< Atemmufoɔ 8 >

1 Afei, Efraimfoɔ no bisaa Gideon sɛ, “Adɛn enti na woyɛ yɛn saa? Adɛn enti na worekɔko atia Midian kane no, woamfrɛ yɛn?” Na wɔne Gideon kasaa anibereɛ so.
The men of Ephraim said to Gideon, “What is this you have done to us? You did not call us when you went to fight against Midian.” Then they had a violent argument with him.
2 Na Gideon buaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ a mede bɛtoto mo ho? Na Efraim bobe aba a ɛka wɔ twaberɛ akyi no nyɛ nsene Abieser bobe a wɔnteeɛ nyinaa?
He said to them, “What have I done now compared to you? Are not the gleanings of Ephraim's grapes better than the full grape harvest of Abiezer?
3 Onyankopɔn ma modii Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene no so. Ɛdeɛn na matumi ayɛ a ɛsɛ yei?” Efraim mmarima no tee Gideon mmuaeɛ no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam.
God has given you victory over the princes of Midian—Oreb and Zeeb! What have I accomplished compared to you?” Their anger toward him died down when he said this.
4 Gideon ne ne mmarima ahasa no twaa Asubɔnten Yordan, ɛwom sɛ na wɔabrɛ deɛ, nanso wɔtoaa so taa atamfoɔ no.
Gideon came to the Jordan and crossed over it, he and the three hundred men who were with him. They were exhausted, yet they still kept up the pursuit.
5 Wɔduruu Sukot no, Gideon ka kyerɛɛ ntuanofoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ, “Momma mʼakofoɔ no aduane nni na wɔabrɛ. Meretaa Midian ahemfo Seba ne Salmuna.”
He said to the men of Succoth, “Please give loaves of bread to the people who follow me, for they are exhausted, and I am pursuing Zebah and Zalmunna, the kings of Midian.”
6 Na Sukot ntuanofoɔ no buaa sɛ, “Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofoɔ no aduane adi.”
Then the officials said, “Are the hands of Zebah and Zalmunna now in your hand? Why should we give bread to your army?”
7 Gideon buaa sɛ, “Sɛ Awurade ma medi Seba ne Salmuna so nkonim a, mɛsane aba de ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ abɛsunsuane mo honam ani.”
Gideon said, “When Yahweh has given us victory over Zebah and Zalmunna, I will tear your skin with the desert thorns and briers.”
8 Na Gideon firii hɔ kɔɔ Penuel kɔsrɛɛ aduane bio, na ɔnyaa mmuaeɛ korɔ no ara.
He went up from there to Peniel and spoke to the people there in the same way, but the men of Peniel answered him just as the men of Succoth had answered.
9 Na ɔka kyerɛɛ Penuelfoɔ no sɛ, “Sɛ mefiri nkonimdie mu ba a, mɛbubu saa abantenten yi.”
He spoke also to the men of Peniel and said, “When I come again in peace, I will pull down this tower.”
10 Saa ɛberɛ yi na Seba ne Salmuna ne akofoɔ mpem dunum wɔ Karkor, aboafoɔ a wɔfiri apueeɛ fam a na emu ɔpeha aduonu atotɔ dada no nkaeɛfoɔ.
Now Zebah and Zalmunna were in Karkor with their army, about fifteen thousand men, all who remained out of the entire army of the people of the East, for there had fallen 120,000 men who drew the sword.
11 Gideon faa atutenafoɔ ɛkwan a ɛda Noba ne Yogbeha apueeɛ fam no ho hyiaeɛ, na wɔto hyɛɛ Midian akodɔm a na wɔn ani nna wɔn ho soɔ no so.
Gideon went up the road taken by tent dwellers, past Nobah and Jogbehah. He defeated the enemy army, because they were not expecting an attack.
12 Midian ahemfo baanu a wɔn din de Seba ne Salmuna no dwaneeɛ, nanso Gideon taa wɔn faa wɔn akofoɔ nyinaa nnommum.
Zebah and Zalmunna fled, and as Gideon pursued them, he captured the two kings of Midian—Zebah and Zalmunna—and set their whole army into a panic.
