< Atemmufoɔ 19 >

1 Saa ɛberɛ no na Israel nni ɔhene. Na ɔbarima bi a ɔfiri Lewi abusuakuo mu te Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi. Ɛda bi, ɔde ɔbaa bi firi Betlehem a ɛwɔ Yuda baa fie sɛ ne mpena.
En aquellos días, como no había rey en Israel, hubo un Levita que moraba como peregrino en los lados del monte de Efraím: el cual se había tomado mujer concubina de Belén de Judá.
2 Nanso, ɔbaa no anni no nokorɛ enti ɔsane kɔɔ nʼagya fie wɔ Betlehem. Abosome ɛnan akyi,
Y su concubina adulteró contra él, y fuése de él a casa de su padre a Belén de Judá, y estuvo allá por tiempo de cuatro meses.
3 ne kunu no faa ɔsomfoɔ ne afunumu foforɔ kaa ne ho kɔɔ Betlehem sɛ ɔde rekɔkorɔkorɔ no na wasane nʼakyi aba. Ɔduruu ɔbaa no agya fie no, ɔde no kɔɔ efie no mu maa nʼagya no gyee no fɛ so.
Y levantóse su marido, y siguióla, para hablarle amorosamente, y volverla, llevando consigo un su criado, y un par de asnos: y ella le metió en la casa de su padre.
4 Ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ ɔntena nkyɛ kakra. Enti, ɔdii nnansa, didiiɛ, nomeeɛ, daa hɔ.
Y viéndolo el padre de la moza salióle a recibir gozoso, y detúvole su suegro, el padre de la moza, y quedó en su casa tres días, comiendo y bebiendo, y reposando allí.
5 Ne nna ɛnan so no, ɔbarima no sɔree anɔpa, pɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso, ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ, “Didi ansa na woakɔ.”
Y al cuarto día, como se levantaron de mañana, levantóse también el Levita para irse, y el padre de la moza dijo a su yerno: Conforta tu corazón con un bocado de pan, y después os iréis.
6 Enti, wɔn baanu no tenaa ase didiiɛ, nomeeɛ. Afei, ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, da anadwo yi na gye wʼani.”
Y sentáronse ellos dos juntos, y comieron y bebieron: y el padre de la moza dijo al varón: Yo te ruego que te quieras quedar aquí esta noche, y alegrarse ha tu corazón.
7 Ɔbarima no sɔree sɛ anka ɔrekɔ, nanso, nʼase no hyɛɛ no sɛ ɔntena. Enti, ɔpenee so daa hɔ anadwo no.
Y levantándose el varón para irse, el suegro le constriñó a que tornase y tuviese allí la noche.
8 Nnanum so anɔpa no, ɔsɔree bio a ɔpɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso, bio, ɔbaa no agya kaa sɛ, “Didi ansa, na awiam kakra no wobɛtumi akɔ.” Enti, wɔsane didii bio.
Y al quinto día levantándose de mañana para irse, díjole el padre de la moza: Conforta ahora tu corazón. Y así se detuvieron hasta que ya declinó el día comiendo ambos a dos.
9 Awia no, ɔbarima no ne ne mpena no ne ne ɔsomfoɔ boaboaa wɔn ho pɛɛ sɛ wɔkɔ. Nanso, nʼase no ka kyerɛɛ no sɛ, “Montie! Adeɛ reyɛ asa. Montena na monnye mo ani anadwo yi. Ɔkyena mobɛtumi asim anɔpahema.”
Y el varón se levantó para irse él y su concubina y su criado. Entonces su suegro, el padre de la moza, le dijo: He aquí que el día declina para ponerse el sol, ruégote que os estéis aquí la noche: he aquí que el día se acaba: ten aquí la noche, para que se alegre tu corazón; y mañana os levantaréis de mañana a vuestro camino y llegarás a tus tiendas.
10 Nanso, afei deɛ ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔbɛkɔ. Enti ɔfaa ne mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ wɔn no ne mpena no, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Yebus (a ɛyɛ Yerusalem).
Mas el varón no quiso quedar allí la noche, sino levantándose partióse, y vino hasta delante de Jebús, que es Jerusalem, con su par de asnos aparejados, y con su concubina.
