< Atemmufoɔ 15 >

1 Akyire yi, ayuotwaberɛ mu no, Samson faa abirekyie ba sɛ ɔde rekɔkyɛ ne yere. Ɔpɛɛ sɛ anka ɔkɔda ne nkyɛn nanso, ɔbaa no agya amma no mu ɛkwan.
Later on, at the time of the wheat harvest, Samson took a young goat and went to visit his wife. “I want to go to my wife in her room,” he said. But her father would not let him enter.
2 Ɔbaa no agya no kaa sɛ, “Medwenee sɛ na wotan no, ɛno enti, mede no ama ɔbarima a na ɔdi wʼanan ase wɔ mo ayeforɔhyia mu no. Nanso, hwɛ ne nuabaa ho yɛ fɛ sen no. Ware no si anan.”
“I was sure that you thoroughly hated her,” said her father, “so I gave her to one of the men who accompanied you. Is not her younger sister more beautiful than she? Please take her instead.”
3 Samson kaa sɛ, “Saa ɛberɛ yi, obiara rentumi mmɔ me soboɔ wɔ biribiara a merebɛyɛ mo Filistifoɔ ho.”
Samson said to them, “This time I will be blameless in doing harm to the Philistines.”
4 Afei ɔfiri hɔ kɔeɛ, kɔkyeree asakraman ahasa. Ɔkyekyeree sakraman mmienu mmienu dua bɔɔ ho. Mmienu biara nso, ɔkyekyeree ogyatɛn fam ho.
Then Samson went out and caught three hundred foxes. And he took torches, turned the foxes tail-to-tail, and fastened a torch between each pair of tails.
5 Ɔsɔɔ ogyatɛn no na ɔmaa asakraman no tuu mmirika faa Filistifoɔ mfuo mu. Ɔhyee wɔn ayuo nyinaa pasaa; deɛ wɔahyehyɛ no apa so ne deɛ wɔnntwaeɛ nyinaa. Ɔsɛee wɔn bobefuo ne ngo nnua nyinaa.
Then he lit the torches and released the foxes into the standing grain of the Philistines, burning up the piles of grain and the standing grain, as well as the vineyards and olive groves.
6 Filistifoɔ no bisaa sɛ, “Na hwan na ɔyɛɛ saa amumuyɛ yi?” Wɔn ara buaa sɛ, “Ɛyɛ Samson ɛfiri sɛ, nʼase barima a ɔfiri Timna de Samson yere ama ɔbarima a na ɔdi ne nan ase wɔ wɔn ayeforɔhyia mu no awadeɛ.” Enti, Filistifoɔ kɔkyeree ɔbaa no ne nʼagya hyee wɔn ma wɔwuiɛ.
“Who did this?” the Philistines demanded. “It was Samson, the son-in-law of the Timnite,” they were told. “For his wife was given to his companion.” So the Philistines went up and burned her and her father to death.
7 Samson suaee sɛ, “Esiane deɛ moayɛ yi enti, mɛtua mo so ka na merennyae ara da kɔsi sɛ me bo bɛtɔ me yam!”
And Samson told them, “Because you have done this, I will not rest until I have taken vengeance upon you.”
8 Enti, ɔde abufuo kɔto hyɛɛ Filistifoɔ no so kunkumm wɔn mu bebree. Afei, ɔkɔtenaa ɔbodan bi a ɛwɔ ɔbotan bi mu wɔ Etam.
And he struck them ruthlessly with a great slaughter, and then went down and stayed in the cave at the rock of Etam.
9 Filistifoɔ no nso kyeree sraban wɔ Yuda sɛee Lehi kuro no de tuaa ne so ka.
Then the Philistines went up, camped in Judah, and deployed themselves near the town of Lehi.
10 Yuda mmarima bisaa Filistifoɔ no sɛ, “Adɛn enti na moto hyɛ yɛn so saa?” Filistifoɔ no buaa sɛ, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyere Samson. Deɛ ɔyɛɛ yɛn no, yɛrebɛtua no so ka.”
