< Atemmufoɔ 14 >

1 Dabi a na Samson wɔ Timna no, ɔhunuu Filistini ababaawa bi.
삼손이 딤나에 내려가서 거기서 블레셋 딸 중 한 여자를 보고
2 Ɔsane kɔɔ efie no, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne maame sɛ, “Mahunu Filistini ababaawa bi wɔ Timna a mepɛ sɛ meware no.”
도로 올라와서 자기 부모에게 말하여 가로되 `내가 딤나에서 블레셋 사람의 딸 중 한 여자를 보았사오니 이제 그를 취하여 내 아내를 삼게 하소서'
3 Nʼagya ne ne maame ampene so kaa no anibereɛ so sɛ, “Enti, yɛn abusua yi mu anaa Israelfoɔ yi mu, ɔbaa baako mpo nni mu a wotumi ware no? Adɛn na ɛsɛ sɛ wokɔ Filistifoɔ abosonsomfoɔ mu kɔpɛ ɔyere?” Nanso, Samson ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Kɔyɛ ne ho adeɛ ma me. Ɔno ara na mepɛ.”
부모가 그에게 이르되 `네 형제들의 딸 중에나 내 백성 중에 어찌 여자가 없어서 네가 할례받지 아니한 블레셋 사람에게 가서 아내를 취하려 하느냐?' 삼손이 아비에게 이르되 `내가 그 여자를 좋아 하오니 나를 위하여 그를 데려오소서' 하니
4 Nʼagya ne ne maame anhunu sɛ Awurade na ɔreyɛ nʼadwuma, repɛ akwannya bi a ɔbɛfa so atia Filistifoɔ a saa ɛberɛ no na wɔdi Israelfoɔ so.
이 때에 블레셋 사람이 이스라엘을 관할한고로 삼손이 틈을 타서 블레셋 사람을 치려 함이었으나 그 부모는 이 일이 여호와께서 나온 것인 줄은 알지 못하였더라
5 Samson ne nʼawofoɔ rekɔ Timna no, gyata ba bi to hyɛɛ Samson so wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Timna bobe nturo.
삼손이 그 부모와 함께 딤나에 내려가서 딤나의 포도원에 이른즉 어린 사자가 그를 맞아 소리지르는지라
6 Amonom hɔ ara, Awurade Honhom baa ne so wɔ ahoɔden mu, na ɔde ne nsa hunu waee gyata no apantan. Ɔwaee te sɛ deɛ ɔrewae abirekyie ba bi apantan. Nanso, wanka deɛ ɔyɛeɛ yi ankyerɛ nʼawofoɔ.
삼손이 여호와의 신에게 크게 감동되어 손에 아무 것도 없어도 그 사자를 염소 새끼를 찢음 같이 찢었으나 그는 그 행한 일을 부모에게도 고하지 아니하였고
7 Samson duruu Timna no, ɔne ɔbaa no kasaeɛ na nʼani gyee ne ho.
그가 내려가서 그 여자와 말하며 그를 기뻐하였더라
8 Akyire no a ɔresane akɔ Timna akɔhyia ayeforɔ no, ɔmane kɔhwɛɛ gyata no funu no. Ɔhunuu sɛ nwowa kuo akɔyɛ ɛwoɔ wɔ mu.
얼마 후에 삼손이 그 여자를 취하려고 다시 가더니 돌이켜 그 사자의 주검을 본즉 사자의 몸에 벌떼와 꿀이 있는지라
9 Ɔkɔtii ɛwoɔ no bi dii wɔ ɛkwan so. Ɔmaa nʼawofoɔ no bi ma wɔdiiɛ. Nanso, wanka ankyerɛ wɔn sɛ ɔnyaa ɛwoɔ no wɔ gyata funu no mu.
손으로 그 꿀을 취하여 행하며 먹고 그 부모에게 이르러 그들에게 그것을 드려서 먹게 하였으나 그 꿀을 사자의 몸에서 취하였다고는 고하지 아니하였더라
10 Afei, ɛberɛ a nʼagya reyɛ ahoboa ama awaregyeɛ no, Samson too ɛpono wɔ Timna, sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ saa ɛberɛ no.
삼손의 아비가 여자에게로 내려가매 삼손이 거기서 잔치를 배설하였으니 소년은 이렇게 행하는 풍속이 있음이더라
11 Wɔtoo nsa frɛɛ mmeranteɛ aduasa a wɔfiri kuro no mu sɛ wɔmmɛka ne ho.
무리가 삼손을 보고 삼십명을 데려다가 동무를 삼아 그와 함께 하게 한지라
12 Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma menka aborɔme bi nkyerɛ mo. Sɛ nnanson apontoɔ yi mu, motumi yi ano a, mɛma mo serekyetam ntadeɛ aduasa ne ntadeɛ ahodoɔ bi nso aduasa.
