< Atemmufoɔ 16 >
1 Ɛda bi, Samson kɔɔ Filistifoɔ kuropɔn Gasa mu, na ɔne ɔbaa dwamanfoɔ bi kɔdaa anadwo no.
One day Samson went to Gaza, where he saw a prostitute and went in to spend the night with her.
2 Ankyɛre na kuro mma no tee sɛ Samson wɔ hɔ, enti Gasa mmarima boaboaa wɔn ho ano na wɔtwɛnee kuro no ɛpono ano anadwo mu no nyinaa. Wɔyɛɛ komm anadwo no kaa sɛ, “Adeɛ kye a yɛbɛkum no.”
When the Gazites heard that Samson was there, they surrounded that place and lay in wait for him all night at the city gate. They were quiet throughout the night, saying, “Let us wait until dawn; then we will kill him.”
3 Na Samson daa hɔ ara kɔsii dasuo mu. Ɔsɔre sɔɔ kuro no apono no ne nʼaponnwa mmienu mu hodwoo no, na ɔtutuu dadeɛ abaa a ɛda akyire ne deɛ ɛkeka ho nyinaa. Ɔde ne nyinaa guu ne mmatire so, soa de kɔɔ bepɔ bi a ɛne Hebron di nhwɛanimu no atifi.
But Samson lay there only until midnight, when he got up, took hold of the doors of the city gate and both gateposts, and pulled them out, bar and all. Then he put them on his shoulders and took them to the top of the mountain overlooking Hebron.
4 Akyire no, Samson nyaa ɔbaa bi wɔ Sorek bɔnhwa no mu a na wɔfrɛ no Delila.
Some time later, Samson fell in love with a woman in the Valley of Sorek, whose name was Delilah.
5 Filistifoɔ ntuanofoɔ kɔɔ ɔbaa no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ sɛ wobɛtumi adaadaa Samson ma wakyerɛ wo deɛ ɛma ɔnya ahoɔden saa ne sɛdeɛ yɛbɛtumi adi ne so, akyekyere no pampee. Na yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbena kilogram dumienu ne fa.”
The lords of the Philistines went to her and said, “Entice him and find out the source of his great strength and how we can overpower him to tie him up and subdue him. Then each one of us will give you eleven hundred shekels of silver.”
6 Enti, Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ, “Mesrɛ wo kyerɛ me deɛ ɛma wo ahoɔden saa ne deɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi akyekyere wo pampee.”
So Delilah said to Samson, “Please tell me the source of your great strength and how you can be tied up and subdued.”
7 Samson buaa no sɛ, “Sɛ obi de agyan so nhoma nson a ɛnwoeɛ kyekyere me a, mɛyɛ mmerɛ te sɛ onipa biara.”
Samson told her, “If they tie me up with seven fresh bowstrings that have not been dried, I will become as weak as any other man.”
8 Enti, Filistifoɔ ntuanofoɔ no de agyan so nhoma nson a ɛnwoeɛ brɛɛ Delila maa ɔde kyekyeree Samson.
So the lords of the Philistines brought her seven fresh bowstrings that had not been dried, and she tied him up with them.
9 Saa ɛberɛ yi na ɔde mmarima atɛ wɔ adan a ɛwɔ ne fie no mu baako mu, na ɔteaam sɛ, “Samson, Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!” Nanso, ɔtetee agyan nhoma nson a ɛnwoeɛ no mu te sɛ ahoma bi a wɔde aka ogya dɛreɛ. Enti, wɔanhunu nʼahoɔden no ahintasɛm.
While the men were hidden in her room, she called out, “Samson, the Philistines are here!” But he snapped the bowstrings like a strand of yarn seared by a flame. So the source of his strength remained unknown.
10 Akyire yi, Delila ka kyerɛɛ no sɛ, “Wodii me ho fɛ, twaa me nkontompo. Afei, mesrɛ wo kyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛtumi akyekyere wo pampee.”
Then Delilah said to Samson, “You have mocked me and lied to me! Now please tell me how you can be tied up.”
11 Samson buaa no sɛ, “Sɛ wɔde ntampehoma mono a wɔmfa nnii dwuma biara da kyekyere me a, meyɛ mmerɛ te sɛ onipa obiara.”
He replied, “If they tie me up with new ropes that have never been used, I will become as weak as any other man.”
