< Atemmufoɔ 18 >
1 Saa ɛberɛ no mu na Israel nni ɔhene. Na Dan abusuakuo rehwehwɛ baabi atena, ɛfiri sɛ, na wɔntumi mpamoo nnipa a wɔte asase a wɔde maa wɔn no so.
그 때에 이스라엘에 왕이 없었고 단 지파는 이때에 거할 기업의 땅을 구하는 중이었으니 이는 그들이 이스라엘 지파 중에서 이때까지 기업의 땅 분배함을 얻지 못하였음이라
2 Enti, mmarima a wɔfiri Dan abusuakuo yii akofoɔ enum a na wɔte Sora ne Estaol sɛ wɔnkɔpɛ asase a wɔbɛtumi atena so. Ɛberɛ a saa akofoɔ yi duruu Efraim bepɔ asase so no, wɔkɔɔ Mika fie kɔdaa hɔ anadwo no.
단 자손이 소라와 에스다올에서부터 자기 온 가족 중 용맹 있는 다섯 사람을 보내어 땅을 탐지하고 살피게 하며 그들에게 이르되 `너희는 가서 땅을 살펴보라' 하매 그들이 에브라임 산지에 가서 미가의 집에 이르러 거기서 유숙하니라
3 Wɔtiee Lewini aberanteɛ no sɛdeɛ ɔkasa no, wɔde no kɔɔ nkyɛn bisaa no sɛ, “Hwan na ɔde wo baa ha na ɛdeɛn na woreyɛ? Na adɛn enti na wowɔ ha?”
그들이 미가의 집에 가까이 올 때에 레위 소년의 음성을 알아듣고 그리로 돌이켜 가서 그에게 이르되 `누가 너를 이리로 인도하였으며 네가 여기서 무엇을 하며 여기서 무엇을 얻었느냐?'
4 Ɔkaa nhyehyɛeɛ a ɔne Mika ayɛ kyerɛɛ wɔn na ɔkyerɛɛ mu sɛ, ɔyɛ ɔsɔfoɔ ma Mika.
그가 그들에게 이르되 `미가가 여차여차히 나를 대접하여 나를 고빙하여 나로 자기 제사장을 삼았느니라'
5 Na wɔkaa sɛ, “Bisa Awurade ma yɛn sɛ yɛn akwantuo yi bɛsi yie anaasɛ ɛrensi yie.”
그들이 그에게 이르되 `청컨대 우리를 위하여 하나님께 물어보아서 우리의 행하는 길이 형통할는지 우리에게 알게 하라'
6 Ɔsɔfoɔ no kaa sɛ, “Monkɔ no asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, Awurade bɛdi mo anim wɔ mo akwantuo no mu.”
그 제사장이 그들에게 이르되 `평안히 가라 너희의 행하는 길은 여호와 앞에 있느니라'
7 Na mmarima baanum no kɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Lais mu. Wɔhunuu sɛ nnipa a hwee mfa wɔn ho te sɛ Sidonfoɔ na ɛte hɔ. Na wɔwɔ asomdwoeɛ ne banbɔ. Na nnipa no wɔ sika, ɛfiri sɛ, na wɔn asase no yɛ asase bereɛ. Na wɔne Sidon ntam twe yie, na wɔnni adɔmfoɔ a wɔbɛn.
이에 다섯 사람이 떠나 라이스에 이르러 거기 있는 백성을 본즉 염려 없이 거하여 시돈 사람같이 한가하고 평안하니 그 땅에는 권세 잡은 자가 없어서 무슨 일에든지 괴롭게 함이 없고 시돈 사람과 상거가 멀며 아무 사람과도 상관하지 아니함이라
8 Ɛberɛ a wɔsane kɔɔ Sora ne Estaol no, wɔn nuanom bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mohunuiɛ?”
그들이 소라와 에스다올에 돌아와서 그 형제에게 이르매 형제들이 그들에게 묻되 `너희 보기에 어떠하더뇨'
9 Na wɔbuaa sɛ, “Momma yɛnkɔto nhyɛ wɔn so! Yɛahunu asase no na ɛyɛ pa ara. Monntwentwɛn mo nan ase koraa, monkɔfa asase no.
