< 3 Mose 11 >

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,
וידבר יהוה אל משה ואל אהרן לאמר אלהם
2 “Monka nkyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘yei ne mmoa a mobɛtumi awe wɔ asase so mmoa no mu.
דברו אל בני ישראל לאמר זאת החיה אשר תאכלו מכל הבהמה אשר על הארץ
3 Motumi we aboa biara a ne tɔte mu apae na ɔpu wesa no.
כל מפרסת פרסה ושסעת שסע פרסת מעלת גרה בבהמה--אתה תאכלו
4 “‘Monnnwe mmoa a ɛdidi so yi. Yoma, ɛfiri sɛ, ɔpu wesa nanso ne tɔte mu mpaeɛ;
אך את זה לא תאכלו ממעלי הגרה וממפרסי הפרסה את הגמל כי מעלה גרה הוא ופרסה איננו מפריס--טמא הוא לכם
5 Atwaboa, ɛfiri sɛ, ɔpu wesa nanso ne tɔte mu mpaeɛ.
ואת השפן כי מעלה גרה הוא ופרסה לא יפריס טמא הוא לכם
6 Adanko, ɛfiri sɛ, ɔpu wesa nanso ne tɔte mu mpaeɛ.
ואת הארנבת כי מעלת גרה הוא ופרסה לא הפריסה טמאה הוא לכם
7 Ɔprako, ɛfiri sɛ, ne tɔte mu apae nanso ɔmpu nwesa.
ואת החזיר כי מפריס פרסה הוא ושסע שסע פרסה והוא גרה לא יגר טמא הוא לכם
8 Monnnwe wɔn nam anaa mommfa mo nsa nka wɔn funu; wɔyɛ akyiwadeɛ nnuane ma mo.
מבשרם לא תאכלו ובנבלתם לא תגעו טמאים הם לכם
9 “‘Monni nsuomnam biara a ɛwɔ ntɛtɛ ne abon a ɛfiri nsubɔntene anaa ɛpo mu;
את זה תאכלו מכל אשר במים כל אשר לו סנפיר וקשקשת במים בימים ובנחלים--אתם תאכלו
10 nanso nsuomnam a aka no deɛ, mokyi.
וכל אשר אין לו סנפיר וקשקשת בימים ובנחלים מכל שרץ המים ומכל נפש החיה אשר במים--שקץ הם לכם
11 Ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam anaa mode mo nsa ka wɔn afunu.
ושקץ יהיו לכם מבשרם לא תאכלו ואת נבלתם תשקצו
12 Meti mu bio sɛ, nsuomnam biara a ɛnni ntɛtɛ anaa abon no, mokyi.
כל אשר אין לו סנפיר וקשקשת במים--שקץ הוא לכם
13 “‘Nnomaa a mokyi no korakora nso ne: ɔkɔdeɛ, ne ɔkɔrewa ne ɔkomfufuo,
ואת אלה תשקצו מן העוף לא יאכלו שקץ הם את הנשר ואת הפרס ואת העזניה
14 ɔkompete (wɔn ahodoɔ nyinaa), ɔsansa,
ואת הדאה--ואת האיה למינה
15 anene (wɔn ahodoɔ nyinaa),
את כל ערב למינו
16 sohori, anadwokorɔma, ɛpo so akorɔma, akorɔma (wɔn ahodoɔ nyinaa),
ואת בת היענה ואת התחמס ואת השחף ואת הנץ למינהו
17 ɔpatuo, ɛserɛ so patuo, patukɛseɛ,
ואת הכוס ואת השלך ואת הינשוף
18 bakanoma, nantwinoma, opete,
ואת התנשמת ואת הקאת ואת הרחם
19 asukɔnkɔn (wɔn ahodoɔ nyinaa), asɔkwaa ne apan.