12 Enti, Delila kɔfaa ntampehoma mono de kyekyeree no. Saa ɛberɛ no na mmarima no akɔtɛ wɔ dan mu te sɛ kane no. Bio, Delila teaam frɛɛ no sɛ, “Samson! Filistifoɔ aba sɛ wɔrebɛkye wo!” Nanso, Samson tetee ntampehoma no mu firii ne nsa so te sɛ asaawa bi.
So Delilah took new ropes, tied him up with them, and called out, “Samson, the Philistines are here!” But while the men were hidden in her room, he snapped the ropes off his arms like they were threads.
13 Delila ka kyerɛɛ no sɛ, “Wodii me ho fɛ, twaa me nkontompo! Worenkyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛtumi akyekyere wo pampee anaa?” Samson buaa no sɛ, “Sɛ wonwono me tirinwi mmɛsa nson no bɔ ntoma bamma a ɛwɔ wʼakurokurowa no mu a, mɛyɛ mmerɛ te sɛ obiara.” Enti ɔdaeɛ no, Delila bɔɔ ne tirinwi mmɛsa nson no
Then Delilah said to Samson, “You have mocked me and lied to me all along! Tell me how you can be tied up.” He told her, “If you weave the seven braids of my head into the web of a loom and tighten it with a pin, I will become as weak as any other man.”
14 de bɔɔ ntoma bamma a ɛwɔ akurokurowa no so. Bio, ɔteaam sɛ, “Samson! Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!” Ɛhɔ ara, Samson nyaneeɛ, twee akurokurowa no yii ne tirinwi no firii ntoma bamma no mu.
So while he slept, Delilah took the seven braids of his hair and wove them into the web. Then she tightened it with a pin and called to him, “Samson, the Philistines are here!” But he awoke from his sleep and pulled out the pin with the loom and the web.
15 Delila sɔm nʼano kaa sɛ, “Wotumi ka sɛ wodɔ me, wɔ ɛberɛ a wonka wo kokoamsɛm nkyerɛ me? Woadi me ho fɛ mprɛnsa, nanso wonkaa deɛ ɛma wo ahoɔden no nkyerɛɛ me!”
“How can you say, ‘I love you,’” she asked, “when your heart is not with me? This is the third time you have mocked me and failed to reveal to me the source of your great strength!”
16 Odwan ne ho adekyeɛ biara kɔsii sɛ afei na wabrɛ no.
Finally, after she had pressed him daily with her words and pleaded until he was sick to death,
17 Ne korakora no, Samson kaa nʼahintasɛm kyerɛɛ no sɛ, “Wɔnyii me tirinwi da, ɛfiri sɛ, wɔde me maa Onyankopɔn sɛ Nasareni firi awoɔ mu. Sɛ wɔyi me tirinwi a, mʼahoɔden no bɛfiri me mu ama mayɛ mmerɛ te sɛ obiara.”
Samson told her all that was in his heart: “My hair has never been cut, because I have been a Nazirite to God from my mother’s womb. If I am shaved, my strength will leave me, and I will become as weak as any other man.”
18 Delila hunuu sɛ afei deɛ waka nokorɛ akyerɛ no no, ɔsoma kɔfrɛɛ Filistifoɔ ntuanofoɔ no sɛ, “Mommra bio, ɛfiri sɛ waka biribiara akyerɛ me.” Enti, Filistifoɔ ntuanofoɔ no sane wɔn akyi kɔfaa sika no baeɛ.
When Delilah realized that he had revealed to her all that was in his heart, she sent this message to the lords of the Philistines: “Come up once more, for he has revealed to me all that is in his heart.” Then the lords of the Philistines came to her, bringing the money in their hands.
19 Delila dɛfɛdɛfɛɛ Samson ma ɔdaeɛ a, ne ti da ne srɛ so. Ɔfrɛɛ ɔbarima bi baeɛ ma ɔbɛyii ne tirinwi sɛdeɛ ne kyere no bɛyɛ yie. Na nʼahoɔden no firii ne mu.
And having lulled him to sleep on her lap, she called a man to shave off the seven braids of his head. In this way she began to subdue him, and his strength left him.
20 Afei, ɔteaam sɛ, “Samson! Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!” Ɔnyaneeɛ no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Mɛyɛ sɛdeɛ kane no na meyɛ no mɛwoso me ho agye me ho.” Nanso na ɔnnim sɛ Awurade afiri ne mu.
Then she called out, “Samson, the Philistines are here!” When Samson awoke from his sleep, he thought, “I will escape as I did before and shake myself free.” But he did not know that the LORD had departed from him.