삼손이 그들에게 이르되 `이제 내가 너희에게 수수께끼를 하리니 잔치하는 칠일 동안에 너희가 능히 그것을 풀어서 내게 고하면 내가 베옷 삼십 벌과 겉옷 삼십 벌을 너희에게 주리라
13 Sɛ moantumi anyi ano nso a, mo nso mobɛma me serekyetam ntadeɛ aduasa ne ntadeɛ ahodoɔ bi nso aduasa.” Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ka aborɔme no ma yɛntie.”
그러나 그것을 능히 내게 고하지 못하면 너희가 내게 베옷 삼십벌과 겉옷 삼십 벌을 줄지니라' 그들이 이르되 `너는 수수께끼를 하여 우리로 듣게 하라'
14 Ɔkaa no sɛ, “Deɛ ɔdie mu na wɔnya biribi a wɔdie; ɔhoɔdenfoɔ mu na ɔdɛ firi ba.” Nnansa akyi no, na wɔntumi nyii ano.
삼손이 그들에게 이르되 `먹는자에게서 먹는 것이 나오고 강한 자에게서 단 것이 나왔느니라' 그들이 삼일이 되도록 수수께끼를 풀지 못하였더라
15 Ne nna ɛnan soɔ no, wɔkɔka kyerɛɛ Samson yere sɛ, “Gye aborɔme no mmuaeɛ firi wo kunu hɔ ma yɛn, anyɛ saa a, yɛbɛhye wo ne wʼagya fie ama wɔawu. Motoo nsa frɛɛ yɛn wɔ ha sɛ morebɛsisi yɛn anaa?”
제 칠일에 이르러 그들이 삼손의 아내에게 이로되 `너는 네 남편을 꾀어 그 수수께끼를 우리에게 알리게 하라 그렇지 아니하면 너와 네 아비의 집을 불사르리라 너희가 우리의 소유를 취하고자하여 우리를 청하였느냐? 그렇지 아니하냐?'
16 Enti, Samson yere de su baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ, “Wonnɔ me. Wotan me! Woaka aborɔme bi akyerɛ me nkurɔfoɔ, nanso, wonkyerɛɛ me aseɛ.” Samson buaa ne yere no sɛ, “Saa ara na mʼagya ne me maame nso menkyerɛɛ wɔn aseɛ. Na adɛn enti na ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo?”
삼손의 아내가 그의 앞에서 울며 가로되 `당신이 나를 미워할 뿐이요 사랑치 아니하는도다 우리 민족에게 수수께끼를 말하고 그 뜻을 내게 풀어 이르지 아니하도다' 삼손이 그에게 대답하되 `보라 내가 그것을 나의 부모에게도 풀어 고하지 아니하였거든 어찌 그대에게 풀어 이르리요' 하였으나
17 Enti, ɔsu guu ne so biribiara ɔne no wɔ hɔ. Ɔkɔɔ so saa ara nna a aka na apontoɔ no aba nʼawieeɛ nyinaa. Nnanson so no, ɛsiane ha a ɔhaa no enti, ɔkyerɛɛ no aseɛ. Ɔno nso kaa aborɔme asekyerɛ no kyerɛɛ mmeranteɛ no.
칠일 잔치할 동안에 그 아내가 앞에서 울며 강박함을 인하여 제 칠일에는 그가 그 아내에게 수수께끼를 풀어 이르매 그 아내가 그것을 그 민족에게 고하였더라
18 Na nnanson so, ansa na owia rebɛtɔ no, kuro no mu mmarima baa Samson nkyɛn bɛkyerɛɛ no aseɛ sɛ, “Ɛdeɛn na ɛyɛ dɛ sene woɔ? Ɛdeɛn na ɛwɔ ahoɔden sene gyata?” Samson buaa wɔn sɛ, “Sɛ mo ne ɔfatwafoɔ no antu agyina, anka morennya aborɔme no asekyerɛ.”
제 칠일 해 지기 전에 성읍 사람들이 삼손에게 이르되 `무엇이 꿀보다 달겠으며 무엇이 사자보다 강하겠느냐?' 한지라 삼손이 그들에게 대답하되 `너희가 내 암송아지로 밭갈지 아니하였더면 나의 수수께끼를 능히 풀지 못하였으리라' 하니라
19 Afei, Awurade Honhom de ahoɔden kɛseɛ bi baa ne so. Ɔkɔɔ Askelon kuro mu. Ɔkunkumm mmarima aduasa faa wɔn agyapadeɛ nyinaa. Ɔde wɔn ntadeɛ maa mmarima a wɔyii aborɔme no ano no. Na Samson bo annwo deɛ ɛbaeɛ no ho yie enti ɔkɔɔ ne fie na ɔne nʼawofoɔ kɔtenaeɛ.
여호와의 신이 삼손에게 크게 임하시매 삼손이 아스글론에 내려가서 그곳 사람 삼십명을 쳐 죽이고 노략하여 수수께끼 푼 자들 에게 옷을 주고 심히 노하여 아비 집으로 올라갔고
20 Enti, wɔde ne yere no maa ɔbarima a na ɔdi Samson nan ase wɔ wɔn ayeforɔhyia mu no awadeɛ.
삼손의 아내는 삼손의 친구되었던 그 동무에게 준바 되었더라

< Atemmufoɔ 14 >