< Yuda 1 >
1 Yesu Kristo ɔsomfoɔ Yuda a meyɛ Yakobo nua na metwerɛɛ krataa yi, Mede kɔma wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn na wɔte Agya Onyankopɔn dɔ ne Yesu Kristo banbɔ mu:
Juda, Jezusa Kristusa hlapec, a brat Jakobov, v Bogu očetu posvečenim in Jezusu Kristusu hranjenim poklicanim:
2 Mmɔborɔhunu ne ɔdɔ a ɛdɔɔso nka mo.
Usmiljenje vam in mir in ljubezen naj se napolni.
3 Me nnamfonom, anka merebɔ mmɔden atwerɛ mo afa nkwagyeɛ a yɛn nyinaa te mu no ho. Nanso, ɛsɛ sɛ metwerɛ mo wɔ asɛm foforɔ ho na moyere mo ho gyina nokorɛ a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfoɔ afebɔɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔsesa mu da biara da.
Ljubljeni, ko sem si mnogo prizadeval pisati vam o skupnem zveličanji, potreba mi je bilo pisati vam opominjajoč, da se borite za vero enkrat dano svetim.
4 Nnipa bi awiawia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔkyea asɛm a ɛfa yɛn Onyankopɔn adom no ka sɛ adom no enti abrabɔ bɔne nsɛe hwee. Wɔnnye Yesu Kristo a ɔno nko ara ne yɛn Wura ne yɛn Awurade no nto mu. Atwerɛsɛm no aka wɔn afɔbuo a aba wɔn so no ho asɛm dada.
Kajti priplazili so se neki ljudje, zdavnaj naprej zapisani za to sodbo, brezbožni, ki milost Boga našega krivo rabijo v razuzdanost, in tajé edinega vladarja Boga in Gospoda našega Jezusa Kristusa.
5 Ɛwom sɛ monim yeinom dada, nanso mepɛ sɛ mekae mo adwene wɔ ɔgye a Awurade gyee Israelfoɔ firii Misraim asase so na akyire yi, ɔsɛee wɔn a na wɔnnye asɛm no nni no ho.
Spomniti pa vas hočem, ko enkrat to veste, da je Gospod, ki je rešil ljudstvo iz dežele Egiptovske, pozneje pogubil ne verujoče.
6 Monkae abɔfoɔ a wɔdii tumi trasoɔ ma wɔgyaa wɔn atenaeɛ no. Wɔagu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ sum kabii mu, na Onyankopɔn de wɔn asie retwɛn ɛda kɛseɛ no, na wabu wɔn atɛn. (aïdios )
In angele, ki niso hranili poglavarstva svojega, nego so zapustili lastno domovje, shranil je v sodbo vélikega dneva z večnimi vezmí pod temo; (aïdios )
7 Monkae Sodom ne Gomora ne nkuro a na atwa wɔn ho ahyia no sɛ, na emu nnipa no yɛ adwamanfoɔ. Onyankopɔn twee wɔn aso de yɛɛ nhwɛsoɔ maa wɔn a wɔbɛnya asotwe a ɛde wɔn kɔ ogya a ɛnnum da no mu. (aiōnios )
Kakor Sodoma in Gomora, in mesta okolo njih, ki so enako kakor té, kurbala se in hodila za drugim mesom, so zgled, ker trpé kazen večnega ognja. (aiōnios )
8 Saa ɛkwan korɔ no ara so na adaeɛsofoɔ yi nam. Wogu wɔn ankasa onipadua ho fi. Wɔpo tumidie, na wɔka nsɛmmɔne fa animuonyamfoɔ a wɔwɔ ɔsoro ho.
Enako torej tudi ti, sanjajoč, oskrunjajo meso, zaničujejo gospostvo, preklinjajo slave.
9 Ɔbɔfopanin Mikael mpo nyɛɛ saa da. Ɛberɛ a Mikael ne ɔbonsam repere Mose amu so a akasakasa sii wɔn ntam no mpo, wante ɔbonsam atua, na mmom, asɛm a ɔkaeɛ ara ne sɛ, “Awurade nka wʼanim.”
Mihael pa, nadangelj, ko se je s hudičem prepirajoč pregovarjal o telesu Mojzesovem, ni se upal izreči sodbe preklinjevanja, nego rekel je: Kaznúj te Gospod!
10 Nanso, saa nnipa yi te nneɛma a wɔnte aseɛ ho atua. Sɛdeɛ mmoa a wɔnni nyansa di wɔn atenka akyi no, saa ara na wɔn nso wɔdi wɔn atenka akyi wɔ nneɛma a wɔnte aseɛ ho, na yei de ɔsɛeɛ bɛba wɔn so.
Ti pa preklinjajo, česar ne vedó; kar pa znajo naravno, kakor nespametne živali, v tem se pogubljajo.
11 Wɔnnue! Ɛkwan a Kain faa so no ara so na wɔnam. Sikanibereɛ enti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm ase. Wɔate atua atia Onyankopɔn sɛdeɛ Kora yɛeɛ pɛpɛɛpɛ. Yei enti wɔbɛsɛe wɔn.