21 Na Filistifoɔ no kyeree no, tutuu nʼani. Wɔde no kɔɔ Gasa na wɔguu no kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ ma ɔyamm atokoɔ wɔ nnedua fie.
Then the Philistines seized him, gouged out his eyes, and brought him down to Gaza, where he was bound with bronze shackles and forced to grind grain in the prison.
22 Nanso, ankyɛre na ne tirinwi no hyɛɛ aseɛ fuiɛ.
However, the hair of his head began to grow back after it had been shaved.
23 Filistifoɔ ntuanofoɔ hyɛɛ fa kɛseɛ bi, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn nyame Dagon dii ahurisie kaa sɛ, “Yɛn nyame de Samson a ɔyɛ yɛn ɔtamfoɔ no ahyɛ yɛn nsam!”
Now the lords of the Philistines gathered together to offer a great sacrifice to their god Dagon. They rejoiced and said, “Our god has delivered Samson our enemy into our hands.”
24 Ɛberɛ a nnipa no hunuu no no, wɔkamfoo wɔn nyame kaa sɛ, “Yɛn nyame de yɛn ɔtamfoɔ ahyɛ yɛn nsam; deɛ ɔkunkumm yɛn mu bebree no yɛn nsa aka no!”
And when the people saw him, they praised their god, saying: “Our god has delivered into our hands our enemy who destroyed our land and multiplied our dead.”
25 Nnipa no boroo nsã kakra no, wɔhyɛɛ sɛ, “Momfa Samson mmra na ɔmmɛgye yɛn ani.” Enti, wɔyii Samson firii nnedua fie. Wɔde no gyinaa asɔredan no mfimfini wɔ adum mmienu a ɛkura ɛdan no mmɔsoɔ no ntam.
And while their hearts were merry, they said, “Call for Samson to entertain us.” So they called Samson out of the prison to entertain them. And they stationed him between the pillars.
26 Samson ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a ɔkura ne nsa rekyerɛ no kwan no sɛ, “Ma memfa me nsa nsosɔ adum mmienu no mu, na mennye mʼahome.”
Samson said to the servant who held his hand, “Lead me where I can feel the pillars supporting the temple, so I can lean against them.”
27 Na nnipa ahyɛ asɔrefie hɔ ma tɔ. Filistifoɔ ntuanofoɔ no nyinaa wɔ hɔ bi. Na ɛdan no so mmɔsoɔ no nso na mmarima ne mmaa bɛyɛ mpensa wɔ so a wɔrehwɛ Samson na wɔredi ne ho fɛ.
Now the temple was full of men and women; all the lords of the Philistines were there, and about three thousand men and women were on the roof watching Samson entertain them.
28 Na Samson su frɛɛ Awurade sɛ, “Ao Otumfoɔ Awurade, kae me bio. Ao Onyankopɔn, mesrɛ wo ma me ahoɔden bio na mentua Filistifoɔ so ka wɔ mʼani a wɔatutu no so.”
Then Samson called out to the LORD: “O Lord GOD, please remember me. Strengthen me, O God, just once more, so that with one vengeful blow I may pay back the Philistines for my two eyes.”
29 Afei Samson sosɔɔ adum mmienu a ɛwɔ asɔrefie no mfimfini no mu. Ɔde nʼahoɔden nyinaa piaeɛ.
And Samson reached out for the two central pillars supporting the temple. Bracing himself against them with his right hand on one pillar and his left hand on the other,
30 Samson bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ma me ne Filistifoɔ no nwu.” Na asɔrefie no dwiri guu Filistifoɔ ntuanofoɔ no ne nnipa no nyinaa so. Enti, ɔkumm nnipa bebree sene dodoɔ a ɔkumm wɔn ɛberɛ a na ɔte ase no.
Samson said, “Let me die with the Philistines.” Then he pushed with all his might, and the temple fell on the lords and all the people in it. So in his death he killed more than he had killed in his life.
31 Akyire yi, ne nuammarima ne nʼabusuafoɔ a wɔaka kɔfaa no. Wɔde no kɔɔ ne kurom kɔsiee no wɔ Sora ne Estaol ntam, baabi a wɔsiee nʼagya Manoa hɔ. Samson dii Israelfoɔ so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu.
Then Samson’s brothers and his father’s family came down, carried him back, and buried him between Zorah and Eshtaol in the tomb of his father Manoah. And he had judged Israel twenty years.