< Atemmufoɔ 4 >

1 Ehud wuo akyi no, Israelfoɔ no yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so bio.
After Ehud died, the Israelites again did evil in the sight of the LORD.
2 Enti, Awurade de wɔn hyɛɛ Kanaanhene Yabin a na ɔdi adeɛ wɔ Hasor no nsa. Na ɔsahene a ɔtua nʼakodɔm ano no din de Sisera a na ɔte Haroset-Hagoyim.
So the LORD sold them into the hand of Jabin king of Canaan, who reigned in Hazor. The commander of his forces was Sisera, who lived in Harosheth-hagoyim.
3 Na Sisera wɔ nnadeɛ nteaseɛnam aha nkron, na ɔde atirimuɔden hyɛɛ Israelfoɔ no so mfirinhyia aduonu. Afei Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade pɛɛ mmoa.
Then the Israelites cried out to the LORD, because Jabin had nine hundred chariots of iron, and he had harshly oppressed the Israelites for twenty years.
4 Debora a na ɔyɛ Lapidot yere ne odiyifoɔ baa na ɔbɛyɛɛ Israelfoɔ ɔtemmufoɔ.
Now Deborah, a prophetess, the wife of Lappidoth, was judging Israel at that time.
5 Na ɔtenaa Debora Abɛ Dua ase a ɛwɔ Rama ne Bet-El ntam wɔ Efraim bepɔ asase no so. Ɛhɔ na na Israelfoɔ no kɔ ma ɔdi wɔn nsɛm.
And she would sit under the Palm of Deborah between Ramah and Bethel in the hill country of Ephraim, where the Israelites would go up to her for judgment.
6 Ɛda bi, ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Abinoam babarima Barak a na ɔte Kedes wɔ Naftali asase so. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sei na Awurade, Israel Onyankopɔn hyɛ wo sɛ yɛ: Kɔboaboa akofoɔ ɔpedu ano firi Naftali ne Sebulon mmusuakuo mu wɔ Tabor bepɔ so hɔ.
She summoned Barak son of Abinoam from Kedesh in Naphtali and said to him, “Surely the LORD, the God of Israel, is commanding you: ‘Go and march to Mount Tabor, taking with you ten thousand men of Naphtali and Zebulun.
7 Mɛdaadaa Yabin akodɔm sahene Sisera ne ne nteaseɛnam ne akofoɔ akɔ Asubɔnten Kison ho. Ɛhɔ na mɛma woadi ne so nkonim.”
And I will draw out Sisera the commander of Jabin’s army, his chariots, and his troops to the River Kishon, and I will deliver him into your hand.’”
8 Barak ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo ne me bɛkɔ dea, mɛkɔ!”
Barak said to her, “If you will go with me, I will go; but if you will not go with me, I will not go.”
9 Debora buaa no sɛ, “Mate, me ne wo bɛkɔ, nanso worennya animuonyam biara wɔ dwumadie yi mu, ɛfiri sɛ, Awurade nkonimdie wɔ Sisera so no bɛfiri ɔbaa nsam.” Enti, Debora ne Barak kɔɔ Kedes.
“I will certainly go with you,” Deborah replied, “but the road you are taking will bring you no honor, because the LORD will be selling Sisera into the hand of a woman.” So Deborah got up and went with Barak to Kedesh,
10 Kedes hɔ, Barak frɛfrɛɛ Sebulon abusuakuo ne Naftali abusuakuo mu nnipa nyinaa, na akofoɔ ɔpedu ne no kɔeɛ. Debora nso kaa wɔn ho kɔeɛ.
where he summoned Zebulun and Naphtali. Ten thousand men followed him, and Deborah also went with him.
11 Na Kenini Heber atwe ne ho afiri Kenifoɔ a wɔyɛ Mose akonta Hobab asefoɔ no ho, akɔsi ne ntomadan wɔ dua kɛseɛ bi a ɛsi Saananim a ɛbɛn Kedes no ho.
Now Heber the Kenite had moved away from the Kenites, the descendants of Hobab the father-in-law of Moses, and had pitched his tent by the great tree of Zaanannim, which was near Kedesh.
12 Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor bepɔ so no,
When Sisera was told that Barak son of Abinoam had gone up Mount Tabor,
13 ɔboaboaa ne nnadeɛ nteaseɛnam aha nkron ano ne nʼakofoɔ nyinaa, na wɔtu tene firii Haroset-Hagoyim kɔɔ Asubɔnten Kison ho.
he summoned all nine hundred of his iron chariots and all the men with him, from Harosheth-hagoyim to the River Kishon.
