< Atemmufoɔ 17 >
1 Ɔbarima bi tenaa Efraim bepɔ asase so a na wɔfrɛ no Mika.
以法莲山地有一个人名叫米迦。
2 Ɛda koro bi, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Metee sɛ wodomee ɔkorɔmfoɔ a ɔwiaa wo nnwetɛbena kilogram dumienu firii wo nkyɛn no. Ɛyɛ, ɛnie. Me ara na mefaeɛ.” Ne maame kaa sɛ, “Awurade nhyira wo sɛ woaka nokorɛ.”
他对母亲说:“你那一千一百舍客勒银子被人拿去,你因此咒诅,并且告诉了我。看哪,这银子在我这里,是我拿去了。”他母亲说:“我儿啊,愿耶和华赐福与你!”
3 Ɔde sika no maa no no, ne maame no kaa sɛ, “Mede saa nnwetɛbena kilogram dumienu ne fa yi ma Awurade. Mɛma wɔayɛ nsɛsodeɛ ne ohoni a wɔagu de ahyɛ me babarima animuonyam.”
米迦就把这一千一百舍客勒银子还他母亲。他母亲说:“我分出这银子来为你献给耶和华,好雕刻一个像,铸成一个像。现在我还是交给你。”
4 Enti ne maame de nnwetɛbena ahanu kɔmaa dwetɛdwumfoɔ na ɔde yɛɛ nsɛsodeɛ ne ohoni. Na wɔde sii Mika fie.
米迦将银子还他母亲,他母亲将二百舍客勒银子交给银匠,雕刻一个像,铸成一个像,安置在米迦的屋内。
5 Mika yɛɛ asɔreeɛ na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ ne efiefoɔ ahoni kaa ho. Ɛnna ɔhyɛɛ ne mmammarima no mu baako ɔsɔfoɔ.
这米迦有了神堂,又制造以弗得和家中的神像,分派他一个儿子作祭司。
6 Saa ɛberɛ no na Israel nni ɔhene, enti na nnipa no yɛ deɛ wɔpɛ biara.
那时以色列中没有王,各人任意而行。
7 Ɛda bi, Lewini aberanteɛ bi a ɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda
犹大的伯利恒有一个少年人,是犹大族的利未人,他在那里寄居。
8 bɛduruu saa beaeɛ hɔ wɔ Efraim asase so a ɔrepɛ baabi pa atena. Ɛbaa sɛ, ɔkɔsoɛɛ Mika fie.
这人离开犹大的伯利恒城,要找一个可住的地方。行路的时候,到了以法莲山地,走到米迦的家。
9 Mika bisaa no sɛ, “Ɛhe na wofiri?” Ɔno nso buaa sɛ, “Meyɛ Lewini a mefiri Betlehem wɔ Yuda na merepɛ baabi matena.”
米迦问他说:“你从哪里来?”他回答说:“从犹大的伯利恒来。我是利未人,要找一个可住的地方。”
10 Mika ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne me ntena ha, na wobɛyɛ agya ne ɔsɔfoɔ ama me. Mɛma wo nnwetɛbena gram ɔha ne dunan afe biara; mɛma wo ntadeɛ ne aduane.”
米迦说:“你可以住在我这里,我以你为父、为祭司。我每年给你十舍客勒银子,一套衣服和度日的食物。”利未人就进了他的家。
11 Lewini no penee so na ɔbɛyɛɛ sɛ Mika mmammarima no mu baako.
利未人情愿与那人同住;那人看这少年人如自己的儿子一样。
12 Enti, Mika hyɛɛ Lewini no ɔsɔfoɔ, na ɔtenaa Mika fie.
米迦分派这少年的利未人作祭司,他就住在米迦的家里。
13 Na Mika kaa sɛ, “Menim sɛ Awurade bɛhyira me, ɛfiri sɛ, mewɔ Lewini a ɔresom sɛ me ɔsɔfoɔ.”
米迦说:“现在我知道耶和华必赐福与我,因我有一个利未人作祭司。”