< Atemmufoɔ 13 >

1 Bio, Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, enti Awurade de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsam ma wɔhyɛɛ wɔn so mfeɛ aduanan.
Los israelitas siguieron haciendo lo malo ante los ojos del Señor, así que el Señor los entregó a los filisteos para que los gobernaran durante cuarenta años.
2 Saa ɛberɛ no, ɔbarima bi tenaa Sora a ne din de Manoa a ɔfiri Dan abusuakuo mu. Na ne yere nnya awoɔ, enti na wɔnni mma.
En aquel tiempo había un hombre llamado Manoa. Era de la tribu de Dan y vivía en la ciudad de Zora. Su mujer no podía concebir y no tenía hijos.
3 Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ Manoa yere kaa sɛ, “Ɛwom sɛ wonnyaa awoɔ deɛ, nanso, ɛrenkyɛre worebɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima.
El Ángel del Señor se le apareció y le dijo: “Es cierto que no podías concebir y no tienes hijos, pero ahora vas a quedar embarazada y darás a luz un hijo.
4 Ɛnsɛ sɛ wonom bobesa anaa nsã a ano yɛ den biara. Na nni biribiara nso a ɛyɛ akyiwadeɛ.
Así que ten cuidado de no beber vino ni ninguna otra bebida alcohólica, y no comas nada impuro.
5 Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan nka ne tire, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn firi awoɔ mu. Ɔbɛgye Israel afiri Filistifoɔ nsam.”
Vas a quedar embarazada y a tener un hijo cuya cabeza no debe ser tocada por una navaja de afeitar, porque el niño será un nazareo, dedicado a Dios desde su nacimiento. Él iniciará el proceso de salvar a Israel de los filisteos”.
6 Ɔbaa no de mmirika kɔɔ ne kunu nkyɛn kɔbɔɔ no amaneɛ sɛ, “Onyankopɔn onipa bi yii ne ho adi kyerɛɛ me. Na ɔte sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ no mu baako a ne ho yɛ hu yie. Mammisa no baabi a ɔfiri baeɛ, na ɔno nso ammɔ ne din ankyerɛ me.
La mujer fue y le dijo a su marido: “Un hombre de Dios vino a mí. Parecía el Ángel de Dios, realmente aterrador. No le pregunté de dónde venía, y no me dijo su nombre.
7 Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima. Enti nnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den na nni biribiara a ɛyɛ akyiwadeɛ. Na wo babarima no bɛyɛ obi a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn sɛ Nasareni firi awoɔ mu kɔsi ɛberɛ a ɔbɛwu.’”
Pero me dijo: ‘Vas a quedar embarazada y darás a luz un hijo. No debes beber vino ni ninguna otra bebida alcohólica, y no comas nada impuro. Porque el niño ha de ser nazareo, dedicado a Dios desde su nacimiento hasta el día de su muerte’”.
8 Na Manoa bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, mesrɛ wo, ma Onyankopɔn onipa no nsane mmra yɛn nkyɛn na ɔmmɛkyerɛ yɛn nhyehyɛeɛ a ɛfa abarimaa a yɛbɛwo noɔ no ho.”
Entonces Manoa oró al Señor: “Por favor, Señor, que el hombre de Dios que nos enviaste regrese a nosotros para explicarnos qué debemos hacer con el niño que va a nacer”.
9 Onyankopɔn tiee Manoa. Ɔbɔfoɔ no yii ne ho adi kyerɛɛ no bio wɔ ɛberɛ a ɔwɔ afuom. Nanso, na ne kunu Manoa nka ne ho wɔ hɔ.
Dios respondió a la petición de Manoa, y el Ángel de Dios regresó a la mujer mientras ella estaba sentada en el campo. Sin embargo, su esposo Manoa no estaba con ella.
10 Ɔbaa no yɛɛ ntɛm kɔbɔɔ ne kunu amaneɛ sɛ, “Ɔbarima a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ me ɛda no no asane aba bio!”
Entonces ella corrió rápidamente a decirle a su marido: “¡Mira! El hombre que se me apareció el otro día ha vuelto”.
11 Manoa yɛɛ ntɛm dii ne yere akyi. Ɔduruu ɔbarima no ho no, ɔbisaa no sɛ, “Wo na wokaa biribi kyerɛɛ me yere no anaa?” Ɔbuaa sɛ, “Aane, ɛyɛ me.”
Manoa se levantó, volvió con su mujer y le preguntó: “¿Eres tú el hombre que le habló a mi mujer antes?” “Sí, soy yo”, respondió él.
12 Enti, Manoa bisaa no sɛ, “Sɛ nsɛm a woaka no ba mu a, mmara bɛn na ɛwɔ hɔ ma abarimaa no asetena ne nʼadwumayɛ?”
Entonces Manoa dijo: “¡Que se cumpla tu promesa! ¿Qué se decidirá para el niño, y cuál será su vocación?”
