< Yosua 9 >

1 Afei, ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam no nyinaa tee nsɛm a asisi. (Yeinom ne Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ ahemfo a na wɔtete mmepɔ nsase a ɛwɔ atɔeɛ fam mmepɔ ayaase ne Ɛpo Kɛseɛ no mpoano kɔsi Lebanon atifi fam mmepɔ so tɔnn.)
さて、ヨルダンの西側の、山地、平地、およびレバノンまでの大海の沿岸に住むもろもろの王たち、すなわちヘテびと、アモリびと、カナンびと、ペリジびと、ヒビびと、エブスびとの王たちは、これを聞いて、
2 Saa ahemfo yi boaa wɔn akodɔm ano ntɛm so sɛ wɔbɛko atia Yosua ne Israelfoɔ.
心を合わせ、相集まって、ヨシュアおよびイスラエルと戦おうとした。
3 Nanso Gibeonfoɔ tee asɛm a ato Yeriko ne Ai no,
しかし、ギベオンの住民たちは、ヨシュアがエリコとアイにおこなったことを聞いて、
4 wɔfaa nnaadaa kwan so de gyee wɔn ho nkwa. Wɔsomaa ananmusifoɔ kɔɔ Yosua nkyɛn. Wɔde nkotokuo a atete ne mmoa nwoma nsã nkotokuo a ayɛ dada na wɔatetɛ mu soaa wɔn mfunumu.
自分たちも策略をめぐらし、行って食料品を準備し、古びた袋と、古びて破れたのを繕ったぶどう酒の皮袋とを、ろばに負わせ、
5 Wɔhyehyɛɛ ntadeɛ dada ne mpaboa a akyɛre na wɔapempam. Afei wɔfaa burodo a abɔ ntu sɛ wɔn aduane.
繕った古ぐつを足にはき、古びた着物を身につけた。彼らの食料のパンは、みなかわいて、砕けていた。
6 Wɔduruu Israelfoɔ atenaeɛ wɔ Gilgal no, wɔka kyerɛɛ Yosua ne Israel mmarimma no sɛ, “Yɛfiri akyirikyiri ɔman bi so na aba rebɛsrɛ mo sɛ mo ne yɛn nyɛ asomdwoeɛ apam.”
彼らはギルガルの陣営のヨシュアの所にきて、彼とイスラエルの人々に言った、「われわれは遠い国からまいりました。それで今われわれと契約を結んでください」。
7 Israelfoɔ no buaa saa Hewifoɔ yi sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu sɛ monnte mmɛn ha? Ɛfiri sɛ, sɛ ɛte saa a, yɛrentumi ne mo nnyɛ apam.”
しかし、イスラエルの人々はそのヒビびとたちに言った、「あなたがたはわれわれのうちに住んでいるのかも知れないから、われわれはどうしてあなたがたと契約が結べましょう」。
8 Wɔbuaa sɛ, “Yɛbɛyɛ mo asomfoɔ.” Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moyɛ ɛhefoɔ na mofiri he?”
彼らはヨシュアに言った、「われわれはあなたのしもべです」。ヨシュアは彼らに言った、「あなたがたはだれですか。どこからきたのですか」。
9 Wɔbuaa sɛ, “Yɛfiri akyirikyiri asase bi so. Yɛate Awurade, mo Onyankopɔn no kɛseyɛ ne deɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim nyinaa.
彼らはヨシュアに言った、「しもべどもはあなたの神、主の名のゆえに、ひじょうに遠い国からまいりました。われわれは主の名声、および主がエジプトで行われたすべての事を聞き、
10 Afei yɛate deɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og (a ɔtenaa Astarot no).
また主がヨルダンの向こう側にいたアモリびとのふたりの王、すなわちヘシボンの王シホン、およびアシタロテにおったバシャンの王オグに行われたすべてのことを聞いたからです。
11 Ɛno enti, yɛn mpanimfoɔ ne ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ yɛn ɔhyɛ so sɛ, ‘Monsiesie mo ho mma akwantuo tenten. Monkɔhyia Israelfoɔ na mompae mu nka sɛ, “Yɛn nkurɔfoɔ bɛyɛ wɔn asomfoɔ na mompere asomdwoeɛ.”’
それで、われわれの長老たち、および国の住民はみなわれわれに言いました、『おまえたちは旅路の食料を手に携えていって、彼らに会って言いなさい、「われわれはあなたがたのしもべです。それで今われわれと契約を結んでください」』。
12 Yɛresi mu no, na burodo yi yɛ hyeehyeehye a ɛfiri fononoo mu. Nanso sɛdeɛ mohunu no, akyenkyene na abɔ ntu.
ここにあるこのパンは、あなたがたの所に来るため、われわれが出立する日に、おのおの家から、まだあたたかなのを旅の食料として準備したのですが、今はもうかわいて砕けています。
13 Saa mmoa nwoma nsã nkotokuo yi, ɛberɛ a yɛde nsã guu mu no na ɛyɛ foforɔ, nanso seesei, apaapae ayɛ dada. Na yɛn ntadeɛ ne mpaboa nso, ɛsiane akwantuo tenten enti, atete.”
