< Atemmufoɔ 21 >

1 Israelfoɔ aka ntam wɔ Mispa sɛ, wɔremfa wɔn mmammaa mma ɔbarima biara a ɔfiri Benyamin abusuakuo mu awadeɛ.
Israelfo aka ntam wɔ Mispa sɛ, wɔremfa wɔn mmabea mma ɔbarima biara a ofi Benyamin abusuakuw mu aware.
2 Nnipa no kɔɔ Bet-El kɔtenaa Onyankopɔn anim kɔsii anwummerɛ, maa wɔn nne so, suu dendeenden kaa sɛ,
Nnipa no kɔɔ Bet-El kɔtenaa Onyankopɔn anim kosii anwummere, maa wɔn nne so, suu denneennen kae se,
3 “Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, adɛn enti na saa asɛm yi asi? Seesei yɛn mmusuakuo no mu baako ayera!”
“Ao Awurade, Israel Nyankopɔn, adɛn nti na saa asɛm yi asi? Mprempren yɛn mmusuakuw no mu baako ayera!”
4 Adekyeɛ mu no, nnipa no tuaa nhema sii afɔrebukyia, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ.
Adekyee mu no, nnipa no sii afɔremuka, na wɔbɔɔ ɔhyew ne asomdwoe afɔre.
5 Wɔbisaa sɛ, “Abusuakuo bi wɔ hɔ a wannya ɔnanmusini ɛberɛ a yɛkɔɔ nhyiamu kɛseɛ wɔ Awurade anim wɔ Mispa no anaa?” Saa ɛberɛ no, na wɔaka ntankɛseɛ wɔ Awurade anim sɛ, obiara a wamma no, ɛsɛ sɛ ɔwu.
Wobisae se, “Abusuakuw bi wɔ hɔ a wannya ɔnanmusini bere a yɛkɔɔ nhyiamu kɛse wɔ Awurade anim wɔ Mispa no ana?” Saa bere no, na wɔaka ntankɛse wɔ Awurade anim sɛ, obiara a wamma no, ɛsɛ sɛ owu.
6 Na Israelfoɔ no dii yea wɔ Benyaminfoɔ no ho kaa sɛ, “Ɛnnɛ yi, abusuakuo baako afiri yɛn mu; na nʼase reyɛ atɔre.
Na Israelfo no dii yaw wɔ Benyaminfo no ho kae se, “Nnɛ yi, abusuakuw baako afi yɛn mu; na nʼase reyɛ atɔre.
7 Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama wɔn a wɔaka no, ɛsiane sɛ, yɛaka Awurade ntam sɛ yɛremfa yɛn mmammaa mu biara mma wɔn awadeɛ?”
Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama wɔn a wɔaka no, esiane Awurade ntam a yɛaka sɛ yɛremfa yɛn mmabea mu biara mma wɔn aware nti?”
8 Enti wɔbisaa sɛ, “Ɛberɛ a yɛde yɛn ho kyerɛɛ Awurade wɔ Mispa no na obi nni hɔ bi anaa?” Ɛhɔ na wɔhunuu sɛ, obiara amfiri Yabes Gilead amma saa badwa no mu bi.
Enti wobisae se, “Bere a yɛde yɛn ho kyerɛɛ Awurade wɔ Mispa no na obi nni hɔ bi ana?” Ɛhɔ na wohui sɛ, obiara amfi Yabes Gilead amma saa aguabɔ no ase bi.
9 Na wɔkan nnipa no nyinaa no, wɔannya obiara a ɔfiri Yabes Gilead.
Na wɔkan nnipa no nyinaa no, wɔannya obiara a ofi Yabes Gilead.
10 Enti, wɔsomaa akofoɔ mpem dumienu kɔɔ Yabes Gilead sɛ wɔnkɔkunkum obiara a ɔwɔ hɔ a mmaa ne mmɔfra ka ho.
Enti wɔsomaa akofo mpem dumien kɔɔ Yabes Gilead sɛ wonkokunkum obiara a ɔwɔ hɔ a mmea ne mmofra ka ho.
11 Wɔkaa sɛ, “Yei na ɛsɛ sɛ moyɛ. Monkum ɔbarima ne ɔbaa biara a ɔnyɛ ɔbaabunu.”
Wɔkae se, “Eyi na ɛsɛ sɛ moyɛ. Munkum ɔbarima ne ɔbea biara a ɔnyɛ ɔbabun.”
12 Yabes Gileadfoɔ mu no, wɔhunuu mmaabunu ahanan a wɔne mmarima nnaa da, na wɔde wɔn baa nsraban a ɛwɔ Silo wɔ Kanaan asase so hɔ.
Yabes Gileadfo mu no, wohuu mmabun ahannan a wɔne mmarima nnaa da, na wɔde wɔn baa nsraban a ɛwɔ Silo wɔ Kanaan asase so hɔ.
13 Na Israelfoɔ badwa no somaa asomdwoeɛ abɔfoɔ ma wɔkɔɔ Benyaminfoɔ nkaeɛ no a na wɔte Rimon botan ho no nkyɛn.
Na Israelfo bagua no somaa asomdwoe abɔfo ma wɔkɔɔ Benyaminfo nkae no a na wɔte Rimon botan ho no nkyɛn.
14 Na Benyaminfoɔ no sane kɔɔ wɔn afie mu, na wɔde mmaabunu a wɔfiri Yabes Gilead a wɔankum bi no maa wɔn awadeɛ. Nanso, mmaa no anso wɔn so.