13 Awurade ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Hwɛ sɛ wo yere bɛdi nhyehyɛeɛ a mekyerɛɛ noɔ no so.
“Asegúrate de que tu esposa sea cuidadosa y siga las instrucciones que le di”, respondió el ángel del Señor.
14 Ɛnsɛ sɛ ɔdi bobe anaa biribiara a ɛfiri bobe mu. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den. Ɛnsɛ sɛ ɔdi aduane biara a ɛyɛ akyiwadeɛ.”
“No debe comer nada que provenga de la vid ni beber vino, ni ninguna otra bebida alcohólica. No debe comer nada impuro. Tu esposa debe seguir todo lo que le indiqué”.
15 Enti, Manoa ka kyerɛɛ Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ, “Mesrɛ wo, tena ha kɔsi sɛ yɛbɛsiesie abirekyie ba bi ama woadi ansa na woakɔ.”
Manoa le dijo al ángel del Señor: “Por favor, déjanos retenerte aquí mientras te preparamos una comida de un cabrito”.
16 Awurade ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Mɛtena, nanso, merenni biribiara. Mmom, motumi siesie ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛ afɔrebɔdeɛ de ma Awurade.” (Na Manoa anhunu sɛ ɔyɛ Awurade ɔbɔfoɔ.)
El ángel del Señor respondió: “Me quedaré, pero no comeré tu comida. Sin embargo, si preparas un holocausto, puedes presentarlo al Señor”. (Manoa no sabía que era el ángel del Señor).
17 Afei, Manoa bisaa Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ, “Wo din de sɛn? Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu a, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ wo animuonyam.”
Manoa le preguntó al ángel del Señor: “¿Cuál es tu nombre, para que cuando se cumpla tu promesa podamos honrarte?”
18 Awurade ɔbɔfoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa me din? Sɛ mebɔ me din kyerɛ wo a, worente aseɛ.”
“¿Por qué preguntas esto?”, respondió el ángel del Señor. “Mi nombre es incomprensible”.
19 Afei, Manoa faa abirekyie ba no ne aduane afɔrebɔdeɛ de bɔɔ afɔdeɛ wɔ ɔbotan bi so maa Awurade. Na Manoa ne ne yere rehwɛ no, Awurade yɛɛ anwanwadeɛ bi.
Manoa tomó un cabrito y una ofrenda de grano y los presentó sobre una roca al Señor. Mientras Manoa y su esposa observaban, el Señor hizo algo sorprendente.
20 Egyadɛreɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no mu no tene kɔɔ ewiem no, Awurade ɔbɔfoɔ no faa mu foro kɔeɛ. Na Manoa ne ne yere hunuu saa no, wɔde wɔn anim butubutuu fam.
Mientras la llama del altar ardía en el cielo, el ángel del Señor ascendió en la llama. Manoa y su esposa vieron lo que sucedía y cayeron con el rostro en tierra.
21 Ɔbɔfoɔ no anyi ne ho adi bio ankyerɛ Manoa ne ne yere. Afei, Manoa hunuu sɛ ɛyɛ Awurade ɔbɔfoɔ,
El ángel del Señor no volvió a aparecer a Manoa ni a su esposa, y Manoa se dio cuenta de que era el ángel del Señor.
22 na ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ, “Yɛbɛwuwu, ɛfiri sɛ, yɛahunu Onyankopɔn!”
“Definitivamente vamos a morir”, le dijo Maonaa su esposa, “¡porque hemos visto a Dios!”
23 Nanso, ne yere kaa sɛ, “Sɛ Awurade bɛkum yɛn a, anka wannye yɛn ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ no. Anka ɔrenyi ne ho adi nkyerɛ yɛn, nka anwanwasɛm nkyerɛ yɛn, nyɛ saa anwanwadeɛ yi nso.”
Pero su esposa le respondió: “Si el Señor hubiera querido matarnos, no habría aceptado nuestro holocausto y nuestra ofrenda de grano. No nos habría mostrado todas estas cosas, y no habría venido ahora a anunciarnos esto”.
24 Ɔbaa no woo ne babarima no, wɔtoo ne din Samson. Na abɔfra no renyini no, Awurade hyiraa no.
Dio a luz un hijo y lo llamó Sansón. El niño creció, y el Señor lo bendijo.
25 Na ɛberɛ a ɔwɔ Mahane Dan a ɛwɔ Sora ne Estaol ntam no, Awurade Honhom hyɛɛ aseɛ baa ne so.
El Espíritu del Señor comenzó a impulsarlo en Majané Dan, un lugar entre Zora y Estaol.

< Atemmufoɔ 13 >