< Atemmufoɔ 6 >

1 Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so bɔne bio. Ɛno enti, Awurade de wɔn hyɛɛ Midianfoɔ nsa mfeɛ nson.
Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ Awurade ani so bɔne bio. Ɛno nti, Awurade de wɔn hyɛɛ Midianfo nsa mfe ason.
2 Esiane sɛ na Midianfoɔ no yɛ atirimuɔdenfoɔ enti, Israelfoɔ no dwane kɔɔ mmepɔ so kɔpɛɛ ahintaeɛ wɔ abodan ne atu mu.
Esiane sɛ na Midianfo no yɛ atirimɔdenfo nti, Israelfo no guan kɔɔ mmepɔw so kɔpɛɛ hintabea wɔ abodan ne atu mu.
3 Ɛberɛ biara a Israelfoɔ duaa wɔn nnɔbaeɛ no, Midianfoɔ, Amalekfoɔ ne nnipa a wɔte apueeɛ fam no kɔto hyɛ wɔn so.
Bere biara a Israelfo duaa wɔn nnɔbae no, Midianfo, Amalekfo ne nnipa a wɔte apuei fam no kɔtow hyɛ wɔn so.
4 Wɔbɛyɛ atenaeɛ wɔ wɔn asase no so sɛe mfudeɛ no firi Gasa a wɔnnya Israelfoɔ aduane biribiara. Wɔfa nnwan, anantwie ne mfunumu.
Wɔbɛyɛɛ atenae wɔ wɔn asase no so sɛe nnɔbae no fi Gasa a wɔannyaw Israelfo aduan biara. Wɔfaa nguan, anantwi ne mfurum.
5 Saa atamfoɔ dɔm yi de wɔn nyɛmmoa ne wɔn ntomadan foro ba te sɛ ntutummɛ. Wɔtete nyoma a wɔntumi nkane wɔn dodoɔ so na wɔba. Na wɔtena asase no so kɔsi ɛso nneɛma nyinaa bɛsa.
Na atamfo dɔm yi de wɔn nyɛmmoa ne wɔn ntamadan foro ba te sɛ mmoadabi. Wɔtete yoma a wontumi nkan wɔn dodow so na wɔba. Na wɔtena asase no so kosi sɛ so nneɛma nyinaa bɛsa.
6 Enti Midianfoɔ no maa ɛkɔm baa Israel. Afei Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade pɛɛ mmoa.
Enti Midianfo no maa ɔkɔm baa Israel. Afei Israelfo no su frɛɛ Awurade pɛɛ mmoa.
7 Ɛberɛ a Midianfoɔ enti, Israelfoɔ su frɛɛ Awurade no,
Bere a Midianfo no nti, Israelfo su frɛɛ Awurade no,
8 Awurade somaa odiyifoɔ kɔɔ wɔn nkyɛn. Ɔkaa sɛ, “Asɛm a Awurade, Israel Onyankopɔn, ka nie: Meyii mo firii Misraim nkoasom mu
Awurade somaa odiyifo kɔɔ wɔn nkyɛn. Ɔkae se, “Asɛm a Awurade, Israel Nyankopɔn, ka ni: Miyii mo fii Misraim nkoasom mu.
9 Meyii mo firii Misraim tumi ne wɔn a wɔhyɛ mo so nyinaa ase. Mepamoo mo atamfoɔ de wɔn asase maa mo.
Miyii mo fii Misraim tumi ne wɔn a wɔhyɛ mo so nyinaa ase. Mepam mo atamfo de wɔn asase maa mo.
10 Meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mene Awurade, mo Onyankopɔn. Monnsom Amorifoɔ a mote wɔn asase so no anyame.’ Nanso moantie me.”
Meka kyerɛɛ mo se, ‘Mene Awurade, mo Nyankopɔn. Monnsom Amorifo a mote wɔn asase so no anyame.’ Nanso moantie me.”
11 Na Awurade ɔbɔfoɔ bɛtenaa odupɔn a ɛsi Ofra a ɛyɛ Yoas a ɔfiri Abieser abusua mu dea no ase. Na Yoas babarima Gideon reporo ayuo wɔ nsakyiamena ase sɛ ɔde resie Midianfoɔ no.
Na Awurade bɔfo bɛtenaa odupɔn a esi Ofra a ɛyɛ Yoas a ofi Abieser abusua mu de no ase. Na Yoas babarima Gideon reporow awi wɔ nsakyiamoa ase sɛ ɔde resie Midianfo no.
12 Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Gideon, kaa sɛ, “Dɔmmarima, Awurade ka wo ho.”
Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ Gideon, kae se, “Dɔmmarima, Awurade ka wo ho.”