가로되 `일어나서 그들을 치러 올라가자 우리가 그 땅을 본즉 매우 좋더라 너희는 가만히 있느냐? 나아가서 그 땅 얻기를 게을리 말라
10 Sɛ moduru hɔ a, mobɛhunu nnipa a hwee mfa wɔn ho wɔ hɔ. Onyankopɔn ama yɛn asase bereɛ yantamm a biribiara wɔ so.”
너희가 가면 평안한 백성을 만날 것이요 그 땅은 넓고 그 곳에는 세상에 있는 것이 하나도 부족함이 없느니라'
11 Enti, akofoɔ ahansia a wɔfiri Dan abusuakuo mu sii mu firii Sora ne Estaol.
단 지파 가족 중 육백명이 병기를 띠고 소라와 에스다올에서 출발하여
12 Wɔkyeree nsraban wɔ beaeɛ bi a ɛwɔ Kiriat-Yearim atɔeɛ fam wɔ Yuda asase so. Wɔfrɛ hɔ Mahane Dan bɛsi ɛnnɛ.
올라가서 유다 기럇여아림에 진 치니 이러므로 그곳 이름이 오늘까지 마하네단이며 그 곳은 기럇여아림 뒤에 있더라
13 Wɔfiri hɔ no, wɔkɔɔ Efraim bepɔ asase no so, baa Mika fie.
무리가 거기서 떠나서 에브라임 산지 미가의 집에 이르니라
14 Enti, mmarima baanum a wɔkɔsraa Lais asase no ka kyerɛɛ wɔn a aka no sɛ, “Asɔreeɛ bi wɔ ha a asɔfotadeɛ kronkron, abusua ahoni, nsɛsodeɛ a wɔasene ne ohoni a wɔagu ho wɔ hɔ. Monim deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ.”
전에 라이스 땅을 탐지하러 갔던 다섯 사람이 그 형제들에게 말하여 가로되 `이 집에 에봇과 드라빔과 새긴 신상과 부어만든 신상이 있는 줄을 너희가 아느냐? 그런즉 이제 너희는 마땅히 행할 것을 생각하라' 하고
15 Enti, mmarima baanum no kɔɔ Mika fie, baabi a Lewini aberanteɛ no teɛ na wɔkyeaa no fɛ so.
다섯 사람이 그 편으로 향하여 소년 레위 사람의 집 곧 미가의 집에 이르러 문안하고
16 Saa ɛberɛ no na akofoɔ ahansia a wɔfiri Dan abusuakuo mu no gyinagyina abɔntenpono no ano pɛɛ,
단 자손 육백명은 병기를 띠고 문 입구에 서니라
17 na akwansrafoɔ baanum no kɔɔ asɔreeɛ hɔ, kɔfaa nsɛsodeɛ a wɔasene, asɔfotadeɛ kronkron, abusua ahoni ne ohoni a wɔagu no.
땅을 탐지하러 갔던 다섯 사람이 그리로 들어가서 새긴 신상과 에봇과 드라빔과 부어 만든 신상을 취할 때에 제사장은 병기를 육백명과 함께 문 입구에 섰더니
18 Ɛberɛ a ɔsɔfoɔ no hunuu sɛ mmarima no retwe akronkronneɛ no afiri Mika asɔreeɛ hɔ no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na moreyɛ yi?”
그 다섯 사람이 미가의 집에 들어가서 그 새긴 신상과 에봇과 드라빔과 부어 만든 신상을 취하여 내매 제사장이 그들에게 묻되 `너희가 무엇을 하느냐?'
19 Wɔbuaa no sɛ, “Mua wʼano! Di yɛn akyi na bɛyɛ yɛn nyinaa agya ne yɛn ɔsɔfoɔ. Wonnye nni sɛ ɛyɛ sɛ wobɛyɛ Israel abusuakuo bi ɔsɔfoɔ sene sɛ wobɛyɛ onipa baako fidua mu ɔsɔfoɔ?”
그들이 그에게 이르되 `잠잠하라 네 손을 입에 대라 우리와 함께 가서 우리의 아비와 제사장이 되라 네가 한 사람의 집의 제사장이 되는 것과 이스라엘 한 지파, 한 가족의 제사장이 되는 것이 어느 것이 낫겠느냐?'
20 Ɔsɔfoɔ aberanteɛ no ani gyeeɛ sɛ ɔne wɔn bɛkɔ. Enti ɔfaa asɔfotadeɛ kronkron no, abusua ahoni ne nsɛsodeɛ a wɔasene no.
제사장이 마음에 기뻐하여 에봇과 드라빔과 새긴 우상을 취하고 그 백성 중으로 들어가니라
21 Wɔsiim bio de wɔn mma, nyɛmmoa ne wɔn agyapadeɛ, dii wɔn anim.
그들이 돌이켜서 어린아이들과 가축과 물품을 앞에 두고 진행하더니
22 Ɛberɛ a Dan abusuakuo mu nnipa no afiri Mika fie kɔ akyirikyiri no, Mika ne nʼafipamfoɔ mu bi tii wɔn.
