< Kwadwom 1 >

1 Ao, sɛdeɛ kuropɔn no adane amamfo nie, kuropɔn a anka nnipa ahyɛ no ma? Ɛdeɛn enti na wayɛ okunafoɔ baa a kane no na anka woyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu? Deɛ na ɔyɛ ɔhemmaa wɔ amantam no mu no abɛyɛ afenaa ɛnnɛ.
How doth the city sit solitary, that was full of people! How is she become as a widow! She that was great among the nations, and princess among the provinces, How is she become tributary!
2 Ɔsu yaayaaya anadwo, nisuo sensane nʼafono so. Nʼadɔfoɔ nyinaa mu no, ɔbiara nni hɔ a ɔkyekyere ne werɛ. Nʼayɔnkofoɔ nyinaa adi no hwammɔ Wɔayɛ nʼatamfoɔ.
She weepeth bitterly in the night; tears are upon her cheeks; Among all her lovers she hath no comforter; All her friends have dealt treacherously with her; they have become her enemies.
3 Amanehunu ne adwumaden akyi no, Yuda kɔ nnommumfa mu. Ɔte amanaman no mu na ɔnni ahomegyebea Wɔn a wɔtaa no nyinaa ati no wɔ nʼahokyere mu.
Judah goeth into exile, because of affliction and because of great servitude; She dwelleth among the nations, she findeth no rest; All her pursuers overtake her in the straits.
4 Akwan a ɛkɔ Sion no di awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase. Nʼapono nyinaa adeda mpan, na nʼasɔfoɔ si apinie, ne mmabaawa di yea, na ɔwɔ yeadie a emu yɛ den.
The ways to Zion mourn, because none come to the solemn feasts; All her gates are desolate, her priests sigh, Her virgins wail, and she is in bitterness.
5 Nʼatamfoɔ abɛyɛ ne wuranom; wɔn a wɔ ne no ayɛ dom ho adwo wɔn. Awurade ama awerɛhoɔ aba ne so nʼamumuyɛ bebrebe enti. Ne mma kɔ nnommumfa mu. Wɔayɛ nneduafoɔ ama ɔtamfoɔ.
Her adversaries have become the head; her enemies prosper; For Jehovah hath afflicted her for the multitude of her transgressions; Her children are gone into captivity before the enemy.
6 Animuonyam nyinaa atu afiri Ɔbabaa Sion so kɔ. Ne mmapɔmma ayɛ sɛ aforoteɛ a wɔnnya adidibea; na wɔde mmerɛyɛ adwane wɔ wɔn ataafoɔ anim.
From the daughter of Zion all her beauty is departed; Her princes are become like harts, that find no pasture; Without strength, they flee before the pursuer.
7 Nʼamanehunu ne ananteananteɛ nna mu no, Yerusalem kae ademudeɛ nyinaa a na ɛwɔ no wɔ nna a atwam no mu. Ne nkurɔfoɔ kɔtɔɔ ɔtamfoɔ no nsa mu no, na obiara nni hɔ a ɔbɛboa no. Nʼatamfoɔ de wɔn ani hwɛɛ no na wɔseree ne sɛeɛ.
Jerusalem remembereth, in the days of her affliction and of her oppression, All her pleasant things, which she had in the days of old, When her people fell into the hand of the enemy, and she had no helper; Her adversaries saw her, and mocked at her destruction.
8 Yerusalem ayɛ bɔne kɛseɛ enti ne ho agu fi. Wɔn a wɔdi no ni no sopa no, ɛfiri sɛ wɔahunu nʼadagya; ɔno ankasa gu ahome na ɔdane nʼani.
Jerusalem hath grievously sinned; therefore is she become vile; All that honored her despise her, because they have seen her shame; She sigheth, and turneth backward.
9 Nʼafideyɛ atu aka ne ntadeɛ mu; wannwene ne daakye ho. Nʼasehweɛ yɛ nwanwa; obiara ankyekyere ne werɛ. “Ao Awurade hwɛ mʼamanehunu, ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ adi nkonim.”
Her filthiness is upon her skirts; She thought not of her end, therefore is she brought down wonderfully; she hath no comforter. “Behold, O Jehovah, my affliction, for the enemy doth triumph!”
10 Ɔtamfoɔ no de ne nsa too nʼademudeɛ nyinaa so; ɔhunuu sɛ amanaman rehyɛne ne kronkronbea hɔ, nnipa a woabra sɛ wɔnnhyɛne wʼasafo mu no.
The adversary spreadeth his hands over all her pleasant things; Yea, she seeth the nations enter into her sanctuary, Concerning whom thou didst command that they should not enter into her congregation.
11 Ne nkurɔfoɔ nyinaa si apinie ɛberɛ a wɔrepɛ aduane; wɔde wɔn ademudeɛ sesa aduane de nya ahoɔden. “Ao, Awurade, hwɛ na dwene me ho, ɛfiri sɛ wɔbu me animtia.”