ואת החסידה האנפה למינה ואת הדוכיפת ואת העטלף
20 “‘Ntuboa a wɔnante no, ɛnsɛ sɛ wɔwe
כל שרץ העוף ההלך על ארבע--שקץ הוא לכם
21 agye wɔn a wɔhuri;
אך את זה תאכלו מכל שרץ העוף ההלך על ארבע אשר לא (לו) כרעים ממעל לרגליו לנתר בהן על הארץ
22 ntutummɛ ahodoɔ nyinaa, nketekyire, ne mmɛbɛ nyinaa motumi we.
את אלה מהם תאכלו--את הארבה למינו ואת הסלעם למינהו ואת החרגל למינהו ואת החגב למינהו
23 Nanso mmoawa a wɔtu na wɔwɔ nan ɛnan no deɛ, mokyi.
וכל שרץ העוף אשר לו ארבע רגלים--שקץ הוא לכם
24 “‘Obiara a ɔde nsa bɛka wɔn funu no mpo ho bɛgu fi kɔsi anwummerɛ
ולאלה תטמאו כל הנגע בנבלתם יטמא עד הערב
25 na amonom hɔ ara, ɛsɛ sɛ onii no si ne ntoma na ɔtwe ne ho firi nnipa mu kɔsi anwummerɛ de kyerɛ sɛ, ne ho agu fi.
וכל הנשא מנבלתם--יכבס בגדיו וטמא עד הערב
26 “‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ne tɔte mu mpae nwieeɛ anaa aboa a ɔmpu nnwesa no, wagu ne ho fi.
לכל הבהמה אשר הוא מפרסת פרסה ושסע איננה שסעת וגרה איננה מעלה--טמאים הם לכם כל הנגע בהם יטמא
27 Aboa biara a ne nan yɛ ɛnan na ɔnam ne mmɔwerɛ so no, mokyiri ne nam. Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa a ɔte saa funu no ho agu fi kɔsi anwummerɛ; ɛyɛ mo akyiwadeɛ.
וכל הולך על כפיו בכל החיה ההלכת על ארבע--טמאים הם לכם כל הנגע בנבלתם יטמא עד הערב
28 Obiara a ɔbɛfa saa aboa no funu no, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ne ho nnte ara kɔsi anwummerɛ.
והנשא את נבלתם--יכבס בגדיו וטמא עד הערב טמאים המה לכם
29 “‘Mmoa a wɔwea fam a wɔn ho nte no nie: Kɔkɔbo, okusie, akura,
וזה לכם הטמא בשרץ השרץ על הארץ החלד והעכבר והצב למינהו
30 efiewura, ɔmampam, ɔkoterɛ, srɛ so koterɛ, abosomakoterɛ.
והאנקה והכח והלטאה והחמט והתנשמת
31 Obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn mu bi funu no ho bɛyɛ fi kɔsi anwummerɛ
אלה הטמאים לכם בכל השרץ כל הנגע בהם במתם יטמא עד הערב
32 na biribiara a wɔn funu no ho bɛka no nso ho bɛgu fi, sɛ ɛyɛ dua, ntoma, kuntu, kotokuo; biribiara a wɔn ho bɛka no, wɔmfa ngu nsuo mu nkɔsi anwummerɛ. Ɛno akyi, wɔtumi de di dwuma bio.
וכל אשר יפל עליו מהם במתם יטמא מכל כלי עץ או בגד או עור או שק כל כלי אשר יעשה מלאכה בהם במים יובא וטמא עד הערב וטהר
33 Kukuo biara a ebi bɛtɔ mu no, deɛ ɛwɔ mu biara ho bɛgu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa kukuo no.
וכל כלי חרש--אשר יפל מהם אל תוכו כל אשר בתוכו יטמא ואתו תשברו
34 Nsuo a wɔde bɛhohoro nneɛma a ɛho nte wɔ kukuo no mu no, sɛ ebi ka aduane bi a, ɛgu aduane no ho fi. Na nsã biara a ɛwɔ kukuo a ɛho agu fi no mu no nso ho gu fi saa ara.