미가의 집을 멀리 떠난 때에 미가의 이웃집 사람들이 모여서 단 자손을 따라 미쳐서는
23 Wɔbɛn wɔn no wɔteateaam. Na Dan mmarima no danee wɔn ani kaa sɛ, “Ɛdeɛn na morehwehwɛ? Adɛn enti na woafrɛ nnipa yi aboa ano na moretaa yɛn sei?”
단 자손을 부르는지라 그들이 낯을 돌이켜 미가에게 이르되 `네가 무슨 일로 이같이 모아가지고 왔느냐?'
24 Mika buaa sɛ, “Wobisa sɛ ɛdeɛn na worehwehwɛ a na wokyerɛ sɛn? Moafa mʼanyame nyinaa ne me ɔsɔfoɔ, na menni hwee bio!”
미가가 가로되 `나의 지은 신들과 제사장을 취하여 갔으니 내게 오히려 있는 것이 무엇이냐? 너희가 어찌하여 나더러 무슨 일이냐? 하느냐'
25 Dan mmarima no buaa sɛ, “Hwɛ deɛ woka no yie! Yɛn mu bi bo nkyɛre fu, anhwɛ a wɔn bo bɛfu na wɔakum wo ne wʼabusuafoɔ.”
단 자손이 그에게 이르되 `네 목소리를 우리에게 들리게 말라 노한 자들이 너희를 쳐서 네 생명과 네 가족의 생명을 잃게 할까 하노라' 하고
26 Enti, Dan mmarima no toaa so kɔɔ wɔn kwan. Mika hunuu sɛ nnipa no dɔɔso a enti ɔntumi nto nhyɛ wɔn so no, ɔdanee ne ho kɔɔ efie.
단 자손이 자기 길을 행한지라 미가가 단 자손이 자기보다 강한 것을 보고 돌이켜 집으로 돌아갔더라
27 Dan mmarima faa Mika ahoni ne ne ɔsɔfoɔ no de wɔn baa kuro Lais a emu nnipa wɔ asomdwoeɛ ne banbɔ no mu. Wɔto hyɛɛ emu nnipa no so, kunkumm wɔn nyinaa, hyee kuro no dworobɛɛ.
단 자손이 미가의 지은 것과 그 제사장을 취하고 라이스에 이르러 한가하고 평안한 백성을 만나 칼날로 그들을 치며 불로 그 성읍을 사르되
28 Na obiara nni hɔ a ɔbɛgye kuro no mufoɔ, ɛfiri sɛ, na deɛ wɔte no ne Sidon mu twe na wɔnni adɔmfoɔ a wɔbɛn nso. Saa asɛm yi sii bɔnhwa a ɛbɛn Bet-Rehob no mu. Afei, Dan abusuakuo no mma sane kyekyeree kuro no, na wɔtenaa hɔ.
그들을 구원할 자가 없었으니 그 성읍이 베드르홉 가까운 골짜기에 있어서 시돈과 상거가 멀고 상종하는 사람도 없음이었더라 단 자손이 성읍을 중건하고 거기 거하며
29 Wɔde kuro no too Dan a ɔyɛ wɔn tete agya Israel no ba, na kane no wɔfrɛ hɔ Lais.
이스라엘의 소생 그 조상 단의 이름을 따라 그 성읍을 단이라 하니라 그 성읍의 본 이름은 라이스더라
30 Afei, wɔgyinaa nsɛsodeɛ a wɔasene no na wɔfaa Gersom babarima Yonatan a ɔyɛ Manase aseni sɛ wɔn ɔsɔfoɔ. Saa fie yi mu nnipa kɔɔ so yɛɛ asɔfoɔ maa Dan abusuakuo kɔsii Otukorɔ berɛ.
단 자손이 자기를 위하여 그 새긴 신상을 세웠고 모세의 손자 게르손의 아들 요나단과 그 자손은 단 지파의 제사장이 되어 이 백성이 사로 잡히는 날까지 이르렀더라
31 Enti Dan abusuakuo no toaa so somm nsɛsodeɛ a ɛyɛ Mika dea no wɔ ɛberɛ tenten a na Onyankopɔn Ahyiaeɛ Ntomadan no wɔ Silo.
하나님의 집이 실로에 있을 동안에 미가의 지은 바 새긴 신상이 단 자손에게 있었더라