< Kwadwom 3 >

1 Mene ɔbarima a mahunu amane wɔ nʼabufuo abaa ano.
I am the man that hath seen affliction under the rod of His wrath;
2 Wapam me afiri ne ho ama manante sum mu na ɛnyɛ hann mu;
He hath led me and brought me into darkness, and not into light;
3 Ampa ara wama nsa so atia me mpɛn bebree, ɛda mu nyinaa.
Yea, against me doth he again and again turn his hand all the day long.
4 Wama me wedeɛ ne me nam anyini Na wabubu me nnompe.
My flesh and my skin hath he made old; he hath broken my bones.
5 Waka me ahyɛ mu, ɔde nwononwono ne ahokyere atwa me ho ahyia.
He hath builded against me, and encompassed me with bitterness and woe.
6 Wama matena esum mu sɛ wɔn a wɔawuwu dada no.
He hath set me in dark places, as those that have long been dead.
7 Wato ɔfasuo atwa me ho ahyia enti mentumi nnwane; wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ baha.
He hath hedged me about, so that I cannot get out; he hath made my chain heavy;
8 Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpaeɛ srɛ mmoa a ɔsi me mpaeɛbɔ ano.
Yea, when I cry and call aloud, he shutteth out my prayer.
9 Ɔde abotan asi me ɛkwan; wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.
He blocketh up my way with hewn stone; he maketh my paths crooked.
10 Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn, te sɛ gyata a watɛ,
A bear lying in wait hath he been to me, a lion in lurking-places.
11 ɔtwee me firi ɛkwan no mu dwerɛɛ me na ɔgyaa me a menni mmoa biara.
He hath turned aside my ways, and torn me in pieces; he hath made me desolate.
12 Ɔkuntunuu ne tadua mu na ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so.
He hath bent his bow, and set me as a mark for the arrow.
13 Ɔde bɛmma a ɛfiri ne kotokuo mu hwiree mʼakoma mu.
He hath caused the sons of his quiver to pierce my reins.
14 Meyɛɛ asredeɛ maa me nkurɔfoɔ nyinaa; wɔto akutia nnwom de di me ho fɛ ɛda mu nyinaa.
I have been a laughing-stock to all my people, their song all the day.
15 Ɔde nhahan nwononwono ahyɛ me ma. Wama me bɔnwoma anom.
He hath filled me with bitterness; he hath made me drunk with wormwood.
16 Ɔde aboseaa abubu me se; na watiatia me so wɔ mfuturo mu.
He hath also broken my teeth with gravel-stones; He hath covered me with ashes.
17 Wɔama asomdwoeɛ abɔ me; na mewerɛ afiri yiedie.
Yea, thou hast removed my soul far from peace; I have forgotten prosperity.
18 Enti mese, “Mʼanimuonyam asa, deɛ mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.”
And I say, “My confidence and my hope in Jehovah are gone!”
19 Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyini mu, nwononwono ne bɔnwoma mu.
Remember my affliction and my misery, the wormwood and the gall!
20 Mekae yie, na me kra aboto wɔ me mu.
Yea, thou wilt remember them, for my soul sinketh within me!
21 Nanso, mekae yei ne saa enti, mewɔ anidasoɔ.
This I recall to my mind; therefore have I hope;
22 Awurade dɔ kɛseɛ enti yɛnnsɛeɛ. Nʼayamhyehyeɛ nni hwammɔ.
It is of the mercy of Jehovah that we are not consumed; yea, his compassion faileth not;
23 Ɛyɛ foforɔ anɔpa biara; wo nokorɛdie yɛ kɛseɛ.
It is new every morning; great is thy faithfulness.
24 Meka kyerɛ me ho sɛ, “Awurade yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.”
Jehovah is my portion, saith my soul, therefore do I hope in him.
25 Awurade yɛ ma wɔn a wɔn anidasoɔ wɔ ne mu, onipa a ɔhwehwɛ noɔ no;
Jehovah is good to them that trust in him, to the soul that seeketh him.
26 Ɛyɛ sɛ wɔyɛ komm de twɛn Awurade nkwagyeɛ.
It is good that a man hope, and quietly wait for salvation from Jehovah.
27 Ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔnnua no wɔ ne mmeranteɛ ɛberɛ mu.
It is good for a man that he bear the yoke in his youth;
28 Ma ɔntena ase komm, ɛfiri sɛ Awurade de ato no so.
That he sit alone and keep silence, since He layeth it upon him;
29 Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfuturo mu, ebia anidasoɔ wɔ hɔ.
That he put his mouth in the dust, [[saying to himself, ]] “Perhaps there may be hope!”
30 Ma ɔmfa nʼafono mma deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ no na ɔnhyɛ no aniwuo.
That he offer his cheek to the smiter; that he be filled with reproach.
31 Na Awurade nto nnipa ntwene koraa.
For the Lord will not cast off forever;
32 Ɛwom, ɔde awerɛhoɔ ba deɛ, nanso ɔbɛnya ayamhyehyeɛ. Ne dɔ kɛseɛ no to rentwa da.
For though he cause grief, yet doth he have compassion according to his great mercy;
33 Ɔfiri amemenemfe mu de amanehunu anaa awerɛhoɔ brɛ nnipa mma.
