< Atemmufoɔ 3 >

1 Awurade gyaa aman bi wɔ asase no so a na ɔnam so pɛ sɛ ɔsɔ Israelfoɔ a wɔnkɔɔ Kanaan ko no bi da hwɛ.
Now these [are] the nations which the LORD left, to prove Israel by them, [even] as many [of Israel] as had not known all the wars of Canaan;
2 Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ Israel nkyirimma a wɔnkɔɔ ɔko da no sɛdeɛ wɔbɛnya akodie ho nimdeɛ.
Only that the generations of the children of Israel might know, to teach them war, at the least such as before knew nothing thereof;
3 Saa aman no nie: Filistifoɔ (wɔn a na wɔhyɛ Filistifoɔ ahemfo baanum bi ase no), Kanaanfoɔ nyinaa, Sidonfoɔ, Hewifoɔ a na wɔte Lebanon bepɔ no so firi Baal Hermon bepɔ ho de kɔsi Lebo Hamat.
[Namely], five lords of the Philistines, and all the Canaanites, and the Sidonians, and the Hivites that dwelt in mount Lebanon, from mount Baal-hermon unto the entering in of Hamath.
4 Wɔgyaa saa nkurɔfoɔ yi de sɔɔ Israelfoɔ no hwɛeɛ, pɛɛ sɛ wɔhunu sɛ wɔbɛdi mmara a Awurade nam Mose so hyɛ maa wɔn agyanom no so anaa.
And they were to prove Israel by them, to know whether they would hearken unto the commandments of the LORD, which he commanded their fathers by the hand of Moses.
5 Enti, Israelfoɔ no tenaa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu.
And the children of Israel dwelt among the Canaanites, Hittites, and Amorites, and Perizzites, and Hivites, and Jebusites:
6 Na wɔdii wɔn ho awadeɛ. Israelfoɔ mmammarima no warewaree wɔn mmammaa ɛnna wɔde Israelfoɔ mmammaa nso maa wɔn mmammarima awadeɛ. Na Israelfoɔ no somm wɔn anyame.
And they took their daughters to be their wives, and gave their daughters to their sons, and served their gods.
7 Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so bɔne. Wɔn werɛ firii Awurade wɔn Onyankopɔn, na wɔsomm Baalim ahoni ne Asera afɔrebukyia.
And the children of Israel did evil in the sight of the LORD, and forgat the LORD their God, and served Baalim and the groves.
8 Awurade abufuo mu yɛɛ den tiaa Israel enti, ɔde wɔn hyɛɛ Aramhene Kusan-Risataim nsam. Na Israelfoɔ yɛɛ Kusan-Risataim nkoa mfirinhyia nwɔtwe.
Therefore the anger of the LORD was hot against Israel, and he sold them into the hand of Chushan-rishathaim king of Mesopotamia: and the children of Israel served Chushan-rishathaim eight years.
9 Nanso, Israelfoɔ su frɛɛ Awurade no, ɔyii ɔbarima bi sɛ ɔgyefoɔ maa wɔn. Ne din ne Otniel a ɔyɛ Kaleb nua kumaa Kenas babarima.
And when the children of Israel cried unto the LORD, the LORD raised up a deliverer to the children of Israel, who delivered them, [even] Othniel the son of Kenaz, Caleb’s younger brother.
10 Awurade honhom baa ne so, enti ɔbɛyɛɛ Israel ɔtemmufoɔ. Ɔko tiaa Aramhene Kusan-Risataim na Awurade maa Otniel dii ne so nkonim.
And the Spirit of the LORD came upon him, and he judged Israel, and went out to war: and the LORD delivered Chushan-rishathaim king of Mesopotamia into his hand; and his hand prevailed against Chushan-rishathaim.
11 Enti, asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduanan. Na Kenas babarima Otniel wuiɛ.
And the land had rest forty years. And Othniel the son of Kenaz died.
12 Bio, Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so bɔne, na ɛno enti, Awurade de tumi hyɛɛ Moabhene Eglon nsa ma ɔdii Israel so.
And the children of Israel did evil again in the sight of the LORD: and the LORD strengthened Eglon the king of Moab against Israel, because they had done evil in the sight of the LORD.
13 Eglon boaboaa Amonfoɔ ne Amalekfoɔ ano ma wɔbɛkaa ne ho na wɔkɔto hyɛɛ Israelfoɔ so. Wɔdii wɔn so, faa kuropɔn Yeriko.
And he gathered unto him the children of Ammon and Amalek, and went and smote Israel, and possessed the city of palm trees.
14 Israelfoɔ no somm Moabhene Eglon mfirinhyia dunwɔtwe.
So the children of Israel served Eglon the king of Moab eighteen years.
15 Nanso Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade bio no, Awurade maa wɔn ɔgyefoɔ. Ne din ne Ehud, Gera babarima a ɔyɛ abenkumma na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Israelfoɔ no somaa Ehud sɛ ɔmfa wɔn apeatoɔ sika nkɔma Moabhene Eglon.
But when the children of Israel cried unto the LORD, the LORD raised them up a deliverer, Ehud the son of Gera, a Benjamite, a man lefthanded: and by him the children of Israel sent a present unto Eglon the king of Moab.
16 Enti, Ehud bɔɔ sekan anofanu a ne tenten yɛ nsateakwaa dunwɔtwe. Ɔde hyɛɛ ne srɛ nifa ho de siee nʼatadeɛ mu.
But Ehud made him a dagger which had two edges, of a cubit length; and he did gird it under his raiment upon his right thigh.
