< Atemmufoɔ 2 >
1 Na Awurade ɔbɔfoɔ firi Gilgal kɔɔ Bokim de nkra kɔmaa Israelfoɔ sɛ, “Meyii mo firii Misraim, de mo baa asase a mekaa ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no so. Mekaa sɛ, Meremmu mʼapam a me ne mo ayɛ no so.
Na Awurade bɔfo fi Gilgal kɔɔ Bokim de nkra kɔmaa Israelfo no se, “Miyii mo fii Misraim, de mo baa asase a mekaa ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no so. Mekae se, Meremmu mʼapam a me ne mo ayɛ no so.
2 Mo fam deɛ ne sɛ, mo ne nnipa a wɔte asase yi so no nnyɛ apam biara na mmom mobɛsɛe wɔn afɔrebukyia nyinaa. Na adɛn enti na moanni me mmaransɛm so?
Mo fam de ne sɛ, mo ne nnipa a wɔte asase yi so no nnyɛ apam biara na mmom mobɛsɛe wɔn afɔremuka nyinaa. Na adɛn nti na moanni me mmara nsɛm so?
3 Deɛ moayɛ yi enti, merempam nnipa a wɔtete mo asase so no. Wɔbɛyɛ mo nkyɛnmu nkasɛɛ na wɔn anyame nso ayɛ mfidie ama mo.”
Nea moayɛ yi nti, merempam nnipa a wɔtete mo asase so no. Wɔbɛyɛ mo nkyɛn mu nsɔe na wɔn anyame nso ayɛ mfiri a wɔasum ahintaw mo.”
4 Awurade ɔbɔfoɔ kasa wieeɛ no Israelfoɔ no suu denden.
Awurade bɔfo kasa wiee no Israelfo no suu dennen.
5 Enti wɔtoo beaeɛ hɔ edin “Agyaadwotwa”. Na wɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ hɔ maa Awurade.
Enti wɔtoo beae hɔ din “Agyaadwotwa.” Na wɔbɔɔ afɔre wɔ hɔ maa Awurade.
6 Yosua gyaa nkurɔfoɔ no kwan akyi no, mmusuakuo no mu biara kɔfaa nʼagyapadeɛ a wɔde maa no sɛ ne kyɛfa no.
Yosua gyaa nkurɔfo no kwan akyi no, mmusuakuw no mu biara kɔfaa nʼagyapade a wɔde maa no sɛ ne kyɛfa no.
7 Na Israelfoɔ no somm Awurade wɔ Yosua ne mpanimfoɔ a wɔanyini sene Yosua a wɔhunuu nneɛma akɛseɛ a Awurade yɛ maa Israel, Yosua nkwa nna nyinaa mu no.
Na Israelfo no som Awurade wɔ Yosua ne mpanyimfo a wɔanyinyin sen Yosua a wohuu nneɛma akɛse a Awurade yɛ maa Israel, Yosua nkwa nna nyinaa mu no.
8 Afei, Nun babarima Yosua, Awurade ɔsomfoɔ wuiɛ a na wadi mfirinhyia ɔha ne edu.
Afei, Nun babarima Yosua, Awurade somfo wui a na wadi mfirihyia ɔha ne du.
9 Wɔsiee no wɔ nʼawunya asase a na ɛwɔ Timnat-Heres, Efraim bepɔ asase no a ɛwɔ Gaas bepɔ no atifi fam no.
Wosiee no wɔ ne wugyaw asase a na ɛwɔ Timnat-Heres, Efraim bepɔw asase no a ɛwɔ Gaas bepɔw no atifi fam no.
10 Saa awoɔ ntoatoasoɔ no akyi no, awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ nyiniiɛ a na wɔnnim Awurade, na wɔnkae nneɛma akɛseɛ a wayɛ ama Israel.
Saa awo ntoatoaso no akyi no, awo ntoatoaso foforo nyin a na wonnim Awurade, na wɔnkae nneɛma akɛse a wayɛ ama Israel no.
11 Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ Awurade ani so, na wɔsom Baalim ahoni.
Na Israelfo no yɛɛ nea enye wɔ Awurade ani so, na wɔsom Baalim ahoni.
12 Wɔgyaa Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim no. Wɔdii anyame foforɔ akyi, somm saa anyame no a ɛyɛ nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no dea. Na wɔmaa Awurade bo fuiɛ.
Wogyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim no. Wodii anyame foforo akyi, som saa anyame no a ɛyɛ nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no dea. Na wɔmaa Awurade bo fuwii.