“Why have you attacked us?” said the men of Judah. The Philistines replied, “We have come to arrest Samson and pay him back for what he has done to us.”
11 Enti, Yudafoɔ mpensa kɔɔ ɔbodan a ɛwɔ ɔbotan mu wɔ Etam no sɛ wɔrekɔkyere Samson. Wɔka kyerɛɛ Samson sɛ, “Wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn so? Ɛdeɛn na woreyɛ yɛn yi?” Nanso, Samson buaa wɔn sɛ, “Deɛ wɔyɛɛ me no na metuaa wɔn so ka.”
In response, three thousand men of Judah went to the cave at the rock of Etam, and they asked Samson, “Do you not realize that the Philistines rule over us? What have you done to us?” “I have done to them what they did to me,” he replied.
12 Nanso, Yuda mmarima ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyekyere wo na yɛde wo akɔma Filistifoɔ.” Samson kaa sɛ, “Ɛyɛ, nanso, monhyɛ me bɔ sɛ mo ankasa deɛ, morenkum me.”
But they said to him, “We have come down to arrest you and hand you over to the Philistines.” Samson replied, “Swear to me that you will not kill me yourselves.”
13 Wɔbuaa sɛ, “Yɛbɛkyekyere wo de wo akɔma Filistifoɔ. Yɛrenkum wo.” Enti, wɔde ahoma foforɔ mmienu guu ne so kyekyeree no pampee, twee no firii ɔbotan no mu.
“No,” they answered, “we will not kill you, but we will tie you up securely and hand you over to them.” So they bound him with two new ropes and led him up from the rock.
14 Samson duruu Lehi no, Filistifoɔ no bɔɔ ose. Na Awurade Honhom tumi mu ahoɔden baa Samson so. Ɔtetee nhoma a ɛgu ne nsa so no mu te sɛ nhoma nketewa bi a ogya aka, maa ne nyinaa tete firii nʼabakɔn guu fam.
When Samson arrived in Lehi, the Philistines came out shouting against him. And the Spirit of the LORD came mightily upon him. The ropes on his arms became like burnt flax, and the bonds broke loose from his hands.
15 Afei, ɔmaa afunumu apantan bi a na ɛda fam so de kunkumm Filistifoɔ apem.
He found the fresh jawbone of a donkey, reached out his hand and took it, and struck down a thousand men.
16 Na Samson kaa sɛ, “Mede afunumu apantan, Ahɔre wɔn sɛ esie! Mede afunumu apantan, akunkum mmarima apem!”
Then Samson said: “With the jawbone of a donkey I have piled them into heaps. With the jawbone of a donkey I have slain a thousand men.”
17 Na ɔwiee kasa no, ɔtoo apantan no tweneeɛ. Na wɔtoo beaeɛ hɔ edin Ramat-Lehi a aseɛ ne Apantan bepɔ.
And when Samson had finished speaking, he cast the jawbone from his hand; and he named that place Ramath-lehi.
18 Ɛbaa sɛ osukɔm dee Samson yie enti ɔsu frɛɛ Awurade sɛ, “Wonam wʼakoa ahoɔden so adi saa nkonim kɛseɛ yi. Na enti osukɔm nku me, na mentɔ wɔ saa abosonsomfoɔ yi nsam?”
And being very thirsty, Samson cried out to the LORD, “You have accomplished this great deliverance through Your servant. Must I now die of thirst and fall into the hands of the uncircumcised?”
19 Enti, Awurade maa nsuo pue firii tokuro bi mu wɔ Lehi asase so baabi. Na Samson nom bi no, ne ho sanee no. Na ɔtoo hɔ din sɛ En-Hakore, na ɛda so wɔ Lehi de bɛsi ɛnnɛ.
So God opened up the hollow place in Lehi, and water came out of it. When Samson drank, his strength returned, and he was revived. That is why he named it En-hakkore, and it remains in Lehi to this day.
20 Samson yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu ɛberɛ a na Filistifoɔ di Israel asase so no.
And Samson judged Israel for twenty years in the days of the Philistines.

< Atemmufoɔ 15 >