13 Gideon buaa sɛ, “Owura, sɛ Awurade ka yɛn ho a, adɛn enti na saa nsɛm yi nyinaa aba yɛn so? Na anwanwadeɛ a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn no nso wɔ he? Wɔanka sɛ, ‘Awurade yii yɛn firii Misraim anaa?’ Nanso, seesei deɛ, Awurade agyaa yɛn de yɛn ahyɛ Midianfoɔ nsam.”
Gideon buae se, “Owura, sɛ Awurade ka yɛn ho a, adɛn nti na saa nsɛm yi nyinaa aba yɛn so? Na anwonwade a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn no nso wɔ he? Wɔanka se, ‘Awurade yii yɛn fii Misraim ana?’ Nanso mprempren de, Awurade agyaa yɛn de yɛn ahyɛ Midianfo nsam.”
14 Na Awurade danee ne ho ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa ahoɔden a wowɔ no kɔ na kɔgye Israelfoɔ firi Midianfoɔ no nsam. Me na meresoma wo.”
Na Awurade dan ne ho ka kyerɛɛ no se, “Fa ahoɔden a wowɔ no kɔ na kogye Israelfo fi Midianfo no nsam. Me na meresoma wo.”
15 Gideon buaa sɛ, “Na Awurade, mɛyɛ dɛn magye Israelfoɔ? Mʼabusua na ɛyɛ mmerɛ koraa wɔ Manase abusuakuo mu na me na mesua koraa wɔ me fiefoɔ nyinaa mu.”
Gideon buae se, “Na Awurade, mɛyɛ dɛn agye Israelfo? Mʼabusua na ɛyɛ mmerɛw koraa wɔ Manase abusuakuw mu na me na misua koraa wɔ me fifo nyinaa mu.”
16 Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Mɛka wo ho. Wobɛsɛe Midianfoɔ no sɛdeɛ woresɛe onipa fua.”
Awurade ka kyerɛɛ no se, “Mɛka wo ho. Wobɛsɛe Midianfo no sɛnea woresɛe onipa baako.”
17 Gideon buaa sɛ, “Sɛ wobɛboa me ampa ara deɛ a, yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi ma menhunu sɛ, nokorɛm, ɛyɛ wo Awurade na worekasa kyerɛ me yi.
Gideon buae se, “Sɛ wobɛboa me ampa ara de a, yɛ nsɛnkyerɛnne bi ma minhu sɛ, nokware, ɛyɛ wo Awurade na worekasa kyerɛ me yi.
18 Nkɔ, kɔsi sɛ mɛsane mʼakyi aba de mʼafɔrebɔdeɛ abrɛ wo.” Awurade buaa sɛ, “Mɛtena ha atwɛn kɔsi sɛ wobɛba.”
Nkɔ, kosi sɛ mɛsan mʼakyi aba de mʼafɔrebɔde abrɛ wo.” Awurade buae se, “Mɛtena ha atwɛn kosi sɛ wobɛba.”
19 Gideon yɛɛ ntɛm kɔɔ efie. Ɔkɔsiesie abirekyie ba, too burodo asikyiresiam lita aduonu mmienu a mmɔreka nni mu. Afei, ɔsoaa ɛnam no wɔ kɛntɛn mu a nkwan no nso wɔ ɛsɛn bi mu de baeɛ. Ɔde brɛɛ ɔbɔfoɔ no wɔ odupɔn no ase.
Gideon yɛɛ ntɛm kɔɔ fie. Okosiesie abirekyi ba, too brodo asikresiam lita aduonu mmienu a mmɔkaw nni mu. Afei, ɔsoaa nam no wɔ kɛntɛn mu a nkwan no nso wɔ ɛsɛn bi mu de bae. Ɔde brɛɛ ɔbɔfo no wɔ odupɔn no ase.
20 Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa ɛnam no ne burodo a ɛnkaeɛ no gu ɔbotan yi so na hwie nkwan no gu so.” Na Gideon yɛɛ deɛ ɔbɔfoɔ no kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Fa nam no ne brodo a ɛnkae no gu ɔbotan yi so na hwie nkwan no gu so.” Na Gideon yɛɛ nea ɔbɔfo no kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
21 Afei, Awurade ɔbɔfoɔ no de poma a ɛkura no no kaa ɛnam ne burodo no, na ogya pue firii ɔbotan no mu hyee deɛ ɔde baeɛ no nyinaa. Na ɔbɔfoɔ no yeraeɛ.
Afei, Awurade bɔfo no de pema a okura no kaa nam ne brodo no, na ogya pue fii ɔbotan no mu hyew nea ɔde bae no nyinaa. Na ɔbɔfo no yerae.
