에서 끊으리니
11 Ɛfiri sɛ, ɔhonam no nkwa wɔ mogya no mu, na mama mo mogya sɛ momfa mpete afɔrebukyia no so sɛ mpatadeɛ mma mo akra; nkwa a ɛwɔ mogya mu enti na wɔde yɛ mpatadeɛ ma onipa kra.
육체의 생명은 피에 있음이라 내가 이 피를 너희에게 주어 단에 뿌려 너희의 생명을 위하여 속하게 하였나니 생명이 피에 있으므로 피가 죄를 속하느니라
12 Ɛno enti, mereka akyerɛ Israelfoɔ sɛ, “Mma wɔn anaa ahɔhoɔ a wɔte wɔn mu no nni mogya.”
그러므로 내가 이스라엘 자손에게 말하기를 너희 중에 아무도 피를 먹지 말며 너희 중에 우거하는 타국인이라도 피를 먹지 말라 하였나니
13 “‘Israelni anaa ɔhɔhoɔ biara a ɔte wɔn mu a ɔbɛkɔ ahayɔ na ɔbɛkum aboa anaa anomaa biara a wɔwe ne nam no, ɔnsɔne ne mogya na ɔmfa mfuturo nkata so,
무릇 이스라엘 자손이나 그들 중에 우거하는 타국인이 먹을 만한 짐승이나 새를 사냥하여 잡거든 그 피를 흘리고 흙으로 덮을지니라
14 ɛfiri sɛ, aboa biara nkwa ne ne mogya. Ɛno enti na meka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, “Monnni mmogya, ɛfiri sɛ, nnomaa anaa aboa biara nkwa yɛ ne mogya. Enti obiara a ɔdi mogya no, ɛsɛ sɛ wɔtwa no asuo.”
모든 생물은 그 피가 생명과 일체라 그러므로 내가 이스라엘 자손에게 이르기를 너희는 어느 육체의 피든지 먹지 말라 하였나니 모든 육체의 생명은 그 피인즉 무릇 피를 먹는 자는 끊쳐지리라!
15 “‘Obiara a ɔwe aboafunu a ɔno ara awuo anaasɛ akekaboa bi na ɔkumm no no, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware, ɛfiri sɛ, ne ho nte kɔsi anwummerɛ; ɛno akyi, ɛsɛ sɛ wɔpae mu ka sɛ ne ho ate.
무릇 스스로 죽은 것이나 들짐승에게 찢겨 죽은 것을 먹은 자는 본토인이나 타국인이나 물론하고 그 옷을 빨고 물로 몸을 씻을 것이며 저녁까지 부정하고 그 후에 정하려니와
16 Na sɛ wansi ne ntoma annware a, wɔne no bɛdi no sɛdeɛ mmara no seɛ.’”
그가 빨지 아니하거나 몸을 물로 씻지 아니하면 죄를 당하리라

< 3 Mose 17 >