< 3 Mose 1 >

1 Afei, Awurade kasa firii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kyerɛɛ Mose sɛ,
و خداوند موسی را خواند، و او را از خیمه اجتماع خطاب کرده، گفت:۱
2 “Kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘sɛ morebɔ Awurade afɔdeɛ a, momfa mo anantwie ne mo nnwan no bi na mommɔ saa afɔdeɛ no.
«بنی‌اسرائیل را خطاب کرده، به ایشان بگو: هرگاه کسی از شماقربانی نزد خداوند بگذراند، پس قربانی خود را ازبهایم یعنی از گاو یا از گوسفند بگذرانید.۲
3 “‘Sɛ mo afɔrebɔdeɛ a mode rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no yɛ nantwie a ɔfiri mo nantwibuo mu a, momfa nantwie a ɔnnii dɛm na mommɔ saa afɔdeɛ no sɛdeɛ ɛbɛsɔ Awurade ani. Fa aboa no kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano na ɛhɔ na asɔfoɔ no bɛgye wʼayɛyɛdeɛ a wode rebrɛ Awurade no.
اگرقربانی او قربانی سوختنی از گاو باشد، آن را نربی عیب بگذارند، و آن را نزد در خیمه اجتماع بیاورد تا به حضور خداوند مقبول شود.۳
4 Ɛsɛ sɛ onipa a ɔde aboa no reba no de ne nsa gu aboa no tiri so sɛ mpatadeɛ ma afɔrebɔni no. Onyankopɔn bɛpɛ aboa no wuo sene sɛ afɔrebɔni a ɔde saa aboa no bɛba no bɛwu sɛ ne bɔne so akatua.
و دست خود را بر سر قربانی سوختنی بگذارد، و برایش مقبول خواهد شد تا بجهت او کفاره کند.۴
5 Afɔrebɔni no bɛkum aboa no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. Na Aaron mmammarima asɔfoɔ no asɔ aboa no mogya de akyerɛ Awurade. Na wɔde mogya no apete afɔrebukyia a ɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan no ano no ne ɛho nyinaa.
پس گاو را به حضور خداوند ذبح نماید، و پسران هارون کهنه خون را نزدیک بیاورند، و خون را براطراف مذبح که نزد در خیمه اجتماع است بپاشند.۵
6 Afei, asɔfoɔ no bɛpa aboa no ho nhoma na wɔabobɔ.
و پوست قربانی سوختنی را بکند و آن را قطعه قطعه کند.۶
7 Na ɔsɔfoɔ Aaron mmammarima no bɛsɔ ogya wɔ afɔrebukyia no so.
و پسران هارون کاهن آتش برمذبح بگذارند، و هیزم بر آتش بچینند.۷
8 Na wɔde aboa no afaafa bi ne ne ti ne ne sradeɛ agu nnyensin no so.
و پسران هارون کهنه قطعه‌ها و سر و پیه را بر هیزمی که برآتش روی مذبح است بچینند.۸
9 Wɔnhohoro nʼayamdeɛ ne ne nan ho na asɔfoɔ no nhye no wɔ afɔrebukyia no so na ayɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani.
و احشایش وپاچه هایش را به آب بشویند، و کاهن همه را برمذبح بسوزاند، برای قربانی سوختنی و هدیه آتشین و عطر خوشبو بجهت خداوند.۹
10 “‘Sɛ aboa a wɔde no rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no yɛ odwan anaa abirekyie a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini a ne ho nni dɛm biara.
و اگرقربانی او از گله باشد خواه از گوسفند خواه از بزبجهت قربانی سوختنی، آن را نر بی‌عیب بگذراند.۱۰
11 Onipa a ɔde no baeɛ no bɛkum no Awurade anim wɔ afɔrebukyia no atifi na Aaron mmammarima asɔfoɔ no apete mogya no agu afɔrebukyia no so ne ɛho nyinaa.
و آن را به طرف شمالی مذبح به حضور خداوند ذبح نماید، و پسران هارون کهنه خونش را به اطراف مذبح بپاشند.۱۱
12 Ɔbɛhyehyɛ ɛnam no na asɔfoɔ no de nʼasinasini no ne botire no ne ne sradeɛ no agu nnyensin a ɛgu afɔrebukyia no so no so.
و آن را باسرش و پیه‌اش قطعه قطعه کند، و کاهن آنها را برهیزمی که بر آتش روی مذبح است بچیند.۱۲
13 Wɔde nsuo bɛhohoro nʼayamdeɛ ne ne nan no ho ansa na asɔfoɔ no ahye no afɔrebukyia no so de ama Awurade; ɛfiri sɛ, ɔhyeɛ afɔdeɛ sɔ Awurade ani.
واحشایش و پاچه هایش را به آب بشوید، و کاهن همه را نزدیک بیاورد و بر مذبح بسوزاند، که آن قربانی سوختنی و هدیه آتشین و عطر خوشبوبجهت خداوند است.۱۳
14 “‘Sɛ obi pɛ sɛ ɔde anomaa bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma.
«و اگر قربانی او بجهت خداوند قربانی سوختنی از مرغان باشد، پس قربانی خود را ازفاخته‌ها یا از جوجه های کبوتر بگذراند.۱۴
15 Ɔsɔfoɔ no bɛfa anomaa no de no akɔ afɔrebukyia no so na wate ne ti ahye no, na ne mogya no, ɔbɛsɔne agu afɔrebukyia no nkyɛn.
وکاهن آن را نزد مذبح بیاورد و سرش را بپیچد و برمذبح بسوزاند، و خونش را بر پهلوی مذبح افشرده شود.۱۵
16 Afei, ɔsɔfoɔ no bɛyi ne mene ase, atutu ne ntakra no na wato agu nsõ no mu wɔ afɔrebukyia no apueeɛ fam.
و چینه دانش را با فضلات آن بیرون کرده، آن را بر جانب شرقی مذبح در جای خاکستر بیندازد.۱۶
17 Afei, ɔbɛtwe nʼatabu mu ama emu ntini no atete asensɛn hɔ. Na ɔsɔfoɔ no ahye no wɔ afɔrebukyia no so na Awurade de anigyeɛ bɛgye saa afɔrebɔ yi.
و آن را از میان بالهایش چاک کند و از هم جدا نکند، و کاهن آن را بر مذبح برهیزمی که بر آتش است بسوزاند، که آن قربانی سوختنی و هدیه آتشین و عطر خوشبو بجهت خداوند است.۱۷

< 3 Mose 1 >