13 Yei akyi no, Yoas ba Gideon faa Heres kwantempɔn so saneeɛ.
Gideon, son of Joash, returned from the battle going through the pass of Heres.
14 Ɛhɔ na ɔkyeree aberanteɛ bi a ɔfiri Sukot. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔntwerɛ nnipa aduɔson nson a wɔyɛ sodifoɔ ne ntuanofoɔ a wɔwɔ kuro no mu no din mma no.
He caught a young man of Succoth and questioned him. The young man wrote down the names of seventy-seven officials and elders of Succoth.
15 Afei, Gideon sane kɔɔ Sukot kɔka kyerɛɛ ɛhɔ ntuanofoɔ no sɛ, “Seba ne Salmuna nie. Yɛbaa ha no modii me ho fɛ, kaa sɛ, ‘Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofoɔ a wɔabrɛ no aduane adi.’”
Gideon came to the men of Succoth and said, “Look at Zebah and Zalmunna, about whom you mocked me and said, 'Have you already conquered Zebah and Zalmunna? We do not know that we should give bread to your army.'”
16 Afei Gideon faa kuro no mu ntuanofoɔ kyerɛɛ wɔn nyansa. Ɔde ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ twee wɔn aso.
Gideon took the elders of the city, and he punished the men of Succoth with the desert thorns and briers.
17 Ɔsane dwirii Penuel abantenten no guu fam, kunkumm kuro no mu mmarima nyinaa.
Then he pulled down the tower of Peniel and killed the men of that city.
18 Afei, ɔbisaa Seba ne Salmuna sɛ, “Mmarima a mokumm wɔn wɔ Tabor no, na wɔte sɛn?” Wɔbuaa sɛ, “Mmarima no te sɛ wo. Na wɔn mu biara te sɛ ɔheneba.”
Then Gideon said to Zebah and Zalmunna, “What kind of men did you kill at Tabor?” They answered, “As you are, so were they. Every one of them looked like the son of a king.”
19 Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Na wɔyɛ me nuanom. Sɛ Awurade te ase yi, sɛ moankum wɔn a, anka me nso merenkum mo.”
Gideon said, “They were my brothers, the sons of my mother. As Yahweh lives, if you had saved them alive, I would not kill you.”
20 Ɔdanee nʼani kyerɛɛ ne babarima panin Yeter sɛ, “Ku wɔn.” Nanso Yeter antwe nʼakofena, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ abarimaa enti na ɔsuro.
He said to Jether (his firstborn), “Get up and kill them!” But the young man did not draw his sword for he was afraid, because he was still a young boy.
21 Seba ne Salmuna ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Mma abarimaa nyɛ ɔpanin adwuma! Wo ankasa yɛ!” Enti, Gideon kumm wɔn baanu, faa adehyeɛ agudeɛ a ɛsensɛn wɔn yoma kɔn mu no.
Then Zebah and Zalmunna said, “Get up yourself and kill us! For as the man is, so is his strength.” Gideon rose and killed Zebah and Zalmunna. He also took off the crescent-shaped ornaments that were on their camels' necks.
22 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Di yɛn so ɔhene. Wo ne wo babarima ne wo nana bɛyɛ yɛn ahemfo, ɛfiri sɛ, woagye yɛn afiri Midianfoɔ nsam.”
Then the men of Israel said to Gideon, “Rule over us—you, your son, and your grandson—because you have saved us out of the hand of Midian.”
23 Nanso, Gideon buaa sɛ, “Merenni mo so ɔhene na me babarima nso renni mo so ɔhene. Awurade na ɔbɛdi mo so.”
Gideon said to them, “I will not rule over you, neither will my son rule over you. Yahweh will rule over you.”
