< 3 Mose 15 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,
Yavé habló a Moisés y a Aarón:
2 “Monhyɛ saa mmara yi mma Israelfoɔ: ‘Ɔbarima biara a ne ho bɛsene aguo no, ne ho agu fi.
Hablen a los hijos de Israel: Cuando cualquier varón tenga flujo seminal de su cuerpo, su descarga será impura.
3 Ɛberɛ a ne ho resene guo ne ɛberɛ a agyae no nyinaa ma ne ho gu fi.
Ésta será la norma sobre la impureza del varón por su flujo, ya sea que su cuerpo emita su flujo o que lo obstruya. Ésta será la impureza de su flujo.
4 “‘Mpa a ɔbɛda so ne biribiara a ɔbɛtena so nso ho gu fi;
Cualquier lecho en el cual se acueste el que padezca flujo, es decir, gonorrea, quedará impuro. Todo aquello sobre lo cual se siente, quedará impuro.
5 enti obiara a ɔde ne ho ka ɔbarima no mpa ho gu fi kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware.
Cualquiera que toque su lecho, lavará sus ropas. Se lavará con agua y será impuro hasta llegar la noche.
6 Obiara a ɔbɛtena akonnwa a ɔbarima no atena so so ho gu fi kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware.
Cualquiera que se siente sobre cualquier objeto en el cual se sentó el que padece gonorrea, deberá lavar sus ropas. Se lavará con agua y permanecerá impuro hasta llegar la noche.
7 “‘Saa mmara yi ka obiara a ɔde ne ho bɛka ɔbarima no.
El que toque el cuerpo del que tiene gonorrea, lavará sus ropas. Se lavará con agua y quedará impuro hasta llegar la noche.
8 “‘Obiara a ɔbarima no bɛte ntasuo agu ne so no ho nte kɔsi anwummerɛ enti ɛsɛ sɛ onii no si ne ntoma na ɔdware.
Si el que tiene gonorrea escupe sobre el que está limpio, éste lavará sus ropas. Se lavará con agua y quedará impuro hasta llegar la noche.
9 “‘Ɔpɔnkɔ adwa biara a ɔbɛtena so no ho agu fi.
Cualquier montura sobre la cual cabalgue el que tiene gonorrea, será impura.
10 Obiara a ne ho bɛka biribiara a aka saa onipa no ase no ho nte kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware.
Cualquiera que toque cualquier cosa que estuvo debajo de él, será impuro hasta llegar la noche. El que la lleve lavará sus ropas. Se lavará con agua y quedará impuro hasta llegar la noche.
11 “‘Sɛ onipa a ne ho nte no rekɔsɔ obi mu na wanhohoro ne nsa ansa a, ɛsɛ sɛ onipa ko no si ne ntoma, dware ne ho, ɛfiri sɛ, ne ho nte kɔsi anwummerɛ.
Todo aquel a quien toque el que tiene gonorrea sin lavarse las manos con agua, lavará sus ropas. Se lavará con agua y quedará impuro hasta llegar la noche.
12 “‘Sɛ saa onipa no sɔ ayowaa biara mu a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no na sɛ ɛyɛ mukaase biribi a wɔde dua na asene deɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde nsuo hohoro ho.
La vasija de barro que toque el que tiene gonorrea, será quebrada, pero todo utensilio de madera se lavará con agua.
13 “‘Sɛ nʼahosene no twa a, ɛsɛ sɛ ɔde nnanson firi ahodwira ho ahosiesie ase na ɔsi ne ntoma na ɔkɔdware wɔ asubɔnten mu.
Cuando el que tiene gonorrea sea limpiado de su flujo, él mismo contará siete días desde su purificación, lavará sus ropas y lavará su cuerpo con aguas corrientes, y quedará purificado.
14 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu bɛba Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano na ɔde ama ɔsɔfoɔ no.
El octavo día tomará dos tórtolas o dos palominos, comparecerá ante Yavé en la entrada del Tabernáculo de Reunión, y los entregará al sacerdote.
15 Ɔsɔfoɔ no de wɔn bɛbɔ afɔdeɛ a baako yɛ bɔne ho afɔdeɛ na baako no nso yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ; na ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no bɛyɛ mpatadeɛ wɔ Awurade anim ama ɔbarima no, ɛnam nʼahosene no enti.
El sacerdote los ofrecerá, el uno como sacrificio por el pecado y el otro como holocausto. Así el sacerdote hará sacrificio que apacigua por él delante de Yavé a causa de su flujo.
16 “‘Sɛ ɔbarima biara ahobaa gu a, ɛsɛ sɛ ɔdware ne ho nyinaa, ɛfiri sɛ, ne ho nso nte kɔsi anwummerɛ.
El varón que tenga espermatorrea, lavará en agua todo su cuerpo y permanecerá impuro hasta llegar la noche.
17 Ntoma anaa mpasotam biara a ahobaa no bi bɛgu mu no, ɛsɛ sɛ wɔsi, ɛfiri sɛ, ɛho nte kɔsi anwummerɛ.
Cualquier ropa o cuero sobre el cual cayó semen, se lavará con agua y será impuro hasta llegar la noche.