All her people sigh; they seek bread; They give their precious things for bread to sustain life. “Behold, O Jehovah, and consider, how I am become vile!”
12 “Ɛmfa mo ho anaa, mo a motwam hɔ nyinaa? Monhwɛ na monhunu. Ɛyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me deɛ a wɔma ɛbaa me soɔ yi anaa? Deɛ Awurade de baa me so wɔ nʼabufuhyeɛ da no.
“Is it nothing to you, all ye that pass by? Behold, and see, if there be any sorrow like to my sorrow, which is brought upon me, With which Jehovah hath afflicted me in the day of his fierce anger!
13 “Ɔsomaa ogya firi ɔsoro, ma ɛbaa me nnompe mu. Ɔsum afidie maa me nan na ɔsane me kɔɔ mʼakyi. Ɔyɛɛ me pasaa, metɔɔ bira da mu nyinaa.
“From on high hath he sent fire into my bones, and it prevailed against them: He hath spread a net for my feet; he hath turned me back; He hath made me desolate, faint all the day long.
14 “Woakyekyere me bɔne sɛ adesoa; ɔde ne nsa nwene bɔɔ mu. Abɛda me kɔn mu na Awurade atwe mʼahoɔden. Ɔde me ahyɛ wɔn a merentumi nnyina wɔn anim no nsa.
“The yoke of my transgressions is fastened in his hand; they are twisted together; They are laid upon my neck; he hath made my strength to fall; The Lord hath delivered me into their hands, against whom I cannot stand.
15 “Awurade apo ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ me ntam nyinaa; wafrɛ akodɔm atia me sɛ wɔmmɛdwɛre me mmeranteɛ. Awurade atiatia Ɔbabaa Yuda Bunu so wɔ ne nsakyiamena hɔ.
“The Lord hath trodden under foot all my mighty men in the midst of me; He hath called an assembly against me to crush my young men; The Lord hath trodden down the virgin, the daughter of Judah, as in a wine-vat.
16 “Yeinom enti na mesu na nisuo adware me. Obiara mmɛn a ɔbɛkyekye me werɛ. Deɛ ɔbɛhyɛ me honhom den nni hɔ. Me mma agyigya ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no adi nkonim.”
“For these things do I weep; mine eye runneth down with water; For far from me are they that should comfort me, that should restore my strength; My children have perished, because the enemy prevailed.”
17 Sion trɛ ne nsa mu nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ Awurade ahyɛ ama Yakob sɛ ne mfɛfoɔ bɛyɛ nʼatamfoɔ; Yerusalem abɛyɛ afideɛ wɔ wɔn mu.
Zion spreadeth forth her hands, and there is none to comfort her; Jehovah hath given command against Jacob, that his adversaries should be round about him; Jerusalem is become an abhorrence among them.
18 “Awurade yɛ ɔteneneeni, nanso manni nʼahyɛdeɛ so. Montie, mo amanaman nyinaa monhwɛ me yea. Me mmeranteɛ ne mmabaawa kɔ nnommumfa mu.
“Righteous is Jehovah, for I have disobeyed his commandment; Hear, I pray you, all ye nations, and behold my sorrow! My virgins and my young men are gone into captivity.
19 “Mefrɛɛ mʼapamfoɔ nanso wɔyii me maeɛ. Mʼasɔfoɔ ne me mpanimfoɔ ase tɔreɛ wɔ kuropɔn no mu, ɛberɛ a wɔrepɛ aduane adi na wɔanwuwu.
“I called upon my lovers, but they have proved false to me; My priests and my elders have expired in the city, While they sought for food to sustain their lives.
20 “Ao Awurade, hwɛ me mmɔborɔ! Meredi ɛyea wɔ me mu, na mʼakoma mu nso menni ahotɔ, ɛfiri sɛ mayɛ otuatefoɔ kɛseɛ. Akofena hyɛ me awerɛhoɔ wɔ abɔntene so; efie nso yɛ owuo nko ara.
“Behold, O Jehovah, how I am distressed! my bowels boil, My heart turneth itself within me; for I have grievously rebelled. Abroad the sword bereaveth; at home, Death.
21 “Nnipa ate mʼapinisie, nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ. Mʼatamfoɔ nyinaa ate mʼamanehunu wɔn ani gye deɛ woayɛ no ho. Ma nna a woahyɛ no mmra sɛdeɛ wɔbɛyɛ sɛ me.
“They hear how I sigh, yet none comforteth me; mine enemies have heard of my calamity; they rejoice that thou hast done it. O bring the day which thou hast appointed, that they shall be like me!
22 “Fa wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa si wʼanim; na wo ne wɔn nni sɛdeɛ wo ne me adie ɛsiane mʼamumuyɛ no enti. Mʼapinisie dɔɔso na mʼakoma aboto.”
“Let all their wickedness come before thee, deal thou with them as thou hast dealt with me for all my transgressions! For my sighs are many, and my heart is faint.”

< Kwadwom 1 >