11 Ɛberɛ a wɔduruu Yebus no na adeɛ reyɛ asa, na ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ ne wura no sɛ, “Adeɛ reyɛ asa, enti momma yɛnna Yebusifoɔ kuropɔn yi mu anadwo yi.”
Y estando ya junto a Jebús, el día había abajado mucho; y dijo el criado a su señor: Ven ahora, y vámonos a esta ciudad de los Jebuseos para que tengamos en ella la noche.
12 Ne wura no buaa sɛ, “Dabi, yɛrentumi ntena ananafoɔ kuropɔn a Israelfoɔ nni mu yi mu. Yɛbɛtoa so akɔ Gibea.
Y su señor le respondió: No iremos a ninguna ciudad de extranjeros, que no sea de los hijos de Israel; sino pasaremos hasta Gabaa. Y dijo a su criado:
13 Yɛbɛnya daberɛ anadwo yi wɔ Gibea anaa Rama.”
Ven, lleguemos a uno de esos dos lugares, para tener la noche en Gabaa, o en Rama.
14 Enti, wɔtoaa so. Wɔrebɛduru kuro Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so no, na owia rekɔtɔ,
Y pasando anduvieron, y púsoseles el sol junto a Gabaa, que era de Ben-jamín.
15 Enti wɔdaa hɔ anadwo no. Wɔdaa kuro no abɔntene kɛseɛ so, na obiara amfa wɔn ankɔ fie ankɔsom wɔn hɔhoɔ.
Y apartáronse del camino para entrar a tener allí la noche en Gabaa: y entrando aposentáronse en la plaza de la ciudad, que no hubo quien los acogiese en casa para pasar la noche.
16 Anwummerɛ no, akɔkoraa bi firii nʼafuom baa fie. Na ɔfiri Efraim bepɔ asase so, nanso na ɔte Gibea wɔ Benyamin asase so.
Y, he aquí, un hombre viejo que a la tarde venía del campo de trabajar, el cual era también del monte de Efraím, y moraba como peregrino en Gabaa: y los moradores de aquel lugar eran hijos de Jemini.
17 Ɛberɛ a ɔhunuu akwantufoɔ yi sɛ wɔtete kuro no abɔntene kɛseɛ so no, ɔbisaa wɔn baabi a wɔfiri ne baabi a wɔrekorɔ.
Y este hombre alzando los ojos, vio a estotro, que venía de camino, en la plaza de la ciudad: y díjole el viejo: ¿Dónde vas, y de donde vienes?
18 Ɔbarima no buaa no sɛ, “Yɛfiri Betlehem a ɛwɔ Yudea na yɛrekɔ Efraim bepɔ asase no so kuro bi a ɛwɔ akyirikyiri, na yɛrekɔ Awurade Asɔrefie. Nanso obiara amfa yɛn ankɔ ne fie ankɔpɛ yɛn daberɛ,
Y él respondió: Pasamos de Belén de Judá a los lados del monte de Efraím, de donde yo soy, y partíme hasta Belén de Judá, y voy ahora a la casa de Jehová, y no hay quien me reciba en casa,
19 ɛwom sɛ yɛwɔ deɛ ɛhia yɛn biara. Yɛwɔ ɛserɛ ne aduane a yɛde bɛma yɛn mfunumu; yɛwɔ burodo ne nsã.”
Aunque nosotros tenemos paja y de comer para nuestros asnos: y también tenemos pan y vino para mí, y para tu sierva, y para el criado que está con tu siervo, y de nada tenemos falta.
20 Akɔkoraa no kaa sɛ, “Mommra mmɛsoɛ me. Mɛma mo biribiara a ɛbɛhia mo. Na mmom, anadwo yi deɛ, ɛnsɛ sɛ moda abɔntene kɛseɛ so hɔ.”
Y el hombre viejo dijo: Paz sea contigo: tu necesidad toda sea solamente a mi cargo, con tal que no tengas la noche en la plaza.
21 Enti, ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ ne fie, na ɔmaa wɔn mfunumu no aduane. Wɔhohoroo wɔn nan ase wieeɛ no, wɔbɔɔ mu didiiɛ.
Y metiéndole en su casa, dio de comer a sus asnos, y lavaron sus pies, y comieron, y bebieron.