13 Wɔgyaa Awurade akyi die, kɔsom Baalim ne Astoret ahoni.
Wogyaw Awurade akyidi, kɔsom Baalim ne Astoret ahoni.
14 Yei maa Awurade bo fuu Israel, enti ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa, ma wɔwiaa wɔn ahodeɛ. Ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia, na wɔantumi annyina wɔn ano.
Eyi maa Awurade bo fuw Israel, enti ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa, maa wowiaa wɔn ahode. Ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia, na wɔantumi annyina wɔn ano.
15 Ɛberɛ biara a Israelfoɔ bɛkɔ ɔko no, Awurade ko tia wɔn ma wɔdi nkoguo, sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ no. Enti, wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa.
Bere biara a Israelfo bɛkɔ ɔko no, Awurade ko tia wɔn ma wodi nkogu, sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no. Enti wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa.
16 Afei, Awurade pagyaa atemmufoɔ ma wɔbɛgyee Israelfoɔ firi wɔn atamfoɔ nsam.
Afei, Awurade pagyaw atemmufo ma wobegyee Israelfo fii wɔn atamfo nsam.
17 Nanso, Israelfoɔ no antie atemmufoɔ no. Wɔkɔɔ so de wɔn ho bɔɔ anyame foforɔ, kotoo wɔn. Wɔtwee wɔn ho ntɛm so firii wɔn agyanom a wɔyɛɛ ɔsetie maa Awurade mmaransɛm no kwan so.
Nanso Israelfo no antie atemmufo no. Wɔkɔɔ so de wɔn ho bɔɔ anyame foforo, kotow wɔn. Wɔtwee wɔn ho ntɛm so fii wɔn agyanom a wɔyɛɛ osetie maa Awurade mmara nsɛm no kwan so.
18 Ɛberɛ biara a Awurade de ɔtemmufoɔ bi bɛdua Israel so no, na ɔka saa ɔtemmufoɔ no ho na ɔgye nnipa no firi wɔn atamfoɔ no nsam wɔ saa ɔtemmufoɔ no nkwa nna nyinaa mu. Ɛfiri sɛ, Awurade hunuu ne nkurɔfoɔ a wɔredi wɔn nya na wɔrehunu amane no mmɔbɔ.
Bere biara a Awurade de otemmufo bi bedua Israel so no, na ɔka saa otemmufo no ho na ogye nnipa no fi wɔn atamfo no nsam wɔ saa otemmufo no nkwa nna nyinaa mu. Efisɛ Awurade huu ne nkurɔfo a wɔredi wɔn nya na wɔrehu amane no mmɔbɔ.
19 Nanso, atemmufoɔ no wuo akyi no, nnipa no sane kɔɔ wɔn bra bɔne no mu a, afei na wɔasɛesɛe sene wɔn a wɔdii wɔn anim ɛkan no. Wɔdii anyame foforɔ akyi. Wɔkotoo wɔn, somm wɔn. Na wɔampɛ sɛ wɔgyae wɔn nnebɔnesɛm ne kɔnseneeɛsɛm no.
Nanso atemmufo no wu akyi no, nnipa no san kɔɔ wɔn bra bɔne no mu a, afei na wɔasɛesɛe sen wɔn a wodii wɔn anim kan no. Wodii anyame foforo akyi. Wɔkotow wɔn, som wɔn. Na wɔampɛ sɛ wogyae wɔn nnebɔnesɛm ne asobrakye no.
20 Enti, Awurade bo fuu Israel. Ɔkaa sɛ, “Esiane sɛ saa nnipa yi abu apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ so, na wɔapo me mmaransɛm enti,
Enti Awurade bo fuw Israel. Ɔkae se, “Esiane sɛ saa nnipa yi abu apam a me ne wɔn agyanom yɛe so, na wɔapo me mmara nsɛm nti,
21 merempamo aman a Yosua anni wɔn so ansa na ɔrewuo no.
merempam aman a Yosua anni wɔn so ansa na ɔrewu no.
22 Meyɛɛ yei de sɔɔ Israel hwɛeɛ sɛ wɔbɛtie Awurade sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no.”
Meyɛɛ eyi de sɔɔ Israel hwɛe sɛ wobetie Awurade sɛnea wɔn agyanom yɛe no.”
23 Ɛno enti na amma Awurade ampam aman no ntɛm so na wamma Yosua ammɛdi wɔn nyinaa so no.
Ɛno nti na amma Awurade ampam aman no ntɛm so na wamma Yosua ammedi wɔn nyinaa so no.