またぶどう酒を満たしたこれらの皮袋も、新しかったのですが、破れました。われわれのこの着物も、くつも、旅路がひじょうに長かったので、古びてしまいました」。
14 Enti, Israelfoɔ no hwehwɛɛ wɔn burodo no ho nanso wɔammisa Awurade.
そこでイスラエルの人々は彼らの食料品を共に食べ、主のさしずを求めようとはしなかった。
15 Yosua kɔɔ so ne wɔn yɛɛ asomdwoeɛ apam no na Israel mpanimfoɔ no kekaa ntam a emu yɛ den nam so gye too mu.
そしてヨシュアは彼らと和を講じ、契約を結んで、彼らを生かしておいた。会衆の長たちは彼らに誓いを立てた。
16 Nnansa akyi no, nokorɛ no daa adi sɛ saa nnipa a wɔyɛ Gibeonfoɔ no te bɛn.
契約を結んで三日の後に、彼らはその人々が近くの人々で、自分たちのうちに住んでいるということを聞いた。
17 Enti, Israelfoɔ no anna so koraa na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu. Nnansa akyi no wɔduruu wɔn nkuro no so. Saa nkuro no ne Gibeon, Kefira, Beerot ne Kiriat-Yearim.
イスラエルの人々は進んで、三日目にその町々に着いた。その町々とは、ギベオン、ケピラ、ベエロテおよびキリアテ・ヤリムであった。
18 Nanso, Israelfoɔ no anto anhyɛ nkuro no so, ɛfiri sɛ, na wɔn mpanimfoɔ aka ntam akyerɛ Awurade, Israel Onyankopɔn. Esiane Apam no enti, Israelfoɔ no nwiinwii hyɛɛ wɔn mpanimfoɔ no.
ところで会衆の長たちが、すでにイスラエルの神、主をさして彼らに誓いを立てていたので、イスラエルの人々は彼らを殺さなかった。そこで会衆はみな、長たちにむかってつぶやいた。
19 Na mpanimfoɔ no buaa sɛ, “Yɛaka ntam wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn anim. Yɛrentumi mfa yɛn nsa nka wɔn.
しかし、長たちは皆、全会衆に言った、「われわれはイスラエルの神、主をさして彼らに誓った。それゆえ今、彼らに触れてはならない。
20 Ɛsɛ sɛ yɛma wɔtena. Sɛ yɛbu yɛn ntam no so a, Onyankopɔn bo bɛfu yɛn.
われわれは、こうして彼らを生かしておこう。そうすれば、われわれが彼らに立てた誓いのゆえに、怒りがわれわれに臨むことはないであろう」。
21 Momma wɔntena. Nanso, yɛbɛma wɔabu nnua, akɔ asuo ama asafo no nyinaa.” Enti Israelfoɔ no dii ɛbɔ a wɔahyɛ Gibeonfoɔ no so.
長たちはまた人々に「彼らを生かしておこう」と言ったので、彼らはついに、全会衆のために、たきぎを切り、水をくむものとなった。長たちが彼らに言ったとおりである。
22 Na Yosua frɛɛ Gibeonfoɔ mpanimfoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na motwaa atorɔ kyerɛɛ yɛn? Adɛn enti na mokaa sɛ mote akyirikyiri asase so wɔ ɛberɛ a mote yɛn mu pɛɛ?
ヨシュアは彼らを呼び寄せて言った、「あなたがたは、われわれのうちに住みながら、なぜ『われわれはあなたがたからは遠く離れている』と言って、われわれをだましたのか。
23 Nnome mmra mo so! Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, mobɛbu nnua, atwe nsuo de akɔ me Onyankopɔn fie.”
それであなたがたは今のろわれ、奴隷となってわたしの神の家のために、たきぎを切り、水をくむものが、絶えずあなたがたのうちから出るであろう」。
24 Wɔbuaa Yosua sɛ, “Yɛyɛɛ saa, ɛfiri sɛ, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn hyɛɛ ne ɔsomfoɔ Mose sɛ ɔmmɛko nni saa asase yi nyinaa so na ɔnsɛe nnipa a wɔte so nyinaa. Yɛsuroo sɛ mobɛkum yɛn. Ɛno enti na ɛma yɛyɛɛ saa.
彼らはヨシュアに答えて言った、「あなたの神、主がそのしもべモーセに、この地をことごとくあなたがたに与え、この地に住む民をことごとくあなたがたの前から滅ぼし去るようにと、お命じになったことを、しもべどもは明らかに伝え聞きましたので、あなたがたのゆえに、命が危いと、われわれは非常に恐れて、このことをしたのです。
25 Seesei yɛdan mo. Deɛ mosusu sɛ ɛyɛ ma mo biara no, monyɛ.”
われわれは、今、あなたの手のうちにあります。われわれにあなたがして良いと思い、正しいと思うことをしてください」。
26 Yosua amma Israelfoɔ no ankum wɔn.
そこでヨシュアは、彼らにそのようにし、彼らをイスラエルの人々の手から救って殺させなかった。
27 Na ɛda no, ɔmaa Gibeonfoɔ no yɛɛ nnuabufoɔ ne asukɔfoɔ maa Israelfoɔ ne Awurade afɔrebukyia no wɔ baabiara a Awurade bɛka sɛ wɔnsi no no. Saa nhyehyɛeɛ no wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
しかし、ヨシュアは、その日、彼らを、会衆のため、また主の祭壇のため、主が選ばれる場所で、たきぎを切り、水をくむ者とした。これは今日までつづいている。

< Yosua 9 >