Gorjé jim; ker hodili so po potu Kajnovem in za plačilo Bileamovo zabredli so v zmoto; in v nasprotji Kore so poginili.
12 Wɔte sɛ nkekaeɛ fi a ɛwɔ wo nua aduane a ɔne wo di mu a wɔmfɛre ho. Wɔn ani ku wɔn ara wɔn ho. Na wɔte sɛ omununkum a ɛsi na mframa bɔ no, nanso osuo ntɔ. Wɔte sɛ nnua a ɛnso aba asusɔberɛ mu. Wɔte sɛ nnua a wɔatutu ne nhini ama awu koraa.
Ti so pri bratovskih pojedinjah vaših zapreke, ko se gosté skup brez straha, same sebe pasó; oblaki brez vode, ki jih gonijo vetrovi; drevesa poznojesenska, brez sadú, dvakrat mrtva, izkoreninjena;
13 Wɔte sɛ ɛpo asorɔkye a ano yɛ den a ɛhuru sɛ ahuro da wɔn aniwudeɛ adi. Wɔte sɛ nsoromma a ɛkyinkyini a Onyankopɔn de wɔn asie ɔsɛeɛ esum kabii mu afebɔɔ. (aiōn )
Divji morski valovi, ki izpenjavajo lastno sramoto: zvezde tavajoče, katerim je mrak teme hranjen vekomaj. (aiōn )
14 Henok, Adam aseni a ɔtɔ no so nsia na ɔhyɛɛ saa nnipa yi ho nkɔm teteete sɛ, “Hwɛ, Awurade ne nʼabɔfoɔ Kronkron mpempem reba,
Prerokoval je pa tudi tem sedmi od Adama, Enoh, govoreč: "Glej, prišel je Gospod v mirijadah svetih svojih.
15 na wɔabɛbu mo nyinaa atɛn na wɔabu nnebɔneyɛfoɔ nyinaa atɛn wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ ne nsɛm a wɔaka atia Onyankopɔn no ho.”
Sodbo delat vsem in kaznovat vse njih brezbožne, za vsa dela brezbožnosti, katera so storili, in za vse trdo, kar so govorili zoper njega grešniki brezbožni.
16 Ɛberɛ biara, saa nnipa yi nwiinwii na wɔde mfomsoɔ to afoforɔ so. Wɔdi wɔn akɔnnɔ akyi. Wɔhoahoa wɔn ho na wɔdaadaa afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛba abɛdi wɔn akyi.
Ti so godrnjači, pritoževalci, ki hodijo po svojih poželenjih; in usta njih govoré šopirno, občudujoč osebe zaradi koristi.
17 Me nnamfonom, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafoɔ no kaeɛ.
Vi pa, ljubljeni, spominjajte se besed, ki so jih naprej govorili aposteljni Gospoda našega Jezusa Kristusa;
18 Wɔkaa sɛ, “Sɛ awieeɛ no duru a, nnipa a wɔdi mo ho fɛ bɛba, wɔn a wɔdi wɔn akɔnnɔ akyi.”
Kajti rekli so vam: V zadnjem času bodejo posmehovalci, hodeči po svojih poželenjih brezbožnosti.
19 Yeinom ne nnipa a wɔnam wɔn akɔnnɔ so de mpaapaemu ba no. Na wɔnni Honhom no wɔ wɔn mu.
Ti so, ki se odločujejo, počutniki, ne imajoči Duha.
20 Enti, mo a moyɛ me nnamfonom, metu mo fo sɛ, monkɔ so mmia mo gyidie mu. Mommɔ mpaeɛ wɔ Honhom Kronkron no tumi mu,
Vi pa, ljubljeni, izpodbujajte se v presveti veri svoji, ter molite v Duhu svetem,
21 na montena Onyankopɔn dɔ mu ɛberɛ a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ nʼahummɔborɔ mu ama wama mo nkwa a ɛnni awieeɛ no. (aiōnios )
Hranite se v ljubezni Božji, pričakujte usmiljenje Gospoda našega Jezusa Kristusa v večno življenje! (aiōnios )
22 Monhunu wɔn a wɔn gyidie sua mmɔbɔ.
In ene milujte razločujoč;
23 Montwe wɔn mfiri ogya mu nnye wɔn nkwa. Momfa suro nhunu wɔn mmɔbɔ, na monkyiri ntadeɛ a wɔn bɔne nkekaeɛ akeka mu.
Ene pa rešite v strahu, potegnivši jih iz ognja, sovražeč tudi obleko oskrunjeno po mesu.
24 Na deɛ ɔbɛtumi asɔ mo mu na moanhwinti, na ɔde mo asi nʼanimuonyam anim sɛ nnipa a wɔnni dɛm wɔ ahosane mu no,
Njemu pa, kateri vas more ohraniti brez izpotike, in postaviti pred slavo svojo brez madeža v radovanji,
25 Onyankopɔn korɔ a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na animuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmerɛ a atwam, ne ɛnnɛ ne daa nyinaa. Amen. (aiōn )
Edinemu modremu Bogu, zveličarju našemu, slava in veličastvo, krepost in oblast zdaj in na vse veke! Amen. (aiōn )