18 Sɛ ɔbarima fa ɔbaa a, wɔn nna no akyi, ɛsɛ sɛ ɔbaa no ne ɔbarima no nyinaa dware, ɛfiri sɛ, wɔn ho nte kɔsi anwummerɛ.
Si un varón se une con una mujer y hay emisión seminal, ambos se lavarán con agua y serán impuros hasta llegar la noche.
19 “‘Sɛ ɔbaa kɔ afikyire a, ne ho nte nnanson mu. Saa ɛberɛ no mu, obiara a ɔde ne ho bɛka no no nso ho nte kɔsi anwummerɛ.
Cuando una mujer tenga flujo de sangre, que no sea el flujo regular de su cuerpo, quedará impura durante siete días, y cualquiera que la toque quedará impuro hasta llegar la noche.
20 “‘Biribiara a ɔbɛda so anaa ɔbɛtena so saa ɛberɛ no mu no nso ho agu fi.
Todo aquello sobre lo cual ella se acueste durante su impureza será impuro, y todo aquello encima de lo cual se siente será impuro.
21 Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no bɛsi ne ntoma, adware, ɛfiri sɛ, onii no ho agu fi kɔsi anwummerɛ.
Cualquiera que toque el lecho de ella, lavará sus ropas. Se lavará con agua y quedará impuro hasta llegar la noche.
22 Sɛ obi sɔ biribi a watena so mu nso a, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware, ɛfiri sɛ, ne ho agu fi kɔsi anwummerɛ,
También todo el que toque cualquier objeto sobre el cual ella se sentó, deberá lavar sus ropas. Se lavará con agua y quedará impuro hasta llegar la noche.
23 sɛ ɛyɛ ne mpasotam anaa nʼakonnwa.
El que toque alguna cosa que esté encima del lecho o encima del objeto sobre el cual ella se sentó, quedará impuro hasta llegar la noche.
24 “‘Sɛ ɔbarima ne no da saa ɛberɛ yi mu a, ɔbarima no ho gu fi nnanson; na mpa biara a ɔbarima no bɛda so no nso ho gu fi.
Si un hombre se une con ella, y su menstruo se vierte sobre él, será impuro por siete días, y toda cama sobre la cual él se acueste será impura.
25 “‘Sɛ ɛberɛ duru sɛ ɔfiri nanso mogya da so ba anaasɛ mogya ba ɛberɛ a ɛnsɛ mu wɔ bosome no mu a, mmara korɔ no ara na wɔde ka ho asɛm,
Si una mujer padece flujo de sangre durante muchos días, sin ser el tiempo de su menstruo, o cuando tenga flujo después de su período, todos los días de ese flujo impuro permanecerá impura como en los días de su menstruación.
26 na ɛkyerɛ sɛ, biribiara a ɔbɛda so saa ɛberɛ no ho agu fi te sɛ deɛ nʼafikyikɔ berɛ mu ɔtena biribi so a, ɛho gu fi no ara pɛ.
Todo lecho en el cual se acueste durante todos los días de su flujo, le será como el lecho de su menstruación. Todo aquello sobre lo cual se siente, será impuro como en la impureza de su menstruación.
27 Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no ho agu fi a ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma, sane dware, ɛfiri sɛ, ne ho nte kɔsi anwummerɛ.
Cualquiera que toque estas cosas quedará impuro. Tendrá que lavar sus ropas y lavarse con agua, y quedará impuro hasta llegar la noche.
28 “‘Nnanson akyi, sɛ afikyikɔ no twa a, na ɔnni efi mu bio.
Cuando quede libre de su flujo, entonces contará para ella siete días, y después quedará purificada.
29 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu bɛkɔ akɔma ɔsɔfoɔ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano
Al octavo día tomará consigo dos tórtolas o dos palominos, y los llevará al sacerdote, a la entrada del Tabernáculo de Reunión.
30 na ɔsɔfoɔ no de baako abɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde baako abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ayɛ mpatadeɛ ama ɔbaa no wɔ Awurade anim wɔ nʼafikyikɔ no ho fi no ho.
El sacerdote ofrecerá uno como sacrificio por el pecado y el otro como holocausto. Así el sacerdote hará sacrificio que apacigua por ella delante de Yavé a causa del flujo de su impureza.
31 “‘Saa ɛkwan yi so na sɛ Israelfoɔ no bi ho gu fi a, mobɛfa de ate wɔn ho anyɛ saa a, ɛsiane sɛ wɔagu mʼAhyiaeɛ Ntomadan a ɛsi wɔn mu no ho fi enti, wɔbɛwuwu.’”
Así mantendrán a los hijos de Israel separados de sus impurezas, para que no mueran por sus impurezas al contaminar mi Tabernáculo que está entre ellos.
32 Yeinom ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbarima a ne ho sene
Esta es la Ley tanto para el que tiene gonorrea, como para el que tiene espermatorrea y por ello sea impuro,
33 ne ɔbaa a wakɔ afikyire ne obiara a ɔde ne ho ka ɔsakyimafoɔ wɔ ɛberɛ a ne ho nteɛ no mu no.
para la impura por su período menstrual, para el que padece flujo, sea hombre o mujer, y para el hombre que se une con una mujer impura.

< 3 Mose 15 >