24 Mmom Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ, mewɔ adebisa baako. “Mo mu biara mma me asomuadeɛ baako a mofa firii asadeɛ a monya firii mo atamfoɔ a modii wɔn so no nkyɛn.” (Atamfoɔ a na wɔyɛ Ismaelfoɔ no na obiara hyɛ sikakɔkɔɔ asomuadeɛ).
Gideon said to them, “Let me make a request of you: Every one of you would give me the earrings from his plunder.” (The Midianites had golden earrings because they were Ishmaelites.)
25 Wɔbuaa sɛ, “Yɛpene so dodo.” Wɔde akatasoɔ sɛɛ fam. Na obiara de ne sikakɔkɔɔ asomuadeɛ a ɔnyaeɛ bɛguu so.
They answered, “We are glad to give them to you.” They spread out a cloak and every man threw on it the earrings from his plunder.
26 Na sikakɔkɔɔ asomuadeɛ dodoɔ a wɔnyaeɛ no karii kilogram aduonu a asrane nketewa ne kɔnmuadeɛ, Midian ahemfo adehyeɛ ahyehyɛdeɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu wɔn yoma kɔn mu nka ho.
The weight of the golden earrings that he requested was 1,700 shekels of gold. This plunder was in addition to the crescent ornaments, the pendants, the purple clothing that was worn by the kings of Midian, and in addition to the chains that had been around their camels' necks.
27 Gideon de yɛɛ asɔfotadeɛ kronkron na ɔde sii kuro Ofra, ne kurom, mu. Nanso, ankyɛre na Israelfoɔ no kɔsom no de guu wɔn ho fi na ɛdanee afidie maa Gideon ne ne fiefoɔ.
Gideon made an ephod out of the earrings and put it in his city, in Ophrah, and all Israel prostituted themselves by worshiping it there. It became a trap for Gideon and for those in his house.
28 Yei ne abasɛm a ɛkyerɛ sɛdeɛ Israelfoɔ dii Midianfoɔ so nkonim a wantumi ansɔre bio. Gideon nna a ɛtwa toɔ bɛyɛ mfeɛ aduanan mu no, na asomdwoeɛ wɔ asase no so.
So Midian was subdued before the people of Israel and they did not raise their heads up again. So the land had peace for forty years in the days of Gideon.
29 Afei, Yoas babarima Yerub-Baal sane kɔɔ ne kurom.
Jerub Baal, son of Joash, went and lived in his own house.
30 Na ɔwɔ yerenom bebree enti ɔwoo mmammarima aduɔson.
Gideon had seventy sons who were his descendants, for he had many wives.
31 Na ɔwɔ mpena nso wɔ Sekem a ɔne no woo ɔbabarima, too ne din Abimelek.
His concubine, who was in Shechem, also bore him a son, and Gideon gave him the name Abimelech.
32 Gideon wuiɛ no na wanyini yie. Na wɔsiee no wɔ nʼagya Yoas damena mu wɔ Ofra wɔ Abieserfoɔ abusuasase so.
Gideon, son of Joash, died at a good old age and was buried in the tomb of Joash his father, at Ophrah of the clan of Abiezer.
33 Gideon wuiɛ ara pɛ, Israelfoɔ no kɔsom Baal ahoni, de bɔɔ wɔn ho ahohwi. Wɔnam so yɛɛ Baal-Berit wɔn nyame.
It came about, as soon as Gideon was dead, the people of Israel turned again and prostituted themselves by worshiping the Baals. They made Baal-Berith their god.
34 Wɔn werɛ firii Awurade, wɔn Onyankopɔn a ɔgyee wɔn firii wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam no.
The people of Israel did not remember to honor Yahweh, their God, who had rescued them from the hand of all their enemies on every side.
35 Na mpo, wɔanni nokorɛ ankyerɛ Yerub-Baal (a ɔne Gideon) fiefoɔ wɔ nneɛma pa a ɔyɛ maa Israelfoɔ no ho.
They did not keep their promises to the house of Jerub Baal (that is, Gideon), in return for all the good he had done in Israel.

< Atemmufoɔ 8 >