For he doth not willingly afflict and grieve the children of men.
34 Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛ nneduafoɔ a wɔwɔ asase no so a,
Doth one trample under foot all the prisoners of the earth,
35 sɛ wɔtiatia obi ahofadie so wɔ Ɔsorosoroni no anim a,
Doth he bend the right of a man before the face of the Most High,
36 anaa sɛ wɔbu obi ntɛnkyea a, Awurade nhunu saa nneɛma yi anaa?
Doth he subvert a man in his cause, and shall not the Lord behold it?
37 Hwan na ɔbɛtumi aka na wama aba mu wɔ ɛberɛ a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛeɛ?
Who is he that saith, and it cometh to pass, when the Lord hath not commanded?
38 Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom na musuo ne nnepa firi anaa?
Cometh not evil, as well as good, from the mouth of the Most High?
39 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔteasefoɔ nwiinwii ɛberɛ a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho?
Wherefore then murmureth the living man? Let him murmur at his own sin!
40 Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ, na yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn.
Let us search and try our ways, and turn again to Jehovah!
41 Momma yɛmma yɛn akoma ne yɛn nsa so, nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka sɛ:
Let us lift up our hearts with our hands to God in the heavens!
42 “Yɛayɛ bɔne, na yɛate atua na woamfa ankyɛ.
We have transgressed; we have rebelled; thou hast not forgiven!
43 “Wode abufuo akata wo ho ataa yɛn; na wakunkum a woannya ahummɔborɔ.
Thou hast hidden thyself in anger, and hast pursued us; thou hast slain and hast not spared;
44 Wode wo ho asie omununkum mu enti mpaeɛbɔ biara nnuru wo nkyɛn.
Thou hast hidden thyself in a cloud, that our prayer may not pass through;
45 Woayɛ yɛn atantanneɛ ne wira wɔ amanaman no mu.
Thou hast made us the offscouring and refuse in the midst of the nations.
46 “Yɛn atamfoɔ nyinaa abae wɔn anom tɛtrɛɛ de tia yɛn.
All our enemies have opened their mouths against us;
47 Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhweaseɛ, mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ.”
Terror and the pit have come upon us, desolation and destruction;
48 Me nisuo sene sɛ asutene ɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ.
Mine eye runneth down with streams of water for the destruction of the daughter of my people.
49 Me nisuo bɛsene ara, na ɛrennyae,
Mine eye trickleth down and ceaseth not, without any intermission,
50 kɔsi sɛ Awurade bɛhwɛ afiri ɔsoro, na wahu.
Until Jehovah look down and behold from heaven.
51 Deɛ mehunu no ma me kra werɛ ho me kuropɔn no mu mmaa nyinaa enti.
Mine eye is painful to me on account of all the daughters of my city.
52 Mʼatamfoɔ a menyɛɛ wɔn hwee pampam me sɛ anomaa.
They that are my enemies without cause hunt me down like a bird;
53 Wɔpɛɛ sɛ wɔtwa me nkwa so na wɔsi me aboɔ wɔ amena mu;
They take away my life in the dungeon; they cast a stone upon me;
54 nsuo bu faa me tiri so, na ɛyɛɛ me sɛdeɛ wɔrewie me.
Waters flow over my head; I say, “I am undone!”
55 Mebɔɔ wo din, Ao Awurade firi amena no ase tɔnn.
I call upon thy name, O Jehovah, from the deep dungeon;
56 Wotee me sufrɛ: “Nsi wʼaso wɔ me gyeɛ sufrɛ ho.”
Hear thou my voice! hide not thine ear from my cry for relief!
57 Wotwe bɛnee me ɛberɛ a mefrɛɛ woɔ no, na wokaa sɛ, “Nsuro.”
Be near to me, when I call upon thee! Say, “Fear not!”
58 Ao Awurade, wodii mʼasɛm maa me; na wogyee me nkwa.
Thou maintainest my cause, O Lord; thou redeemest my life!
59 Woahunu bɔne a wɔayɛ me, Ao Awurade. Di mʼasɛm ma me!
Thou, O Jehovah, seest the wrong done to me; Maintain thou my cause!
60 Woahunu wɔn aweretɔ no mu den, wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa.
Thou seest all their vengeance, all their devices against me.
61 Ao Awurade, woate wɔn sopa, wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa,
Thou hearest their reproach, O Jehovah, all their devices against me,
62 deɛ mʼatamfoɔ ka no sɛ asomusɛm na wɔka no brɛoo de tia me da mu nyinaa.
The words of my adversaries, and their machinations against me all the day long!
63 Hwɛ wɔn! Sɛ wɔgyinagyina hɔ anaa sɛ wɔtete hɔ, wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw.
Behold their sitting down and their rising up! I am their song.
64 Fa deɛ ɛfata tua wɔn so ka, Ao Awurade, deɛ wɔn nsa ayɛ enti.
Render to them a recompense, O Jehovah, according to the work of their hands!
65 Pirim wɔn akoma, na ma wo nnome mmra wɔn so.
Give them blindness of mind! thy curse be upon them!
66 Fa abufuo taa wɔn, na sɛe wɔn firi Awurade sorosoro ase.
Pursue them in thine anger, and destroy them from under Jehovah's heaven!

< Kwadwom 3 >