Na Benyaminfo no san kɔɔ wɔn afi mu, na wɔde mmabun a wofi Yabes Gilead a wɔankum bi no maa wɔn aware. Nanso mmea no anso wɔn so.
15 Nnipa no dii Benyaminfoɔ no ho yea, sɛ Awurade ama mpaapaemu aba Israel mmusuakuo no mu.
Nnipa no dii Benyaminfo no ho yaw, sɛ Awurade ama mpaapaemu aba Israel mmusuakuw no mu.
16 Enti, Israel ntuanofoɔ no bisaa sɛ, “Sɛ wɔatɔre mmaa a wɔfiri Benyamin ase yi, ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama mmarima a aka no?
Enti Israel ntuanofo no bisae se, “Sɛ wɔatɔre mmea a wofi Benyamin ase yi, ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama mmarima a wɔaka no?
17 Ɛsɛ sɛ Benyaminfoɔ a aka no nya adedifoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Israel abusuakuo bi ase ntɔre.
Ɛsɛ sɛ Benyaminfo a wɔaka no nya adedifo sɛnea ɛbɛyɛ a Israel abusuakuw bi ase ntɔre.
18 Nanso yɛrentumi mfa yɛn mmammaa mma wɔn awadeɛ, ɛfiri sɛ, yɛaka ntankɛseɛ sɛ, obiara a ɔde ne babaa bɛma Benyaminni awadeɛ no, Awurade nnome mmra ne so.”
Nanso yɛrentumi mfa yɛn mmabea mma wɔn aware, efisɛ yɛaka ntankɛse sɛ, obiara a ɔde ne babea bɛma Benyaminni aware no, Awurade nnome mmra ne so.”
19 Afei wɔdwenee Awurade afeafe afahyɛ no ho, deɛ wɔdi wɔ Silo, a ɛwɔ Lebona ne Bet-El ntam, wɔ ɛkwan a ɛfiri Bet-El kɔsi Sekem no apueeɛ fam.
Afei wɔdwenee Awurade afeafe afahyɛ no ho, nea wodi wɔ Silo, a ɛwɔ Lebona ne Bet-El ntam, wɔ ɔkwan a efi Bet-El kosi Sekem no apuei fam.
20 Na wɔka kyerɛɛ Benyamin mmarima a wɔda so hwehwɛ yerenom no sɛ, “Monkɔtɛ wɔ bobe nturo no mu.
Na wɔka kyerɛɛ Benyamin mmarima a wɔda so hwehwɛ yerenom no se, “Monkɔtɛw wɔ bobe nturo no mu.
21 Sɛ mmaa a wɔfiri Silo no ba bɛsa wɔn asa no a, mompue mfiri bobe nturo no mu, na mo mu biara bɛtumi afa wɔn mu baako de no akɔ efie sɛ ne yere.
Sɛ mmea a wofi Silo no ba bɛsaw wɔn asaw no a, mumpue mfi bobe nturo no mu, na mo mu biara betumi afa wɔn mu baako de no akɔ fie sɛ ne yere.
22 Na sɛ wɔn agyanom ne wɔn nuanom mmarima ba sɛ wɔmpene so a, yɛbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Yɛsrɛ mo, monte aseɛ. Momma wɔmfa mo mmammaa no, ɛfiri sɛ, ɛberɛ a yɛkunkumm Yabes Gileadfoɔ no, yɛannya mmaa a ɛbɛso wɔn nyinaa so amma wɔn. Monnni ntam no ho fɔ, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ mo na mode mo mmammaa maa wɔn awadeɛ.’”
Na sɛ wɔn agyanom ne wɔn nuanom mmarima ba sɛ wɔmpene so a, yɛbɛka akyerɛ wɔn se, ‘Yɛsrɛ mo, monte ase. Momma wɔmfa mo mmabea no, efisɛ bere a yekunkum Yabes Gileadfo no, yɛannyaw mmea a ɛbɛso wɔn nyinaa so amma wɔn. Munnni ntam no ho fɔ, efisɛ ɛnyɛ mo na mode mo mmabea maa wɔn aware.’”
23 Enti, Benyamin mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wɔn no. Wɔwiawiaa mmaa a wɔbaa afahyɛ no ase, de wɔn kɔɔ asase a ɛyɛ wɔn agyapadeɛ no so. Na wɔkyekyeree wɔn nkuro no bio tenaa mu.
Enti Benyamin mmarima no yɛɛ sɛnea wɔkyerɛɛ wɔn no. Wowiawiaa mmea a wɔbaa afahyɛ no ase, de wɔn kɔɔ asase a ɛyɛ wɔn agyapade no so. Na wɔkyekyeree wɔn nkurow no bio tenaa mu.
24 Na Israelfoɔ mmusuakuo ne mmusua no firii hɔ sane kɔɔ wɔn ankasa afie mu.
Na Israelfo mmusuakuw ne mmusua no fii hɔ san kɔɔ wɔn ankasa afi mu.
25 Saa ɛberɛ no na Israel nni ɔhene, enti na deɛ nnipa no gye di sɛ ɛyɛ wɔ wɔn ani so no na wɔyɛ.
Saa bere no na Israel nni ɔhene, nti na nea nnipa no gye di sɛ eye wɔ wɔn ani so no na wɔyɛ.

< Atemmufoɔ 21 >