14 Afei, Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ, “Yɛ ahoboa! Ɛnnɛ ne ɛda a Awurade de Sisera so nkonimdie bɛma wo, ɛfiri sɛ, Awurade atu sa adi wʼanim.” Enti, Barak dii nʼakodɔm ɔpedu anim sianee Tabor bepɔ no kɔkoeɛ.
Then Deborah said to Barak, “Arise, for this is the day that the LORD has delivered Sisera into your hand. Has not the LORD gone before you?” So Barak came down from Mount Tabor with ten thousand men following him.
15 Ɛberɛ a Barak to hyɛɛ wɔn so no, Awurade maa huboa bɔɔ Sisera, ne nteaseɛnamkafoɔ ne nʼakofoɔ no nyinaa. Ɛbaa saa no, Sisera huri firii ne teaseɛnam mu sii fam dwaneeɛ.
And in front of him the LORD routed with the sword Sisera, all his charioteers, and all his army. Sisera abandoned his chariot and fled on foot.
16 Barak nteaseɛnam ne ɔtamfoɔ no akodɔm no ara kɔsii Haroset-Hagoyim, kunkumm Sisera akofoɔ no nyinaa. Anka wɔn mu baako mpo.
Then Barak pursued the chariots and army as far as Harosheth-hagoyim, and the whole army of Sisera fell by the sword; not a single man was left.
17 Sisera dwane kɔhyɛɛ Kenini Heber yere Yael ntomadan mu, ɛfiri sɛ, na Heber abusuafoɔ ne Hasorhene Yabin wɔ ayɔnkofa.
Meanwhile, Sisera had fled on foot to the tent of Jael, the wife of Heber the Kenite, because there was peace between Jabin king of Hazor and the house of Heber the Kenite.
18 Yael firii adi kɔhyiaa Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, bra me ntomadan yi mu. Bra mu. Nsuro.” Enti, ɔkɔɔ ntomadan no mu maa ɔde nnasoɔ kataa ne so.
Jael went out to greet Sisera and said to him, “Come in, my lord. Come in with me. Do not be afraid.” So he entered her tent, and she covered him with a blanket.
19 Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, sukɔm de me enti ma me nsuo.” Enti ɔmaa no nufosuo sɛ ɔnnom, na ɔsane kataa ne so.
Sisera said to her, “Please give me a little water to drink, for I am thirsty.” So she opened a container of milk, gave him a drink, and covered him again.
20 Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyina ntomadan no ano na sɛ obi bɛbisa wo sɛ obi wɔ ha a, ka sɛ dabi.”
“Stand at the entrance to the tent,” he said, “and if anyone comes and asks you, ‘Is there a man here?’ say, ‘No.’”
21 Nanso, ɔbrɛ enti, Sisera faa mu daeɛ. Yael, a ɔyɛ Heber yere, yɛɛ brɛoo kɔɔ ne so. Ɔde hamre ne pɛɛwa na ɛkɔeɛ. Ɔde pɛɛwa no sii ne moma so de hama no bɔɔ so, kɔsii sɛ ɛhwiree ne moma mu sii fam ma ɔwuiɛ.
But as he lay sleeping from exhaustion, Heber’s wife Jael took a tent peg, grabbed a hammer, and went silently to Sisera. She drove the peg through his temple and into the ground, and he died.
22 Ɛberɛ a Barak baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ Sisera no, Yael pue bɛhyiaa no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ noɔ no.” Enti, ɔdii nʼakyi kɔɔ ntomadan no mu kɔhunuu Sisera sɛ wawu da hɔ a pɛɛwa si ne moma so.
When Barak arrived in pursuit of Sisera, Jael went out to greet him and said to him, “Come, and I will show you the man you are seeking.” So he went in with her, and there lay Sisera dead, with a tent peg through his temple.
23 Ɛda no na Israel hunuu sɛ Onyankopɔn adi Kanaanhene Yabin so nkonim.
On that day God subdued Jabin king of Canaan before the Israelites.
24 Na ɛno akyi no, Israel nyaa ahoɔden tiaa ɔhene Yabin ara kɔsii sɛ akyire yi, wɔsɛee no.
And the hand of the Israelites grew stronger and stronger against Jabin king of Canaan until they destroyed him.

< Atemmufoɔ 4 >