< Atemmufoɔ 10 >

1 Abimelek wuo akyi no, Pua a ɔyɛ Dodo aseni no babarima Tola ba bɛgyee Israel. Na ɔfiri Isakar abusuakuo mu, nanso ɔtenaa Samir a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so.
After the time of Abimelech, a man of Issachar, Tola son of Puah, the son of Dodo, rose up to save Israel. He lived in Shamir, in the hill country of Ephraim.
2 Ɔyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu mmiɛnsa. Ɔwuiɛ no wɔsiee no wɔ Samir.
Tola judged Israel twenty-three years, and when he died, he was buried in Shamir.
3 Tola wuo akyi no, Yair a ɔfiri Gilead bɛyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu mmienu.
Tola was followed by Jair the Gileadite, who judged Israel twenty-two years.
4 Ne mmammarima aduasa tena wɔn mfunumu so kyinkyini, na wɔdi nkuro aduasa so wɔ Gilead asase so, a ɛbɛsi ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Yair Nkuro.
He had thirty sons who rode on thirty donkeys. And they had thirty towns in the land of Gilead, which to this day are called Havvoth-jair.
5 Yair wuiɛ na wɔsiee no Kamon.
When Jair died, he was buried in Kamon.
6 Bio, Israelfoɔ yɛɛ Awurade ani so bɔne. Wɔsomm Baal ne Astoret ahoni ne Aram, Sidon, Moab, Amon ne Filistia anyame. Wɔtwee wɔn ho firii Awurade ho a wɔansom no koraa.
And again the Israelites did evil in the sight of the LORD. They served the Baals, the Ashtoreths, the gods of Aram, Sidon, and Moab, and the gods of the Ammonites and Philistines. Thus they forsook the LORD and did not serve Him.
7 Enti Awurade bo fuu Israelfoɔ, na ɔde wɔn hyɛɛ Filistifoɔ ne Amorifoɔ nsa,
So the anger of the LORD burned against Israel, and He sold them into the hands of the Philistines and Ammonites,
8 na wɔfirii aseɛ hyɛɛ wɔn so saa afe no. Wɔhyɛɛ Israelfoɔ a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam wɔ Amorifoɔ (wɔ Gilead) asase no so mfeɛ dunwɔtwe.
who that very year harassed and oppressed the Israelites, and did so for eighteen years to all the Israelites on the other side of the Jordan in Gilead, the land of the Amorites.
9 Amorifoɔ no nso twaa Yordan kɔɔ atɔeɛ fam kɔto hyɛɛ Yuda, Benyamin ne Efraim so, Israelfoɔ kɔɔ ahokyere kɛseɛ mu.
The Ammonites also crossed the Jordan to fight against Judah, Benjamin, and the house of Ephraim, and Israel was in deep distress.
10 Afei Israelfoɔ su frɛɛ Awurade sɛ, “Yɛayɛ bɔne atia wo, ɛfiri sɛ yɛatwe yɛn ho afiri yɛn Onyankopɔn ho na yɛasom Baal ahoni.”
Then the Israelites cried out to the LORD, saying, “We have sinned against You, for we have indeed forsaken our God and served the Baals.”
11 Awurade buaa sɛ, “Mannye mo amfiri Misraimfoɔ, Amorifoɔ, Amonfoɔ, Filistifoɔ
The LORD replied, “When the Egyptians, Amorites, Ammonites, Philistines,
12 Sidonfoɔ, Amalekfoɔ ne Maonfoɔ nsam? Ɛberɛ a wɔhyɛɛ mo so no, mosu frɛɛ me na megyee mo.
Sidonians, Amalekites, and Maonites oppressed you and you cried out to Me, did I not save you from their hands?
13 Nanso, moagya me akɔsom anyame foforɔ. Ɛno enti, merennye mo bio.
But you have forsaken Me and served other gods, so I will no longer save you.
14 Monkɔsu nkyerɛ anyame a moafa wɔn no. Momma wɔnnye mo ɛberɛ a morehunu amaneɛ yi.”
Go and cry out to the gods you have chosen. Let them save you in your time of trouble.”
15 Nanso, Israelfoɔ no kɔɔ so srɛɛ Awurade sɛ, “Yɛayɛ bɔne. Twe yɛn aso sɛdeɛ ɛfata. Nanso, gye yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam ɛnnɛ.”
“We have sinned,” the Israelites said to the LORD. “Deal with us as You see fit; but please deliver us today!”
16 Na Israelfoɔ no too ananafoɔ anyame no guu nkyɛn bɛsom Awurade. Na Awurade ho yeraa no wɔ wɔn ahokyere no ho.
So they put away the foreign gods from among them and served the LORD, and He could no longer bear the misery of Israel.
17 Saa ɛberɛ no na Amonfoɔ asraadɔm aboa wɔn ho ano wɔ Gilead, sɛ wɔrekɔto ahyɛ Israel akodɔm so wɔ Mispa.
Then the Ammonites were called to arms and camped in Gilead, and the Israelites assembled and camped at Mizpah.
18 Na Gilead ntuanofoɔ no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Obiara a ɔbɛdi ɛkan ato ahyɛ Amonfoɔ so no, bɛyɛ deɛ ɔbɛdi Gileadfoɔ nyinaa so.”
And the rulers of Gilead said to one another, “Whoever will launch the attack against the Ammonites will be the head of all who live in Gilead.”

< Atemmufoɔ 10 >