< Atemmufoɔ 12 >

1 Efraim abusuakuo no boaboaa akodɔm ano twa kɔɔ Safon. Wɔde nkra yi kɔmaa Yefta: “Adɛn enti na woansoma ammɛka ankyerɛ yɛn sɛ yɛmmɛboa mo nko ntia Amonfoɔ? Yɛrebɛhye wo ne wo fie nyinaa pasaa!”
The men of Ephraim were gathered together, and passed northward; and they said to Jephthah, “Why did you pass over to fight against the children of Ammon, and didn’t call us to go with you? We will burn your house around you with fire!”
2 Yefta buaa sɛ, “Mansotwe no ahyɛaseɛ no, mefrɛɛ mo, nanso moamma. Moammɛboa yɛn wɔ yɛne Amonfoɔ apereapereɛ no mu.
Jephthah said to them, “I and my people were at great strife with the children of Ammon; and when I called you, you didn’t save me out of their hand.
3 Mede me nkwa too me nsam kɔkoeɛ a monnka ho, nanso Awurade ma medii Amonfoɔ so nkonim. Na adɛn enti na afei woaba sɛ wo ne me rebɛko?”
When I saw that you didn’t save me, I put my life in my hand, and passed over against the children of Ammon, and the LORD delivered them into my hand. Why then have you come up to me today, to fight against me?”
4 Efraimfoɔ ntuanofoɔ no buaa sɛ, “Gileadfoɔ nyɛ nnipa biara sɛ adwanefoɔ a wɔfiri Efraim ne Manase.” Enti Yefta frɛɛ nʼakodɔm, wɔto hyɛɛ Efraimfoɔ so, dii wɔn so nkonim.
Then Jephthah gathered together all the men of Gilead, and fought with Ephraim. The men of Gilead struck Ephraim, because they said, “You are fugitives of Ephraim, you Gileadites, in the middle of Ephraim, and in the middle of Manasseh.”
5 Yefta ko faa Yordan aworɔso. Ɛberɛ biara a odwanefoɔ bi a ɔfiri Efraim pɛ sɛ ɔfa hɔ dwane kɔ nʼakyi no, Gileadfoɔ no bisa no sɛ, “Wofiri Efraim abusua mu anaa?” Sɛ ɔbarima no bua sɛ, “Dabi” a,
The Gileadites took the fords of the Jordan against the Ephraimites. Whenever a fugitive of Ephraim said, “Let me go over,” the men of Gilead said to him, “Are you an Ephraimite?” If he said, “No;”
6 wɔka kyerɛ no sɛ, ɔnka “Sibolet.” Sɛ ɔfiri Efraim a, ɔka, “Sibolet,” Ɛfiri sɛ, nnipa a wɔfiri Efraim no ntumi nka saa asɛm no yie. Sɛ ɛba saa a, na wɔakye no akɔkum no wɔ Asubɔnten Yordan aworɔso hɔ. Enti, Efraimfoɔ ɔpeduanan mmienu na wɔkunkumm wɔn saa ɛberɛ no.
then they said to him, “Now say ‘Shibboleth;’” and he said “Sibboleth”; for he couldn’t manage to pronounce it correctly, then they seized him and killed him at the fords of the Jordan. At that time, forty-two thousand of Ephraim fell.
7 Yefta yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ nsia. Ɔwuiɛ no, wɔsiee no wɔ Gilead nkuro no baako so.
Jephthah judged Israel six years. Then Jephthah the Gileadite died, and was buried in the cities of Gilead.
8 Yefta akyi no, Ibsan na ɔbɛyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel. Ɔtenaa Betlehem.
After him Ibzan of Bethlehem judged Israel.
9 Na ɔwɔ mmammarima aduasa ne mmammaa nso aduasa. Ɔmaa ne mmammaa no warewaree firii mmusua foforɔ mu. Ne mmammarima no deɛ, ɔfaa mmaabunu aduasa firii mmusua foforɔ mu ma wɔbɛwarewaree wɔn. Ibsan buu Israel atɛn mfeɛ nson.
He had thirty sons. He sent his thirty daughters outside his clan, and he brought in thirty daughters from outside his clan for his sons. He judged Israel seven years.
10 Ɔwuiɛ no, wɔsiee no wɔ Betlehem.
Ibzan died, and was buried at Bethlehem.
11 Ibsan akyi no, Elon a ɔfiri Sebulon na ɔbɛyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel. Ɔbuu Israel atɛn mfeɛ edu.
After him, Elon the Zebulunite judged Israel; and he judged Israel ten years.
12 Ɛberɛ a ɔwuiɛ no, wɔsiee no wɔ Ayalon, Sebulon asase so.
Elon the Zebulunite died, and was buried in Aijalon in the land of Zebulun.
13 Elon wuo akyi no, Hilel babarima Abdon a ɔfiri Piraton na ɔbɛyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel.
After him, Abdon the son of Hillel the Pirathonite judged Israel.
14 Ɔnyaa mmammarima aduanan ne mmanananom aduasa a na wɔn mu biara tena mfunumu so. Ɔyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel mfeɛ nwɔtwe.
He had forty sons and thirty sons’ sons who rode on seventy donkey colts. He judged Israel eight years.
15 Ɔwuiɛ ma wɔsiee no wɔ Piraton wɔ Efraim asase a ɛwɔ Amalekfoɔ bepɔ asase no so.
Abdon the son of Hillel the Pirathonite died, and was buried in Pirathon in the land of Ephraim, in the hill country of the Amalekites.

< Atemmufoɔ 12 >