מכל האכל אשר יאכל אשר יבוא עליו מים--יטמא וכל משקה אשר ישתה בכל כלי יטמא
35 Sɛ aboa biara a ne ho agu fi funu ka fononoo a wɔde ɛboɔ anwono a, na ɛno nso ho agu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbubu guo.
וכל אשר יפל מנבלתם עליו יטמא--תנור וכירים יתץ טמאים הם וטמאים יהיו לכם
36 Sɛ aboa no te hwe asutire anaa abura bi a nsuo wɔ mu mu a, nsuo no ho nguu fi, na mmom, onipa a ɔbɛyi aboa no ho agu fi.
אך מעין ובור מקוה מים יהיה טהור ונגע בנבלתם יטמא
37 Na sɛ aboa no funu ka aduane a wɔbɛdua no afuom a, ɛho nguu fi,
וכי יפל מנבלתם על כל זרע זרוע אשר יזרע--טהור הוא
38 nanso sɛ wɔfɔ aba no na efunu no te tɔ so a, aba no ho agu fi.
וכי יתן מים על זרע ונפל מנבלתם עליו--טמא הוא לכם
39 “‘Sɛ yadeɛ bi kum aboa a wɔama wo ho kwan sɛ we ne nam a, obi a ɔde ne nsa bɛka ne funu no no ho gu fi kɔsi anwummerɛ.
וכי ימות מן הבהמה אשר היא לכם לאכלה--הנגע בנבלתה יטמא עד הערב
40 Saa ara nso na onipa a ɔbɛwe ne ɛnam no bɛsi ne ntoma na ne ho agu fi akɔsi anwummerɛ.
והאכל מנבלתה--יכבס בגדיו וטמא עד הערב והנשא את נבלתה--יכבס בגדיו וטמא עד הערב
41 “‘Monnnwe mmoa a wɔwea fam no ɛnam.
וכל השרץ השרץ על הארץ--שקץ הוא לא יאכל
42 Wɔn a wɔtwe wɔn ho ase fa wɔn afuru so ne wɔn a wɔnam wɔn nan ɛnan so nyinaa ka ho. Monnnwe wɔn a wɔwɔ nan bebree na wɔwea no nam nso, ɛfiri sɛ, wɔn ho agu fi.
כל הולך על גחון וכל הולך על ארבע עד כל מרבה רגלים לכל השרץ השרץ על הארץ--לא תאכלום כי שקץ הם
43 Mfa wo ho nka wɔn na wo ho angu fi.
אל תשקצו את נפשתיכם בכל השרץ השרץ ולא תטמאו בהם ונטמתם בם
44 Mene Awurade wo Onyankopɔn. Momma mo ho nte wɔ saa nneɛma yi nyinaa ho na monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron. Yei enti, mommfa mo nsa nkɔka mmoa a wɔwea fam yi mu biara mfa ngu mo ho fi.
כי אני יהוה אלהיכם והתקדשתם והייתם קדשים כי קדוש אני ולא תטמאו את נפשתיכם בכל השרץ הרמש על הארץ
45 Mene Awurade a meyii mo firii Misraim de mo bɛyɛɛ mo Onyankopɔn no. Ɛno enti, ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron.
כי אני יהוה המעלה אתכם מארץ מצרים להית לכם לאלהים והייתם קדשים כי קדוש אני
46 “‘Yei ne mmara a ɛfa mmoa, nnomaa, nsuomnam ne wɔn a wɔwea asase so no ho.
זאת תורת הבהמה והעוף וכל נפש החיה הרמשת במים ולכל נפש השרצת על הארץ
47 Yei ne nsonsonoeɛ a ɛda mmoa a wɔn ho te a ɛsɛ sɛ wɔwe wɔn ɛnam ne wɔn a wɔn ho nte a ɛnsɛ sɛ wɔwe wɔn ɛnam wɔ mmoa a wɔwɔ asase so no ntam.’”
להבדיל בין הטמא ובין הטהר ובין החיה הנאכלת ובין החיה אשר לא תאכל

< 3 Mose 11 >