22 Ɛberɛ a Gideon hunuu sɛ ɛyɛ Awurade ɔbɔfoɔ no, ɔteaam sɛ, “Asafo Awurade, mahunu Awurade ɔbɔfoɔ animu ne animu.”
Bere a Gideon huu sɛ ɛyɛ Awurade bɔfo no, ɔteɛɛ mu se, “Asafo Awurade, mahu Awurade bɔfo anim ne anim.”
23 Awurade buaa sɛ, “Nsuro na worenwu.”
Awurade buae se, “Nsuro na worenwu.”
24 Na Gideon sii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Awurade na ɔtoo no edin “Awurade Yɛ Asomdwoeɛ.” Afɔrebukyia no da so wɔ Ofra a ɛyɛ Abieserfoɔ abusua asase so de bɛsi ɛnnɛ.
Na Gideon sii afɔremuka wɔ hɔ maa Awurade na ɔtoo no din “Awurade Yɛ Asomdwoe.” Afɔremuka no da so wɔ Ofra a ɛyɛ Abieserfo abusua asase so de besi nnɛ.
25 Anadwo no, Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Kyere nantwinini ɔdi mu, ɔtɔ so mmienu na wadi mfeɛ nson firi wʼagya anantwie mu. Dwiri wʼagya afɔrebukyia a ɔsi maa Baal no, na twa Asera dua a ɛsi nkyɛn no.
Anadwo no, Awurade ka kyerɛɛ Gideon se, “Kyere nantwinini a odi mu, ɔto so abien na wadi mfe ason fi wʼagya anantwi mu. Dwiriw wʼagya afɔremuka a osi maa Baal no, na twa Asera dua a esi nkyɛn no.
26 Afei, si afɔrebukyia wɔ bepɔ yi so ma Awurade, wo Onyankopɔn. Hyehyɛ afɔrebukyia aboɔ no yie. Fa nantwinini bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. Fa Asera dua a wotwaeɛ no yensin yɛ egya.”
Afei, si afɔremuka wɔ bepɔw yi so ma Awurade, wo Nyankopɔn. Hyehyɛ afɔremuka abo no yiye. Fa nantwinini bɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so. Fa Asera dua a wutwae no nnyansin yɛ ogya.”
27 Enti, Gideon faa nʼasomfoɔ edu de wɔn yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ noɔ no. Nanso, ɔyɛɛ no anadwo, ɛfiri sɛ, na ɔsuro nʼagya fiefoɔ ne kuro mma no. Na ɔnim deɛ ɛbɛsie, sɛ wɔhunu onipa a ɔyɛɛ saa adeɛ no a.
Enti Gideon faa nʼasomfo du de wɔn yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Nanso ɔyɛɛ no anadwo, efisɛ na osuro nʼagya fifo ne kurow mma no. Na onim nea ebesi, sɛ wohu onipa a ɔyɛɛ saa ade no a.
28 Adeɛ kyee anɔpahema a kuro no mu nnipa hyɛɛ aseɛ nyanenyaneeɛ no, obi hunuu sɛ wɔadwiri Baal afɔrebukyia no agu, na Asera dua a ɛsi ho no nso, wɔatwa atwene na wɔasi afɔrebukyia foforɔ asi ananmu. Na wɔhunuu afɔrebɔdeɛ bi nkaeɛ wɔ so.
Ade kyee anɔpahema a kurow no mu nnipa fitii ase nyanyanee no, obi huu sɛ wɔadwiriw Baal afɔremuka no agu, na Asera dua a esi ho no nso, wɔatwa akyene na wɔasi afɔremuka foforo asi anan mu. Na wohuu afɔrebɔde bi nkae wɔ so.
29 Ɔmanfoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Hwan na ɔyɛɛ yei?” Wɔbisabisa, too wɔn bo ase feefee mu no, wɔhunuu sɛ Yoas babarima Gideon na ɔyɛɛ saa.
Ɔmanfo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena na ɔyɛɛ eyi?” Wobisabisae, too wɔn bo ase hwehwɛɛ mu no, wohuu sɛ Yoas babarima Gideon na ɔyɛɛ saa.
30 Ɔmanfoɔ no teaam guu Yoas so sɛ, “Fa wo babarima no bra. Sɛe a ɔsɛee Baal afɔrebukyia ne twa a ɔtwaa Asera dua no enti, ɛsɛ sɛ ɔwuo.”
Ɔmanfo no teɛɛ mu guu Yoas so se, “Fa wo babarima no bra. Sɛe a ɔsɛee Baal afɔremuka ne twa a otwaa Asera dua no nti, ɛsɛ sɛ owu.”