22 Ɛberɛ a wɔregye wɔn ani no, kuro no mu nnipa bɔnefoɔ bi bɛtwaa fie no ho hyiaeɛ. Wɔhyɛɛ aseɛ pempem ɛpono no teateaam guu akɔkoraa no so sɛ, “Fa ɔbarima a wabɛsoɛ wo no ma yɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi ne no ada.”
Y cuando estuvieron alegres, he aquí los hombres de aquella ciudad, que eran hombres hijos de Belial, que cercan la casa, y batían las puertas diciendo al hombre viejo señor de la casa: Saca fuera el hombre que ha entrado en tu casa, para que le conozcamos.
23 Akɔkoraa no firi baeɛ, bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Dabi, anuanom, monnyɛ bɔne a ɛte saa. Saa ɔbarima yi yɛ me hɔhoɔ na sɛ moyɛ saa a, ɛbɛyɛ animguaseɛ.
Y saliendo a ellos el varón señor de la casa, díjoles: No hermanos míos: Ruégoos que no cometáis este mal, pues que este hombre ha entrado en mi casa, no hagáis esta maldad.
24 Me babaa ɔbaabunu ne ɔbarima yi mpena nie. Mede wɔn bɛma mo. Na deɛ mopɛ biara no monyɛ wɔn. Na mo ne saa ɔbarima yi nyɛ saa animguasedeɛ yi.”
He aquí mi hija virgen, y su concubina, yo os las sacaré ahora, humilládlas, y hacéd con ellas como os pareciere: y no hagáis a este hombre cosa tan vergonzosa.
25 Nanso, wɔantie no. Enti, Lewini no faa ne mpena no piaa no firii adi. Na kuro no mu mmarima no faa no nnidisoɔ nnidisoɔ kɔsii adekyeeɛ. Ahemadakye no na wɔgyaa no ma ɔkɔeɛ.
Mas aquellos hombres no le quisieron oír: y tomando aquel hombre su concubina sacósela fuera: y ellos la conocieron, y abusaron de ella toda la noche hasta la mañana, y dejáronla cuando el alba subía.
26 Ɔbaa no kɔduruu fie a ne kunu no te mu no ɛpono ano ara pɛ na ɔtɔɔ mum. Ɔdaa hɔ ara kɔsii sɛ anim teteeɛ.
Y ya que amanecía la mujer vino, y cayó delante de la puerta de la casa de aquel hombre donde su señor estaba, hasta que fue de día.
27 Ɛberɛ a ne kunu buee ɛpono sɛ ɔrepue pɛ na ɔhunuu sɛ ɔda hɔ. Na nʼanim butu hɔ a ne nsa gu aponnwa no so.
Y levantándose de mañana su señor, abrió las puertas de la casa, y salió, para ir su camino: y he aquí la mujer su concubina que estaba tendida delante de la puerta de la casa con las manos sobre el umbral.
28 Ɔhunuu no no, ɔkaa sɛ, “Sɔre! Ma yɛnkɔ!” Nanso, wammua. Enti, ɔde no too nʼafunumu no so de no kɔɔ efie.
Y él le dijo: Levántate para que nos vayamos. Mas ella no respondió. Entonces el varón la levantó, y echándola sobre su asno levantóse y fuése a su lugar.
29 Ɔduruu fie no, ɔtwee sekan de twitwaa ne mpena no mu asinasini dumienu. Na ɔde esini baako biara kɔɔ Israel mmusuakuo dumienu no mu.
Y en llegando a su casa, toma un cuchillo, y echa mano de su concubina, y despedázala con sus huesos en doce partes, y enviólas por todos los términos de Israel.
30 Na obiara a ɔhunuu saa aninyanneɛ yi kaa sɛ, “Ɛfiri ɛberɛ a Israel firii Misraim no, obi nnii saa amumuyɛsɛm yi bi da. Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ yɛkasa na yɛyɛ ho biribi?”
Y cualquiera que veía aquel hecho, decía: Jamás se ha hecho, ni visto tal cosa desde el tiempo que los hijos de Israel subieron de la tierra de Egipto hasta hoy. Considerád esto, dad consejo; y hablád.

< Atemmufoɔ 19 >