17 Ɔde apeatoɔ sika no brɛɛ Eglon a wayɛ kɛse twɔfee no.
And he brought the present unto Eglon king of Moab: and Eglon [was] a very fat man.
18 Ɔde sika no maa no wieeɛ no, Ehud gyaa wɔn a na wɔso sika no kwan ma wɔkɔɔ fie.
And when he had made an end to offer the present, he sent away the people that bare the present.
19 Nanso, ɛberɛ a Ehud duruu aboɔ ahoni a ɛbɛn Gilgal no, ɔsane nʼakyi baa Eglon nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ kokoamsɛm bi meka kyerɛ wo.” Enti ɔhene no maa nʼasomfoɔ no nyinaa yɛɛ dinn na ɔmaa wɔn nyinaa firii ɛdan mu hɔ.
But he himself turned again from the quarries that [were] by Gilgal, and said, I have a secret errand unto thee, O king: who said, Keep silence. And all that stood by him went out from him.
20 Afei, Ehud kɔɔ Eglon nkyɛn. Na ɔte aborɔsan dan bi a emu dwoɔ mu. Ehud ka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ asɛm bi a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ka kyerɛ wo!” Ɛberɛ a ɔhene Eglon sɔre firii nʼakonnwa mu ara pɛ,
And Ehud came unto him; and he was sitting in a summer parlour, which he had for himself alone. And Ehud said, I have a message from God unto thee. And he arose out of [his] seat.
21 Ehud de ne nsa benkum twee sekan a ɔde ahyɛ ne srɛ nifa ho no de wɔɔ ɔhene no yafunu mu.
And Ehud put forth his left hand, and took the dagger from his right thigh, and thrust it into his belly:
22 Sekan no kɔɔ akyiri kɔsii sɛ nʼabona no mpo wuraa ɔhene no sradeɛ mu maa ɛso kataeɛ. Enti, Ehud gyaa sekan no wɔ yafunu no mu maa ne nsono tu guiɛ.
And the haft also went in after the blade; and the fat closed upon the blade, so that he could not draw the dagger out of his belly; and the dirt came out.
23 Afei, Ehud totoo apono no mu foroo agyanan dan no, faa ne nsuseneeɛ no mu dwane kɔeɛ.
Then Ehud went forth through the porch, and shut the doors of the parlour upon him, and locked them.
24 Ehud kɔeɛ akyi no, ɔhene asomfoɔ no baa hɔ bɛhunuu sɛ, apono a ɛkɔ aborɔsan no so no, wɔatoto mu. Na wɔdwene sɛ ɔwɔ agyananbea hɔ,
When he was gone out, his servants came; and when they saw that, behold, the doors of the parlour [were] locked, they said, Surely he covereth his feet in his summer chamber.
25 enti, wɔtwɛneeɛ. Wɔtwɛneeɛ ara na ɔhene no mma no, ɛhaa wɔn ma wɔkɔpɛɛ safoa bi. Na wɔbuee ɛpono no, wɔhunuu sɛ wɔn wura awu da fam.
And they tarried till they were ashamed: and, behold, he opened not the doors of the parlour; therefore they took a key, and opened [them: ] and, behold, their lord [was] fallen down dead on the earth.
26 Ɛberɛ a asomfoɔ no retwɛn no, Ehud dwane faa aboɔ ahoni no so a ɔrekɔ Seira.
And Ehud escaped while they tarried, and passed beyond the quarries, and escaped unto Seirath.
27 Ɔduruu Efraim bepɔ asase no so no, Ehud hyɛnee totorobɛnto kyerɛɛ ɔman no sɛ wɔmfa akodeɛ mmra. Enti, ɔdii Israelfoɔ kuo bi anim sianee bepɔ no.
And it came to pass, when he was come, that he blew a trumpet in the mountain of Ephraim, and the children of Israel went down with him from the mount, and he before them.
28 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monni mʼakyi. Awurade ama moadi Moabfoɔ a wɔyɛ mo atamfoɔ no so nkonim.” Enti, wɔtu dii nʼakyi. Israelfoɔ no faa asubɔnten Yordan baabi a ɛhɔ nnɔ a wɔfiri Moab tware. Ɛno enti na obiara ntumi mfa hɔ ntwa Asubɔnten no.
And he said unto them, Follow after me: for the LORD hath delivered your enemies the Moabites into your hand. And they went down after him, and took the fords of Jordan toward Moab, and suffered not a man to pass over.
29 Wɔto hyɛɛ Moabfoɔ no so. Wɔkunkumm wɔn nnɔmmarima no bɛyɛ ɔpedu. Wɔn mu biara antumi annwane.
And they slew of Moab at that time about ten thousand men, all lusty, and all men of valour; and there escaped not a man.
30 Enti, Israelfoɔ dii Moabfoɔ so nkonim saa ɛda no, na asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduɔwɔtwe.
So Moab was subdued that day under the hand of Israel. And the land had rest fourscore years.
31 Ehud akyi no, Anat babarima Samgar gyee Israelfoɔ. Ɔde nantwika abaa kumm Filistifoɔ aha nsia.
And after him was Shamgar the son of Anath, which slew of the Philistines six hundred men with an ox goad: and he also delivered Israel.

< Atemmufoɔ 3 >