31 Nanso, Yoas teaam guu nnipakuo no so sɛ, “Adɛn enti na mogye Baal ti? Mobɛtumi aka nʼasɛm ama no anaa? Obiara a ɔbɛgye ne ti no, wɔbɛkum no ansa na adeɛ akye. Sɛ Baal yɛ onyame bi ampa ara a ɔno ara nni mma ne ho na ɔnkum deɛ ɔdwirii nʼafɔrebukyia no!”
Nanso Yoas teɛɛ mu guu nnipakuw no so se, “Adɛn nti na mugye Baal ti? Mubetumi aka nʼasɛm ama no ana? Obiara a obegye ne ti no, wobekum no ansa na ade akye. Sɛ Baal yɛ onyame bi ampa ara a ɔno ara nni mma ne ho na onkum nea odwiriwii nʼafɔremuka no!”
32 Ɛfiri saa ɛberɛ no rekɔ no, wɔfrɛɛ Gideon Yerubaal a asekyerɛ ne “Baal nni mma ne ne ho,” ɛfiri sɛ, ɔno ara na ɔdwirii Baal afɔrebukyia no guiɛ.
Efi saa bere no rekɔ no, wɔfrɛɛ Gideon Yerub-Baal a nkyerɛase ne “Baal nni mma ne ho,” efisɛ ɔno ara na odwiriwii Baal afɔremuka no gui.
33 Afei, Midianfoɔ nyinaa, Amalekfoɔ nyinaa ne nnipa a wɔfifiri apueeɛ fam no kaa wɔn ho bɔɔ mu tia Israel. Wɔtwaa Yordan, kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Yesreel bɔnhwa mu.
Afei, Midianfo nyinaa, Amalekfo nyinaa ne nnipa a wofifi apuei fam no kaa wɔn ho bɔɔ mu tia Israel. Wotwaa Yordan, kɔbɔɔ atenae wɔ Yesreel bon mu.
34 Awurade honhom baa Gideon so na ɔbɔɔ totorobɛnto de frɛɛ dɔm. Mmarima a wɔfiri Abieser abusua mu no baa ne nkyɛn.
Awurade honhom baa Gideon so na ɔbɔɔ torobɛnto de frɛɛ dɔm. Mmarima a wofi Abieser abusua mu no baa ne nkyɛn.
35 Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Manase, Aser, Sebulon ne Naftali nyinaa mu kɔfrɛɛ wɔn akodɔm, na wɔn nyinaa penee so.
Ɔsomaa abɔfo kɔɔ Manase, Aser, Sebulon ne Naftali nyinaa mu kɔfrɛɛ wɔn asraafo, na wɔn nyinaa penee so.
36 Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Sɛ wonam me nsa so bɛgye Israel sɛdeɛ woahyɛ bɔ no a,
Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Sɛ wonam me nsa so begye Israel sɛnea woahyɛ bɔ no a,
37 fa saa ɛkwan yi so kyerɛ me, mede odwannwi bɛkata ayuporobea hɔ anadwo yi. Sɛ obosuo fɔ odwannwi no, na sɛ ɛhɔ amfɔ a, na mahunu sɛ ampa ara, wonam me nsa so bɛgye Israel sɛdeɛ woahyɛ ho bɔ no.”
fa saa kwan yi so kyerɛ me, mede oguan nwi bɛkata awiporowbea hɔ anadwo yi. Sɛ obosu fɔw oguan nwi no, na sɛ ɛho amfɔw a, na mahu sɛ ampa ara, wonam me nsa so begye Israel sɛnea woahyɛ ho bɔ no.”
38 Na saa na ɛbaeɛ. Gideon sɔree adekyeeɛ kyii odwannwi no mu nyaa nsuo adeɛ ma.
Na saa na ɛbae. Gideon sɔree adekyee kyii oguan nwi no, onyaa nsu ade ma.
39 Afei, Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Mma wo bo mfu me. Ma memmisa adeɛ baako. Ma memfa odwannwi no nsɔ biribi nhwɛ. Saa ɛberɛ yi deɛ, ma odwannwi no nyɛ wesee na baabi a ɛda hɔ no nyinaa mfɔ.”
Afei, Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Mma wo bo mfuw me. Ma mimmisa ade baako. Ma memfa oguan nwi no nsɔ biribi nhwɛ. Saa bere yi de, ma oguan nwi no nyɛ wosee na baabi a ɛda hɔ no nyinaa mfɔw.”
40 Anadwo no, Onyankopɔn yɛɛ sɛdeɛ Gideon bisaeɛ no. Anɔpa no odwannwi yɛɛ wesee a na obosuo afɔ fam hɔ nyinaa.
Anadwo no, Onyankopɔn yɛɛ sɛnea Gideon bisae no. Anɔpa no oguan nwi no yɛɛ wosee a na obosu afɔw fam hɔ nyinaa.

< Atemmufoɔ 6 >